Odii Mesia no Anim
NA ABOA nhoma abomu kɛse bi abea ne honam a owia ama ani abiri no mu. Nokwarem no, sɛ ɔhyɛ yoma nhwi atade a, na ɔsɛ odiyifo. Nnipa pii kɔɔ ne nkyɛn wɔ asubɔnten Yordan ho. Ɛhɔ na ɔbarima a ne ho yɛ nwonwa yi kaa no akokoduru so sɛ wayɛ ahoboa sɛ ɔbɛbɔ abɔnefo a wɔasakra no asu.
Nkurɔfo ho dwiriw wɔn! Hena ne saa ɔbarima yi? Ná n’atirimpɔw ne dɛn?
Yesu Kristo kaa ɔbarima yi ho asɛm sɛ: “Adɛn nti na mufii adi? Mokɔhwɛɛ odiyifo anaa? Yiw, mise mo sɛ, ɔsen odiyifo mpo. . . . Wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsen Yohane suboni.” (Mateo 11:9-11) Dɛn nti na na Yohane yɛ onipa a ɔda nsow saa? Efisɛ ɔno na odii Mesia no anim.
Wɔkaa Ne Dwumadi Ho Asɛm Siei
Bɛboro mfe 700 ansa na wɔrewo Yohane no, Yehowa bɔɔ amanneɛ sɛ saa onipa yi bɛteɛm wɔ sare so sɛ: “Mommɔ [Yehowa] kwan, ɛsare so, monteɛ anhwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn.” (Yesaia 40:3; Mateo 3:3) Bɛboro mfe 400 ansa na wɔrewo Yohane no, Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn kae sɛ: “Hwɛ, meresoma odiyifo Elia mabrɛ mo, ansa na [Yehowa] da kɛse a ɛyɛ hu no aba.” (Malaki 4:5) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔwoo Yohane Suboni bɛyɛ asram asia ansa na wɔrewo Yesu no nyɛ biribi a esii ara kwa, saa ara na ɛnnam awo tumi so kɛkɛ na esii. Te sɛ abofra Isak a wɔhyɛɛ ne ho bɔ awo no, na Yohane awo no yɛ anwonwade, efisɛ na n’awofo baanu no nyinaa, Sakaria ne Elisabet, awo atwam.—Luka 1:18.
Ansa na wɔrenyinsɛn Yohane mpo no, ɔbɔfo Gabriel kaa nea ɔbɛyɛ, n’adwuma, ne n’asetra ho asɛm. Ná Yohane de Elia ahoɔden ne honhom bɛdan asoɔdenfo afi owu kwan so, na wasiesie wɔn ma wɔagye Yesu atom sɛ Mesia no. Ná ɛsɛ sɛ Yohane yɛ Ɔhotuafo a ɔde ne ho nyinaa ama Nyankopɔn fi awo mu, na na ɛnsɛ sɛ ɔnom bobesa anaa nsa a ano yɛ den biara. Nokwarem no, na n’aduan a obedi wɔ asase kesee so ne “mmoadabi ne wuram wo.” (Marko 1:6; Numeri 6:2, 3; Luka 1:13-17) Te sɛ Samuel no, wɔhyɛɛ da yii Yohane sii hɔ maa Ɔsorosoroni Nyankopɔn no som adwuma fi mmofra bere mu.—1 Samuel 1:11, 24-28.
Onyankopɔn na ɔpaw edin Yohane no mpo. Hebri din a wɔkyerɛɛ ase “Yohane” no kyerɛ “Yehowa Ayi Ɔdom Adi Akyerɛ; Yehowa Ayɛ Ɔdomfo.”
Bere a wotwaa abofra no twetia ne nnawɔtwe so no, Onyankopɔn de honhom kronkron kaa n’agya Sakaria ma ɔkae sɛ: “Na wo, abofraa yi, wɔbɛfrɛ wo ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi [Yehowa] anim akosiesie n’akwan, na wode nkwagye ho nimdeɛ ama ne man, wɔn bɔne fafiri a efi yɛn Nyankopɔn mmɔborohunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyee a efi soro abepue yɛn so.” (Luka 1:76-78) Ná ɛsɛ sɛ Yohane baguam ɔsom adwuma no yɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu. Sɛ wɔde toto ho a, na nneɛma afoforo a aka nyinaa ho nhia ahe biara. Enti, Kyerɛwnsɛm no ka Yohane asetram mfe 30 a edi kan no ho asɛm wɔ nkyekyem biako mu sɛ: “Na abofraa no nyinii, na onyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtraa sare so de koduu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.”—Luka 1:80.
