Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Samariani Bi Da Ne Ho Adi Sɛ Ɔyɔnko Pa
WƆ YESU bere so no, na ɛyɛ ade a obiara nim sɛ Yudafo ne Amanaman mufo nka. Bere rekɔ so no, Yudafo Mishnah no de mmara bi mpo kaa ho a na ɛbara Israelfo mmea sɛ wonnnye obi a ɔnyɛ Yudani awo efisɛ sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛboa ma Amanaman muni foforo aba wiase.—Abodah Zarah 2:1.
Ná Yudafo ne Samariafo bɔ abusua, na na wɔne wɔn som nso bɛn sen Amanaman mufo no. Ne nyinaa akyi no, wobuu wɔn nso sɛ abusufo. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Yudafo ne Samariafo nka.” (Yohane 4:9) Nokwarem no, Talmud no kyerɛkyerɛe sɛ na “prakonam mpo ho tew sen paano a efi Samariani hɔ.” Yudafo binom mpo de asɛm “Samariani” no dii dwuma sɛ biribi a wɔde bu afoforo animtiaa de bɔ wɔn ahohora.—Yohane 8:48.
Esiane tebea yi nti, Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔbarima bi a na waben wɔ Yudafo mmara mu no de asuade pii ma. Ɔbarima no kɔɔ Yesu nkyɛn kobisaa no sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?” Mmuaema mu no, Yesu twee n’adwene sii Mose Mmara no so, nea ɛhyɛ sɛ ‘fa wo koma nyinaa, wo kra nyinaa, w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa,’ na ‘dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’ no so. Afei mmaranimfo no bisaa Yesu sɛ: “Hena ne me yɔnko?” (Luka 10:25-29; Leviticus 19:18; Deuteronomium 6:5) Sɛnea na Farisifo no susuw no, asɛm “yɔnko” no fa wɔn a wodi Yudasom atetesɛm so nkutoo ho—nokwarem no, na ɛmfa Amanaman mufo anaa Samariafo ho. Sɛ na mmaranimfo a ɔrepɛ biribi ahu yi susuw sɛ Yesu bɛfoa saa adwene no so a, ɛnde na ne ho rebedwiriw no.
Samariani Mmɔborohunufo
Yesu yɛɛ mfatoho bi de buaa ɔbarima no asɛmmisa no.a Ɔkae sɛ: “Onipa bi fi Yerusalem sian kɔɔ Yeriko.” Yerusalem ne Yeriko ntam kwan yɛ bɛyɛ kilomita 23. Ɔkwan a ɛda nkurow abien yi ntam no akontɔnkontɔn na abotan atenten wɔ so, a ɛma ɛyɛ mmerɛw ma akorɔmfo sɛ wobehintaw hɔ, ato ahyɛ nkurɔfo so, na wɔaguan. Sɛnea ɛkɔbae no, ɔkwantuni a ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no “[kɔtɔɔ] akwanmukafo mu, na wɔpaa ne ho ntama bobɔɔ no afɛ gyaw no kɔe a watɔ beraw.”—Luka 10:30.
Yesu toaa so sɛ: “Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe. Saa ara nso na Lewini bi a ɔbaa hɔnom, obehuu no no, otwaa ne ho kɔe.” (Luka 10:31, 32) Ná asɔfo ne Lewifo yɛ Mmara no akyerɛkyerɛfo—a yɔnko dɔ ho mmara nso ka ho. (Leviticus 10:8-11; Deuteronomium 33:1, 10) Ampa ara, sɛ anka obi nhu ɔkwantuni a wapira no mmɔbɔ mmoa no a, na ɛnyɛ wɔn.
Yesu toaa so sɛ: “Samariani bi a ɔnam ne kwan baa nea ɔwɔ hɔ.” Akyinnye biara nni ho sɛ Samariani a Yesu de baa asɛm no mu no bɛma mmaranimfo no abɔ piriw. So na Yesu begye adwene a ɛnteɛ a wokura wɔ saa ɔman no mufo ho no atom? Nea ɛne no bɔ abira no, bere a Samariani no huu ɔkwantuni a asɛm ato no no, “ne yam hyehyee no.” Yesu kae sɛ: “Ɔkɔɔ ne nkyɛn kɔkyekyeree n’akuru no de ngo ne nsa guguu mu, na ɔde no traa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodan mu kɔhwɛɛ no.b Na ade kyee a ɔrebɛkɔ no, oyii denare abien de maa ahɔhodan mu panyin no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ no, na biribiara a wobɛhwere aka ho no, mesan meba a, mɛhyɛ wo mu.”—Luka 10:33-35.
Afei Yesu bisaa ne sɛmmisafo no sɛ: “Baasa yi mu hena na wususuw sɛ wayɛ nea ɔkɔtɔɔ akwanmukafo mu yi yɔnko?” Ná mmaranimfo no nim mmuae no, nanso wampɛ sɛ ɔbɛka sɛ “Samariani” no. Mmom no, nea ɔkae ara ne sɛ: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.” Afei Yesu see no sɛ: “Kɔ, na wo nso kɔyɛ saa ara.”—Luka 10:36, 37.
Asuade a Ɛwom Ma Yɛn
Ɔbarima a obisaa Yesu asɛm no yɛɛ saa de pɛe sɛ “obu ne ho bem.” (Luka 10:29) Ebia osusuwii sɛ Yesu bɛkamfo no sɛ wabata Mose Mmara no ho pintinn. Nanso na saa nipa a ogye ne ho di yi hia sɛ osua nokware a ɛwɔ Bible abebusɛm yi mu no: “Onipa kwan biara kwan teɛ n’ani so, na koma karifo ne [Yehowa, NW].”—Mmebusɛm 21:2.
Yesu mfatoho yi da no adi sɛ obi a ɔteɛ ankasa ne nea ɛnyɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara so nko na mmom, osuasua ne suban nso. (Efesofo 5:1) Sɛ nhwɛso no, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim.” (Asomafo no Nnwuma 10:34) So yesuasua Onyankopɔn wɔ saa kwan yi so? Yesu mfatoho a ɛkanyan adwene no da no adi sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ɔman a obi fi mu, amammerɛ ne ɔsom siw yɔnkodɔ a yɛbɛda no adi no kwan. Nokwarem no, wɔaka akyerɛ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye’—ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ afɛ, yɛne wɔn ka kasa biako anaa yɛne wɔn fi ɔman biako mu, anaa wɔn a yɛne wɔn wɔ gyidi biako mu nko.—Galatifo 6:10; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Kyerɛwnsɛm mu afotu yi so. Sɛ nhwɛso no, sɛ asiane bi a emfi nnipa si a, wɔde honam fam mmoa ma mfɛfo gyidifo ne wɔn a wɔnyɛ Adansefo nso.c Nea ɛka ho no, wɔka bom de nnɔnhwerew ɔpepepem biako yɛ adwuma afe biara de boa nkurɔfo ma wonya Bible mu nimdeɛ pii. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Ahenni asɛm no bedu obiara nkyɛn, efisɛ nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ wogye “nnipa [ahorow, NW] nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.”—1 Timoteo 2:4; Asomafo no Nnwuma 10:35.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɛda adi sɛ na Yesu bere so ahɔhodan no bi nyɛ baabi a wɔda nko, na mmom na wɔma nkurɔfo aduan ne mmoa foforo. Ɛbɛyɛ sɛ saa adan no bi na na Yesu reka ho asɛm, efisɛ ɛsono Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no na ɛsono nea wɔkyerɛɛ ase “ahɔhodan” wɔ Luka 2:7 no.
b Mfatoho yɛ asɛm tiawa, ayɛsɛm a wɔtaa nya abrabɔ anaa honhom mu nokware bi fi mu.
c Sɛ nhwɛso no, hwɛ Ɔwɛn-Aban, December 1, 1996, nkratafa 3-8, ne January 15, 1998, nkratafa 3-7.