Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/15 kr. 4-7
  • Akwahosan Ne Anigye​—Wobɛyɛ Dɛn Na Woatumi Anya?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwahosan Ne Anigye​—Wobɛyɛ Dɛn Na Woatumi Anya?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwahosan ne Anigye​—Ho Asɛm Tiawa
  • Onyankopɔn Ahenni, Anaa Nniso No
  • So Yebetumi Anya Akwahosan ne Anigye Nnɛ?
  • W’akwahosan, W’anigye
  • Akwahosan Ne Anigye​—So Wubetumi Anya?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Anigye a Wɔrehwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ɛhe na Wobetumi Anya Nokware Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nokware Anigye Wɔ Yehowa A Wɔsom No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/15 kr. 4-7

Akwahosan Ne Anigye​—Wobɛyɛ Dɛn Na Woatumi Anya?

ONIPA fi bere tenten ahu sɛ abusuabɔ a emu yɛ den wɔ akwahosan ne anigye ntam. Hippocrates a wobuu no sɛ “aduruyɛ agya” kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ onyansafo hu sɛ akwahosan ne nhyira a adesamma wɔ no mu nea ɛsen biara.” Germanni nyansapɛfo Arthur Schopenhauer kae sɛ: “Onipa anigye ho atamfo abien ne ɛyaw ne asetra a ɛfono no.”

Norman Cousins kaa osuahu a onyae wɔ serew a ɔde saa owuyare a ɛbɔɔ no no ho asɛm wɔ Anatomy of an Illness as Perceived by the Patient nhoma no mu. Ɔkyerɛ sɛ ahoɔden a onyae no fã bi fi sɛnea ɔserew denneennen bere a na ɔrehwɛ aseresɛm sini ahorow no. Nnuruyɛfo a wɔwɔ din afi ase hwehwɛ mfaso a wobetumi anya afi nnuru bi a wɔfrɛ no endorphins a ɛba nipadua no mu bere a yɛserew no mu. Enti, yebetumi ahu nyansa a ɛwɔ abebusɛm a efi honhom mu yi mu: “Anigye koma ma ahoɔden.”​—Mmebusɛm 17:22.

Nanso, nea ɛne eyi bɔ abira no, nhwehwɛmufo ahu sɛ akwahosan pa mma yennya anigye ankasa, efisɛ nnipa pii a wɔwɔ akwahosan nni anigye. Nhwehwɛmu a egyina mmuae a nnipa bɛboro 100,000 mae wɔ nsɛm a wobisabisaa wɔn ho so no maa Jonathan Freedman sii gyinae a wɔnhwɛ kwan sɛ na nnipa a wɔn ani nnye wɔn asetra ho no mu bɛboro ɔha biara mu 50 wɔ apɔwmuden.

Akwahosan ne Anigye​—Ho Asɛm Tiawa

Ɛnde, ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ akwahosan ne anigye a yentumi nnya no fi? Confucius de ntease bi a ɛyɛ anigye mae wɔ mfehaha a atwam no mu sɛ: “Wonya nniso pa bere a wɔma wɔn a wɔbɛn no ani gye, na ɛkanyan wɔn a wɔwɔ akyirikyiri no anigye no.” Ɛreba yɛn bere yi so no, ɔmanyɛfo Thomas Jefferson kae sɛ nniso botae biako pɛ ne sɛ “ebenya anigye a ɛsen biara a wobetumi anya ama wɔn a edi wɔn so no.”

Nokwarem no, nhwehwɛmu a wɔyɛ no yiye da no adi sɛ akwahosan ne anigye a adesamma hwehwɛ no ano aduru ankasa twe adwene si ade biako so​—nniso.

Wɔ mfe a atwam no mu no, adesamma de wɔn ho ato​—nniso so​—sɛ ɛmma wɔn anigye. Sɛ nhwɛso no, nsɛm a agye din yi wɔ United States Ahofadi Mpaemuka no mu: “Yebu nokware ahorow yi sɛ ɛyɛ turodoo, sɛ wɔbɔɔ nnipa nyinaa pɛ, sɛ wɔn Bɔfo ama wɔn Hokwan ahorow bi a wontumi nnye mfi wɔn nsam, na eyinom mu bi ne Nkwa, Ahofadi ne Anigye a wɔbɛhwehwɛ.” Hyɛ no nsow sɛ nniso a ɛwɔ wɔn adwenem no de hokwan a ɛbɛma wɔahwehwɛ anigye nkutoo ho bɔhyɛ na ɛma ne manfo. Akwahosan fam no, nniso pii ayɛ nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma wɔn manfo akwahosan anya nkɔso. Nanso, nnipa dodow no ara nnya akwahosan pa.

Na nniso a ɛhyɛ bɔ sɛ ɛde nea ɛsen saa mpo bɛma no nso ɛ? Na sɛ ɛnyɛ anigye a wɔbɛhwehwɛ nko ho bɔhyɛ na ɛde ma, na mmom anigye ankasa nso ɛ? Na sɛ ɛde akwahosan pa ankasa ho bɔhyɛ ma na ɛnyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔanya akwahosan nkutoo nso ɛ? So w’ani rennye sɛ nniso yi na ɛde akwahosan ne anigye a adesamma hwehwɛ no ano aduru titiriw bɛma?

Ebia nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ besusuw sɛ eyi yɛ anidaso hunu, nanso wɔaka nniso a ɛte sɛɛ ho asɛm asie na wɔaka ho asɛm kɛse. Yebetumi ahu nsɛm a wode ho to so no wɔ Bible no mu, na nniso no ne Onyankopɔn Mesia Ahenni no.

Onyankopɔn Ahenni, Anaa Nniso No

Bible no taa ka “Onyankopɔn ahenni” ho asɛm. Ɛyɛ dɛn koraa? Webster’s New World Dictionary of the American Language kyerɛ “ahenni” ase sɛ “nniso anaa ɔman bi a ɔhene anaa ɔhemmea bi di so tumi.” Sɛ yɛbɛka no tiawa a, Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso, ahemman bi a Onyankopɔn Ba ne Ɔhene a wasra no, Yesu Kristo, di so. Nniso yi ho hia dɛn koraa wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu? Ma Yesu nsɛm yi mmua: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni . . . kan . . . Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa . . . Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa . . . efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me. . . . Wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam abran so kɔ mu.”​—Mateo 6:33; 24:14; Luka 4:43; 16:16.

Wɔde asɛmfua “ahenni” no di dwuma bɛboro mpɛn ɔha wɔ Yesu asetra ho Asɛmpa kyerɛwtohɔ no mu, na ɛtɔ mmere bi a, wɔhyɛ da de ka akwahosan ne anigye ho asɛm. Hyɛ Mateo 9:35 nsow: “Na Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa.” Ɛwom sɛ Yesu de akwahosan pa a yebenya no bataa ne nkyerɛkyerɛ a ɛfa Ahenni no ho de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na n’asɛnka ne nkyerɛkyerɛ no hia sen n’ayaresa no. Na wonim no sɛ “Kyerɛkyerɛfo” na ɛnyɛ “Ɔyaresafo.” (Mateo 26:18; Marko 14:14; Yohane 1:38) Na ɛnyɛ nkurɔfo a ɔbɛsa wɔn yare anaa ayarefo a ɔbɛhwɛ wɔn no so titiriw na ɔde n’adwene sii. Na nea odwen ho titiriw bere nyinaa ne Ahenni no. Ɛdenam nkurɔfo nyarewa a ɔsae no so no, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ ayamhyehye kɛse, na ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ ɔsoro mmoa.

Nyarewa a Yesu sae no nso yɛɛ akwahosan a ɔbɛma nnipa asan anya bere a Onyankopɔn Ahenni no di asase nyinaa so tumi no ho mfonini. Anisoadehu a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:1, 2 no si eyi so dua: “Na ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu. N’abɔnten mfinimfini ne asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba horow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.”

Nanso ɛhe na yebetumi anya eyi? Ebia ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ ayaresa a ɛyɛ nwonwa sɛɛ bɛkɔ so wɔ asase so. Nanso, kae Yesu nsɛm a ebia w’ankasa woaka wɔ mpaebɔ mu no: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”​—Mateo 6:10.

Enti Onyankopɔn Mesia Ahenni no ase ne faako a yebenya yɛn daakye akwahosan ne anigye ho nokware anidaso no. Nanso, asemmisa bi da so ara wɔ hɔ.

So Yebetumi Anya Akwahosan ne Anigye Nnɛ?

Ɛnnɛ mpo, ebia Bible nnyinasosɛm ahorow akyi a yebedi no bɛma yɛanya akwahosan kɛse a anigye kɛse ka ho. Sɛnea wɔada no adi mpɛn pii wɔ nsɛmma nhoma yi mu no, wɔn a wɔde Bible no di dwuma wɔ wɔn da biara asetra mu no taa nya ahobammɔ fi akwahosan ho ɔhaw ahorow a aguamammɔ, tawanom, asabow, ne nnubɔne de ba no mu. Wonya asetra a asomdwoe kɛse wom ne wɔne abusuafo ne afoforo ntam abusuabɔ pa mu mfaso horow.

Nanso, sɛnea yɛahu dedaw no, akwahosan pa a wowɔ no mma wunnya daa anigye ankasa. Dɛn na ebegye na woanya anigye kɛse?

Jonathan Freedman kaa saa asemmisa no ho asɛm kɔɔ akyiri wɔ nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm dedaw no mu. Ɔkaa nneɛma te sɛ “Ɔdɔ ne Ɔbarima ne Ɔbea Nna,” “Mmofra ne Mfe,” “Akatua ne Nhomasua,” “Kurow ne Ɔman” mpo ho asɛm. Ebia w’ani begye ho sɛ wubehu sɛ ohui sɛ nneɛma yi nya obi anigye so nkɛntɛnso ketewa bi. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔreka nnipa a na wɔwɔ honam fam nneɛma pii nanso wonni anigye ara ho asɛm no, ɔde baa awiei sɛ: “Nea ɛyɛ ahodwiriw kakra no, yɛahu sɛ ɛte sɛ nea akatua ne nhomasua nyɛ biribi titiriw wɔ anigye mu.”

Nea ɔkaa yi da nea Bible kyerɛwfo nyansafo bi, ɔsomafo Paulo kae no adi, ose: “Masua sɛ, tebea biara a mewɔ mu no, mɛma m’ani asɔ.” (Filipifo 4:11, King James Version) Kae, Yesu nsɛm yi nso: “Momma mo ani nna hɔ na monhwɛ mo ho yiye anibere biara ho, efisɛ sɛ onipa wɔ ade ma ɛboro so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no na ɛma ne nkwa.”​—Luka 12:15, New World Translation.

Nokwarem no, Ɔbenfo Freedman hui eyi: “Bere ne bere mu no, sɛ yɛhwɛ nsɛm a nnipa a wonni anigye a ɛte sɛ nea wɔwɔ biribiara no ka no a, yehu sɛ wɔka sɛ wɔn asetra nni atirimpɔw ne akwankyerɛ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Metwentwɛn me nan ase sɛ mɛka eyi ho asɛm pii, nanso ɛte sɛ nea honhom fam gyinapɛn horow ma obi nkate wɔ nokwasɛm ho yɛ papa, na sɛ onni bi a, ɛsɛe anaa eyi biribi foforo biara fi hɔ.”

Yehu nokware a nea ɔkae yi yɛ no ho adanse wɔ yɛn bere yi mu. Hwɛ wo ho hyia. So wunhu sɛ ɛkame ayɛ sɛ nnipa nyinaa​—ebinom wɔ nneɛma kakraa bi, ebinom a wɔwɔ pii​—hwehwɛ anigye nanso wonnya no kɛse? Ampa, ebinom apa abaw, na wɔde abasamtu tra ase komm, nanso pii de wɔn asetra hwehwɛ nneɛma nanso wɔn nsa nka ahe biara. Ebinom ware sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya anigye, bere a ade koro no ara nti wɔn afipamfo regyae aware no. Afoforo yere wɔn ho yɛ adwuma tra so, na afoforo gyae wɔn adwuma kodi akwamma tenten anaa ebia nea egye sika pii. Wɔn nyinaa hwehwɛ ade koro no ara a wɔn nsa ntumi nka no, akwahosan ne anigye a wobenya. So wonya? So woanya?

W’akwahosan, W’anigye

Nokwasɛm no ne sɛ wubetumi anya akwahosan ne anigye pii nnɛ. Ɔkwan bɛn so?

Nokwarem no, nyansa wom sɛ wobɛbɔ mmɔden ahwɛ w’akwahosan so wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so, te sɛ denam Bible afotu a etumi yɛ adwuma a wode bedi dwuma so. Ɛboa nso sɛ wubenya nneɛma ho adwene a ɛteɛ. Nea ɛka ho ne sɛ wubehu sɛ ɔyare betumi aba yɛn nipadua a ɛnyɛ pɛ no mu, nanso sɛ ɛba saa a, ɛremma yɛmmotow. Ebia eyi behia sɛ yɛbɔ mmɔden bio sɛ yebekura adwempa mu, bere a yɛde yɛn adwene si akwahosan pa wɔ wiase foforo a ɛbɛba no mu ho bɔhyɛ so no.

Nea ɛbɛyɛ na woahu sɛ wowɔ anigye bi a ɛfata nnɛ no, bisa wo ho saa nsɛm yi: 1. So mewɔ m’ankasa m’asetra so tumi titiriw? 2. So me ne afoforo a wɔatwa me ho ahyia wɔ asomdwoe? 3. Sɛ migyina Bible no so hwɛ nea matumi ayɛ wɔ m’asetra mu a, so m’ani gye ho? 4. So me ne m’abusua tumi som Onyankopɔn?

Ɛde kosi baabi no, wo na ɛsɛ sɛ wopaw. Ebia yɛn mu pii wɔ akwahosan, na yɛwɔ hokwan sɛ yɛbɛma yɛn ani agye nso. Nanso ɛsɛ sɛ yenya honhom fam nneɛma ho botae horow na afei yɛyere yɛn ho sɛ yebedu ho. Kae Yesu nsɛm yi: “Nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ.” (Mateo 6:21) Na yɛwɔ Bible mu nnyinasode a ɛbɛma yɛahwɛ akwahosan ne anigye kɛse kwan wɔ Mesia Ahenni no nniso a ɛyɛ pɛ no ase. Saa bere no wubenya akwahosan ne anigye a edi mũ.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nnipa a wɔwɔ anigye ani gye sɛ wɔbɛka akwahosan a edi mũ ho anidaso a wɔwɔ no ho asɛm akyerɛ afoforo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena