So Ɛsɛ Sɛ Wugye Baasakoro No Di? Brochure Mu Adesua Mu Nsemmisa
DAPƐN A EDI KAN
Kratafa 3, asɛmti: “So Ɛsɛ sɛ Wugye Di?”
1, 2. Nsɛm bɛn na wobetumi aka wɔ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho?
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Baasakoro asɛm no mu wɔ yɛn nnɛ da yi mu?
4. Ne tiaatwa mu no, dɛn ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no?
5. Dɛn na wɔn a wonnye ɔkyerɛkyerɛ no ntom no ka?
6. Baasakoro (a) akyigyinafo ne (b) asɔretiafo, ka sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no fi he?
7. Dɛn na ɛbɛkyerɛ (a) sɛ Baasakoro no yɛ nokware a? (b) Sɛ ɛyɛ atoro a?
8. Dɛn na yɛbɛhwehwɛ mu wɔ brochure yi mu?
Kratafa 3, asɛmti: “Wɔkyerɛkyerɛ Baasakoro no mu Dɛn?”
1. Katolek Asɔre no kyerɛkyerɛ Baasakoro no mu dɛn?
2, 3. Asɔre afoforo dodow no ara de ɔkyerɛkyerɛ no ho nkyerɛkyerɛmu ma dɛn?
Kratafa 4:
1. Nnipa pii yɛ wɔn ade dɛn wɔ Baasakoro ho nkyerɛkyerɛmu ahorow no ho?
2-4. Dɛn na nhoma ahorow ne nnipa bi ka wɔ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no ho?
5, 6. Dɛn na Katolekfo encyclopedia bi ka wɔ asɔfo nteteebea adesuafo ne wɔn akyerɛkyerɛfo ho, na wobɛyɛ dɛn anya nokware a nsɛm a wɔkae yi yɛ no ho adanse?
7. Dɛn na Jesuitni ɔsɔfo bi ka wɔ Baasakoro no ho?
8. Nokwasɛm ahorow bɛn na Katolek nyamekyerɛfo bi kae?
9. Ebinom kyerɛkyerɛ faako a Baasakoro no fl bae no mu dɛn?
Kratafa 5:
1, 2. Ka a wɔbɛka sɛ Baasakoro no fi ɔsoro adiyi mu no de asɛnnennen kɛse bɛn na ɛba?
3. So ɛsɛ sɛ nkurɔfo yɛ anyamekyerɛfo ‘ansa na wɔatumi ahu nokware Nyankopɔn no ne ne ba no’?
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Kratafa 5, asɛmti: “So Ɛyɛ Bible Ɔkyerɛkyerɛ Pefee?”
1. Sɛ anka Baasakoro no yɛ nokware a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ mu pefee wɔ Bible no mu?
2. Afeha a edi kan gyidifo buu Kyerɛwnsɛm no dɛn?
3, 4. Dɛn na ɔsomafo Paulo ne Yesu de dii dwuma sɛ nea wɔn nkyerɛkyerɛ gyina so?
5, 6. (a) Afeha a edi kan gyidifo no kyerɛe sɛ Kyerɛwnsɛm no wɔ tumi bɛn? (b) Sɛ anka Baasakoro no yɛ nokware a, dɛn na ɛteɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu wɔ Bible no mu?
7-9. (a) Dɛn na Protestantfo ne Katolekfo nhoma ahorow gye tom wɔ asɛmfua “Baasakoro” no ho, na bere bɛn na asɛmfua no dii kan puei wɔ asɔre nyamekyerɛ mu? (b) So Latin asɛmfua ma Baasakoro a Tertullian de dii dwuma no kyerɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ saa kyerɛkyerɛ no?
Kratafa 6:
1. 2. Dɛn na encyclopedia abien gye tom wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Baasakoro ho?
3. Jesuitni ɔsɔfo bi ka adanse a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no ho asɛm dɛn?
4. Dɛn na Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhwehwɛmu kyerɛ?
5-7. Dɛn na nhoma bi ne obi nso ka wɔ Baasakoro no ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho?
8-10. Nsɛm a wɔaka bɛn na wobetumi de adi dwuma de akyerɛ sɛ wɔankyerɛkyerɛ Baasakoro no wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu?
11. 12. Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo baanu kyerɛe no, bere bɛn na wofii ase kyerɛkyerɛɛ Baasakoro no wɔ Kristoman mu?
13. Dɛn na adanse no ma yehu?
14-17. So tete Kristofo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro no?
18. Bere bɛn akyi nkutoo na wɔmaa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nyaa nnyinaso pintinn?
Kratafa 7:
1-3. Ná afeha a edi kan nyamesom akyerɛkyerɛfo Justin Martyr ne Irenaeus bu Onyankopɔn ne Kristo dɛn?
4, 5. Ná adwene bɛn na Clement a ofi Alexandria ne Tertullian kura?
6, 7. Wɔ afeha a ɛto so abiɛsa no mu no, nsɛm bɛn na Hippolytus ne Origen kae?
8. Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm kyerɛwfo bi bɔ Baasakoro ho adanse no mua?
9. Dɛn na Bible no ne abakɔsɛm mu adanse ma ɛda adi pefee?
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Kratafa 7, asɛmti: “Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Kyerɛkyerɛ no Bae?”
1, 2. So wɔhyehyɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no wiei koraa wɔ Nicaea Bagua no ase wɔ 325 Y.B. mu?
Kratafa 8:
1. Dɛn nti na Konstantino frɛɛ Nicaea Bagua no?
2. Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka wɔ sakra a Konstantino sakrae no ho?
3. Afã bɛn na Konstantino nyae wɔ Nicaea?
4. So na Konstantino te nyamekyerɛ mu nsemmisa a wogyee ho akyinnye wɔ Nicaea Bagua ase no ase ankasa?
5. Esiane nea wosii ho gyinae wɔ Nicaea Bagua ase no nti, nsɛm bɛn na wobetumi abisa?
6, 7. (a) Dɛn na esii wɔ Nicaea bagua no akyi? (b) Gyinae bɛn na wosii wɔ Constantinople Bagua no ase wɔ 381 Y.B. mu?
8. Dɛn na esii wɔ Constantinople Bagua no akyi, na bere bɛn nkutoo na wɔhyehyɛɛ Baasakoro no yɛɛ no gyidikasɛm ahorow ahorow?
Kratafa 9:
1. Na hena ne Athanasio, na dɛn na gyidikasɛm a ne din da so no kyerɛ?
2. (a) So Athanasio na ɔhyehyɛɛ gyidikasɛm a ne din da so no? (b) Bere tenten bɛn na egyei ansa na Athanasia Gyidikasɛm no trɛwee wɔ Europa:
3. Wɔ mfehaha pii a egyei ansa na wɔregye Baasakoro no atom wɔ mmeae pii mu no, dɛn titiriw na ɛkyerɛɛ gyinaesi ahorow kwan?
4. Ɔkwan bɛn so na Baasakoro ho abakɔsɛm ne Bible nkɔmhyɛ hyia?
5, 6. Dɛn na ɔsomafo Paulo ne Bible akyerɛwfo afoforo ka siei?
7. (a) Hena na Yesu kyerɛe sɛ ɔhyɛ nokware Kristosom ho a wɔwae fii yi akyi? (b) Encyclopedia bi ka nea esii no ho asɛm dɛn?
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
8. Atoro som bɛn na na abu so wɔ tete mmere mu?
Kratafa 10:
1. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ tete abosonsom nyamesom ahorow. Hindusom ne Budhasom, ne Kristoman ɔsom horow mu?
Kratafa 11:
1. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo kyerɛ no. Ɔkwan bɛn so na Baasakoro ho adwene baa Kristosom mu?
2, 3. Abusuabɔ bɛn na ɛda abosonsomfo baasakoro ahorow a na Misrifo som wɔn ne Kristoman Baasakoro no ntam?
4. Dɛn na nhoma abien ka faa Baasakoro no mfiase ho?
5. Dɛn na Encyclopœdia of Religion and Ethics a Hastings yɛe no ka wɔ abusuabɔ a ɛda abosonsomfo baasakoro ahorow ne Kristoman Baasakoro ntam no ho?
6, 7. Ɔkwan bɛn so na Helani nyansapɛfo Plato nyaa Kristoman Baasakoro a ɛbae akyiri yi no so nkɛntɛnso?
8, 9. Ɔkwan bɛn so na abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ sɛnea Plato nyaa Baasakoro a ɛbae no so nkɛntɛnso?
10, 11. Dɛn na ɛbae wɔ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. awiei?
12. Sɛnea nyamesom nhoma bi kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔka wɔ sɛnea Baasakoro no bae no ho?
Kratafa 12:
1. Nea ɛne Bible nkɔmhyɛ hyia no, dɛn na enyin wiei wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mu?
2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ rentumi nyɛ nea efi Onyankopɔn hɔ?
3. 4. (a) Dɛn nti na ntease nnim sɛ Kristofo begye Baasakoro no atom? (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ Baasakoro no ho?
Kratafa 12, asɛmti: “Dɛn na Bible no Ka Wɔ Onyankopɔn ne Yesu Ho?”
1, 2. Sɛ anka nkurɔfo remfa adwenhorow bi a wɔadi kan anya dedaw nkenkan Bible no a, adwene bɛn na wobenya wɔ Onyankopɔn ne Kristo ho?
3, 4. Dɛn na asɔre nsɛm ho abakɔsɛm mu ɔbenfo bi ka wɔ Onyankopɔn ho adwene a ɛwɔ (a) Hebrifo Kyerɛwnsɛm no mu no ho? (b) Helafo Kyerɛwnsɛm no mu no ho?
Kratafa 13:
1. Ɔkwan bɛn so na Deuteronomium 6:4 mu kasa mmara kyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ obiakofo?
2. Dɛn na ɔsomafo Paulo sii so dua wɔ Onyankopɔn su ho?
3. Wɔka Onyankopɔn ho asɛm dɛn wɔ Bible no mu nyinaa?
4. Sɛ Baasakoro no yɛ nokware a, anka dɛn na Bible akyerɛwfo a wɔde honhom kaa wɔn no bɛma ada adi fann?
5. Dɛn na Bible akyerɛwfo no maa emu daa hɔ fann?
DAPƐN A ƐTO SO ANUM
6. (a) Yesu kaa Onyankopɔn ho asɛm dɛn? (b) Dɛn nti na Yehowa nkutoo na wɔfrɛ no Ade Nyinaa so Tumfoɔ?
7. Dɛn nti na wɔde dodow kabea ka Yehowa ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu?
8. Ɛwom sɛ Hebri asɛmfua ma Onyankopɔn no wɔ dodow kabea mu de, nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi akyerɛ sɛ ɛfa obiakofo ho?
9. Dɛn nti na nea ʼelo·himʹ kyerɛ no kasa tia Baasakoro no?
10. Henanom nso na Bible no de nsɛmfua “onyame” anaa “anyame” ka wɔn ho asɛm?
Kratafa 14:
1. Dɛn nti na Hebri nsɛmfua ma “onyame” ne “anyame” a Bible no de di dwuma no nnyina Baasakoro no akyi?
2. Yesu kae sɛ ofi he na ɔbae?
3. Ansa na Yesu rebɛtra ase sɛ ɔdesani no, na ɔyɛ dɛn?
4. Bible no frɛ Yesu dɛn wɔ n’asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no mu, na ɛsɛ sɛ yɛte saa din no ase dɛn?
5. Hena ne “Nyansa” a wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible nhoma a ɛne Mmebusɛm mu no, na ɛyɛɛ dɛn na ɔbae?
6. Dɛn na Mmebusɛm 8:30 ka wɔ Yesu a na ɔmmɛyɛɛ ɔdesani no ho, na ɔkwan bɛn so na Kolosefo 1:16 foa saa afã yi nsɛmmoa?
7. Bible no ka abusuabɔ a na ɛda Onyankopɔn ne Yesu ntam wɔ adebɔ no mu no ho asɛm dɛn?
8. Dɛn nti na nsɛmfua “yɛnyɛ” ne “yɛn” a wɔde dii dwuma wɔ Genesis 1:26 no nkyerɛ Baasakoro?
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesu sɔhwɛ no kyerɛ sɛ na ɔnyɛ Onyankopɔn?
Kratafa 15:
1, 2. Hokwan a na Yesu wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ wɔ nokwaredi ho asɛm no mu no kyerɛ dɛn?
DAPƐN A ƐTO SO ASIA
3, 4. Sɛ wobetua Adam bɔne no ho ka a, na ɛsɛ sɛ nnwensa no yɛ dɛn?
5. (a) Sɛ na Yesu yɛ Onyamesu bi fã a dɛn na anka ɛno bɛkyerɛ ama agyede afɔrebɔ no? (b) Ɔkwan bɛn so na tebea a na Yesu wom bere a ɔwɔ asase so no kyerɛ sɛ na ɔrentumi nyɛ Onyankopɔn?
6. Ɔkwan bɛn so na yɛ a Yesu yɛ Onyankopɔn “Ba a ɔwoo no koro” no kasa tia Baasakoro no?
7. Ɔkwan bɛn so na nyamesom ho nsɛm nkyerɛkyerɛmufo bi bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ “ɔwoo no koro” no mu, nanso dɛn nti na ntease nni eyi mu?
8. Yesu akyi no hena na wɔde asɛmfua a egyina hɔ ma “ɔwoo no koro” no ka ne ho asɛm, na wɔ ntease bɛn mu?
Kratafa 16:
1, 2. Dɛn ne Hela asɛmfua ma “ɔwoo no koro,” na dɛn na ɛkyerɛ?
3. Sɛ Bible no frɛ Onyankopɔn sɛ Yesu Agya a, na ɛkyerɛ dɛn?
4. Dɛn nti na asɛm “ɔwoo no koro” a Bible no de gyina hɔ ma Yesu no kyerɛ biribi titiriw?
5. Dɛn na na adaemone ne Romafo asraafo no mpo nim wɔ Yesu ho?
6. Dɛn nti na Yesu rentumi nyɛ Onyankopɔn?
7. Ɔkwan bɛn so na “ntamgyinafo” a Yesu yɛ no kyerɛ sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn?
8. Dɛn ne Bible no nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ wɔ Onyankopɔn ne Yesu ho?
DAPƐN A ƐTO SO ASON
Kratafa 16, asɛmti: “So Onyankopɔn Korɔn Sen Yesu Bere Nyinaa?”
1, 2. Dɛn na Yesu daa no adi pefee wɔ ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho?
Kratafa 17:
1. Dɛn na Yesu ka faa n’ankasa ho a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ soronko wɔ Onyankopɔn ho?
2. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ ɛsono Onyankopɔn ne Yesu mu biara?
3. Esiane sɛ na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ adansefo baanu na wɔkyerɛ sɛ asɛm bi yɛ nokware nti, dɛn na eyi kyerɛ wɔ Yesu ne Onyankopɔn ho wɔ adanse a wodi no mu?
4. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe wɔ Marko 10:18 sɛ ɔnyɛ Onyamesu bi fã?
5. Nsɛm a Yesu kae bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn korɔn sen no?
6. Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛ bi da sɛnea ɔbrɛ ne ho ase ma Onyankopɔn no adi?
Kratafa 18:
1. Yesu akyidifo no buu no dɛn?
2. Ɔkwan bɛn so na Yesu asubɔ no kyerɛ sɛ na ɔnyɛ Onyankopɔn?
3. Dɛn na sra a Yehowa sraa Yesu no kyerɛ?
4. Bere a Yesu ne asuafo baanu maame rekasa no, ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛe sɛ n’Agya korɔn sen no?
5. Dɛn na Yesu mpaebɔ ahorow no kyerɛ?
6. Bere a Yesu bɛn owu no, ɔkwan bɛn so na ne nteɛm no daa no adi sɛ Onyankopɔn korɔn sen no?
7. Ɔkwan bɛn so na Yesu wu ne ne wusɔre no kyerɛ sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn?
8. Dɛn nti na tumi a Yesu tumi yɛɛ anwonwade no nkyerɛ sɛ na ɔne Onyankopɔn?
DAPƐN A ƐTƆ SO AWOTWE
Kratafa 19:
1. Dɛn nti na na Yesu nnim bere a nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei?
2. Ɔkwan bɛn so na Hebrifo 5:8 kyerɛ sɛ Yesu rentumi nyɛ Onyankopɔn?
3. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 1:1 kyerɛ sɛ Yesu rentumi nyɛ Onyankopɔn?
4, 5. Dɛn na Yesu a wɔmaa no so wɔ ne wusɔre akyi no kyerɛ yɛn?
6-8. Akwan bɛn so na Yesu wusɔre ho kyerɛwtohɔ ahorow a edidi so yi kasa tia Baasakoro no? (a) Hebrifo 9:24; (b) Asomafo no Nnwuma 7:55; (c) Adiyisɛm 4:8 kosi 5:7.
9, 10. Dɛn na Ryland Bulletin no ka wɔ Yesu wusɔre ho?
11. Yesu bɛkɔ so de ne ho ahyɛ Onyankopɔn ase akosi bere bɛn?
Kratafa 20:
1. Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 11:3 kyerɛ sɛnea Onyankopɔn korɔn sen Yesu no?
2-4. Nhwehwɛmu a wɔayɛ nnansa yi no ama nhomanimfo pii anya adwene bɛn?
DAPƐN A ƐTO SO AKRON
Kratafa 20, asɛmti: “Honhom Kronkron No—Onyankopɔn Adeyɛ Tumi”
1. Baasakoro kyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ honhom kronkron no yɛ dɛn?
2. Bible no mu no, Hebri asɛmfua ne Hela asɛmfua bɛn na wɔtaa de di dwuma sen biara ma “honhom”?
3, 4. Sɛnea wɔka wɔ Genesis 1:2 no, Bible no kyerɛ sɛ honhom kronkron no yɛ dɛn?
5. Fa sɛnea Onyankopɔn honhom no ma n’asomfo te nneɛma ase no ho nhwɛso ahorow ma.
6. Ɔkwan bɛn so na honhom kronkron nyaa Bible akyerɛwfo so nkɛntɛnso?
7. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yehu sɛ honhom kronkron no yɛ tumi bi?
Kratafa 21:
1. Onyankopɔn de ne honhom no di dwuma wɔ akwan bɛn so?
2. (a) Dɛn na Onyankopɔn honhom no betumi de ama ne nkoa? (b) Na Simson ahoɔden no fi he, na so na saa tumi no yɛ onipa bi?
3. Honhom kronkron no baa Yesu so te sɛ dɛn ade, na dɛn na ɛma otumi yɛe?
4, 5. Honhom kronkron no baa asuafo no so te sɛ dɛn ade, na ɛma wotumi yɛɛ dɛn?
6. Dɛn na nyamekyerɛfo bi ka wɔ sɛnea Bible no ka honhom kronkron no ho asɛm sɛ onipa no ho?
7. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ka nneɛma bi a ɛnyɛ nnipa ho asɛm te sɛ nea ɛyɛ nnipa?
Kratafa 22:
1. Ɔkwan bɛn so na 1 Yohane 5:6-8 kyerɛ sɛ honhom kronkron no nyɛ onipa?
2. Nsɛm a wɔtaa ka wɔ Bible no mu bɛn na ɛkyerɛ sɛ honhom kronkron no nyɛ onipa?
3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ mu sɛ Bible no ka sɛ honhom kronkron no kasa?
4. Dɛn na Mateo 28:19 kyerɛ bere a ɛka sɛ “honhom kronkron no din mu” no?
DAPƐN A ƐTO SO DU
5. (a) Bere a Yesu de Hela asɛmfua ma “okyigyinafo” dii dwuma no, dɛn nti na ɔde ɔbarima kabea mu edinnsiananmu ahorow dii dwuma? (b) Edinnsiananmu bɛn na wɔde di dwuma ma Hela asɛmfua ma “honhom” a ɛnkyerɛ ɔbea anaa ɔbarima?
6. Ɔkwan bɛn so na Katolekfo Bible bi gye tom sɛ sɛnea ɛde ɔbarima kabea mu edinnsiananmu a egyina hɔ ma onipa di dwuma ma “honhom” no nteɛ?
7. Dɛn nti na Hela kyerɛw nsɛm no de edinnsiananmu a ɛwɔ ɔbarima kabea mu di dwuma ma asɛmfua “okyigyinafo” no?
8-10. Dɛn na Katolekfo nhoma abien bi gye tom wɔ honhom kronkron no ho?
11, 12. Ɔkwan bɛn so na Katolekfo nhoma abien bi foa nea Bible no ka wɔ honhom kronkron no ho no nsɛmmoa?
Kratafa 23:
1. Bere bɛn na Kristoman kae sɛ honhom kronkron no yɛ onipa?
2. Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ dɛn, na ɛnyɛ dɛn?
Kratafa 23, asɛmti: “Baasakoro ho ‘Kyerɛw Nsɛm a Edi ho Adanse’ no Nso Ɛ?”
1, 2. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛtra yɛn adwenem wɔ Bible kyerɛw nsɛm biara a wɔde ma sɛ edi Baasakoro no ho adanse no ho?
3. “Kyerɛw nsɛm a edi ho adanse” abiɛsa bɛn na Katolekfo encyclopedia bi de ma?
4. Dɛn na kyerɛw nsɛm a wɔde ma sɛ edi Baasakoro no ho adanse no ka?
5-7. Kyerɛw nsɛm a wɔde ma Sɛ edi Baasakoro ho adanse no di dɛn ankasa ho adanse, sɛnea Mcclintock ne Strong Cyclopedia no gye tom no?
8. Ɛwom sɛ wɔbɔ Onyankopɔn, Yesu, ne honhom kronkron no din wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Mateo 3:16 no mu de, nanso dɛn nti na eyi nnyina Baasakoro no akyi?
Kratafa 24:
1. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ kyerɛwsɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:7 wɔ Bible nkyerɛase dedaw binom mu no nyɛ nokware?
2. Dɛn nti na “kyerɛw nsɛm a edi ho adanse” afoforo nnyina Baasakoro no akyi?
DAPƐN A ƐTO SO DUBIAKO
3. Ɔkwan bɛn so na Yesu ankasa kyerɛɛ nea na ɔkyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Me ne Agya no yɛ biako” no?
4. Ɔkwan bɛn so na sɛnea Paulo de Hela asɛmfua ma “biako” dii dwuma no kyerɛ sɛ asɛmfua koro yi ara a ɛwɔ Yohane 10:30 no kyerɛ biakoyɛ wɔ nsusuwii ne atirimpɔw mu?
5. Dɛn na John Calvin kae wɔ afeha a ɛto so 16 no mu wɔ Yohane 10:30 a wɔde di dwuma de gyina Baasakoro no akyi no ho?
6. Wɔ Yohane ti 10 no, ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn?
7, 8, ne kr. 25, nky. 1. Wɔ Yohane 5:18 no, sobo bɛn na Yudafo no bɔɔ Yesu, na ɔkwan bɛn so na oyii ne ho ano?
Kratata 25:
2. Douay Version ne King James Version no kyerɛ Filipifo 2:6 ase dɛn, na atirimpɔw bɛn nti na wɔyɛ saa?
3-8. Ɔkwan bɛn so na Bible nkyerɛase ahorow kyerɛ Filipifo 2:6 ase de kyerɛ sɛ ekura ntease a ɛne nea Douay Version ne King James Version no pɛ sɛ wohu no bɔ abira?
9, 10. (a) Dɛn na wɔka wɔ Filipifo 2:6 nkyerɛase a ɛteɛ yiye no ho? (b) Dɛn nti na Hela kasa a wɔde dii dwuma wɔ Filipifo 2:6 no mma wonnya adwene sɛ na Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ?
11. Nkyerɛase ahorow a ɛkyerɛ Filipifo 2:6 ase ma ɛyɛ sɛ na Yesu nsusuw sɛ ɛyɛ mfomso sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ no reyɛ dɛn, nanso dɛn na sɛ wɔde adwempa kenkan Hela kasa no a, ɛda adi ankasa?
12. Ɔkwan bɛn so na nkyekyem a edi Filipifo 2:6 anim no kyerɛ sɛ Yesu ampɛ sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ?
Kratafa 26:
1. Dɛn na Filipifo 2:3-8 reka ho asɛm ankasa?
DAPƐN A ƐTO SO DUMIEN
2. Ɔkwan bɛn so na Baasakorofo bɔ mmɔden sɛ wɔde Yohane 8:58 bedi dwuma de agyina Baasakoro no akyi?
3. Ɔkwan bɛn so na Exodus 3:14 (KJ) de ɔkasamufa “MENE” no di dwuma, na ɛkyerɛ dɛn?
4. Na Yesu de asɛm “Mene nea ɔwɔ hɔ” a ɛwɔ Yohane 8:58 (JB) no redi dwuma wɔ ɔkwan bɛn so?
5-9. Bible ahorow bi kyerɛ Yohane 8:58 ase dɛn?
10. Dɛn ne adwene ankasa a ɛwɔ Hela kasa a ɛwɔ Yohane 8:58 no mu?
11. Ɔkwan bɛn so na nkyekyem a edi Yohane 8:58 anim no kyerɛ nea na Yesu reka ho asɛmti
12. Yohane 1:1 kenkan dɛn wɔ King James Version no mu?
13. Ɔkwan bɛn so na King James Version no mpo kyerɛ sɛ “Asɛm no” rentumi nyɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn ankasa, sɛnea Katolekni ɔkyerɛwfo bi kyerɛe no?
Kratafa 27:
1-10. Bible ahorow bi kyerɛ Yohane 1:1 ɔfã a etwa to no ase dɛn?
11. Dɛn na adekyerɛsɛm a wɔde di dwuma wɔ Hela kasa mu no kyerɛ wɔ the·osʹ a edi kan a ɛwɔ Yohane 1:1 no ho?
12. Esiane sɛ wɔmfa adekyerɛsɛm biara nni dwuma wɔ the·osʹ a ɛto so abien a ɛwɔ Yohane 1:1 no mu nti, sɛ wokyerɛ ɔkasamufa no ase sɛnea ɛte no ara a, wɔbɛka no dɛn?
13. (a) Dɛn nti na kyerɛwsɛm a wɔde Hela kasa a na nnipa pii ka kyerɛw no nni adeyɛsɛm a ɛnkyerɛ dodow biara wɔ the·osʹ a ɛto so abien no anim? (b) Sɛ adekyerɛsɛm nni edin kyerɛfo anim a, bere bɛn na ebetumi aba sɛ ɛnkyerɛ obi pɔtee?
14. Dɛn na Journal of Biblical Literature no ka wɔ Yohane 1:1 ɔfã a etwa to no ho?
15. Dɛn na Yohane 1:1 si so dua wɔ Yesu a ɔtraa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani no ho?
16. Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a asekyerɛfo de adekyerɛsɛm “bi” a ɛnkyerɛ obi pɔtee no hyɛ Hela Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛwee mu no?
17. Dɛn na nhomanimfo baanu kae wɔ Yohane 1:1 ho?
DAPƐN A ƐTO SO DUMIƐNSA
Kratafa 28:
1, 2. So the·osʹ a ɛto so abien wɔ Yohane 1:1 no a wokyerɛ ase sɛ “onyame bi” no bu Hela kasa mmara mu mmara bi so anaa?
3, 4. So nsɛm afoforo a ɛka Yohane 1:1 ɔfã a etwa to no ho no hwehwɛ sɛ wode adekyerɛsɛm a ɛnkyerɛ dodow biara hyɛ asɛmfua the·osʹ anim anaa?
5, 6. Dɛn nti na Yesu a wɔbɛfrɛ no “onyame bi” no ne Onyankopɔn biako pɛ a ɔwɔ hɔ no mmɔ abira?
7. Ɔkwan bɛn so na edin “Onyankopɔn Tumfoɔ” a wɔde frɛ Yesu wɔ Yesaia 9:6 no kyerɛ sɛ ɔnyɛ Yehowa Nyankopɔn?
8. Dɛn na Ryland Bulletin no ka wɔ Onyankopɔn ne Yesu ho?
Kratafa 29:
1. Dɛn na ebia na Toma kyerɛ bere a ɔkae sɛ, “M’Awurade ne me Nyankopɔn” sɛnea ɛwɔ Yohane 20:28 no?
2. Ɔkwan bɛn so na nsɛm afoforo a ɛka Yohane 20:28 ho no boa yɛn ma yɛte ase sɛ na Toma nkyerɛ sɛ Yesu yɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn?
3. Ɔkwan bɛn so na Yohane 20:31 boa ma Yohane 20:28 mu nsɛm no mu da hɔ?
4. Dɛn na wobetumi aka wɔ kyerɛw nsɛm biara a wɔde bɛma sɛ edi Baasakoro no ho adanse no ho?
5. So kyerɛwsɛm biako mpo wɔ hɔ a ɛkyerɛkyerɛ Baasakoro no pefee anaa?
DAPƐN A ƐTO SO DUNAN
Kratafa 30, asɛmti: “Som Onyankopɔn wɔ N’akwan So”
1. Nimdeɛ bɛn na ɛho hia ma daa nkwa?
2. (a) Kyerɛ Onyankopɔn ho nokware no fibea. (b) Dɛn na nokware no a yebehu no bɛboa yɛn ma yɛakwati?
3. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ehia sɛ yebisa yɛn ho asɛm bɛn?
4. Ɔkwan bɛn so na Baasakoro kyerɛkyerɛ no bu Onyankopɔn animtiaa?
5. Dɛn na afi Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no mu aba?
6. Sɛ nkurɔfo ankura Onyankopɔn ‘wɔ nokware nimdeɛ mu’ a, nneyɛe bɛn na edi akyi ba?
7. Ɔkwan bɛn so na Baasakorofo abu Onyankopɔn animtiaa
8. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no kyerɛ wɔn a wɔwɔ nokware no ne wɔn a wonni nokware no
9. Denmarkni nyamekyerɛfo bi kaa Kristoman ho asɛm dɛn?
10. Wobetumi aka Kristoman honhom mu tebea no ho asɛm dɛn?
Kratafa 31:
1. Ɔkwan bɛn so na wobebu Kristoman atɛn nnansa yi ara, na dɛn ntia?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpow Baasakoro no?
3. Henanom na Baasakoro nkyerɛkyerɛ no boa wɔn?
4. Dɛn nti na Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ de ahotɔ kɛse ba?
5. Ade a ɛho hia bɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Onyankopɔn ni?