Yesu Yɛ Onyankopɔn Anaa?
NNIPA pii te nka sɛ “nkyerɛkyerɛ a edi akoten paa wɔ Kristosom mu” ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no. Wɔkyerɛkyerɛ sɛ Agya ne Ɔba ne honhom kronkron no yɛ Onyame baasakoro. Ɔsɔfopɔn John O’Connor kaa Baasakoro no ho asɛm sɛ: “Yenim sɛ ɛyɛ ahintasɛm a emu dɔ paa, na asete yɛ den.” Baasakoro nkyerɛkyerɛ no, adɛn nti na ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wɔbɛte ase?
Nhoma a wɔato din The Illustrated Bible Dictionary kyerɛ ade baako nti a ɛte saa. Nhoma no kaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a yebetumi aka sɛ ne nnyinaso wɔ Bible mu.” Esiane sɛ Baasakoro nyɛ “Bible nkyerɛkyerɛ” nti, wɔn a wogye Baasakoro di no reyɛ biara sɛ wobenya Bible mu nsɛm bi de wɔn nkyerɛkyerɛ no agyina so, na ɛtɔ da mpo a, wokyinkyim kyerɛwnsɛm bi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ no behyia.
Ɛfoa Baasakoro So Anaa?
Bible mu asɛm baako a wɔtaa kyea no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne Baasakoro behyia ne Yohane 1:1. Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe mu no, saa kyerɛwsɛm no kenkan sɛ: “Mfiase no na Asɛm no wɔ hɔ, na Asɛm no ne Nyankopɔn [Greek, ton the·onʹ] na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ Onyankopɔn [the·osʹ].” Wohwɛ saa nkyekyɛm yi a, Greek asɛmfua the·osʹ (a etumi kyerɛ onyame anaa Onyankopɔn) no, wɔakyerɛw no ahorow mmienu. Nea edi kan no, asɛmfua ton (a ne Twi ne “no”) di anim. Ton yɛ Greek adekyerɛsɛm anaa asɛmfua a wɔde sɔ asɛm bi so ma yehu sɛ ɛfa obi pɔtee ho. Enti ɛha yi, the·onʹ a wɔde dii dwuma no fa ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ho. Nea ɛto so mmienu a wɔyɛɛ no the·osʹ no de, na adekyerɛsɛm biara nni anim. Mfomso bi na ɛbae ma woyii adekyerɛsɛm no fii mu anaa?
Baasakoro nkyerɛkyerɛ no, adɛn nti na ɛyɛ den ma nkurɔfo sɛ wɔbɛte ase?
Yohane Asɛmpa no, Greek kasa a nnipa dodow no ara ka a wɔfrɛ no Koine na wɔde kyerɛwee. Sɛnea wɔde adekyerɛsɛm no yɛ adwuma wɔ saa kasa no mu no, mmara da ho. Bible ho ɔbenfo A. T. Robertson kaa sɛ, sɛ wɔde biribi retoto biribi foforo ho wɔ ɔkasamu baako mu “na sɛ mmienu no biara wɔ adekyerɛsɛm a, na ɛkyerɛ sɛ nneɛma mmienu no nyinaa yɛ pɛ a nsonsonoe biara nnim, na wubetumi de ebiara agyina hɔ ama ne yɔnko.” Robertson de Mateo 13:38 yɛɛ ho nhwɛso. Ɛhɔ kenkan sɛ: “Afuw no [Greek, ho a·grosʹ] ne wiase [Greek, ho koʹsmos].” Kasa mmara no ma yɛte ase sɛ wodan no sɛ wiase no ne afuw no nso a, ɛno ara ne no.
Na sɛ ɛkɔba sɛ ade titiriw a wɔde retoto biribi foforo ho no wɔ adekyerɛsɛm, nanso nea wɔde retoto ho no nni bi nso ɛ? Ebi wɔ Yohane 1:1. Ɔbenfo James Allen Hewett de saa kyerɛwsɛm no yɛɛ nhwɛso sii so dua sɛ: “Sɛnea wɔaka asɛm no wɔ hɔ no kyerɛ sɛ ade titiriw a wɔde retoto biribi foforo ho ne nea wɔde retoto ho no nyɛ pɛ, na ɛnyɛ ade koro ɔkwan biara so.”
