Ti 16
Dɛn na Ɛho Hia Ankasa?
DA BI, ɔbarima bi baa Yesu nkyɛn behuu no. Na onim sɛ Yesu nim nyansa yiye, enti obisaa no sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo, ka kyerɛ me nua ma ɔmma me ne nneɛma a ɔwɔ no bi.’ Ná ɔbarima no susuw sɛ ɛsɛ sɛ onya saa nneɛma no bi.
Sɛ wone Yesu a, dɛn na anka wobɛyɛ?— Yesu hui sɛ biribi haw ɔbarima no. Nanso na ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ohia ne nua no nneɛma no. Nea na ɛhaw ɔbarima no ne sɛ na onnim nea ehia ankasa wɔ asetra mu.
Ma yensusuw eyi ho nhwɛ. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn sen biara? So ɛyɛ buroniba a ɛyɛ fɛ, ntade foforo, anaa nneɛma bi a ɛtete saa a wubenya?— Dabi, biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen saa koraa. Na eyi ne asuade a na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ. Enti ɔkaa ɔbarima bi a ne werɛ fii Onyankopɔn ho asɛm. So wopɛ sɛ wote anaa?—
Ná ɔbarima yi yɛ ɔdefo paa. Ná ɔwɔ nsase ne adan a ɔde ne nnɔbae sie mu. Ne nnɔbae a oduae yɛɛ yiye paa. Wannya baabi a ɔde nnɔbae no nyinaa besie wɔ n’adan no mu. Enti dɛn na na ɔbɛyɛ? Wiɛ, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ: ‘Medwiriw m’adan a mede nnɔbae gu mu no agu na masi akɛse. Na afei mede me nnɔbae ne me nneɛma pa nyinaa asie adan foforo yi mu.’
Ɔdefo no susuwii sɛ eyi ne ade a nyansa wom sɛ ɔyɛ. Osusuwii sɛ nneɛma pii a ɔde besie no bɛkyerɛ sɛ n’ani atew yiye. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ: ‘Mewɔ nneɛma pa pii a mede asie. Medi no mfe pii. Enti afei ɛnsɛ sɛ mehaw me ho. Medidi, anom, na magye m’ani.’ Nanso na mfomso bi wɔ adwene a na ɔdefo no kura no ho. So wunim dekode?— Na ɔresusuw ne nkutoo ne anigye a obenya ho. Ne werɛ fii Onyankopɔn.
Enti Onyankopɔn kasa kyerɛɛ ɔdefo no. Ɔkae sɛ: ‘Ɔkwasea. Wubewu anadwo yi. Afei hena na ɔbɛfa nneɛma a wode asie no?’ Sɛ ɔdefo no wu a, so na obetumi de saa nneɛma no ayɛ biribi?— Dabi, obi foforo na ɔbɛfa. Yesu kae sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:13-21.
Wompɛ sɛ wobɛyɛ sɛ saa ɔdefo no, ɛnte saa?— Ná n’asetram atirimpɔw titiriw ne sɛ obenya honam fam nneɛma. Na ɛyɛ mfomso. Bere nyinaa na ɔhwehwɛ bi aka ho. Nanso na “ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam.”
Nnipa pii te sɛ saa ɔdefo no. Wɔhwehwɛ pii bere nyinaa. Nanso eyi betumi de nsɛnnennen aba. Sɛ nhwɛso no, ebia na wowɔ agode, ɛnte saa?— Agode a wowɔ no bi ne nea ɛwɔ he? Ka kyerɛ me.— Na sɛ wo nnamfo no mu bi wɔ bɔɔl anaa buroniba anaa agode foforo bi a wunni bi nso ɛ? So ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛma w’awofo atɔ bi ama wo?—
Mmere bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ sɛ nea agode bi ho hia paa. Nanso sɛ ɛkyɛ kakra a, ɛte dɛn?— Ɛyɛ dedaw. Ebia ebetutu, na w’ani rennye ho bio mpo. Nokwarem no, wowɔ biribi a ɛsom bo koraa sen agode ahorow. So wunim dekode?—
Ɛyɛ wo nkwa. Wo nkwa ho hia paa efisɛ sɛ enni hɔ a, wuntumi nyɛ hwee. Nanso wo nkwa gyina nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a wobɛyɛ so, ɛnte saa?— Enti mma yɛnnyɛ sɛ saa ɔdefo kwasea a ne werɛ fii Onyankopɔn no.
Ɛnyɛ mmofra nkutoo na ebia wɔbɛyɛ nneɛma a nyansa nnim te sɛ saa ɔdefo no. Mpanyimfo pii nso yɛ saa ara. Wɔn mu binom hwehwɛ sɛ wobenya pii aka nea wɔwɔ dedaw no ho bere nyinaa. Ebia na wɔwɔ aduan a wobedi, ntade a wɔbɛhyɛ ne baabi a wɔbɛtra mprempren. Nanso wɔpɛ pii aka ho. Wɔpɛ ntade pii. Na wɔpɛ afie akɛse. Saa nneɛma yi gye sika pii. Enti wɔyɛ adwuma denneennen na ama wɔanya sika pii. Na bere a wonya sika pii no, wɔkɔ so hwehwɛ pii ka ho.
Mpanyimfo binom ani bere hwehwɛ sika araa ma enti wonnya bere mma wɔn abusuafo. Na wonnya bere mma Onyankopɔn. So wɔn sika betumi ama wɔakɔ so atra ase?— Dabi, entumi. Sɛ wowu a, wobetumi adi wɔn sika no?— Dabi. Wontumi efisɛ awufo ntumi nyɛ hwee koraa.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.
So eyi kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ yebenya sika?— Dabi. Yebetumi de sika atɔ aduan ne ntade. Bible ka sɛ sika yɛ ahobammɔ. (Ɔsɛnkafo 7:12) Nanso sɛ yɛn ani bere sika a, ɛnde na asɛm wɔ hɔ retwɛn yɛn. Yɛbɛyɛ te sɛ ɔdefo kwasea a ɔhyehyɛɛ ademude fae, nanso na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no.
Ɔdefo a yɛbɛyɛ Onyankopɔn fam no kyerɛ dɛn?— Ɛkyerɛ sɛ yɛde Onyankopɔn bedi kan wɔ yɛn asetra mu. Nnipa binom ka sɛ wogye Onyankopɔn di. Wosusuw sɛ nea ehia ara ne sɛ wobegye no adi. Nanso so wɔyɛ adefo Onyankopɔn fam ankasa?— Dabi, wɔte sɛ ɔdefo a ne werɛ fii Onyankopɔn no.
Yesu werɛ amfi N’agya a ɔwɔ soro no da. Wammɔ mmɔden sɛ ɔbɛpɛ sika pii. Na na onni honam fam nneɛma pii. Ná Yesu nim nea ehia wɔ asetra mu ankasa. So wunim dekode?— Ɛne sɛ wobɛyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam.
Afei ka kyerɛ me, ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam?— Yebetumi ayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam denam nea ɛsɔ n’ani a yɛbɛyɛ so. Yesu kae sɛ: “Meyɛ nea ɛsɔ n’ani daa.” (Yohane 8:29) Sɛ yɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ a, n’ani gye. Afei kyerɛ me, nneɛma bɛn na wubetumi ayɛ na ama woasɔ Onyankopɔn ani?— Wubetumi akenkan Bible, akɔ Kristofo nhyiam ahorow, abɔ Onyankopɔn mpae, na woaboa afoforo ma wɔasua ne ho ade. Eyinom ne nneɛma a ɛho hia ankasa wɔ asetra mu.
Esiane sɛ na Yesu yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam nti, Yehowa hwɛɛ no so. Ɔmaa Yesu akatua a ɛne sɛ ɔbɛtra ase daa. Sɛ yɛyɛ sɛ Yesu a, Yehowa bɛdɔ yɛn nso na wahwɛ yɛn so. Enti ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yesu na yɛnyɛ sɛ saa ɔdefo a ne werɛ fii Onyankopɔn no.
Bible mu nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yenya honam fam nneɛma ho adwene a ɛkari pɛ ni: Mmebusɛm 23:4; 28:20; 1 Timoteo 6:6-10; ne Hebrifo 13:5.
[Mfonini wɔ kratafa 87]
Dɛn na na ɛhaw ɔbarima yi?
[Mfonini wɔ kratafa 88]
Dɛn na ɔdefo no redwennwen ho?
[Mfonini wɔ kratafa 89]
Dɛn na wowɔ a ɛho hia koraa sen agode?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 91]
Dɛn na abofra yi reyɛ a ɛho hia ankasa?