Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 4/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Elisabet Awo Ba
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wotuaa Wɔn Ka sɛ Wɔnantew sɛ Nnipa a Wɔn ho Nni Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wɔwoo Obi a Ɔbɛsiesie Kwan Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Onyankopɔn De Amanneɛbɔ Mmienu Bi Too Dwa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 4/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So wɔmaa Osuboni Yohane agya Sakaria yɛɛ ɔsotifo ne mum nso, sɛnea ɛte sɛ nea Luka 1:62 kyerɛ no?

Ebinom asusuw sɛ Sakaria aso nso siwii. Yɛkenkan wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu sɛ: “Anka wɔde [abofra] no reto n’agya Sakaria. Nanso ne na kae sɛ: Dabi, wɔmfrɛ no Yohane. Na wosee no sɛ: Obiara nni w’abusua mu a wɔfrɛ no saa. Na wɔde nsɛnkyerɛnne bisaa n’agya edin a ɔpɛ sɛ wɔde to no. Na ogyee kyerɛwpon ketewa bi kyerɛw so sɛ: Ne din ne Yohane.”​—Luka 1:59-63.

Nanso, wɔnka wɔ kyerɛwtohɔ yi mu pɔtee sɛ Sakaria antumi ante asɛm wɔ bere bi mu.

Na ɔbɔfo Gabriel adi kan abɔ Sakaria amanneɛ sɛ wɔrebɛwo ɔbabanin bi a wɔbɛfrɛ no Yohane. Ɛyɛɛ den maa Sakaria a wabɔ akwakoraa no sɛ obegye ɛno adi. Ɔbɔfo no buae sɛ: “Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni.” (Luka 1:13,18-20) Ɔbɔfo no kae sɛ Sakaria rentumi nkasa, na ɛnyɛ sɛ ɔrentumi nte asɛm.

Kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ: “Na ofii adi [fii asɔrefi hɔ] no, wantumi ankasa ankyerɛ [nkurɔfo a wɔretwɛn no]; na wohui sɛ wakohu biribi asɔredan mu hɔ; na ɔno de, ɔde ne nsa ne ne ti na ɛyɛɛ nsɛnkyerɛnne, na wantumi ankasa.” (Luka 1:22) Adwene a ɛwɔ Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “wantumi ankasa” no akyi ne sɛ obi ntumi nkasa anaa ɔnte asɛm yiye, anaa n’abien nyinaa. (Luka 7:22) Na Sakaria nso ɛ? Wiɛ, susuw nea esii bere a onyaa ayaresa no ho. “Na n’ano buei na ne tɛkrɛma hama sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ.” (Luka 1:64) Ɛno ma wonya adwene ɔkwan a ntease wom so sɛ Sakaria kasa nkutoo na ɛho baa asɛm.

Ɛnde, dɛn nti na afoforo de “nsɛnkyerɛnne bisaa” Sakaria “edin a ɔpɛ sɛ wɔde to [abofra] no”? Nsɛm asekyerɛfo binom mpo kyerɛ eyi ase sɛ “wɔ nsɛnkyerɛnne kasa mu” anaa “wɔde nsɛnkyerɛnne kasa dii dwuma.”

Na Sakaria a watɔ mum fi bere a ɔbɔfo no de amanneɛbɔ no bae no taa de ne nsa ne ne ti, a ɛyɛ nsɛnkyerɛnne kwan so kasa no, di dwuma de kasa. Sɛ nhwɛso no, “ɔde ne nsa ne ne ti na ɛyɛɛ nsɛnkyerɛnne” kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ asɔredan mu hɔ no. (Luka 1:21, 22) Bere a akyiri yi ɔkyerɛe sɛ wɔmma no kyerɛwpon ketewa bi no, ebia ɔde nsɛnkyerɛnne anaa ne nsa ne ne ti na edii dwuma. (Luka 1:63) Enti, ebetumi aba sɛ na wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn bere a ɔtɔɔ mum no mu no nso de wɔn nsa ne wɔn ti na ɛyɛ nsɛnkyerɛnne kyerɛ no.

Nanso, nsɛnkyerɛnne a wɔaka ho asɛm wɔ Luka 1:62 no ho nkyerɛkyerɛmu a ntease wom pii wɔ hɔ. Na Elisabet akyerɛ edin a wɔmfa mfrɛ ne ba no. Enti, bere a wɔansɔre antia nea ɔkae no, ebia wɔyɛɛ nea edi hɔ a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a ɛne ne kunu no gyinaesi a wobehu no. Na wobetumi de wɔn ti nko a wɔbɛbɔ anaa nsɛnkyerɛnne bi ara kwa a wɔbɛyɛ no ayɛ saa. Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔankyerɛw wɔn asemmisa no amma Sakaria na wakenkan no mpo betumi ayɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ na wate ne yere nsɛm no. Enti, na wɔn ti nko a wɔbɛbɔ ara kɛkɛ anaa nsɛnkyerɛnne bi a ɛte saa a wɔbɛyɛ akyerɛ no no betumi akyerɛ sɛ, ‘Wiɛ, yɛn nyinaa (a wo, Sakaria ka ho) ate nea ɔkae no, nanso dɛn ne wo gyinaesi a etwa to wɔ abofra no din ho?’

Afei ɛno akyi ara pɛ, anwonwade foforo bi sii, na ɛsakraa tebea no. ‘N’ano bue amonom hɔ ara, na ɔkasae.’ (Luka 1:64) Sɛ n’aso ansiw a, ɛnde na ɛho nhia sɛ wɔka sɛ ɔtee asɛm nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena