So Tete Asɔre No Kyerɛkyerɛe Sɛ Onyankopɔn Yɛ Baasakoro?
Ɔfã 1—So Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no?
So Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no? So mfeha pii a edii hɔ no mu asɔre mpanyimfo no kyerɛkyerɛe? Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? Na dɛn nti na ɛho hia sɛ yehu gyidi yi ho nokware? Efi Ɔfã a Edi Kan wɔ eyi mu no, Ɔwɛn-Aban no bɛka nsemmisa yi ho nsɛm wɔ nsɛm bi a ɛbɛtoatoa so aba mu. Nsɛm a ɛbɛtoatoa so aba no afoforo bepue wɔ nsɛmma nhoma a ɛbɛba akyiri yi mu wɔ bere ne bere mu.
WƆN a wogye Bible no tom sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no nim sɛ wɔwɔ asɛyɛde sɛ wɔde Ɔbɔadeɛ no ho nsɛm bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Wonim nso sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ho nsɛm a wɔkyerɛkyerɛ no yɛ nokware.
Onyankopɔn kaa Hiob “nkɔmmɔdomfo” no anim sɛ wɔanyɛ saa: “[Yehowa] ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛ m’akoa Hiob.”—Hiob 42:7.
Bere a ɔsomafo Paulo reka owusɔre no ho asɛm no, ɔkae sɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ Onyankopɔn nnwuma ho biribi a ɛnyɛ nokware a, “wobehu yɛn nso sɛ Onyankopɔn ho adansekurumfo.” (1 Korintofo 15:15) Sɛ eyi te saa wɔ owusɔre nkyerɛkyerɛ no ho a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye bere a yɛkyerɛkyerɛ onii ko a Onyankopɔn yɛ no!
Baasakoro Ɔkyerɛkyerɛ No
Ɛkame ayɛ sɛ Kristoman asɔre ahorow nyinaa kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro. The Catholic Encyclopedia frɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no “Kristosom ɔkyerɛkyerɛ titiriw,” na ɛkyerɛkyerɛ mu saa kwan yi so sɛ:
“Nnipa Baasa na wɔwɔ Onyamesu biakoyɛ no mu. Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron no, na ɛsono Nnipa Baasa yi mu biara wɔ ɔfoforo ho ampa. Enti wɔ Athanasia Gyidikasɛm no nsɛm mu no: ‘Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn baasa na wɔwɔ hɔ na mmom Onyankopɔn biako.’ . . . Nnipa no nyinaa te hɔ daa na wɔyɛ pɛ: wɔammɔ wɔn mu biara na wɔwɔ biribiara so tumi.”1
The Baptist Encyclopœdia de nkyerɛkyerɛ mu bi a ɛte sɛ eyi ara ma. Ese:
“[Yesu] ne . . . Yehowa a ɔte hɔ daa . . . Honhom Kronkron no yɛ Yehowa . . . Ɔba no ne Honhom no ne Agya no yɛ pɛ. Sɛ ɔne Yehowa a, wɔn nso wɔyɛ bi.”2
Wɔdome Asɔretiafo
Wɔ 325 Y.B. mu no, asɔfo mpanyimfo bagua bi a wohyiaam wɔ Nicea wɔ Asia Kumaa hyehyɛɛ gyidikasɛm bi a ese Onyankopɔn Ba no ne “nokware Nyankopɔn” no sɛnea Agya no yɛ “nokware Nyankopɔn” no ara pɛ. Saa gyidikasɛm no fã kae sɛ:
“Nanso wɔn a wɔka sɛ, [Mmere bi] na [Ɔba no] nni hɔ, na, Ansa na wɔrewo no no, na Onni hɔ, na ɛnyɛ biribiara mu na Ofi baa nkwa mu, anaasɛ wɔn a wose Onyankopɔn Ba no yɛ onipa anaa ade foforo, anaasɛ wɔbɔɔ no, anaasɛ wobetumi asakra sɛnea ɔte no—eyinom ne wɔn a Katolek Asɔre no dome wɔn.”3
Enti wɔpaee daa nnome guu obiara a ogye di sɛ Onyankopɔn Ba no nte ase daa te sɛ Agya no anaasɛ wɔbɔɔ Ɔba no so. Eyi ma obi tumi hu nhyɛso ko a eyi de baa gyidifo pii so sɛ ɛsɛ sɛ wogye tom.
Wɔ afe 381 Y.B. mu no, bagua foforo hyiaam wɔ Constantinople na wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom honhom kronkron no na wɔhyɛ no anuonyam sɛnea wɔyɛ Agya ne Ɔba no ara pɛ. Afe biako akyi, wɔ 382 Y.B. mu no, asɔfo mpanyimfo bi hyiaam wɔ Constantinople sii onyame a honhom kronkron no yɛ no so dua koraa.4 Afe koro no ara mu no, Paapa Damasus de nkyerɛkyerɛ ahorow bi a ɛsɛ sɛ asɔre no sɔre tia no kyerɛɛ bagua bi wɔ Rome. Na nsɛm a edidi so yi ka saa krataa a wɔfrɛɛ no Damasus Nhoma no mu nsɛm ho:
“Sɛ obi annye antom sɛ Agya no te hɔ daa, sɛ Ɔba no te hɔ daa, ne sɛ Honhom Kronkron no te hɔ daa a: ɔyɛ otuatewfo.”
“Sɛ obi annye antom sɛ Onyankopɔn Ba no yɛ nokware Nyankopɔn, sɛnea Agya no yɛ nokware Nyankopɔn, a ɔwɔ biribiara so tumi, nim biribiara, na ɔne Agya no yɛ pɛ a: ɔyɛ otuatewfo.”
“Sɛ obi annye antom sɛ Honhom Kronkron no . . . yɛ nokware Nyankopɔn . . . wɔ biribiara so tumi, nim biribiara a, . . . ɔyɛ otuatewfo.”
“Sɛ obi annye antom sɛ nnipa baasa no, Agya no, Ɔba no, ne Honhom Kronkron no, yɛ nnipa ampa, wɔyɛ pɛ, wɔte hɔ daa, wɔwɔ nneɛma a wotumi hu ne nea wontumi nhu nyinaa, sɛ wɔwɔ biribiara so tumi a, . . . ɔyɛ otuatewfo.”
“Sɛ obi ka sɛ na [Ɔba a] a ɔbɛyɛɛ ɔhonam no nni Agya no nkyɛn wɔ soro bere a na ɔwɔ asase so no a: ɔyɛ otuatewfo.”
“Sɛ obi ka sɛ Agya no yɛ Onyankopɔn na Ɔba no yɛ Onyankopɔn na Honhom Kronkron no yɛ Onyankopɔn, . . . na wanka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn biako pɛ a, . . . ɔyɛ otuatewfo.”5
Jesuitfo nhomanimfo a wɔkyerɛɛ atifi hɔ asɛm yi ase fii Latin kasa mu de nsɛm yi kaa ho sɛ: “Ɛda adi sɛ Paapa St. Celestine I (422-32) buu ahyɛde ahorow yi sɛ ɛyɛ mmara; wobetumi abu no sɛ ɛyɛ gyidi nkyerɛkyerɛmu.”6 Na ɔdenimfo Edmund J. Fortman ka sɛ nhoma no ma wohu “baasakoro ɔkyerɛkyerɛ pa a emu da hɔ.”7
Sɛ woyɛ asɔre bi a egye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no tom muni a, so nsɛm yi ne nea wugye di? Na so wuhu sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no a wubegye adi sɛnea asɔre ahorow no kyerɛkyerɛ no hwehwɛ sɛ wugye di sɛ bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔwɔ soro nso? Nkyerɛkyerɛ yi te sɛ nea afeha a ɛto so anan ɔsɔfo Athanasio kyerɛwee wɔ ne nhoma On the Incarnation mu no ara pɛ:
“Asɛm [Yesu] no nipadua ansiw no kwan sɛ ɔbɛtra baabiara a ɔpɛ, na saara na wɔ a na Ɔwɔ ha wɔ nipadua mu no ansiw no kwan sɛ Ɔbɛtra baabi foforo nso. Bere a Oyii ne nipadua fii baabi a ɔwɔ no, Wannyae amansan no a ɔde N’Adwene ne ne tumi bɛkyerɛ no kwan nso no. . . . Ɔda so ara yɛ nkwa Farebae ma amansan no nyinaa, na ɔwɔ ne fã baabiara, nanso onni ade mũ no nyinaa mu.”8
Nea Baasakoro Ɔkyerɛkyerɛ no Kyerɛ
Ebinom asusuw sɛ nea Baasakoro nkyerɛkyerɛ no kyerɛ ara ne sɛ Yesu yɛ onyame. Afoforo nso fam no, nea Baasakoro no mu gyidi kyerɛ ara ne Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no mu gyidi.
Nanso, Kristoman gyidikasɛm ahorow yi mu a wɔhwehwɛ no yiye no ma sɛnea nsusuwii ahorow yi nnu ɔkyerɛkyerɛ no ankasa ho koraa no da adi. Asɔre no nkyerɛkyerɛmu ahorow ma ɛda adi pefee sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no nyɛ nsusuwii a asete nyɛ den. Mmom no, ɛyɛ nsusuwii mmiako mmiako hwanyann a wɔde bere tenten aboaboa ano a wɔde afrafra.
Yebetumi ahu nea sɛ Kristoman ka Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ ho asɛm a, wɔkyerɛ no afi sɛnea wohuu Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no wɔ Constantinople Bagua a wohyiaam wɔ 381 Y.B. mu akyi no pɛɛ, afi Damasus Nhoma a wɔyɛɛ no wɔ 382 Y.B. mu no mu, afi Athanasio Gyidikasɛm a ɛbae wɔ ɛno akyi no mu, ne afei afi nkrataa afoforo mu. Nea ɛka ho ne nsusuwii pɔtee a edidi so yi:
1. Wose ɔsoro nnipa baasa na wɔwɔ hɔ—Agya no, Ɔba no, ne honhom kronkron no—wɔ Onyamesu no mu.
2. Wose nnipa yi a ɛsono wɔn mu biara yi mu biara te hɔ daa, na wɔn mu bi nni hɔ a odii ne yɔnko anim kan anaa odii n’akyi bae wɔ bere mu.
3. Wose wɔn mu biara yɛ ade nyinaa so tumfoɔ, na wɔn mu biara nni hɔ a ɔso sen ne yɔnko anaa osua sen no.
4. Wose wɔn mu biara nim biribiara, na onim ade nyinaa.
5. Wose wɔn mu biara yɛ nokware Nyankopɔn.
6. Nanso, wɔka sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn baasa na wɔwɔ hɔ na mmom Onyankopɔn biako pɛ.
Ɛda adi pefee sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no yɛ nsusuwii ahorow hwanyann a anyɛ yiye koraa no, nneɛma atitiriw a ɛwɔ atifi hɔ no ka ho, na nea ɛsen saa mpo ka ho, sɛnea ɛda adi bere a wɔhwehwɛ emu nsɛm nyinaa mu no. Nanso sɛ yesusuw nsusuwii atitiriw a ɛwɔ atifi hɔ no nkutoo ho a, ɛda adi pefee sɛ woyi emu bi fi mu a, nea ɛbɛka no renyɛ Kristoman Baasakoro no bio. Sɛ yebehu sɛnea ɔkyerɛkyerɛ no te yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde nsusuwii nketenkete yi nyinaa ka ho.
Bere a yɛanya edin “Baasakoro” no ho ntease a ɛte sɛɛ yi, afei yebetumi abisa sɛ: So na ɛyɛ Yesu ne n’asuafo no nkyerɛkyerɛ? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ anka ɛba wɔ Yɛn Bere yi so afeha a edi kan no mu a emu da hɔ pefee. Na esiane sɛ yehu nea wɔkyerɛkyerɛe no wɔ Bible no mu nti, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no yɛ Bible nkyerɛkyerɛ anaasɛ ɛnte saa. Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ ma emu da hɔ pefee wɔ Bible no mu.
Ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ Yesu ne n’asuafo no bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo Onyankopɔn ho nsɛm nanso wɔrenkyerɛ wɔn onii ko a Onyankopɔn yɛ, titiriw bere a wɔbɛhwehwɛ sɛ gyidifo bi de wɔn nkwa to hɔ ma Onyankopɔn no. Enti, anka ɛsɛ sɛ Yesu ne n’asuafo no ma saa ɔkyerɛkyerɛ titiriw yi a wɔde bɛkyerɛkyerɛ afoforo no yɛ nea ɛho hia wɔn yiye.
Hwehwɛ Kyerɛwnsɛm no Mu
Wɔ Asomafo no Nnwuma ti 17, nkyekyem 11, New World Translation mu no, wɔka nnipa bi ho asɛm sɛ “wɔwɔ adwempa” efisɛ na “wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye daa sɛ nsɛm yi te saa anaa,” a ɛyɛ nsɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛe. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa Kyerɛwnsɛm no nni dwuma mfa nhwɛ sɛ ɔsomafo bi mpo nkyerɛkyerɛ yɛ nokware anaa. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.
Ma ɛntra w’adwenem sɛ Kyerɛwnsɛm no fi “Onyankopɔn home mu” na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma ma “nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:16, 17) Enti Bible no di mũ wɔ nsɛm a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ho. Sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no yɛ nokware a, ɛsɛ sɛ wohu wɔ Bible no mu.
Yɛto nsa frɛ wo sɛ hwehwɛ Bible no mu, titiriw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 27 no mu, na w’ankasa hwɛ sɛ Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro no anaa. Bere a woyɛ nhwehwɛmu no, bisa wo ho sɛ:
1. So metumi ahu kyerɛwsɛm bi a ɛbɔ “Baasakoro” din anaa?
2. So metumi ahu kyerɛwsɛm bi a ɛka sɛ Onyankopɔn yɛ nnipa baasa a ɛsono wɔn mu biara, Agya, Ɔba, ne honhom kronkron, nanso baasa no yɛ Onyankopɔn biako pɛ?
3. So metumi ahu kyerɛwsɛm bi a ɛka sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no yɛ pɛ wɔ akwan horow nyinaa so, te sɛ te a wɔte hɔ daa, tumi, dibea, ne nyansa mu anaa?
Sɛ wohwehwɛ mu fefeefe mpo a, worenhu kyerɛwsɛm biako a ɛde asɛmfua Baasakoro di dwuma, na saara na worenhu ebi a ɛka sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no yɛ pɛ wɔ akwan horow nyinaa so, te sɛ te a wɔte hɔ daa, tumi, dibea, ne nyansa mu. Kyerɛwsɛm biako mpo nni hɔ a ɛka sɛ Ɔba no ne Agya no yɛ pɛ wɔ saa akwan no so—na sɛ kyerɛwsɛm bi a ɛte saa mpo wɔ hɔ a, ɛnyɛ Baasakoro bi na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛwɔ hɔ, na mmom ɛkyɛn so koraa no, “baanukoro.” Baabiara nni hɔ a Bible no kyerɛ sɛ honhom kronkron no ne Agya no yɛ pɛ.
Nea Nhomanimfo Pii Ka
Nhomanimfo pii, a Baasakorofo ka ho, gye tom sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no ankasa nni Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, The Encyclopedia of Religion ka sɛ:
“Nkyerɛwee mu nkyerɛkyerɛmufo ne nyamekyerɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa gye tom sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ bi nni Hebri Bible no mu . . . Ɛwom sɛ Hebri Bible no da Onyankopɔn adi sɛ Israel agya na ɛde nsɛmfua te sɛ Asɛm (davar), Honhom (ruah), Nyansa (hokhmah), ne Wɔ a Ɔwɔ Baabi (shekhinah) ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ onipa de, nanso ɛbɛyɛ nea yɛretra Apam Dedaw no atirimpɔw ne tumi sɛ yɛde nsusuwii ahorow yi bɛtoto baasakoro ɔkyerɛkyerɛ a ɛbaa akyiri yi no ho.
“Bio nso, nkyerɛwee mu nkyerɛkyerɛmufo ne nyamekyerɛfo gye tom sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ a emu da hɔ pefee nni Apam Foforo no nso mu. Agya Nyankopɔn ne nea ɔyɛɛ nea ɛwɔ hɔ nyinaa (Pantokrator) ne Yesu Kristo agya nso; ‘Agya’ nyɛ onipa a odi kan wɔ Baasakoro no mu no abodin na mmom ɛyɛ Onyankopɔn din foforo bi. . . .
“Sɛnea Onyankopɔn su te a adwene nkutoo na wobetumi de asusuw ho (wɔfrɛ no ‘immanent trinity’) no, nyɛ nea ɛda adi ma wohu wɔ Apam Foforo no mu, na kasa a wɔde kyerɛ ɔkyerɛkyerɛ a ɛbae akyiri yi te sɛ (hupostasis, ousia, substantia, subsistentia, prosōpon, persona) no nso nni Apam Foforo no mu. . . . Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkyerɛkyerɛ no nyɛ nea wobetumi de kyerɛw nsɛm mu adanse nkutoo akyerɛkyerɛ.”9
Ɛdefa asɛm yi ho abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow ho no, The New Encyclopœdia Britannica ka sɛ:
“Asɛmfua Baasakoro anaasɛ ɔkyerɛkyerɛ no a emu da hɔ pefee mpue wɔ Apam Foforo no mu . . .
“Ɔkyerɛkyerɛ no bae nkakrankakra wɔ mfehaha ne akyinnyegye ahorow pii mu. . . .
“Afeha a ɛto so 4 no mu ansa na wɔkaa nsonsonoe a ɛwɔ baasa no ntam ne wɔn biakoyɛ no boom wɔ ɔkyerɛkyerɛ biako a nnipa pii gye tom a ɛne nnipa baasa a wɔyɛ biako no mu.”10
New Catholic Encyclopedia no ka sɛnea Baasakoro no bae ho asɛm koro no ara sɛ:
“Nkyerɛwee mu nkyerɛkyerɛmufo ne Bible nyamekyerɛfo, a Roman Katolekfo a wɔredɔɔso bere nyinaa ka ho agye atom sɛ, ɛnsɛ sɛ obi ka Baasakoro ho asɛm wɔ Apam Foforo no mu a ɔnkyerɛkyerɛ mu ɔkwan pɔtee bi so a ɛyɛ soronko wɔ sɛnea pii te ase no ho. Bio nso, asɔre nkyerɛkyerɛ ho abakɔsɛm akyerɛwfo ne nyamekyerɛfo a wɔyɛ nhwehwɛmu fefeefe gye tom saara sɛ, sɛ obi ka Baasakoro ho asɛm a ɔnkyerɛkyerɛ mu ɔkwan pɔtee bi so a, na wafi Kristosom mfiase bere mu akodu baabi te sɛ afeha a ɛto so 4 no mfe 25 a etwa to no mu. Saa bere no mu ansa na wogyee nea wobetumi afrɛ no Baasakoro nkyerɛkyerɛ pɔtee a ɛne ‘Onyankopɔn biako wɔ Nnipa baasa mu’ no toom koraa wɔ Kristofo asetra ne nsusuwii mu. . . .
“Sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu no ankasa no nna nsusuwii a na ɛwɔ hɔ wɔ mfiase bere no mu no adi; ɛyɛ nea afi ɔkyerɛkyerɛ a wɔde mfeha 3 akyerɛkyerɛ mu no mu aba.”11
So “Wonya Ho Adwene” Bi?
Ebia Baasakorofo bɛka sɛ Bible no na ɛma “wonya” Baasakoro no “ho adwene.” Nanso wɔkaa ho asɛm bere a wɔawie Bible no kyerɛw akyi bere tenten. Ɛyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya biribi a asɔfo a wɔbae akyiri yi ankasa sii gyinae sɛ wɔde bɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ no ho ntease a ɛnyɛ nokware afi Bible no mu.
Bisa wo ho sɛ: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Bible no ma “wonya” emu nkyerɛkyerɛ a ɛho hia sen biara—onii ko a Onyankopɔn yɛ no—“ho adwene” ara kɛkɛ? Bible no ka nkyerɛkyerɛ atitiriw afoforo ho asɛm pefee; dɛn nti na ɛnka eyi a ɛho hia sen biara no ho asɛm pefee? Sɛ amansan Bɔfo no yɛ Baasakoro ampa a, so anka ɔmma wɔnkyerɛw nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ mu pefee sɛ ɔte saa?
Nea enti a Bible no nkyerɛkyerɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no mu pefee no yɛ tiawa: Ɛnyɛ Bible mu ɔkyerɛkyerɛ. Sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro a, nokwarem no, anka ɔbɛma emu ada hɔ pefee sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu ne n’asuafo no atumi de akyerɛkyerɛ afoforo. Na anka wɔde saa asɛm a ɛho hia no bɛka Onyankopɔn Asɛm a efi ne home mu no ho. Anka wɔrennyaw mma nnipa a wɔtɔ sin na wɔabrɛ wɔ asete ho mfehaha bi akyi.
Sɛ yɛhwehwɛ kyerɛw nsɛm a Baasakorofo de ma sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no ma “wonya” Baasakoro “ho adwene” bi no mu a, dɛn na yehu? Nhwehwɛmu a wɔde nokwaredi yɛ no da no adi sɛ kyerɛw nsɛm a wɔde ma no nka Kristoman Baasakoro no ho asɛm. Mmom no, nyamekyerɛfo bɔ mmɔden sɛ wɔde Baasakoro ho nsusuwii a wɔadi kan anya no bɛhyɛ kyerɛw nsɛm no mu. Nanso saa nsusuwii no nni kyerɛw nsɛm no mu. Nokwarem no, saa Baasakoro ho nsusuwii ahorow yi ne Bible mũ no nyinaa mu adanse a emu da hɔ pefee no bɔ abira.
Yehu kyerɛw nsɛm a ɛtete sɛɛ yi nhwɛso bi wɔ Mateo 28:19, 20. Ɛhɔ na wɔka Agya no, Ɔba no, ne honhom kronkron no nyinaa ho asɛm. Ebinom se eyi ma wonya Baasakoro bi ho adwene. Nanso w’ankasa kenkan saa nkyekyem no. So biribi wɔ saa kyerɛw nsɛm no mu a ɛka sɛ baasa no yɛ Onyankopɔn biako a wɔyɛ pɛ wɔ te a wɔte hɔ daa, tumi, dibea, ne nyansa mu anaa? Dabi, biribiara nni hɔ saa. Saara na ɛte wɔ kyerɛw nsɛm afoforo a ɛka baasa no nyinaa ho asɛm no ho.
Na ɛdefa wɔn a “din” a wɔde adi dwuma wɔ obiakofo kabea mu ama Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no wɔ Mateo 28:19, 20 no ma wonya Baasakoro ho adwene no ho no, yɛsrɛ wɔn sɛ wɔmfa ntoto sɛnea wɔde “din” adi dwuma wɔ obiakofo kabea mu ama Abraham ne Isak wɔ Genesis 48:16 no ho.—King James Version; New World Translation of the Holy Scriptures.
Baasakorofo twe adwene si Yohane 1:1 nso so wɔ nkyerɛase binom mu, faako a wɔka “Asɛm no” ho asɛm sɛ na ɔne “Onyankopɔn wɔ hɔ” na ɔyɛ “Onyankopɔn” no. Nanso Bible nkyerɛase afoforo bi ka sɛ na Asɛm no yɛ “onyame bi” anaa “ɔsoroni,” a ɛnkyerɛ Onyankopɔn ankasa na mmom obi a ɔwɔ tumi. Bio nso, