Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 3/15 kr. 3-9
  • Yesu Asetra Sɛ Ɔdesani No Da A Etwa To

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Asetra Sɛ Ɔdesani No Da A Etwa To
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yawda Anwummere, Nisan 14
  • Afahyɛ Titiriw Bi
  • Wɔ Getsemane Turo Mu
  • Fida Anɔpa, Nisan 14
  • Owu Yayaw
  • Ɔte Ase Bio!
  • Sɛnea Ɛka W’asetra
  • Yesu Asase so Nna a Etwa To a Yɛbɛkaakae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Wokum Yesu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • “Dɔn No Adu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛdɔ Yesu
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 3/15 kr. 3-9

Yesu Asetra Sɛ Ɔdesani No Da A Etwa To

Na ɛyɛ Fida anwummere, Nisan 14, 33 Y.B. mu. Na mmarima ne mmea bi rebesie wɔn dɔfo bi. Na mmarima no mu biako, Nikodemo, de aduhuam aba de rebɛbam amu no ma wɔasie. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef de nwera pa bɛkyekyeree amu a wɔahwe no apirapira no no.

EYINOM yɛ nnipa bɛn, na hena na wɔresie no no? So eyinom nyinaa ka w’asetra? Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi abua saa nsɛmmisa yi no, momma yɛnkɔ yɛn akyi nkɔhwehwɛ da a ɛho hia yi mfiase mu.

Yawda Anwummere, Nisan 14

Ɔsram a ahyerɛn yiye na atwa puruw pue brɛoo wɔ Yerusalem. Nnipa a wɔayɛ kurow no mu ma no rekɔ wɔn afie mu bere a wɔawie nnwuma pii a wɔyɛɛ no da no mu no. Na oguan a wɔretoto hua ahyɛ mframa a ɛrebɔ no mu mã, saa anwummere no. Yiw, nnipa ɔpepem pii resiesie wɔn ho ama adeyɛ titiriw bi—afe afe Twam a wodi no.

Wɔ ahɔho dan kɛse bi mu no, yehu Yesu Kristo ne n’asomafo 12 no wɔ ɔpon bi a wɔasiesie so ho. Tie! Yesu rekasa. Ɔka sɛ: “Ɔpɛ na mepɛe sɛ me ne mo di Twam yi ansa na mahu amane.” (Luka 22:15) Yesu nim sɛ nyamesomfo a wɔtan no no abɔ wɔn tirim sɛ wobekum no. Nanso, ansa na eyi bɛba no, biribi a ɛho hia titiriw besi saa anwummere yi.

Bere a wodii Twam no wiei no, Yesu de too gua sɛ: “Mo mu biako rebeyi me ama.” (Mateo 26:21) Eyi ma asomafo no werɛ how. Na ɛbɛyɛ wɔn mu hena? Wɔ nkɔmmɔbɔ bi akyi no, Yesu ka kyerɛ Yuda Iskariot sɛ: “Nea woreyɛ no, yɛ no ntɛm!” (Yohane 13:27) Ɛwom mpo sɛ asomafo a aka no ante ase de, nanso Yuda yɛ ɔfatwafo. Ofi adi kodi ne pɔw bɔne a wabɔ wɔ Yesu ho no ho dwuma.

Afahyɛ Titiriw Bi

Afei Yesu de afahyɛ foforo koraa bi si hɔ—nea wɔde bɛkae ne wu. Yesu fa abodoo bɔ mpae da ase bubu mu. Na ɔka sɛ: “Munnye nni. Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema.” Bere a wɔn mu biara adi abodoo no bi awie no, ɔfa kuruwa a bobesa wom no hyira so. Yesu kyerɛkyerɛ mu kyerɛ wɔn sɛ: “Mo nyinaa monnom bi; kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” Ɔka kyerɛ asomafo anokwafo 11 a aka no sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Mateo 26:26-28; Luka 22:19, 20; 1 Korintofo 11:24, 25.

Saa anwummere no, Yesu fi ayamye mu siesie n’asomafo anokwafo no ma nea ɛda wɔn anim no, na ɔda ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma wɔn no adi. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: Sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ nea mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.” (Yohane 15:13-15) Yiw, asomafo 11 no nam ka a wɔkaa Yesu ho wɔ ne sɔhwɛ ahorow mu no so kyerɛe sɛ wɔyɛ nokware nnamfo.

Anadwofa no—ebia na ɔdasu atwam—Yesu bɔ mpae a yɛn werɛ remfi da, na ɛno akyi no wɔto dwom yi Yehowa ayɛ. Afei, denam ɔsram a ɛhyerɛn yiye no hann so no, wofi kurow no mu fi adi, na wotwa Kidron Bon no.—Yohane 17:1–18: 1.

Wɔ Getsemane Turo Mu

Bere tiaa bi akyi no, Yesu ne n’asomafo no bedu Getsemane turo no mu. Yesu gyaw asomafo no mu baawɔtwe wɔ turo no ano, fa Petro, Yakobo, ne Yohane ka ne ho kɔ ngodua no ase. Ɔka kyerɛ baasa no sɛ: “Awerɛhow ahyɛ me kra so de kɔ owu mu. Montra ha, na monwɛn.”—Marko 14:33, 34.

Asomafo baasa no twɛn, bere a Yesu kɔ n’anim kɔbɔ mpae wɔ turo no mu no. Ɔde nusu ne nteɛm a emu yɛ den srɛ sɛ: “Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ.” Asɛyɛde kɛse da Yesu so. Hwɛ sɛnea ɛyɛ no ahometew, bere a odwennwen nea Yehowa atamfo bɛka, bere a wɔbɔ Ne Ba a ɔwoo no koro no asɛndua mu sɛ ɔsɛmmɔnedifo no ho no! Nea na ɛyɛ Yesu yaw kɛse koraa ne ahohorabɔ a, sɛ wantumi annyina saa sɔhwɛ a ano yɛ den yi ano a, ɛbɛba ne soro Agya no so no. Yesu fi koma mu bɔ mpae na ɔyaw a ɛte saa no ma fifiri a ɛte sɛ mogya atɔwatɔw fi ne ho sosɔ fam.—Luka 22:42, 44.

Na Yesu bɔɔ ne mpae a ɛto so abiɛsa wiei nkyɛe. Afei mmarima bi a wokurakura agyatɛn ne akanea ba ne so. Nea odi wɔn anim no nyɛ obiara sɛ Yuda Iskariot, a ɔba Yesu nkyɛn tee no. Ofew Yesu ano ɔdɔ so ka sɛ: “Rabi mo!” Yesu bua sɛ: “Yuda, wode mfewano na ɛreyi onipa ba no ama?”—Mateo 26:49; Luka 22:47, 48; Yohane 18:3.

Mpofirim ara no, asomafo no adwene ba nea ɛrekɔ so no so. Wɔrebɛkyere wɔn Wura ne wɔn adamfo a wɔdɔ no no! Enti Petro twe afoa, na otwa ɔsɔfopanyin no akoa aso. Yesu teɛm ntɛm ara sɛ: “Momma ɛnso ha ara.” Ɔbɛn akoa no, na ɔsa no yare, na ɔhyɛ Petro sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Luka 22:50, 51; Mateo 26:52) Mpanyimfo no ne asraafo no so Yesu mu kyekyere no. Ehu ne anitane nti, asomafo no gyaw Yesu hɔ guan kɔ esum no mu.—Mateo 26:56; Yohane 18:12.

Fida Anɔpa, Nisan 14

Anadwo akɔ anim na ade rebɛkye Fida. Wɔde Yesu di kan kɔ Hana, a ɔyɛ kan Ɔsɔfopanyin, a ɔwɔ ɔman no so nkɛntɛnso ne tumi kɛse no fie. Hana bisabisa no nsɛm, na ɔma wɔde no kɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa fie, faako a Sanhedrin no ahyia no.

Nyamesom akannifo no bɔ mmɔden sɛ wobenya adansefo ma wɔaka nsɛm bi atia Yesu. Nanso, adansekurumfo no adanse no mpo nhyia. Yesu yɛ koom. Wɔresakra ɔkwan a wɔfaa so no, Kaiafa bisa sɛ: “Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wo ne Kristo, Onyankopɔn ba no a ka kyerɛ yɛn!” Eyi yɛ nokwasɛm a wɔrentumi mmu ani ngu so, enti Yesu fi akokoduru mu bua sɛ: “Mene no; na mubehu onipa ba no sɛ ɔte tumi nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum mu.”—Mateo 26:63; Marko 14:60-62.

Kaiafa teɛm sɛ: “Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio?” Ebinom fi ase bobɔ Yesu asotɔre, na wohinam ntasu gu ne so. Ebinom bobɔ no akuturuku, na wɔyeyaw no. (Mateo 26:65-68; Marko 14:63-65) Fida anɔpatutuutu a anim retetew no, Sanhedrin no san hyiam sɛnea wobetumi ama anadwo asɛnni a ɛnyɛ ne kwan so no abɛyɛ mmara kwan so de. Yesu san fi akokoduru mu si so dua sɛ ɔne Kristo Onyankopɔn Ba no.—Luka 22:66-71.

Afei, asɔfo mpanyin no ne mpanyimfo no hyɛ ma wɔde Yesu kɔma Pontio Pilato, Roma amrado a ɔwɔ Yudea no ma odi n’asɛm. Wɔbɔ Yesu sobo sɛ ɔresɛe ɔman no, na wahyɛ sɛ wonntua tow mmma Kaesare, na ɔka sɛ “ɔno ankasa ne ɔhene Kristo.” (Luka 23:2; fa toto Marko 12:17 ho.) Wobisabisa Yesu nsɛm wie, na Pilato de to gua sɛ: “Minhu afobusɛm biara onipa yi mu.” (Luka 23:4) Bere a Pilato te sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔma wɔde no kɔma Herode Antipa, Galilea amrado, a waba Yerusalem rebedi Twam no. Na ɛnyɛ Herode adwene ne sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔabu atɛntrenee. Na ɔpɛ sɛ Yesu yɛ anwonwade bi ma ohu kɛkɛ. Esiane sɛ Yesu anyɛ nea na Herode hwɛ kwan nti, ɔne n’asraafo no di ne ho fɛw, na wɔsan de no kɔma Pilato.

Pilato bisa bio sɛ: “Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhu akunne biara wɔ ne mu, enti mɛhwe no na magyaa no.” (Luka 23:22) Enti wɔma wɔka Yesu mpire a wɔde abɔ ho pii a ɛma n’akyi paapae. Afei ɛdɔm no mia nsɔe abotiri so de hyɛ Yesu ti. Wodi ne ho fɛw, na wɔde demmire a emu yɛ den bi hwe no, mia nsɔe abotiri no so ma ɛwowɔw ne ti ase. Wɔ ɔyaw ne ayayade a enni ano no nyinaa mu no, Yesu kɔ so kura nidi ne ahoɔden soronko a ɔwɔ no mu.

Pilato—a ebia na osusuw sɛ mmerɛw a Yesu ayɛ no bɛma wayɛ nnipakuw no mmɔbɔ no—san de no brɛ wɔn. Pilato teɛm sɛ: “Hwɛ! Mede no rebrɛ mo, na moahu sɛ minhu ne mu afobusɛm biara.” Nanso asɔfo mpanyin no teɛteɛm sɛ: “Bɔ no asɛndua mu, bɔ no asɛndua mu!” (Yohane 19:4-6) Bere a nnipakuw no kɔ so si wɔn bo no, Pilato te wɔn ase saa ara, na ɔde Yesu hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.

Owu Yayaw

Ɛde besi saa bere yi de owia apue, ma ebia ɛrekɔ owigyinae. Wɔde Yesu fi Yerusalem kɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota. Wɔde nnadewa akɛse bobɔ Yesu nan ne ne nsa mu fam dua ho. Ɛyaw a ɔte, bere a wɔma asɛndua no so si hɔ, na ne mu duru ma faako a wɔde nnadewa no bɔe tetew no nni kabea. Nnipadɔm betwa hɔ hyia hwɛ Yesu ne adwowtwafo baanu a wɔrebɔ wɔn asɛnnua mu no. Wɔn mu bebree ka abususɛm tia Yesu. Asɔfo mpanyin ne afoforo di ne ho fɛw sɛ: “Ogyee binom, na ontumi nnye ne ho!” Asraafo no ne adwowtwafo baanu a wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mpo di Yesu ho fɛw.—Mateo 27:41-44.

Mpofirim ara, owigyinae, bere a na Yesu asɛn dua no so kakraa no, nnyigyei bi a ɛyɛ hu ne esum bi a efi soro duru dɔnhwerew abiɛsa.a Ebia eyi na ɛma ɔdebɔneyɛfo biako no ka ne yɔnko no anim no. Afei ɔdan n’ani hwɛ Yesu srɛ sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a kae me!” Gyidi a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na wɔda no adi wɔ owu mu sɛɛ yi! Yesu bua sɛ: ‘Nokware mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho Paradise hɔ.’—Luka 23:39-43.

Bɛyɛ awia nnɔnabiɛsa no, Yesu hu sɛ ne wu abɛn. Ɔka sɛ: “Osukɔm de me.” Afei ɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?” Na Yesu betumi ahu sɛ, sɛnea ɛte no, na N’agya ayi ahobammɔ afi ne so na ama wɔasɔ ne mudi mu kura ahwɛ wɔ akwan bi so, enti ɔfa Dawid nsɛm no ka. Obi de sapɔw bɔ nsa nyinyanyinya mu de tua Yesu ano. Bere a Yesu de nsa no bi ka n’ano no, ogu ahome ka sɛ: “Wɔawie!” Afei ɔteɛm sɛ “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ,” osi ne ti ase na owu.—Yohane 19:28-30; Mateo 27:46; Luka 23:46; Dwom 22:1.

Esiane sɛ na owia rekɔtɔ nti, wɔyɛ ntɛm yɛ nhyehyɛe sie Yesu ansa na Homeda (Nisan 15) adu. Yosef a ofi Arimatea, Sanhedrin no muni a wagye din a na ɔyɛ Yesu suani wɔ kokoam no, kɔsrɛ no sie no. Nikodemo, a ɔno nso yɛ Sanhedrin no muni a wagye Yesu adi kokoam no, de kurobow ne pɛprɛ bɛyɛ sɛ nkaribo ɔha bɛboa. Wɔde ahwɛyiye de Yesu amu no kɔto ɔboda foforo bi a ɛbɛn hɔ mu.

Ɔte Ase Bio!

Kwasida anɔpatutuutu a anim ntetewee no Maria Magdalene ne mmea afoforo kɔ Yesu da no ho. Nanso hwɛ! Wɔapirew ɔbo a ɛda ɔda no ano no afi hɔ. Hwɛ, ɔda no mu da mpan! Maria Magdalene tu mmirika kɔbɔ Petro ne Yohane amanneɛ. (Yohane 20:1, 2) Ofii hɔ no ara na ɔbɔfo bi baa mmea a aka no nkyɛn. Ɔka sɛ: “Mo de, munnsuro!” Na ɔhyɛ wɔn sɛ: “Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafo sɛ wanyan afi awufo mu.”—Mateo 28:2-7.

Bere a wɔyɛ ntɛm fi hɔ no, wonhyia obiara sɛ Yesu ankasa! Ɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Monkɔ, nkɔka nkyerɛ me nuanom.” (Mateo 28:8-10) Akyiri yi, Maria Magdalene begyina ɔboda no ho su, na Yesu ba ne nkyɛn. Ɔde anigye tutu mmirika kɔka anigyesɛm no kyerɛ asuafo afoforo no. (Yohane 20:11-18) Nokwarem no, mpɛn anum wɔ saa Kwasida a werɛ mfi da no mu no, Yesu a wɔanyan no afi awufo mu no yi ne ho adi kyerɛ asuafo ahorow no, a akyinnye biara nni ho sɛ, ampa, ɔte ase bio!

Sɛnea Ɛka W’asetra

Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisii bɛyɛ mfe 1,966 a atwam ni no betumi aka w’asetra mprempren wɔ afeha a ɛto so 21 yi mfiase? Ɔdansefo bi a ɔde n’ani hui kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔn yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, nyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.”—1 Yohane 4:9, 10.

Ɔkwan bɛn so na Kristo wu no yɛ “bɔne ho mpata”? Ɛyɛ bɔne ho mpata efisɛ ɛma yetumi ne Onyankopɔn nya ayɔnkofa pa. Onipa a odi kan, Adam, yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden ma enti ɔde n’asefo nyinaa kɔɔ bɔne ne owu nkoayɛ mu. Wɔ ɔkwan foforo so no, Yesu, de ne nkwa mae sɛ agyede de gyee adesamma fii bɔne ne owu mu, na ama Onyankopɔn anya nea obegyina so ayi mmɔborohunu ne ɔdom adi. (1 Timoteo 2:5, 6) Sɛ woda Yesu bɔne ho mpata afɔrebɔ no mu gyidi adi a, wobetumi agye wo afi owu afobu a wunya fii ɔbɔnefo Adam hɔ no mu. (Romafo 5:12; 6:23) Bere koro no ara no, ɛma wunya hokwan soronko ne wo soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ, Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ ankasa. Ne tiatwa mu no, Yesu afɔrebɔ a ɛkyɛn so yi betumi ama woanya nkwa a enni awiei.—Yohane 3:16; 17:3.

Wɔbɛka eyinom ne nsɛm foforo ho asɛm Yawda anwummere, April 1, wɔ mmeae ɔpedudu pii a ɛwɔ wiase nyinaa no, bere a nnipa ɔpepem pii behyiam akae Yesu Kristo wu no. Yɛto nsa frɛ wo sɛ kɔ bi. Yehowa Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no ani begye ho sɛ wɔbɛka beae no ne bere a wubetumi akɔ no akyerɛ wo. Akyinnye biara nni ho sɛ, kɔ a wobɛkɔ bi no bɛma woanya anisɔ kɛse ama nea yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ, ne ne Dɔba no yɛe wɔ Yesu asetra sɛ ɔdesani no da a etwa to mu no.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛnyɛ sɛ bosome kyeree awia nti na ɛmaa esum no durui, efisɛ bere a Yesu wui no na ɔsram no atwa puruw. Bosome kyere awia simma kakra bi bere a ɔsram wɔ asase ne owia ntam, bere a ɔsram foforo apue no.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 7]

YESU WU NE NE SƆRE

NISAN 33 Y.B. NSƐM A ESISII ONIPA A ƆSEN BIARAb

14 Yawda Twam afahyɛ no di; Yesu 113, nky. 2

anwummere hohoro asomafo no nan ho; kosi 117, nky. 1

Yuda fi adi koyi Yesu ma;

Kristo de ne wu ho Nkaedi

no si hɔ (Afe yi wobedi

no Yawda, April 1, bere a

owia akɔtɔ); otu asuafo

no fo sɛ wonsiesie wɔn ho

mma ne kɔ

Efi ɔdasum Bere a wɔbɔ mpae na wɔto Efi 117 kosi 120

kosi dwom wie no, Yesu ne asomafo

ahemadakye no kɔ Getsemane turom; Yesu

de nusu ne nteɛm a emu yɛ

den bɔ mpae; Yuda Iskariot

de nnipadɔm kɛse ba beyi

Yesu ma; asomafo no guan

bere a wɔkyekyere Yesu na

wɔde no kɔma Hana no; wɔde

no kɔma Ɔsɔfopanyin Kaiafa

ma okogyina Sanhedrin no

anim; wobua no kumfɔ;

wɔyeyaw no bobɔ no; Petro

pa Yesu mprɛnsa

Fida Ahemadakye no, Yesu kogyina Efi 121 kosi 124

anɔpa Sanhedrin no anim bio;

wɔde no kɔma Pilato; wɔde

no kɔma Herode; wɔsan de no

kɔma Pilato; wɔka Yesu mpire,

yeyaw no, na wɔto hyɛ no so;

Pilato fi ahometew mu de no

hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkɔbɔ no

asɛndua mu; ɛrekɔ awia no

wɔde no kɔ Golgota kokum no

Awiabere Wɔbɔ no asɛndua mu bɛyɛ 125, 126

owigyinae; esum duru fi

awiabere no kosi nnɔnabiɛsa,

bere a Yesu wu; asasewosow

a ano yɛ den; ntwamtam a ɛwɔ

asɔrefi hɔ mu tew abien

Anwummere Wɔde Yesu amu no kɔto ɔboda 127, nky. 1-​7

bi a ɛwɔ turo bi mu ansa na

Homeda adu

15 Fida Homeda fi ase

anwummere

Memeneda Pilato ma awɛmfo wɛn Yesu amu 127, nky. 8, 9

16 Kwasida Anɔpatutuutu no wohu sɛ Yesu 127, nky. 10

da no mu da mpan; Yesu a kosi 129,

wɔanyan no no yi ne ho adi nky. 10

kyerɛ (1) mmea asuafo kuw bi,

a Salome, Yohana, ne Maria a

ɔyɛ Yakobo ne na no ka ho;

(2) Maria Magdalene; (3) Kleopa

ne ne mfɛfo; (4) Simon Petro;

(5) asomafo no ne asuafo

afoforo a wɔahyiam

[Ase hɔ asɛm]

b Nɔma ahorow a yɛakyerɛw wɔ ha no gyina hɔ ma Onipa a Ɔsen Biara a Wɔatra Ase Pɛn nhoma no mu ti ahorow. Sɛ wopɛ adaka a ɛde Yesu som adwuma no fã a etwa to no ho kyerɛw nsɛm pii ma a, hwɛ “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial,” kratafa 290. Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na etintim nhoma ahorow yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena