Nea Ɛyɛe A Kristofo Akwanhwɛ No Gyaee
YESU ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ‘wɔnwɛn’ wɔ ne ba a ɔbɛsan aba ne n’Ahenni a ɛbɛba no ho. (Marko 13:37) Adanse pii wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ afeha a edi kan Kristofo no yɛɛ saa. Ɛyɛ nokware sɛ ebinom ho peree wɔn kakra wɔ ho de. (2 Tesalonikafo 2:1, 2) Nanso wɔ ɔkwan foforo so no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw Kristofo akwanhwɛ a ano bɛbrɛ ase ano no, Paulo, Yakobo, Petro ne Yohane kyerɛw nkrataa ahorow a emu na wotuu wɔn nuanom fo sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ honhom mu bere a wɔde boasetɔ twɛn Kristo “ba’” ne “Yehowa da” no.—Hebrifo 10:25, 37; Yakobo 5:7, 8; 1 Petro 4:7; 2 Petro 3:1-15; 1 Yohane 2:18, 28.
Nhwehwɛmu nhoma ahorow a Kristoman abakɔsɛm akyerɛwfo ne wɔn asɔfo atintim gye nokwasɛm yi tom. Wɔ ne Supplément a ɛkɔ akyiri no mu no, Franse Katolekfo Dictionaire de la Bible a agye din kɛse no ka sɛ: “Ɛyɛ ɔbrɛ hunu sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛpow awiei no ho akwanhwɛ a ɛda adi wɔ Apam Foforo no kyerɛw nsɛm pii mu no. Wɔ Kristosom mfiase mu hɔ no . . na Parousia [ba a waba] no ho akwanhwɛ yɛ ade titiriw, na efi Apam Foforo no mfiase kɔpem n’awiei.” Nanso dɛn nti na Kristoman asɔfo no binom ‘bɔ mmɔden sɛ wɔbɛpow awiei no ho akwanhwɛ’ a na ɛda adi wɔ tete Kristofo mu no? Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi wɔn ho ano wɔ honhom mu nna tebea a ɛda adi nnɛ wɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo ne wɔn honhom mu akannifo pii mu no ho. Ɛyɛɛ dɛn na nsakrae yi bae?
Nea Ɛyɛe A Akwanhwɛ No Byaee
Kristofo akwanhwɛ a ano brɛɛ ase no yɛ nea efii ɔwae a na adi kan ayi ne ho adi dedaw ansa na Kristo asomafo no mpo rewu no mu bae no mu biako. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ná ɔwae no “anya reyɛ adwuma” wɔ Kristofo asafo no mu wɔ ne bere so. (2 Tesalonikafo 2:3, 4, 7) Mfe kakraa bi akyi no, ɔsomafo Petro maa ne mfɛfo Kristofo daa wɔn ho so wɔ “atoro akyerɛkyerɛfo” ne “fɛwdifo” a wɔbɛka eyi no ho: “Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.”—2 Petro 2:1; 3:3, 4.
Nea ɛyɛ anigye no, wɔn a’ na wogye Kyerɛwnsɛm mu nokware a ɛne sɛ Yesu “ba” a wɔahyɛ ho bɔ no bɛyɛ ne Mfirihyia Apem Ahenni wɔ asase so a abɛn no ho dawurubɔ di no kuraa Kristofo akwanhwɛ papa no mu kosii bere bi. Justin Martyr (owui bɛyɛ 165 Y.B,) , Irenaeus (owui bɛyɛ 202 Y.B.) ne Tertullian (owui wɔ 220 Y.B. akyi) , ná wɔn nyinaa gye Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no di na wɔhyɛɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei ho akwanhwɛ a emu yɛ den ho nkuran.
Bere a bere kɔɔ so na ɔwae no mu bɛyɛɛ den no, mfirihyia apem anidaso a ɛne asase a wɔbɛma adan wiase nyinaa paradise wɔ Kristo Ahenni ase no yɛ nea wɔbɔɔ mmɔden nkakrankakra de adwene mu akwanhwɛ bi a egyina Helafo nyansapɛ a ɛne onipa kra a, enwu da a wonya fi awo mu so no besii ananmu. Paradise ho anidaso no yɛ nea ɛsakra fii nya a wobenya wɔ asase so no so bɛyɛɛ ɔsoro de a wonya wɔ owu mu. Enti Kristofo akwanhwɛ a ɛfa Kristo parousia, anaa ba a waba, ne n’Ahenni no ba ho no ano brɛɛ ase. Adwene a wonyae ne sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode ahopere wɛn wɔ Yesu ba ho sɛnkyerɛnne no ho, bere a wubetumi anya anidaso sɛ wobɛka Kristo ho wɔ soro wɔ owu mu no?’
Kristofo ɔwɛn a na ɛregyae yi maa Kristofo a wɔawae no boaboaa wɔn ho ano yɛɛ asɔre a ɛyɛ den a na wɔn ani nna Kristo parousia, anaa ne ba no so bio, na mmom di a ebedi n’asɔre mma, ne sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wiase nyinaa so tumi. The New Encyclopaedia Britannica ka sɛ: “Parousia no a ɛda adi sɛ ɛkyɛe no maa akwanhwɛ a na ano yɛ den wɔ tete asɔre no mu no ano brɛɛ ase. Bere a nkyerɛkyerɛ a ɛfa ‘Nneɛma a Etwa To’ ho no ano brɛɛ ase no, asɔre a wɔde asi hɔ no besii Onyankopɔn Ahenni a wɔhwɛ kwan no ananmu kɛse. Katolek Asɔre a wɔtewee sɛ ahyehyɛde a ɛwɔ asɔfo dibea ahorow no na ɛmaa akwanhwɛ a ano yɛ den no ano brɛɛ ase.”
Nea Ɛbɛsɛee Asɛm No Koraa
Akyinnye biara nni ho sɛ asɔre no “agya” anaa “ɔbenfo” a ɔsɛee asɛm no koraa wɔ Kristofo ɔwɛn no ho ne Augustine a ofi Hippo (354-430 Y.B.) . Wɔ ne nhoma a agye din a ɛne
The City of God no mu no, Augustine kae sɛ: “Asɔre a ɛwɔ asase so mprempren no ne Kristo ahenni, ne afei ɔsoro ahenni no.”
The New Bible Dictionary kyerɛkyerɛ tumi a asɛm yi nyaa wɔ Katolekfo gyidi so no mu sɛ: “Wɔ Roman Katolekfo gyidi mu no, ade a ɛda nsow ne nsɛdi a ɛwɔ Onyankopɔn ahenni ne Asɔre no ntam wɔ asase so nneɛma ho dwumadi mu, nsɛdi a Augustine nkɛntɛnso na ɛma ɛbaa saa titiriw. Wɔ asɔfo dibea ahorow no mu no, wɔde Kristo yɛ Onyankopɔn ahenni no Hene ankasa. Faako a ahenni no di tumi kodu no ne faako a Asɔre no ahoɔden ne tumi kodu yɛ pɛ. Ɔsoro ahenni no mu trɛw denam asɛm no ka ne Asɔre no nkɔso wɔ wiase no mu so.”
Eyi yii hia a ɛho hia sɛ wɔwɛn ho sɛnkyerɛnne a ɛbɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn biara fii hɔ. Ɔrekyerɛw wɔ The New Encyclopaedia Britannica mu no, Ɔbenfo E. W. Benz sii eyi so dua sɛ: “ [Augustine] brɛɛ mfitiase akwanhwɛ a ano yɛ den no ase denam ka a ɔkae sɛ Onyankopɔn Ahenni no afi ase dedaw wɔ wiase yi mu bere a wɔde asɔre no sii hɔ no so; asɔre no ne Onyankopɔn Ahenni no nsiananmu wɔ Asase so wɔ abakɔsɛm mu. Sɛnea Augustine kyerɛ no, owusɔre a edi kan no ba mpofirim ara wɔ asɔre no mu wɔ Asubɔ kronkron a wɔnam so ma gyidifo hu Onyankopɔn Ahenni no mu.”
Augustine ara nso na ɔmaa Kristoman gyaw anidaso a egyina Kyerɛwnsɛm so a ɛne Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a saa bere no mu na ɔbɛsan de Paradise aba asase so no mu koraa. (Adiyisɛm 20:1-3, 6; 21:1-5) The Catholic Encyclopaedia gye tom sɛ: “Ɔhotefo Augustine gye dii awiei koraa no sɛ mfirihyia apem ahenni biara remma. . . . Mfirihyia apem homeda wɔ mfirihyia mpem nsia wɔ abakɔsɛm mu no akyi no ne daa nkwa a wobenya no nyinaa; anaasɛ, wɔ ɔkwan foforo so no, akontaahyɛde apem no yɛ nea wɔde rekyerɛ pɛyɛ.” Britannica Macropaedia (1977) no de ka ho sɛ: “Wɔ ɔno [Augustine] fam no, mfirihyia apem ahenni no bɛyɛɛ honhom mu tebea a asɔre no, sɛ́ kuw no, kɔɔ mu wɔ Pentekoste mu. Wanhwɛ ɔsoro adeyɛ a egye ntɛmpɛ wɔ abakɔsɛm mu a ɛbɛba kwan.” Enti, wɔ Katolekfo fam no, “w’ahenni mmra” mpaebɔ no bɛyɛɛ nea ntease nnim.
Sum Wɔ Mfinimfini Mmere No Nu
Wɔkyerɛ sɛ Augustine nkyerɛkyerɛmu no “bɛyɛɛ nkyerɛkyerɛ titiriw wɔ mfinimfini mmere no mu.” Enti, Kristofo akwanhwɛ bɛyɛɛ nea ɛkɔɔ fam sen bere biara. Yɛkenkan sɛ: “Wɔ mfinimfini mmere mu Kristoman mu no, Apam Foforo mu asɛm a ɛfa nneɛma a etwa to ho no yɛ nea wɔde hyɛɛ nhyehyɛe a ɛyɛ katee mu a mfiase no na ne nyansapɛ mu nnyinaso yɛ nea efi Helani nyansapɛfo Plato de mu no, na akyiri yi ɛbɛyɛɛ nea egyina atɔe fam de a ɛyɛ Helani nyansapɛfo Aristotle de no so. Tete adwene a ɛfa parousia, owusɔre ne nea ɛtete saa ho no yɛ nea wɔde frafraa Helafo adwene a ɛfa ɔkra a enwu da ho no mu. . . . Mfinimfini mmere mu Kristosom yɛ nea afã kakraa bi na egyaw maa nneɛma a etwa to ho adwene no. Nanso, saa adwene yi amfi hɔ koraa; wokuraa mu wɔ asɔretiafo akuw horow mu.”—Encyclopaedia Britannica, 1970 de no.
Roman Katolek Asɔre no kasa tia “asɔretiafo akuw horow” yi na wɔfrɛ wɔn sɛ “mfirihyia apemfo akuw a wɔawae.” N’abakɔsɛm akyerɛwfo ka “Afe-1000 Ho Hu” no ho asɛm wɔ animtiaabu mu. Nanso na suro a nnipa a wɔba fam no pii suro sɛ wiase no bɛba awiei wɔ afe 1000 mu no yɛ hena mfomso? ‘Ehu’ yi ne nea Katolekfo “Ɔhotefo” Augustine nkyerɛkyerɛ no de bae ankasa. Ɔkyerɛe sɛ wɔkyekyeree Satan bere a Kristo bae nea edi kan no. Esiane sɛ Adiyisɛm 20:3, 7, 8 ka sɛ wɔbɛkyekyere Satan mfirihyia 1,000 na afei “wɔagyaa no . . . ma wakɔdaadaa amanaman no nyinaa” (The Jerusalem Bible) nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ wɔ afeha a ɛto so du no mu no mu binom suroe wɔ nea ebia ɛbɛba wɔ afe 1000 mu no ho.
Sɛnea wobɛhwɛ kwan no, Roman Katolek Asɔre no kasa tiaa ‘ehu’ yi te sɛ nea ɛyɛɛ Sistersiani Abbot Joachim a ofi Flora a ɔka too hɔ sɛ Kristofo mmere no bɛba awiei 1260 mu no. Awiei koraa, wɔ 1516 mu, wɔ asɔre no bagua no nhyiam a ɛto so anum ase no, Paapa Leo X hyɛɛ da barae ankasa sɛ ɛnsɛ sɛ Katolekni biara hyɛ bere a Antikristo ne Atemmu a Etwa To no bɛba ho nkɔm. Woyii wɔn a wobuu mmara yi so no fii asɔre no mu!
Protestantfo Brɛ Ɔwɛn No Ase
Wɔ nkyerɛkyerɛ mu no na anka ɛsɛ sɛ afeha a ɛto 16 Nyamesom Mu Ɔsesɛw a ɛkyerɛ sɛ asan akɔ Bible no so no ma wohu sɛ Kristofo akwanhwɛ no mu asan ayɛ den bio. Nanso wɔ eyi mu, te sɛ nea ɛte wɔ afoforo pii mu no, Nyamesom Mu Ɔsesɛw no anni ne bɔhyɛ ahorow no so. Anyɛ nea ɛkyerɛ san a wɔsan kɔ Bible mu nokware Kristosom mu. Protestantfo asɔreasɔre a efii Nyamesom Mu ɔsesɛw no mu bae no dan fii Kristofo ɔwɛn no ho ntɛm ara na ɛne wiase a ɛwɔ hɔ no bɔe.
Yɛkenkan sɛ: “Nanso, ankyɛ na ɔsesɛw no mu asɔreasɔre no bɛyɛɛ ɔman asɔre ahorow, na ɛno nso brɛɛ awiei bere ho akwanhwɛ no ase, na ɛno nti ‘nneɛma a etwa to’ ho nkyerɛkyerɛ no bɛyɛɛ nkekahosɛm ara kwa.” “Wɔ nyamesom mu ahofadi a ɛbae, ne titiriw wɔ Protestantfo ne Yudafo mu, wɔ ɛrekɔ afeha a ɛto so 18 awiei ne wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no mu no, nneɛma a etwa to ho nsɛm no annya afã biara. Wobuu no atetesɛm a ne bere atwam, tete nyamesom mu nsɛm a wɔrentumi nnye ntom bio wɔ anibuei bere mu. Wɔ tebea horow pii mu no, wɔanka nneɛma a etwa to ho nsɛm no ho asɛm bio koraa na mmom wokuraa ɔkra a enwu da no mu sɛ ɛno ne onipa awiei. Asɔfo afoforo san kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni ho akwanhwɛ no mu wɔ abrabɔ anaa asetra ho nsɛm mu.”—Encyclopaedia Britannica.
Enti, sɛ́ anka ɛbɛboa Kristofo ma ‘wɔawɛn’ wɔ Kristo ba a ɔbɛba ne Onyankopɔn Ahenni no ba no ho no, Protestantfo asɔfo adan afi Kristofo akwanhwɛ a ɛyɛ nokware no ho mmom. Wɔ wɔn mu pii fam no, “Onyankopɔn ahenni no bɛyɛɛ nea egyina ankorankoro adwene so kɛse; ɛyɛ tumi a adom ne asomdwoe di wɔ nnipa koma mu.” Wɔ afoforo fam no, “ba a ahenni no ba no kyerɛ nkɔso a ɛba wɔ asetra mu trenee ne ɔmanfo nsɛm mu.”—The New Bible Dictionary (Protestant) .
Katolekfo Akwanhwɛ Ahorow
Anyɛ yiye koraa no, wɔ nkyerɛkyerɛ mu no, ɛsɛ sɛ Katolekfo wɛn wɔ honhom mu wɔ Kristo ba no ho. Ɛmfa ho sɛ Augustine gyidi no maa Ahenni no ho akwanhwɛ ne mfirihyia apem ahenni ho anidaso no gyaee wɔ Katolekfo mu no, Roman Asɔre no gyidi da so ara kyerɛ sɛ ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wɔbɛwɛn ahu Kristo sanba no. Sɛ nhwɛso no, wofi Vatican a ɛyɛ asɔre no ti de krataa kɔmaa Katolekfo asɔfo mpanyin a wɔwɔ wiase nyinaa a Paapa John Paul II apene so a wɔkyerɛw no May 17, 1979 mu a ɛka sɛ: “Nea ɛne Kyerɛwnsɛm hyia no, Asɔre no retwɛn ‘Yɛn Awurade Yesu Kristo anuonyam ahoyi.’”
Wɔ nkyerɛkyerɛ mu no, eyi ne nea Katolek Asɔre no ka. Nanso, wɔ nneyɛe mu no, mpɛn ahe na Katolekni te sɛ ne sɔfo reka hia a ɛho hia sɛ wɔwɛn wɔ Kristo ba a ɔbɛba ‘ne Onyankopɔn Ahenni no ba no ho asɛm? Nea ɛyɛ anigye no, na krataa a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ a efi Roman asɔre no ti no atirimpɔw ne sɛ “ɛbɛhyɛ Kristofo gyidi den wɔ nsɛm bi a wɔagye ho kyim ho.” Nanso dɛn nti na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no agye Kristo sanba no ho kyim? So ɛho mmuae no betumi ayɛ nea wobenya wɔ nsɛm a efi The New Encyclopaedia Britannica mu no mu? “Asɔre no fi bere tenten agyae nkyerɛkyerɛ a ɛfa nneɛma a etwa to ho no nyinaa.” “Efi Nyamesom Mu Ɔsesɛw no so no, Roman Asɔre no aka n’ano atom wɔ nneɛma a etwa to ho nsɛm no mu.”
Kristofo Ɔwɛn Nnyaee
Kristofo akwanhwɛ gyaee wɔ Kristoman asɔreasɔre no mu efisɛ wogyaw Bible mu nokware ahorow a emu da hɔ no na wokodii Helafo nyansapɛ ne “Ɔhotefo” Augustine nkyerɛkyerɛ no akyi. Nsɛm ahorow a edidi so yi bɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo awɛn bere nyinaa wɔ Kristo ba no ho, ne sɛ nnipa wɔ hɔ nnɛ a wɔama wɔn Kristofo ɔwɛn no ada adi wɔ mfe pii a atwam no mu a wɔasan anya anidaso a ɛyɛ nwonwa a ebetumi ayɛ wo de. Yɛsrɛ wo, kɔ so kenkan, na afei ka kyerɛ Yehowa Adansefo no mu biako ma ɔmmoa wo na ‘wɛn’ na woahu bere a saa Bible mu anidaso no bɛbam.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Ɛyɛ ɔbrɛ hunu sɛ . . . wɔbɛpow awiei no ho akwanhwɛ a ɛda adi wɔ Apam Foforo no kyerɛw nsɛm pii mu no”
[Kratafa 6 mfoni]
Augustine kyerɛe sɛ asɔre a ɛwɔ asase so no ne Kristo Ahenni no
[Kratafa 7 mfoni]
Paapa Leo X barae sɛ ɛnsɛ sɛ Katolekni biara kyerɛ bere a Atemmu a Etwa To no bɛba