BIBLE MU AKORADE | MARKO 11-12
Ɔde Pii Beguu Mu Sen Wɔn a Aka Nyinaa
Ɔkwan bɛn so na kyerɛwtohɔ yi kyerɛ yɛn asuade a edidi so yi?
Yehowa ani sɔ nea yɛyɛ
Yɛ nea wubetumi wɔ Yehowa som mu
Mfa nea wutumi yɛ no ntoto afoforo de ho, na mfa ntoto nea na wutumi yɛ bere bi a atwam no nso ho
Sɛ ahia obi na sika ketewaa bi na ɔwɔ mpo a, ɛnsɛ sɛ ɔma ɛhaw no sɛ ɔde beyi ntoboa
Nneɛma foforo bɛn na wusuae?