Bere a Hewett rekyerɛ n’asɛm no mu no, ɔde 1 Yohane 1:5 yɛɛ nhwɛso. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn yɛ hann.” Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “Onyankopɔn” no ne ho the·osʹ, enti adekyerɛsɛm di anim. Nanso asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “hann” no ne phos, na ɛno de adekyerɛsɛm biara nni anim. Hewett kyerɛɛ asɛm no mu sɛ: “Bere biara a . . . yɛbɛka Onyankopɔn ho asɛm no, yebetumi de no atoto hann ho; nanso yɛrentumi nka no bere nyinaa sɛ hann yɛ Onyankopɔn.” Ɛho nhwɛso foforo wɔ Yohane 4:24, na ɛhɔ ka sɛ “Onyankopɔn yɛ Honhom.” Baako nso wɔ 1 Yohane 4:16; ɛhɔ se “Onyankopɔn ne dɔ.” Kyerɛwnsɛm mmienu yi nyinaa mu no, ade titiriw a wɔde retoto biribi foforo ho no wɔ adekyerɛsɛm, nanso nea wɔde retoto ho no, “Honhom” ne ‘ɔdɔ’ de, enni bi. Enti yɛrentumi mfa ade titiriw a wɔde retoto biribi foforo ho no anaa nea wɔde retoto ho no biara nsi ne yɔnko ananmu. Kyerɛwnsɛm mmienu no nkyerɛ sɛ “Honhom yɛ Onyankopɔn” anaa “ɔdɔ yɛ Onyankopɔn.”
Ɛrekyerɛ Yɛn Onii Ko a “Asɛm No” Yɛ Anaa?
Greek kasa mu abenfo ne wɔn a wɔkyerɛ Bible ase bebree gye tom sɛ Yohane 1:1 no rekyerɛ sɛnea “Asɛm no” te, na ɛnyɛ onii ko a ɔyɛ. Bible asekyerɛfo William Barclay ka sɛ: “Esiane sɛ [ɔsomafo Yohane] amfa adekyerɛsɛm biara anhyɛ theos anim nti, ɛkyerɛ sɛnea ne su te . . . Ɛha yi, ɛnyɛ nea Yohane reka ne sɛ Asɛm no ara ne Onyankopɔn. Yebetwa no tiawa a, wanka sɛ Yesu ne Onyankopɔn.” Ɔbenfo Jason David BeDuhn nso kae sɛ: “Greek kasa mu no, sɛ wokyerɛw theos wɔ kasamu bi mu na woamfa adekyerɛsɛm biara anhyɛ anim te sɛ nea ɛwɔ Yohane 1:1d no a, ɛnde akenkanfo bɛfa no sɛ wopɛ sɛ woka sɛ ‘onyame.’ . . . Sɛ biribiara nhyɛ anim saa a, ɛma theos no yɛ soronko koraa wɔ ho theos ho, sɛnea ‘onyame’ yɛ soronko wɔ ‘Onyankopɔn’ ho wɔ Twi kasa mu no.” BeDuhn ka kaa ho sɛ: “Nea wɔka ne ho asɛm wɔ Yohane 1:1 sɛ Asɛm no, ɔnyɛ Onyankopɔn koro pɛ no, na mmom ɔyɛ onyame anaa ɔte sɛ Onyankopɔn.” Ɔbenfo Joseph Henry Thayer a ɔka ho bi na wɔyɛɛ American Standard Version no nso kaa sɛ: “Logos no [anaa, Asɛm no], na ɔte sɛ Onyankopɔn, nanso na ɔnyɛ Onyankopɔn no ankasa.”
Yesu kyerɛe sɛ nsonsonoe da ɔne n’Agya ntam
Sɛnea Onyankopɔn te no, ehia sɛ ɛyɛ “ahintasɛm a emu dɔ” anaa? Yesu anhu no saa. Bere bi a Yesu bɔɔ n’Agya mpae no, ɔkyerɛe sɛ nsonsonoe da ɔne n’Agya ntam. Ɔkaa sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro pɛ no, yiye, ne nea wosomaa no no, Yesu Kristo.” (Yohane 17:3) Sɛ yegye Yesu di na sɛ yɛte Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ no ase a, ɛbɛma yɛanya obu ama Yesu sɛ Onyankopɔn Ba. Afei nso yɛbɛsom Yehowa sɛ “nokware Nyankopɔn koro pɛ no.”