Ɛnne a Ɛteɛm Sare So
Wɔ Kaesare Tiberio ahenni afe a ɛto so 15 so, bere a Pontio Pilato di Yudea amrado no, Yohane Suboni kaa asɛm a ɛyɛ nwonwa yi wɔ sare so sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 3:2; Marko 1:4; Luka 3:1, 2) Ɛkanyan ɔmantam no mu nnipa nyinaa. Saa asɛm a ɔkaa no akokoduru so no kaa nnipa a wɔhwehwɛ nokware anidaso no koma. Yohane asɛnka no sɔɔ nnipa ahobrɛase hwɛe nso, efisɛ na ɛhwehwɛ koma mu adwensakra. Ne nokwaredi ne gyidi no kaa nnipa komapafo pii ma wobuu no sɛ ɔbarima a Onyankopɔn asoma no.
Yohane din hyetae ntɛmntɛm. Sɛ́ Yehowa diyifo no, wɔde n’atade ne n’ahofama huu no ntɛm. (Marko 1:6) Asɔfo ne Lewifo mpo fi Yerusalem bɛhwɛɛ dekode a na ɛrekanyan anigye yi nyinaa. Yɛnsakra yɛn adwene? Dɛn ntia, na yɛnsakra wɔ dɛn ho? Hena ne ɔbarima yi? Ná wɔrepɛ ahu. Yohane kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛnyɛ mene Kristo no. Na wobisaa no sɛ: Ɛnde na hena ne wo? Wone Elia? Na ose: Ɛnyɛ mene no. Wone odiyifo no? Na obuae sɛ: Dabi. Ɛnna wosee no sɛ: Ɛhena ne wo? na yennya bi nkobua wɔn a wɔsomaa yɛn no; woka wo ho asɛm bɛn? Ose: mene ɛnne a ɛteɛm sare so sɛ: Monteɛ [Yehowa] kwan! sɛnea odiyifo Yesaia kae no. Nso na wɔn a wɔsomaa wɔn no fi Farisifo mu. Na wobisaa no: Sɛ wonyɛ Kristo no anaa Elia anaa odiyifo no a, ɛnde adɛn nti na wobɔ asu yi?”—Yohane 1:20-25.
Ná adwensakra ne asubɔ ho hia ma wɔn a wɔbɛkɔ Ahenni no mu no. Enti, Yohane buae sɛ: ‘Me de, mede nsu mebɔ abɔnefo a wɔasakra asu; nanso m’akyi no, obi a ɔyɛ den sen me de honhom kronkron ne ogya bɛbɔ mo asu. Na mensɛ mpo sɛ mesan ne mpaboa hama. Na hwɛ! Okura ne nhuwso apaawa ne nsam, na ɔbɛboaboa awi no ano agu ne san so, na ntɛtɛwa no de, ɔde gya bɛhyew.’ (Luka 3:15-17; Asomafo no Nnwuma 1:5) Nokwarem no, na wobehwie honhom kronkron no agu Mesia no akyidifo so, nanso na wɔde ogya bɛhyew n’atamfo.
Ɔbɔɔ “Nnipa Nyinaa” Kɔkɔ
Yohane nsɛm no kaa Yudafo komapafo pii ma wɔkaa wɔn bɔne a ɛne Mmara apam no so a wɔanni no kyerɛe wɔ baguam. Wɔdaa wɔn adwensakra adi wɔ baguam denam Yohane a wɔma ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu no so. (Mateo 3:5, 6) Enti, na wɔwɔ koma pa a wɔde begye Mesia no atom. Bere a Yohane kum Onyankopɔn trenee ahwehwɛde ho nimdeɛ sukɔm a ɛde wɔn no, ɔde anigye kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ n’akyidifo, na ɔkyerɛɛ wɔn mpaebɔ mpo.—Luka 11:1.
Ɛdefa saa ɔbarima yi a odii Mesia no anim ho no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɔno na ɔbaa adansedi sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa nyinaa nam no so agye adi.” (Yohane 1:7) Enti, nnipa ahorow nyinaa betiee Yohane Suboni bere a ɔkaa “adwensakra asubɔ kyerɛɛ Israel man no nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 13:24) Ɔbɔɔ towgyefo kɔkɔ amimdi ho. Ɔbɔɔ asraafo kɔkɔ wɔ apoobɔ ne ntwatoso ho. Na ɔka kyerɛɛ Farisifo ne Sadukifo nyamesomfo nyaatwomfo a wɔayɛ wɔn ho akronkronfo no sɛ: “Nhurutoa mma! Hena na ɔkyerɛɛ mo sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho? Ɛnde monsow aba a ɛfata adwensakra. Na munnsusuw nnse mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mereka makyerɛ mo sɛ: Onyankopɔn betumi anyan mma afi abo yi mu ama Abraham.”—Mateo 3:7-9; Luka 3:7-14.
Sɛ́ kuw no, Yohane bere so nyamesom akannifo no annye no anni, na wɔbɔɔ no atoro sobo sɛ ɔwɔ ahonhommɔne. Wɔpowee trenee kwan a ɛkɔ daa nkwa mu no. Wɔ ɔkwan foforo so no, towgyefo abɔnefo ne nguaman gyee Yohane adanse no dii na ɔbɔɔ wɔn asu. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, wogyee Yesu Kristo toom sɛ Mesia no.—Mateo 21:25-32; Luka 7:31-33.
Ɔda Mesia no Adi
Onyankopɔn dansefo nokwafo Yohane de asram asia—efi 29 Y.B. fefɛw bere mu kosi n’awiei—twee Yudafo no adwene kɔɔ Mesia no ba so. Ná bere adu sɛ Mesia Ɔhene no da ne ho adi. Nanso, bere a ɔyɛɛ saa no, ɔkɔɔ Yordan asubɔnten koro no ara ho sɛ wɔmmɔ no asu. Mfiase no na Yohane mpɛ sɛ ɔyɛ, nanso akyiri yi ɔyɛe. Susuw anigye ara a onyae bere a honhom kronkron fii soro baa Yesu so na ɔtee Yehowa nne a ɛreka sɛ Ne Ba no sɔ n’ani no ho.—Mateo 3:13-17; Marko 1:9-11.
Yohane ne obi a odii kan huu Yesu sɛ Mesia no, na ɔde n’ankasa asuafo kyerɛɛ Nea Wɔasra No yi. Yohane kae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no ni.” Ɔsan kae sɛ: “Oyi ne nea mekae wɔ ne ho sɛ: Ɔbarima bi di m’akyi reba a wadi me kan, na ɔwɔ hɔ ansa na mereba. Na me de, anka minnim no; na sɛ wobeyi no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsu mu.”—Yohane 1:29-37.
Yohane kɔɔ so yɛɛ adwuma a na ɛte sɛ Yesu som adwuma no bɛyɛ asram asia. Wɔn mu biara tee adwuma a na ne yɔnko reyɛ no ase. Yohane buu ne ho sɛ Ayeforokunu no adamfo na n’ani gyei sɛ ohui sɛ Kristo renya nkɔanim bere a ɔne n’adwuma rekɔ fam no.—Yohane 3:22-30.
Yesu daa Yohane adi sɛ obi a odii n’anim, a Elia yɛ ne ho mfonini. (Mateo 11:12-15; 17:12) Bere bi, Yesu kae sɛ: “Mmara ne adiyifo no besii Yohane so; efi ɛno so no, wɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa, na obiara nam abran so kɔ mu.”—Luka 16:16.
Odii Nokware Kosii Owu Mu
Esiane akokoduru a Yohane de kaa nokware no ho asɛm nti, wɔkyeree no too afiase. Wampow n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛda Ɔhene Herode mpo bɔne adi no. Ná saa ɔhene no afa n’ankasa nua yere Herodia de resɛe aware de ato Onyankopɔn mmara. Yohane kaa ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene no bɛsakra na wanya Onyankopɔn anim dom.
Gyidi ne ɔdɔ ho nhwɛso a Yohane yɛe bɛn ara ni! Ɛdenam n’ahofadi a ɔde bɔɔ afɔre so no, odii Yehowa Nyankopɔn nokware na ɔdɔɔ ne yɔnko nnipa. Bere a Yohane daa afiase afe biako akyi no, wotwaa ne ti esiane Herodia tirimɔdenfo a Ɔbonsam maa no nyaa ne ho “menaasepɔw” no pɔ bɔne a ɔbɔe no nti. (Marko 6:16-19; Mateo 14:3-12) Nanso ɔbarima a odii Mesia no anim no kuraa ne mudi mu maa Yehowa, na ɛnkyɛ wobenyan no afi awufo mu abenya asetra mu anigye wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu.—Yohane 5:28, 29; 2 Petro 3:13.