Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 6/15 kr. 13-18
  • Dɛn na Ɛkanyan Wo ma Wosom Onyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛkanyan Wo ma Wosom Onyankopɔn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Pa a Ɛbɛkanyan Yɛn Ho Akwanside Ahorow
  • “Kristo Dɔ no Hyɛ Yɛn”
  • ‘Monhwɛ Mo Ho Yiye Farisifo Mmɔkaw Ho’
  • “Sɛnea Wɔn Mu Biara Ahoɔden Te”
  • Talente Ho Bɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Sua Biribi Fi Dwetikɛse Ho Mfatoho no Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Adesuade a Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho no Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 6/15 kr. 13-18

Dɛn na Ɛkanyan Wo ma Wosom Onyankopɔn?

“Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.”—MARKO 12:30.

1, 2. Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na yɛreyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu?

ƐNYƐ sɛnea kar bi hwɛbea te nkutoo so na wogyina hu ɛbo a ɛsom. Ebia sɛnea wɔaka ho no bɛma ho ayɛ fɛ kɛse, na ne yɛbea a ɛyɛ fɛ no betumi atwetwe obi a obetumi atɔ; nanso nneɛma a ɛho hia kyɛn so koraa ne nea wontumi nhu no ntɛm ara no—engine ne nneɛma foforo a ɛma kar no tumi kɔ no nyinaa.

2 Saa ara na ɔsom a Kristoni de ma Onyankopɔn no te. Yehowa Adansefo yɛ nnwuma pa pii. Afe biara, wɔde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepepem biako na ɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Afei nso, wɔyɛ Bible adesua ɔpepem pii, na wɔbɔ nnipa ɔpehaha pii asu. Sɛ woyɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo a, woanya kyɛfa bi—sɛ ɛte sɛ nea esua mpo a—wɔ akontaabu a ɛyɛ anigye yi mu. Na wubetumi anya awerɛhyem sɛ “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho.”—Hebrifo 6:10.

3. Wɔ nnwuma akyi no, ade foforo bɛn na ɛsɛ sɛ ɛho hia Kristofo titiriw, na dɛn ntia?

3 Nanso ɛbo ankasa a yɛn som adwuma no som—yɛn nyinaa de anaa ankorankoro de—no nnyina dodow a yɛyɛ nkutoo so. Sɛnea wɔka kyerɛɛ Samuel no, “onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Yiw, nea ɛwɔ yɛn mu no na ɛho hia Onyankopɔn. Ampa, nnwuma ho hia. Nnwuma a efi onyamesom pa mu kamfo Yehowa nkyerɛkyerɛ, na ɛtwetwe wɔn a wobetumi abɛyɛ asuafo. (Mateo 5:14-16; Tito 2:10; 2 Petro 3:11) Nanso, ɛnyɛ yɛn nnwuma nkutoo na ehia. Na asafo a ɛwɔ Efeso no ho nsɛm bi haw Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no—ɛmfa ho nnwuma pa a na wɔyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Minim wo nnwuma.” “Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ woagyaw wo kan dɔ no.”—Adiyisɛm 2:1-4.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no betumi abɛyɛ te sɛ adwuma bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara kwa? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ yɛn ho mu hwɛ?

4 Asiane bi wɔ hɔ. Bere a bere rekɔ so no, Onyankopɔn som adwuma a yɛyɛ no betumi abɛyɛ te sɛ adwuma bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara kwa. Kristoni bea bi kaa ho asɛm saa kwan yi so: “Ná mekɔ asɛnka, kɔ nhyiam horow, sua ade, bɔ mpae—nanso na meyɛ saa ara kwa a minni ho atenka biara.” Nanso, sɛ Onyankopɔn asomfo yere wɔn ho ɛmfa ho sɛ wɔte nka sɛ ‘wɔahwe wɔn ase’ anaasɛ ‘wɔabrɛ wɔn ase’ a, wɔfata nkamfo. (2 Korintofo 4:9; 7:6) Nanso, sɛ yɛn Kristofo adwuma bɛyɛ nea ennya nkɔso a, sɛnea yɛbɛka no no, ehia sɛ yɛhwehwɛ engine no mu hwɛ. Kar ahorow a ɛyɛ papa mpo hia nsiesie bere ne bere mu; saa ara na ɛho hia sɛ Kristofo nyinaa hwehwɛ wɔn mu bere nyinaa. (2 Korintofo 13:5) Afoforo betumi ahu yɛn nnwuma, nanso wontumi nhu dekode a ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ ade. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma asemmisa yi ho hia no: ‘Dɛn na ɛkanyan me ma mesom Onyankopɔn?’

Nneɛma Pa a Ɛbɛkanyan Yɛn Ho Akwanside Ahorow

5. Ahyɛde bɛn na Yesu kae sɛ edi ne nyinaa kan?

5 Bere a wobisaa Yesu sɛ mmara a wɔde maa Israel no mu nea ɛwɔ he na edi ne nyinaa kan no, wanka ahyɛde bi a ɛtwe adwene si ade a aniwa tua so, na mmom nea ɛwɔ obi mu so sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:28-30) Enti Yesu kyerɛɛ dekode a ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ Onyankopɔn som adwuma—ɔdɔ.

6, 7. (a) Nnɛɛdɛe kwan bɛn na Satan nam so ato ahyɛ abusua kɔntɔnkrɔn no so, na dɛn ntia? (2 Korintofo 2:11) (b) Ɔkwan bɛn so na ntetee a obi nya betumi aka su a ɔda no adi wɔ Onyankopɔn tumidi ho?

6 Satan pɛ sɛ osiw nya a yebetumi anya ɔdɔ su a ɛho hia no ano. Sɛnea ɛbɛyɛ na watumi ayɛ eyi no, ɔkwan biako a wafa so ne sɛ ɔbɛto ahyɛ abusua kɔntɔnkrɔn no so. Dɛn ntia? Efisɛ ɛhɔ ne baabi a yenya ɔdɔ ho adwene a edi kan na etumi tra hɔ kyɛ no. Satan nim Bible nnyinasosɛm a ɛne sɛ nea obi sua wɔ ne mmofraase betumi ayɛ ade a ɛsom bo wɔ ne mpanyin mfe so no yiye. (Mmebusɛm 22:6) Ɔnam nnɛɛdɛe kwan so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe ɔdɔ ho adwene a yɛwɔ no fi yɛn mmofraase. Sɛ́ “wi yi ase nyame” no, Satan hu sɛ sɛ wɔtete nnipa pii wɔ afie a ɔdɔ nnim na mmom ɛyɛ mmeae a anobow, abufuw, ne ano kurokuro wɔ mu a, ɛma n’atirimpɔw ahorow bam yiye.—2 Korintofo 4:4; Efesofo 4:31, 32; 6:4, NW ase hɔ asɛm; Kolosefo 3:21.

7 Nhoma a ɛne Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye kae sɛ ɔkwan a agya bi fa so di n’asɛyɛde ho dwuma sɛ ɔwofo no “betumi anya nkɛntɛnso wɔ suban a ne mma benya wɔ ɔdesani ne Onyankopɔn tumidi ho so.”a Kristoni barima bi a ne papa a n’asɛm yɛ den de ɔhyɛ ntraso tetee no, gye tom sɛ: “Osetie a mɛyɛ ama Yehowa nyɛ me den; ɔdɔ a mɛdɔ no no na ɛyɛ me den kɛse.” Nokwarem no, osetie ho hia, efisɛ wɔ Onyankopɔn ani so no, “osetie ye sen afɔre.” (1 Samuel 15:22) Nanso dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ yɛn anim asen osetie kɛkɛ a yɛbɛyɛ na yɛanya ɔdɔ ama Yehowa ma akanyan yɛn ma yɛasom?

“Kristo Dɔ no Hyɛ Yɛn”

8, 9. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yesu agyede afɔre no kanyan ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no?

8 Yesu Kristo agyede afɔre no ho anisɔ a yɛwɔ ne ade a ɛbɛkanyan yɛn asen biara ma yɛafi koma nyinaa mu anya ɔdɔ ama Yehowa. “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa.” (1 Yohane 4:9) Sɛ yenya te ase na yenya ho anisɔ a, saa adeyɛ a ɔdɔ wom yi ma yɛn nso yɛda ɔdɔ adi. “Yɛdɔ, efisɛ [Yehowa] na ɔdɔɔ yɛn kan.”—1 Yohane 4:19.

9 Yesu fi ne pɛ mu gyee n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛyɛ adesamma Agyenkwa no toom. “Eyi mu na yɛahu ɔdɔ no, sɛ ɔno de ne kra too hɔ maa yɛn.” (1 Yohane 3:16; Yohane 15:13) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ mu a Yesu fi de ne ho bɔɔ afɔre no kanyan yɛn ma yɛyɛ biribi de kyerɛ ho anisɔ. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Fa no sɛ anka nsu reyɛ afa wo na obi ayi wo. Wubetumi akɔ fie akɔpopa wo ho kɛkɛ, na wo werɛ afi? Dabida! Wobɛte nka sɛ wode onipa a oyii wo no ka. Anyɛ yiye koraa no, wode no aseda ka wɔ wo nkwa ho. Ɛnyɛ saa ara na yɛde Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ka? Sɛ ɛnyɛ agyede no a, sɛnea yɛbɛka no no, anka bɔne ne owu bɛfa yɛn mu biara. Nanso, esiane ɔdɔ kɛse a wɔada no adi sɛɛ yi nti, yɛanya paradise asase so a yɛbɛtra daa ho anidaso.—Romafo 5:12, 18; 1 Petro 2:24.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ama agyede no aka yɛn ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo dɔ no hyɛ yɛn?

10 Dwennwen agyede no ho. Ma no nka wo ankasa te sɛ Paulo: “M’ase a mete ɔhonam mu yi, mete no Onyankopɔn ba a ɔdɔ me na ɔde ne ho ama me no ho gyidi mu.” (Galatifo 2:20) Nsɛm ho a yebedwennwen saa no bɛma yɛafi komam ayɛ ade, efisɛ Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn; efisɛ . . . owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Korintofo 5:14, 15) The Jerusalem Bible ka sɛ Kristo dɔ “bunkam yɛn so.” Sɛ yesusuw Kristo dɔ ho a, ɛhyɛ yɛn, ɛkanyan yɛn kɛse, na ebunkam yɛn so mpo. Ɛka yɛn koma na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ biribi. Sɛnea J. B. Phillips nkyerɛase no ka no ɔkwan foforo so no, “nea yɛyɛ nyinaa fi Kristo dɔ.” Ade foforo biara a ɛkanyan yɛn no mma yɛnsow aba a ɛtra hɔ daa, sɛnea Farisifo nhwɛso no daa no adi no.

‘Monhwɛ Mo Ho Yiye Farisifo Mmɔkaw Ho’

11. Ka su a na Farisifo no da no adi wɔ ɔsom mu nnwuma ho no ho asɛm.

11 Farisifo no sɛee Onyankopɔn som mu anigye nyinaa. Sɛ́ anka wobesi Onyankopɔn ho dɔ so dua mmom no, wosii nnwuma so dua sɛ ɛno ne biribi a wogyina so hu honhom fam yiyedi. Mmara nketenkete a wɔma egyee wɔn adwene pii no ma wɔbɛyɛɛ atreneefo wɔ nnipa ani so, na na wɔn mu de “afunu nnompe ne efi nyinaa ayɛ no ma.”—Mateo 23:27.

12. Bere a Yesu saa ɔkwatani bi yare no, ɔkwan bɛn so na Farisifo no kyerɛe sɛ wɔn koma apirim?

12 Bere bi Yesu fi mmɔborohunu mu saa ɔbarima bi a na kwata ama ne nsa awu yare. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa barima yi ani gyei sɛ onyaa ayaresa amonom hɔ ara wɔ yare a akyinnye biara nni ho sɛ na ama no ate ɛyaw wɔ honam fam ne nkate fam ho no! Nanso, Farisifo no ne no anni ahurusi. Mmom no, na wɔrehwehwɛ mfomso nketenkete a ɛho nhia—sɛ Yesu aboa obi Homeda. Bere a na Mmara no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri agye Farisifo no adwene no, wɔyeraa adwene a ɛwɔ Mmara no akyi koraa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ‘wɔn komaden no nti Yesu werɛ howee.’! (Marko 3:1-5) Afei nso, ɔbɔɔ n’asuafo no kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye Farisifo ne Sadukifo mmɔkaw ho!” (Mateo 16:6) Wɔada wɔn nneyɛe ne wɔn suban no adi wɔ Bible mu na ɛso aba yɛn mfaso.

13. Asuade bɛn na yenya fi Farisifo no nhwɛso no mu?

13 Farisifo nhwɛso no kyerɛ yɛn sɛ ehia sɛ yenya nnwuma ho adwempa. Nokwarem no, nnwuma ho hia, efisɛ “gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Nanso, nnipa a wɔnyɛ pɛ taa gyina nea afoforo yɛ so bu wɔn atɛn sen sɛnea wɔte ankasa. Ɛtɔ mmere bi mpo a, yebebu yɛn ankasa ho atɛn wɔ saa kwan yi so. Ebia mmɔdenbɔ begye yɛn adwene araa ma ayɛ te sɛ gyama ɛno nkutoo ne nea yɛn honhom fam yiyedi gyina so. Yɛn werɛ betumi afi hia a ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ adwene a yɛde yɛ ade no mu. (Fa toto 2 Korintofo 5:12 ho.) Yebetumi abɛyɛ nkurɔfo a wodi mmara so katee a ‘wɔsɔn yi nwansena, na wɔmene yoma,’ di mmara no mu nkyerɛwde so na wobu adwene a ɛwɔ akyi so.—Mateo 23:24.

14. Ɔkwan bɛn so na na Farisifo no te sɛ kuruwa anaa ayowa bi a emu ntew?

14 Ade a Farisifo no anhu ne sɛ sɛ obi dɔ Yehowa nokwarem a, nneyɛe a ɛda onyamesom pa adi ankasa bedi akyi. Honhom fam yiyedi fi komam na efi adi. Yesu kasa tiaa Farisifo no denneennen wɔ adwemmɔne a na wokura wɔ eyi ho no ho sɛ: “Munnue, mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo! Sɛ mutwiw kuruwa ne abeyaa akyi, na emu de, dwowtwa ne adifude ahyɛ no ma. Farisini nifuraefo! Twiw kuruwa no mu kan, na akyiri nso afi.”—Mateo 23:25, 26.

15. Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yesu hwɛ ade kɔ akyiri sen nea aniwa hu ara kwa.

15 Sɛnea kuruwa, ayowa, anaa ɔdan bi akyi te nna nneɛma pii adi. Yerusalem asɔrefie a Yesu frɛɛ no “adwowtwafo tu” esiane nea na wɔyɛ wom nti no fɛ maa Yesu asuafo no ho dwiriw wɔn. (Marko 11:17; 13:1) Sɛnea Kristoman ho kyerɛwtohɔ kyerɛ no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ɔpepem pii te sɛ asɔrefie no ara pɛ. Yesu kae sɛ obebu ebinom a wɔde ne din yɛ “ahoɔdenne” no sɛ ‘wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ.’ (Mateo 7:22, 23) Nea ɛne eyi bɔ abira koraa no, ɔkaa okunafo bi a oyii ntoboa ketewaa bi wɔ asɔrefie hɔ ho asɛm sɛ: “Okunafo hiani yi de nea ɛdɔɔso abegu mu sen wɔn a wɔde bi beguu tow adaka no mu nyinaa . . . Ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa, na ɔde abegu mu.” (Marko 12:41-44) Ɛyɛ atɛnkyea? Dabida. Yesu daa Yehowa adwene adi wɔ nsɛm abien no nyinaa mu. (Yohane 8:16) Ohuu adwene a ɛwɔ nnwuma no akyi na obuu ho atɛn sɛnea ɛsɛ.

“Sɛnea Wɔn Mu Biara Ahoɔden Te”

16. Dɛn nti na ɛho nhia sɛ yɛde yɛn dwumadi bɛtoto Kristoni foforo de ho bere nyinaa?

16 Sɛ yɛwɔ adwempa a, ɛho renhia sɛ yɛde yɛn ho bɛtoto afoforo ho bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, adepa biara mfi mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛnam akansi so bedu nnɔnhwerew dodow a Kristoni bi de yɛ ɔsom adwuma ho anaasɛ yebedu nea watumi ayɛ wɔ asɛnka adwuma no mu ho mma. Yesu kae sɛ fa wo koma, w’adwene, wo kra, ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa—ɛnyɛ obi foforo de. Ɛsono obiara mmɔdenbɔ, n’ahoɔden ne ne nsɛm tebea. Sɛ wo nsɛm tebea ma wo kwan a, ɔdɔ bɛkanyan wo ma wode bere pii ayɛ asɛnka adwuma no—na ebia woasom sɛ bere nyinaa ɔsomfo kwampaefo mpo. Nanso, sɛ yare bi rehaw wo a, ebia bere a wode bɛyɛ asɛnka adwuma no rennu nea wopɛ sɛ woyɛ ho. Mma w’abam mmmu. Nokware a obi di ma Onyankopɔn nnyina nnɔnhwerew dodow so. Sɛ wowɔ adwempa a, wubenya biribi a wubegyina so ama w’ani agye. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.”—Galatifo 6:4.

17. Fa w’ankasa wo nsɛm ka talente ho bɛ no ho asɛm tiawa.

17 Susuw Yesu talente ho bɛ no ho, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 25:14-30 no. Ɔbarima bi a na ɔretu kwan akɔ akyirikyiri frɛɛ ne nkoa de nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. “Ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te.” Bere a owura no san bae ne ne nkoa bebuu akontaa no, dɛn na ohui? Akoa a ɔmaa no talente anum no nyaa talente anum kaa ho. Saa ara na akoa a ɔmaa no talente abien no nyaa talente abien kaa ho. Akoa a ɔmaa no talente biako no de kosiee fam, na wanyɛ biribiara amma ne wura agyapade annɔɔso. Dɛn na owura no yɛe wɔ tebea no ho?

18, 19. (a) Dɛn nti na owura no amfa akoa a ɔmaa no talente abien no antoto akoa a ɔmaa no talente anum no ho? (b) Dɛn na talente ho bɛ no kyerɛkyerɛ yɛn wɔ nkamfo ne ntotoho ho? (d) Dɛn nti na wobuu akoa a ɔto so abiɛsa no fɔ?

18 Nea edi kan no, ma yensusuw nkoa a wɔmaa wɔn talente anum ne abien no ho. Owura no ka kyerɛɛ saa nkoa yi mu biara sɛ: “Mo, akoa pa ne nokwafo.” Sɛ akoa a ɔmaa no anum no nyaa abien pɛ na ɛkaa ho a anka ɔbɛka eyi akyerɛ no? Dabida! Saa ara na wanka ankyerɛ akoa a onyaa talente abien no sɛ: ‘Dɛn nti na woannya anum anka ho? Hwɛ wo yɔnko akoa na hwɛ dodow a wanya ama me!’ Dabi, owura mmɔborohunufo a ogyina hɔ ma Yesu no anyɛ ntotoho. Ɔde talente no mae “sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te,” na wanhwehwɛ pii amfi wɔn hɔ ankyɛn nea wɔn mu biara betumi de aba. Nkoa baanu no nyinaa nyaa nkamfo pɛ, efisɛ wɔn baanu no fi wɔn kra nyinaa mu yɛɛ adwuma maa wɔn wura. Yɛn nyinaa betumi asua biribi afi eyi mu.

19 Nokwarem no, wankamfo akoa a ɔto so abiɛsa no. Nokwasɛm ne sɛ, wɔtow no kyenee abɔnten sum mu. Bere a onyaa talente biako no, na wɔnhwɛ kwan sɛ obenya pii sɛ akoa a wɔmaa no talente anum no. Nanso, wammɔ ne ho mmɔden biara! Nea ɛma wobuu no atɛn ne koma “bɔne ne onihafo” a na ɔyɛ, na ɛma ɛdaa adi sɛ na onni owura no ho dɔ.

20. Yehowa bu yɛn sintɔ ahorow dɛn?

20 Yehowa hwɛ kwan sɛ yɛn mu biara de n’ahoɔden nyinaa bɛdɔ no, nanso hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ “onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma”! (Dwom 103:14) Mmebusɛm 21:2 ka sɛ “koma karifo ne [Yehowa]”—ɔnyɛ ho ɔkontaabufo. Ɔte yɛn sintɔ biara a yentumi nni so ase, sɛ́ ɛyɛ sikasɛm, honam fam, nkate, anaa ade foforo biara no. (Yesaia 63:9) Bere koro no ara no, ɔhwɛ kwan sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa bedi dwuma akosi ase. Yehowa yɛ pɛ, nanso sɛ ɔne n’asomfo a wɔnyɛ pɛ redi nsɛm a, ɔnhwehwɛ pɛyɛ. Ɔnyɛ obi a ɔnte asɛm ase wɔ ne nsɛnnii mu na saa ara na ɔnhwehwɛ nea obi ntumi nnu ho mfi ne hɔ.

21. Sɛ ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛsom Onyankopɔn a, nneɛma pa bɛn na ebedi akyi aba?

21 Yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa a yɛde bɛdɔ Yehowa no “sen ɔhye afɔre ne mogya afɔre nyinaa.” (Marko 12:33) Sɛ ɔdɔ kanyan yɛn a, ɛnde yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Onyankopɔn som mu. Petro kyerɛwee sɛ sɛ su pa ahorow a ɔdɔ ka ho “wɔ mo mu na ɛdɔɔso a, ɛremma monyɛ anihafo ne wɔn a wɔnsow aba, yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ fam.”—2 Petro 1:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

Ntimu

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristo dɔ hyɛ yɛn ma yɛsom Yehowa?

◻ Nneɛma a egyee Farisifo no adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

◻ Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn som adwuma atoto Kristoni foforo de ho?

[Kratafa 16 mfonini ahorow]

Ɛsono obiara mmɔdenbɔ, n’ahoɔden, ne ne nsɛm tebea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena