Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 102 kr. 238-kr. 239 nky. 9
  • Ɔhene no Tenaa Afurum Ba So Kɔɔ Yerusalem

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhene no Tenaa Afurum Ba So Kɔɔ Yerusalem
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Dɔn No Adu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Yesu Ba sɛ Ɔhene
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔbɔ Gyee Yesu so sɛ Mesia ne Ɔhene!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 102 kr. 238-kr. 239 nky. 9
Yesu te afurum so rewura Yerusalem; nnipakuw no rebɔ gye ne so sɛ Ɔhene

TI 102

Ɔhene No Tenaa Afurum Ba So Kɔɔ Yerusalem

MATEO 21:1-11, 14-17 MARKO 11:1-11 LUKA 19:29-44 YOHANE 12:12-19

  • YESU WURAA YERUSALEM NO, NNIPA PII HYƐƐ NO ANUONYAM

  • ƆHYƐƐ NKƆM SƐ YERUSALEM BƐSƐE

Ade kyee Kwasida, Nisan da a ɛtɔ so 9 no, Yesu ne n’asuafo no fii Betania de wɔn ani kyerɛɛ Yerusalem. Aka kakra ama wɔadu Betfage a ɛwɔ Ngo Bepɔ no so no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo mmienu sɛ:

“Monsi kwan so nkɔ akuraa a mohunu yi ase, na ntɛm ara mobɛhunu afunumu bi a wɔamantam no ne afunumu ba; monsane wɔn mfa wɔn mmrɛ me. Na sɛ obi bisa ho asɛm a, monka sɛ, ‘Awurade hia wɔn.’ Na ntɛm ara ɔde wɔn bɛma mo.”—Mateo 21:2, 3.

Asuafo no anhu sɛ Yesu asɛm no yɛ Bible nkɔmhyɛ. Nanso akyiri yi, wɔhuu sɛ Sakaria nkɔmhyɛ bi na aba mu. Sakaria nkɔmhyɛ no kaa sɛ ɔhene a Onyankopɔn ahyɛ ne ho bɔ no ‘bɛbrɛ ne ho ase, na watena afunumu so’ awura Yerusalem.—Sakaria 9:9.

Bere a asuafo no bɛduu Betfage na wɔresane mmoa no, nnipa a wɔwɔ hɔ no bisaa wɔn sɛ: “Moresane afunumu ba no ayɛ deɛn?” (Marko 11:5) Asuafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔde rekɔma Yesu, enti nkurɔfo no penee so maa wɔde mmoa no kɔe. Wɔduu Yesu nkyɛn no, wɔde wɔn ntade nguguso guu mmoa no mmienu nyinaa so, nanso afurum ba no na Yesu tenaa ne so.

Yesu te aboa no so rekɔ Yerusalem nyinaa na nnipa repu bɛhwɛ no. Wɔn mu pii yii wɔn ntade nguguso sesɛɛ kwan mu, na ebinom nso twitwaa nnua mman guguu kwan mu. Afei wɔteateaam sɛ: “Yɛsrɛ wo, gye no! Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu! Nhyira ne yɛn agya Dawid ahennie a ɛreba no!” (Marko 11:8-10) Farisifo a na wɔwɔ hɔ no tee saa nsɛm no, wɔn bo fuu yie. Wɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim.” Yesu nso kaa sɛ: “Mese mo sɛ, sɛ yeinom mua wɔn ano a, aboɔ bɛteam.”—Luka 19:39, 40.

Yesu huu Yerusalem no, ɔhwɛɛ kuro no dinn, na ɔtee nisuo kaa sɛ: “Sɛ wo, anka nnɛ wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a—nanso wɔde ahunta wo seesei.” Asoɔden a Yerusalemfo yɛe no, na wɔbɛnya so akatua. Yesu kaa ho asɛm sɛ: “W’atamfo de nnua a ano yɛ mfeamfeaa bɛtwa wo ho ahyia, na wɔaka wo ahyem ama wo ho ahiahia wo wɔ afã nyinaa, na wɔde wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu bɛhwehwe fam, na wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ so wo mu.” (Luka 19:42-44) Ampa-ne-ampa ara, afe 70 mu no, wɔsɛee Yerusalem pasaa.

Bere a Yesu wuraa Yerusalem no, “kuro mũ no nyinaa mu yɛɛ gyegyeegye sɛ: ‘Hwan nie?’” Nnipakuw no kekaa sɛ: “Oyi ne odiyifoɔ Yesu a ɔfiri Nasaret a ɛwɔ Galilea no!” (Mateo 21:10, 11) Wɔn a bere bi wɔhuu sɛ Yesu anyane Lasaro no, wɔkekaa anwonwade no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Afei deɛ Farisifo no huu sɛ wɔrebrɛ gu. Wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Wiase atu di n’akyi.”—Yohane 12:18, 19.

Yesu kɔ Yerusalem a, na ɔtaa kɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ, enti ɔsan kɔɔ hɔ bio. Ɔkɔe no, ɔsaa onifuraefo ne obubuafo bi yareɛ. Asɔfo mpanimfoɔ ne akyerɛwfo no huu nea ɔreyɛ no, na wɔtee sɛ mmarimaa no reteateam sɛ: “Gye no, yɛsrɛ wo, Dawid Ba!” Ɛhyɛɛ wɔn abufuo, enti wɔbisaa Yesu sɛ: “Wote deɛ yeinom reka yi?” Ɔyii wɔn ano sɛ: “Adɛn, monkenkanee sɛ ‘Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ anom na woasiesie ayeyie.’?”—Mateo 21:15, 16.

Yesu totoo n’ani hwɛɛ asɔrefie hɔ hyiae. Ná bere rekɔ, enti ɔne asomafo no fii hɔ. Wɔamma Nisan da a ɛtɔ so 10 anto wɔn wɔ hɔ. Wɔkɔdaa Betania saa Kwasida no.

  • Bere bɛn na Yesu kɔɔ Yerusalem sɛ Ɔhene? Dɛn so na ɔtenaa kɔe? Dɛn na nkurɔfo yɛe?

  • Yesu hwɛɛ Yerusalem kuro no, ɔtee nka sɛn? Kuro no ho nkɔm bɛn na ɔhyɛe?

  • Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, dɛn na ɛsii?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena