Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 85 kr. 198-kr. 199 nky. 3
  • Ɔbɔnefo Sakra a Ɛde Anigye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbɔnefo Sakra a Ɛde Anigye Ba
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔayera Hwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • So Wubesuasua Onyankopɔn Mmɔborohunu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Ɔba a Ɔyerae no San Bae
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • ‘Monnodɔ Mo ho’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 85 kr. 198-kr. 199 nky. 3
Ɔbaa bi a wakɔhu ne drakma a ayera ama n’ani agye

TI 85

Ɔbɔnefo Sakra A Ɛde Anigye Ba

LUKA 15:1-10

  • NNWAN NE DRAKMA A AYERA HO MFATOHO

  • ƆSORO ABƆFO DI AHURUSI

Yesu kaa ahobrɛase ho asɛm pii wɔ n’asɛnka adwuma no mu. (Luka 14:8-11) Ná ɔrepɛ mmarima ne mmaa a wɔpɛ sɛ wɔde ahobrɛase som Onyankopɔn. Ɛbɛsi saa bere no nyinaa, na wɔn mu bi wɔ hɔ a, nkurɔfo nim wɔn sɛ abɔnefo.

Yudani bi a ɔbu afoforo animtia; kyerɛwsɛm kotoku bɔ ne moma so

Farisifo ne akyerɛwfo no huu sɛ saa nnipa a wɔn deɛ wɔmfa wɔn nyɛ hwee no, na wɔn ani gye Yesu ne asɛm a ɔreka no ho. Wɔkasaa ho sɛ: “Onipa yi gye nnebɔneyɛfoɔ na ɔne wɔn didi.” (Luka 15:2) Farisifo ne akyerɛwfo no, na wɔbu wɔn ho dodo, enti na wɔmfa ɔmanfo no nyɛ hwee. Ade baako a ɛma yɛhu sɛ na wɔmmu wɔn koraa ne sɛ na wɔfrɛ wɔn ‛am ha·’aʹrets wɔ Hebri kasa mu, na ɛno kyerɛ “famfam nnipa.”

Yesu deɛ ɔnyaa obuo ne ayamhyehye maa obiara, na ɔyɛɛ obiara yie. Mmɔborɔwafo ne nnebɔneyɛfo mpo, ɔnyaa obuo maa wɔn. Enti, na wɔn mu pii pɛ sɛ wɔtie no. Bere a nkurɔfo no kasa tiaa Yesu sɛ ɔreboa mmɔborɔwafo no, dɛn na ɔyɛe?

Ɔmaa mfatoho bi a ɛka koma de yii wɔn ano, na na ɛte sɛ mfatoho bi a ɔmae bere a ɔwɔ Kapernaum no. (Mateo 18:12-14) Yesu kaa asɛm no ma ɛyɛɛ te sɛ nea Farisifo no yɛ atreneefo a wɔwɔ Onyankopɔn buo mu dwoodwoo. Ɔkaa mmɔborɔwafo no nso ho asɛm sɛ nnwan a wɔayera. Asɛm a Yesu kae ne sɛ:

Odwanhwɛfoɔ bi a n’ani agye sɛ wahu ne dwan a wayera. Ɔde odwan no abɔ ne kɔn ho

“Mo mu onipa bɛn na ɔwɔ nnwan ɔha, na emu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no wɔ serɛ so nkɔhwehwɛ deɛ wayera no nkɔsi sɛ ɔbɛhu no? Na berɛ a wahu no no, ɔde no bɔ ne kɔn ho na ɔdi ahurisie. Na ɔduru fie a ɔfrɛfrɛ ne nnamfonom ne ne yɔnkonom boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Mo ne me nni ahurisie, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.’”—Luka 15:4-6.

Yesu kyerɛkyerɛɛ mfatoho no mu sɛn? Ɔkaa sɛ: “Mese mo sɛ anigyeɛ pii bɛba ɔsoro wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a wasakra ho sene ateneneefoɔ aduɔkron nkron a wɔnhia adwensakra.”—Luka 15:7.

Adwensakra ho asɛm a Yesu kae no, ɛbɛyɛ sɛ ɛpem Farisifo no, efisɛ na wɔbu wɔn ho atreneefo a wɔnhia adwensakra. Mfe bi a na atwam no, wɔn mu bi kasa tiaa Yesu sɛ adɛn na ɔne towgyefo ne abɔnefo redidi. Yesu nso kaa sɛ: “Mammɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom nnebɔneyɛfoɔ.” (Marko 2:15-17) Farisifo nyaatwomfo no nte nka sɛ wɔhia adwensakra, enti wɔamma anigye biara amma soro. Nanso sɛ obi yɛ ɔbɔnefo na ɔnu ne ho paa a, ɛno deɛ ɛde anigye kɛse ba soro.

Ná Yesu pɛ sɛ ɔsi so dua sɛ ɔbɔnefo sakra a, ɛde anigye kɛse ba soro, enti ɔmaa mfatoho foforo a ɛfa biribi a ɛtaa si wɔ fie ho. Ɔkaa sɛ: “Ɔbaa bɛn na ɔwɔ drakma du na sɛ drakma baako yera a, ɔrensɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu? Na sɛ ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ mmaa a wɔyɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka sɛ, ‘Mo ne me nni ahurisie, ɛfiri sɛ mahunu me drakma a ɛyeraeɛ no.’”—Luka 15:8, 9.

Yesu kyerɛɛ mfatoho no mu te sɛ odwan a wayera mfatoho no pɛpɛɛpɛ. Bere a ɔrekyerɛ drakma mfatoho yi mu no, ɔkaa sɛ: “Anigyeɛ ba Onyankopɔn abɔfoɔ mu wɔ ɔdebɔneyɛfoɔ baako a ɔsakra ho.”—Luka 15:10.

Wo deɛ dwene ho hwɛ, sɛ abɔnefo sakra a, abɔfo mpo ani gye! Nea ɛma asɛm no yɛ nwonwa koraa ne sɛ, sɛ abɔnefo sakra na wɔnya kwan kɔ Onyankopɔn soro Ahenni no mu a, wɔbɛnya dibea asen abɔfo no. (1 Korintofoɔ 6:2, 3) Ne nyinaa akyi no, abɔfo no ani mmere wɔn. Ɛnde sɛ ɔbɔnefo sakra n’akwan bɛsom Onyankopɔn a, yɛn nso, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛte nka?

  • Adɛn nti na nnipa a obiara nim wɔn sɛ wɔyɛ abɔnefo mpo, Yesu ne wɔn bɔe?

  • Mmɔborɔwafo a na wɔwɔ Yesu bere so no, na Farisifo no bu wɔn sɛn? Sɛnea Yesu ne wɔn bɔe no, Farisifo no huu no sɛn?

  • Mfatoho mmienu a Yesu mae no, asuade bɛn na ɛwom?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena