Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 92 kr. 216-kr. 217 nky. 7
  • Akwatafo Du no, Baako na Ɔbɛdaa Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwatafo Du no, Baako na Ɔbɛdaa Ase
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wokae sɛ Wobɛda Ase?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Yesu Yɛɛ Anwanwade Pii
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Mommma Nneɛma Nnsɛe Mo Bere wɔ “Asɛmpa Da” Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • “Monkyerɛ Nneɛma Ho Anisɔ”
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 92 kr. 216-kr. 217 nky. 7
Akwatafo du a Yesu saa wɔn yareɛ no, baako asan aba rebɛda no ase

TI 92

Akwatafo Du No, Baako Na Ɔbɛdaa Ase

LUKA 17:11-19

  • YESU SAA AKWATAFO DU YAREƐ

Bere a Sanhedrin no yɛɛ sɛ wɔbɛkum Yesu a anyɛ yie no, ɔfirii hɔ kɔɔ Efraim. Ná Efraim wɔ Yerusalem atifi. Ɔne n’asuafo no tenaa hɔ; ɛhɔ deɛ na n’atamfo no nni hɔ. (Yohane 11:54) Nanso na Yesu bere a aka sua, efisɛ na afe 33 Twam afahyɛ no rebɛn, enti ankyɛ na ɔfirii hɔ kɔtoaa n’adwuma so. Ɔde n’ani kyerɛɛ atifi fam kɔfaa Samaria kɔɔ Galilea. Ɔrekɔ hɔ yi, na ɔrenkɔ hɔ bio na wawu.

Bere a Yesu hyɛɛ n’akwantu ase a ɔfiri kuro baako so rekɔ kuro foforo so no, ɔhyiaa akwatafo du bi. Kwata wɔ hɔ yi, sɛ ɛyɛ obi a, ɛtumi wewe nipadua no fa bi te sɛ nsa, ɛnan, ne aso. (Numeri 12:10-12) Tete no, na Onyankopɔn Mmara kyerɛ sɛ kwata yɛ obi a, ɛnsɛ sɛ ɔba nnipa mu na sɛ obi rebɛn no nso a, ɛsɛ sɛ ɔteɛteɛm sɛ, “Me ho nte, me ho nte!”—Leviticus 13:45, 46.

Wei nti, akwatafo no ammɛn Yesu, na mmom wɔteɛɛm kaa sɛ: “Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hu yɛn mmɔbɔ!” Yesu huu akwatafo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na momfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ no.” (Luka 17:13, 14) Nea Yesu yɛe yi kyerɛ sɛ ɔdi Onyankopɔn Mmara so paa, efisɛ asɔfo nko ara na na Mmara no ma kwan sɛ wɔhwɛ sɛ wɔn a wɔyare kwata no ho ate, na afei deɛ wɔbɛtumi aba nnipa mu.—Leviticus 13:9-17.

Yesu hyiaa mmarima du bi a wɔyare kwata

Ná akwatafo du no wɔ gyidi paa sɛ Yesu bɛtumi asa wɔn yareɛ. Enti bere a wɔnnyaa ayaresa mpo no, wɔsii so kɔɔ asɔfo no hɔ sɛnea Yesu kae no. Ampa-ne-ampa ara, wɔnam kwan so rekɔ no, wɔhuu sɛ kwata no atu ayera! Gyidi a wɔnyaa wɔ Yesu mu no anyɛ kwa.

Akwatafo no baako san n’akyi baa Yesu nkyɛn, nanso nkron a aka no kɔɔ wɔn baabi. Nea ɔsan baa Yesu nkyɛn no, na ɔyɛ Samariani. Adɛn nti na ɔsan bae? N’ani sɔɔ nea Yesu yɛ maa no no. Enti ɔde “nne kɛseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam,” efisɛ ɔhuu sɛ Onyankopɔn na ama wanya ayaresa. (Luka 17:15) Ɔbɛduu Yesu nkyɛn no, ɔhwee ne nan ase daa no ase.

Yesu bisaa nnipa a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Ɛnyɛ du na wɔn ho firiiɛ? Na nkron a aka no wɔ he? Enti wɔanhunu wɔn mu biara a wasan n’akyi de animuonyam rebrɛ Onyankopɔn sɛ ɔbarima a ɔfiri ɔman foforɔ mu yi?” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Samariani no sɛ: “Sɔre na kɔ; wo gyidie ama wo ho asan wo.”—Luka 17:17-19.

Akwatafo du a Yesu saa wɔn yareɛ no, na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn taa Yesu akyi. Nea ɔsan bae no deɛ, yɛbɛtumi aka sɛ ɛnyɛ ayaresa nko ara na ɔnyae, na mmom na wasi nkwa kwan no so. Ɛnnɛ deɛ, Onyankopɔn mfa Yesu so nyɛ anwonwade nsa nkurɔfo yareɛ. Nanso sɛ yɛnya Yesu mu gyidi a, ɛbɛma yɛasi nkwa kwan no so, kyerɛ sɛ, yɛbɛnya daa nkwa. Yɛn nso, nea Onyankopɔn reyɛ ama yɛn no, yɛn ani sɔ te sɛ Samariani no anaa?

  • Bere a Sanhedrin no yɛɛ sɛ wɔbɛkum Yesu a wɔannya no no, ɛhe na Yesu kɔe?

  • Adɛn nti na akwatafo du no amma nnipa mu? Dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔhu asɔfo no?

  • Dɛn na yɛbɛtumi asua afiri Samariani a ɔbɛdaa ase no asɛm no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena