Adwene A Kristoni Kura Wɔ Atumfo A Wɔkorɔn No Ho
“Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase, na tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn; Onyankopɔn na ɔde atumfo a wɔwɔ hɔ no asisi wɔn nsɛso gyinabea no.”—ROMAFO 13:1, NEW WORLD TRANSLATION.
1, 2. (a) Dɛn nti na na Paulo yɛ ɔdeduani wɔ Roma? b) Nsemmisa bɛn na Paulo asɛm a ɔde kɔdan Kaesare no ma ɛsɔre?
ƆSOMAFO Paulo kyerɛw nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ no kɔmaa Romafo no bɛyɛ 56 Y.B. mu. Ɛno akyi mfe kakraa bi no, ɔkɔyɛɛ ɔdeduani wɔ Roma. Dɛn ntia? Ná nnipadɔm atow ahyɛ no so wɔ Yerusalem na na Romafo asraafo agye no. Bere a wɔde no kɔɔ Kaesarea no, wɔde atosɛm too ne so, nanso otumi yii ne ho ano wɔ Roma amrado Felike anim. ‘Felike a na ɔwɔ anidaso sɛ obenya adanmude no de no too afiase mfe abien. Awiei koraa no, Paulo bisaa Festo a na ɔne amrado foforo a ɔbae no sɛ wɔmfa n’asɛm no nkɔma Kaesare.—Asomafo no Nnwuma 21:27-32; 24:1-25:12.
2 Na eyi yɛ hokwan a ɔwɔ sɛ Roma ɔman ba. Nanso so na ɛfata sɛ Paulo de asɛm bedan saa otumfo a ɔkorɔn no bere a na Yesu aka Satan ho asɛm sɛ ɔne “wi yi ase sodifo” ankasa, na Paulo ankasa frɛɛ Satan sɛ “wi yi ase nyame” no? (Yohane 14:30; 2 Korintofo 4:4) So na Roma tumi no wɔ ‘nsɛso gyinabea’ bi a na ɛma ɛfata sɛ Paulo bɛhwɛ saa tumi no kwan sɛ ɔbɛbɔ hokwan ahorow a ɔwɔ no ho ban? Nokwarem no, so asomafo no nsɛm a na wɔadi kan aka, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa,” no kyerɛ sɛ ɛfata sɛ wɔbɛyɛ osetie ama nnipa sodifo bere biara a Onyankopɔn so asoɔden a wɔbɛyɛ nni asɛm no mu no?—Asomafo no Nnwuma 5:29.
3. Adwene a ɛda atɛmpa adi bɛn na Paulo ma ɛda adi, na eyi fa ahonim ho dɛn?
3 Paulo buaa nsemmisa yi wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu, faako a ɔma nnipa nniso ho adwene a ɛda atɛmpa adi pue no. Wɔ Romafo 13:1-7 no Paulo ma afã a ɛsɛ sɛ Kristoni ahonim nya wɔ osetie a ɔbɛyɛ ama Tumi Pumpuni, Yehowa Nyankopɔn, ne nsɛso osetie a ɔbɛyɛ ama “atumfo a wɔkorɔn” no a ɛbɛkari pɛ no mu da hɔ pefee.
Atumfo a Wɔkorɔn no a Yebehu Wɔn
4. Adwene a wokura mu nsakrae bɛn na Yehowa Adansefo yɛe wɔ 1962 mu, na nsemmisa bɛn na ɛde ba?
4 Mfe bi, ɛde besi 1962 mu no, Yehowa Adansefo faa no sɛ atumfo a wɔkorɔn no ne Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu. Nanso, nea ɛne Mmebusɛm 4:18 hyia no, hann no hyerɛnee kɛse, na wɔyɛɛ nsakrae wɔ saa adwene yi mu a ebetumi ama nsemmisa bi asɔre ebinom adwenem. So afei de ɛteɛ sɛ yɛbɛka sɛ saa atumfo yi ne ahene, aman mpanyin, asoafo mpanyin, kurow so mpanyin, atemmufo, ne afoforo a wodi wiase, amammui tumi wɔ wiase no mu ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma wɔn wɔ nsɛso kwan bi so?
5. Ɔkwan bɛn so na nea wɔka ho asɛm wɔ Romafo 13:1 no boa yɛn ma yehu atumfo a wɔkorɔn no, na ɔkwan bɛn so na Bible nkyerɛase ahorow foa nea wohui yi nsɛmmoa?
5 Irenaeus a na ɔyɛ afeha a ɛto so abien Y.B. mu ɔkyerɛwfo bi no kae sɛ sɛnea na ebinom kyerɛ wɔ ne bere so no, na Paulo reka “abɔfo tumi [anaasɛ] sodifo a aniwa nhu wɔn” ho asɛm wɔ Romafo 13:1. Nanso, Irenaeus ankasa buu atumfo a wɔkorɔn no sɛ “nnipa atumfo ankasa.” Nsɛm afoforo a ɛka Paulo nsɛm no ho no kyerɛ sɛ na Irenaeus de no teɛ. Wɔ Romafo ti 12 nkyekyem a edi akyiri no mu no Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn bra wɔ “nnipa nyinaa” anim, na wɔdɔ wɔn “atamfo mpo na wosusuw wɔn ho no mu. (Romafo 12:17-21) Ɛda adi pefee sɛ asɛm “nnipa nyinaa” no fa nnipa a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi no ho. Enti “atumfo a wɔkorɔn” a afei Paulo kɔ so ka wɔn ho asɛm no nso bɛyɛ wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no akyi. Nea ɛne eyi hyia no, hyɛ sɛnea nkyerɛase ahorow ka Romafo 13:1 no fã a edi kan no nsow: “Ɛsɛ sɛ obiara tie ɔman mu atumfo” (Today’s English Version); “ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase hyɛ atumfo a wodi tumi no ase” (New International Version); “ɛsɛ obiara sɛ otie ɔman atumfo.”—New Testament in Modern English a Phillips yɛe.
6. Ɔkwan bɛn so na Paulo nsɛm a ɛfa tow ne amanne tua ho no kyerɛ sɛ atumfo a wɔkorɔn no bɛyɛ wiase atumfo no?
6 Paulo kɔ so ka sɛ saa atumfo yi gyigye tow ne amanne. (Romafo 13:6, 7) Kristofo asafo no nnyigye tow anaa amanne; na Yehowa anaa Yesu anaa sodifo a aniwa nhu wɔn foforo biara nso nyɛ saa. (2 Korintofo 9:7) Wotua tow ma wiase atumfo nkutoo. Nea ɛne eyi hyia no, Hela nsɛmfua ma “tow” ne “amanne” a Paulo de dii dwuma wɔ Romafo 13:7 no fa sika a wotua ma ɔman no ho pɔtee.a
7, 8. Ɔkwan bɛn so na kyerɛwnsɛm ne adwenem a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo brɛ wɔn ho ase hyɛ wi yi ase amammui atumfo no ase no hyia (b) Bere bɛn nkutoo na ɛnsɛ sɛ Kristoni di ‘otumfo’ no ahyɛde ahorow so?
7 Bio nso, Paulo afotu a ɛne sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn ase no ne Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔmfa “Kaesare de mma Kaesare,” faako a “Kaesare” gyina hɔ ma wiase tumi no hyia. (Mateo 22:21) Afei nso ɛne Paulo nsɛm a ɔka kyerɛɛ Tito akyiri yi no hyia: “Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara adwuma pa.” (Tito 3:1) Enti, sɛ nniso horow hyɛ Kristofo sɛ wɔnkɔyɛ ɔman nnwuma a, ɛfata koraa sɛ wodi so, mpɛn dodow a saa nnwuma no nyɛ nea wɔregyae nneɛma mu asiesie de ahyɛ adeyɛ bi a ennyina Kyerɛwnsɛm so anaasɛ ɛto Kyerɛwnsɛm nnyinasosɛm ɔkwan bi so, te sɛ nea yehu wɔ Yesaia 2:4 no ananmu no.
8 Petro nso sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ wiase yi atumfo no ase bere a ɔkae sɛ: “Mommrɛ mo ho ase mma nnipa abɔde nyinaa, Awurade nti: ɔhene a ɔkorɔn oo, amradofo a ɔsoma wɔn nnebɔneyɛfo asotwe ne papayɛfo ayeyi ho oo.” (1 Petro 2:13, 14, NW) Nea ɛne eyi hyia no, Kristofo betie Paulo afotu a ɔde maa Timoteo no nso: “Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu fo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, mpaebɔ, odima ne aseda mma nnipa nyinaa, mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn.”b—1 Timoteo 2:1, 2.
9. Dɛn nti na wiase atumfo a wɔka sɛ ‘wɔkorɔn’ no mmrɛ Yehowa anuonyam ase?
9 Sɛ yɛfrɛ wiase atumfo sɛ “wɔkorɔn” a, so yɛbrɛ nidi a ɛsɛ Yehowa no ase ɔkwan bi so? Dabi, efisɛ Yehowa kyɛn so koraa sen sɛ ɔkorɔn ara kwa. Ɔne “Amansan Hene,” “Opumpuni no.” (Dwom 73:28; Daniel 7:18, 22, 25, 27, NW; Adiyisɛm 4:11; 6:10) Osetie a ɛfata a yɛbɛyɛ ama nnipa atumfo no mmrɛ ɔsom a yɛde ma Otumfo Pumpuni, Yehowa no ase ɔkwan biara so. Ɛnde, saa atumfo yi korɔn kodu he? Wɔde wɔn toto nnipa afoforo ne faako a wɔn ankasa dwumadi kodu no ho kɛkɛ. Ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wobedi so na wɔabɔ nnipa akuw horow ho ban, na eyi nti na wɔhyehyɛ mmara ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛkyerɛ ɔmanfo nsɛm kwan.
‘Onyankopɔn de Wɔn Asisi Wɔn Nsɛso Gyinabea’
10. (a) Nea Paulo kae sɛ ‘Onyankopɔn de atumfo a wɔkorɔn no asisi wɔn nsɛso gyinabea’ no da dɛn adi wɔ Yehowa ankasa tumi ho? (b) Dɛn na Yehowa ama kwan wɔ sodifo ahorow bi a wɔde wɔn ‘sisi hɔ’ no ho, na ɔkwan bɛn so na eyi sɔ ne nkoa hwɛ?
10 Wohu sɛnea Onyankopɔn yɛ opumpuni wɔ wiase atumfo no mpo so no wɔ eyi mu sɛ ‘Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn nsɛso gyinabea.’ Nanso, saa asɛm yi ma asemmisa bi sɔre. Paulo kyerɛw nsɛm yi akyi mfe bi no, Roma ɔhempɔn Nero de ɔtaa a emu yɛ den ɔsatu baa Kristofo so. So Onyankopɔn ankasa na ɔde Nero sii ne gyinabea no? Ɛnte saa koraa! Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔpaw sodifo ankorankoro na ɔde wɔn sisi wɔn gyinabea ‘denam Nyankopɔn dom so.’ Mmom no, ɛtɔ da bi a, Satan fa ɔkwan bi so ma nnipa abɔnefo binom di tumi, na Yehowa ma eyi ne sɔhwɛ ahorow a atumfo a wɔte sɛɛ no de ba ne nkoa a wokura wɔn mudi mu no so no ho kwan.—Fa toto Hiob 2:2-10 ho.
11, 12. Nsɛm bɛn na ɛho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ a emu no Yehowa ankasa de wiase atumfo sisii hɔ anaasɛ oyii wɔn fii hɔ?
11 Nanso, Yehowa ankasa de ne ho agye sodifo anaa nniso binom nsɛm mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi n’atirimpɔw a ɛkorɔn no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, Abraham bere so no, ɔmaa Kaananfo kwan ma wɔkɔɔ so traa Kaanan asase no so. Nanso, akyiri yi, Yehowa tuu wɔn na ɔde asase no maa Abraham asefo. Israelfo no bere tiaa mu sare so tra mu no, Yehowa amma wɔantwiw amfa Ammon, Moab, ne Seir bepɔw so. Nanso ɔhyɛɛ wɔn ma wɔsɛe Sihon ne Og ahenni horow no.—Genesis 15:18-21; 24:37; Exodus 34:11; Deuteronomium 2:4, 5, 9, 19, 24; 3:1, 2.
12 Israelfo kɔtraa Kaanan akyi no, Yehowa kɔɔ so maa n’ani kɔɔ tumi horow a ɛka ne nkurɔfo no so tee. Ɛtɔ mmere bi a Israel yɛɛ bɔne no, Yehowa maa kwan ma wɔbɛhyɛɛ abosonsomfo tumi ase. Bere a wɔsakraa wɔn adwene no, oyii saa tumi no fii asase no so. (Atemmufo 2:11-23) Awiei koraa no, ɔmaa Yuda ne aman foforo pii bɛhyɛɛ Babilon tumidi ase. (Yesaia 14:28-19:17; 23:1-12; 39:5-7) Israel kɔɔ nnomumfa mu wɔ Babilon no akyi no, Yehowa kaa wiase tumi horow a ɛbɛka ne nkurɔfo fi Babilon bere so besi yɛn da yi mu no sɔre ne wɔn asehwe ho asɛm siei.—Daniel, atiri 2, 7, 8, ne 11.
13. Sɛnɛa Mose dwom no kyerɛ no, dɛn nti na Yehowa hyɛɛ ahye maa nkurɔfo? (b) Dɛn nti na akyiri yi, Onyankopɔn san de Israel kɔɔ wɔn asase so?
13 Mose too Yehowa ho dwom sɛ: “Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaapaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahye totoo hɔ sɛ Israelfo ano si. Na [Yehowa] kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapade a wɔasusuw ama no.” (Deuteronomium 32:8, 9; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:26 ho.) Yiw, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn adi n’atirimpɔw ho dwuma no, ɔkyerɛɛ tumi ahorow a ɛbɛkɔ so atra hɔ ne nea wɔbɛsɛe no. Saa kwan yi so no, ɔmaa Abraham asefo asase ma wodii so na akyiri yi ɔsan de wɔn kɔtraa saa asase no so, sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa no, Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no betumi apue afi hɔ, sɛnea wɔahyɛ ho nkɔm no.—Daniel 9:25, 26; Mika 5:2.
14. Ntease bɛn mu na Yehowa taa de nnipa atumfo sisi wɔn nsɛso gyinabea?
14 Nanso, mpɛn pii no, Yehowa taa de atumfo sisi wɔn nsɛso gyinabea wɔ ntease a ɛne sɛ ɔma kwan ma wɔfa tumi gyinabea a ɛne wɔn ho wɔn ho di nsɛ nanso bere nyinaa ɛba fam sɛn n’ankasa de no mu. Enti, bere a na Yesu gyina Pontio Pilato anim no, ɔka kyerɛɛ saa sodifo no sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfi soro a, anka wunni me so tumi biara.” (Yohane 19:11) Ná eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔde Pilato sii ne dibea no so, na mmom na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn maa no nkwa-ne-owu tumi a na ɔwɔ wɔ Yesu so no ho kwan ara kwa.
“Wi Yi Ase Nyame”
15. Ɔkwan bɛn so na Satan di tumi wɔ wi yi ase yi mu?
15 Ɛnde, Bible asɛm a ɛne sɛ Satan ne wi yi ase nyame, anaa sodifo no nso ɛ? (Yohane 12:31; 2 Korintofo 4:4) Nokwarem no, dɛn na Satan ho a ɔhoahoa kyerɛɛ Yesu bere a ɔde wiase ahenni nyinaa kyerɛɛ Yesu na ɔkae sɛ: “Tumi yi nyinaa . . . wɔde ahyɛ me nsa, na obiara a mepɛ no, mede mema no” no kyerɛ? (Luka 4:6) Yesu annye Satan ahohoahoa no ho kyim. Na Satan nsɛm no ne nea Paulo kyerɛwee akyiri yi kɔmaa Efesofo no hyia: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12) Bio nso, Adiyisɛm nhoma no yɛ Satan ho mfonini sɛ ɔtweaseɛ kɛse a ɔde “ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse” maa wiase amammui nhyehyɛe honi a ɛte sɛ aboa no.—Adiyisɛm 13:2.
16. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Satan tumi no wɔ anohyeto? (b) Dɛn nti na Yehowa ma Satan kwan ma onya tumi wɔ adesamma mu?
16 Nanso, hyɛ no nsow sɛ Satan asɛm a ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Tumi yi nyinaa . . . wɔde ahyɛ me nsa” no kyerɛ sɛ ɔno nso hokwan na wɔama no nti na odi tumi. Dɛn nti na Onyankopɔn ma saa kwan no? Satan adwuma sɛ wiase sodifo no fii ase wɔ Eden tɔnn bere a ɔtotoo Onyankopɔn ano baguam sɛ odi atoro na odi N’amansan tumi no ɔkwan a ɛnteɛ so no. (Genesis 3:1-6) Adam ne Hawa dii Satan akyi na wɔyɛɛ Yehowa Nyankopɔn so asoɔden. Saa bere no na Yehowa betumi agyina atɛntrenee a ɛyɛ pɛ so akum Satan ne n’akyidifo afoforo baanu no. (Genesis 2:16, 17) Nanso na Satan nsɛm no yɛ mpoa a otwa Yehowa ankasa. Enti Onyankopɔn fi nyansa mu maa Satan kwan sɛ ɔntra ase kakra, ma enti ɔmaa Adam ne Hawa kwan ma wɔwoo mma pii ansa na wɔrewu. Saa kwan yi so no, Yehowa maa bere ne hokwan a ɛbɛmaa atoro a na Satan mpoatwa no yɛ no daa adi.—Genesis 3:15-19.
17, 18. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Satan yɛ wi yi ase nyame? (b) Ɔkwan bɛn so na “tumi biara” nni wi yi ase “gye nea ɛfi Nyankopɔn”?
17 Nsɛm a asisi fi Eden no akyerɛ sɛ na Satan anototo ahorow no yɛ atoro ankasa. Adam asefo nnyaa anigye wɔ Satan nniso anaa onipa nniso ase. (Ɔsɛnkafo 8:9) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo di nsɛm no ada sɛnea ɔsoro nniso korɔn no adi. (Yesaia 33:22) Nanso, esiane sɛ Adam asefo mu dodow no ara nnye Yehowa tumidi no ntom nti, wɔsom Satan sɛ wɔn nyame, sɛ wonim anaasɛ wonnim no.—Dwom 14:1; 1 Yohane 5:19.
18 Ɛrenkyɛ, wobehu nsɛmpɔw a ɛsɔree wɔ Eden no ano. Onyankopɔn ahenni bedi adesamma nsɛm nyinaa so koraa, na wɔde Satan bɛto bun mu. (Yesaia 11:1-5; Adiyisɛm 20:1-6) Nanso, ansa na ɛno bɛba no, ɛho abehia sɛ adesamma nya nhyehyɛe, anaa nniso bi na ama wɔatumi atra ase wɔ asomdwoe mu. Yehowa nyɛ “sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe [Nyankopɔn].” (1 Korintofo 14:33) Enti, wama tumidi nhyehyɛe horow kwan ma aba wɔ nnipa akuw a ɛbae wɔ Eden akyi no mu, na wama nnipa kwan ma wɔadi tumi wɔ saa nhyehyɛe yi mu. Enti, “tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn.
Atumfo a Wɔwɔ Adwempa
19. So onipa sodifo biara hyɛ Satan akwankyerɛ ase tee?
19 Efi Eden no Satan anya ahofadi kɛse wɔ nnipa mu, na ɔde saa ahofadi yi adi dwuma de akyerɛ nsɛm a esisi asase so no kwan, na ama ɛne sɛnea ɔhoahoaa ne ho kyerɛɛ Yesu no ahyia. (Hiob 1:7; Mateo 4:1-10) Nanso, eyi nkyerɛ sɛ sodifo biara a ɔwɔ wi yi ase brɛ ne ho ase hyɛ Satan ase tee. Ebinom—te sɛ Nero wɔ afeha a ɛdi kan no mu ne Adolf Hitler wɔ yɛn bere yi mu—ada Satan honhom ankasa adi. Nanso afoforo nyɛɛ saa. Ná Sergio Paulo a na ɔyɛ Kipro amrado no “yɛ ɔbadwemma” a na “Ɔpɛ Onyankopɔn asɛm atie.” (Asomafo no Nnwuma 13:7) Galio a na ɔyɛ Akaia amrado no powee sɛ ɔbɛma Yudafo a wɔtoto Paulo ano no ahyɛ no. (Asomafo no Nnwuma 18:12-17) Sodifo afoforo pii fi ahonim mu adi tumi ɔkwan a nidi wom so.—Fa toto Romafo 2:15 ho.
20, 21. Afeha a ɛtɔ so 20 yi mu nsɛm a asisi bɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa sodifo nyɛɛ Satan apɛde bere nyinaa?
20 Adiyisɛm nhoma no ka siei sɛ “Awurade da” a efi ase 1914 mu no mu no, Yehowa mpo bɛkyerɛ nnipa atumfo kwan ma wɔde abɔ Satan atirimpɔw ahorow agu. Adiyisɛm ka ɔtaa asubɔnten a Satan puw gu Kristofo a wɔasra wɔn no so a “asase” bɛmene ho asɛm. (Adiyisɛm 1:10; 12:16) “Asase” no so nneɛma bi a ɛne adesamma abusua a wɔte asase so mprempren no bɛbɔ Yehowa nkurɔfo ho ban afi Satan ɔtaa ho.
21 So eyi aba ankasa? Yiw. Sɛ nhwɛso no wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ United States no wɔ nhyɛso kɛse ase, nnipadɔm sɔre hyɛɛ wɔn na na wɔtaa kyere wɔn ɔkwan a ɛnteɛ so. Wonyaa ahotɔ bere a United States Asennibea Kunini no buaa nsɛm pii de kyerɛɛ sɛ wɔn adwuma no yɛ mmara kwan so de no. Wɔ mmeae afoforo nso no, atumfo no aboa Onyankopɔn nkurɔfo. Bɛyɛ mfe 40 ni wɔ Ireland no, Roman Katolekfo dɔm bi tow hyɛɛ Adansefo baanu bi so wɔ Cork kurow mu. Ɛhɔ polisini bi bɛboaa Adansefo no, na asennibea bi twee ntuafo no aso. Afe a etwaam yi ara wɔ Fiji no, obi kae wɔ ahemfo akɛse nhyiam bi ase sɛ wɔmmara Yehowa Adansefo dwumadi. Ɔhene biako kasae akokoduru so maa Adansefo no, na wɔbɔɔ nsusuwii no gui.
22. Nsemmisa bɛn na edi hɔ a yebesusuw ho?
22 Dabi, wiase atumfo nyɛ nea Satan pɛ bere nyinaa. Kristofo betumi abrɛ wɔn ho ase ahyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase a wɔremmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Satan ankasa ase. Ampa, wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ atumfo yi ase, mpɛn dodow a Onyankopɔn ma atumfo no kwan ma wɔtra hɔ no. Nanso, dɛn na saa ahobrɛase no kyerɛ? Dɛn na Kristofo nso betumi ahwɛ kwan afi atumfo a wɔkorɔn no nkyɛn? Yebesusuw nsemmisa yi ho wɔ adesua nsɛm a efi ase wɔ nsɛmma nhoma yi nkratafa 18 ne 23 no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ nhwɛso no, hwɛ sɛnea wɔde asɛmfua “tow” (phoʹros) no di dwuma wɔ Luka 20:22 no. Afei nso hwɛ sɛnea wɔde Hela asɛmfua teʹlos a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ “amanne” no di dwuma wɔ Mateo 17:25, faako a wɔkyerɛ ase sɛ “asɛde” wɔ NW mu no.
b Hela edin a wɔkyerɛ ase ‘di tumi,’ hy·pe·ro·kheʹ, no ne adeyɛsɛm hy·pe·reʹkho no wɔ abusuabɔ. Asɛmfua “korɔn” a ɛwɔ “atumfo a wɔkorɔn” no mu no fi Hela adeyɛsɛm koro no ara mu, a ɛno de bi ka adanse a ɛne sɛ atumfo a wɔkorɔn no ne wiase atumfo no ho. Sɛnea wɔkyerɛ Romafo 13:1 ase wɔ The New English Bible no mu, “Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase hyɛ atumfo apumpuni ase” no nteɛ. Nnipa “a wodi tumi” no nyɛ apumpuni, ɛwom sɛ ebia wɔkorɔn sen nnipa afoforo de.
Wubebua Dɛn?
◻ Henanom ne atumfo a wɔkorɔn no?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ “tumi biara nni hɔ gye nea efi Nyankopɔn”?
◻ Dɛn nti na Yehowa ma kwan ma wiase no hyɛ Satan tumi ase?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de nnipa atumfo sisi “wɔn nsɛso gyinabea”?
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Rome hyewee akyi no, Nero daa Satan honhom adi ankasa
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Sergio Paulo a na ɔyɛ Kipro amrado no pɛe sɛ otie Onyankopɔn asɛm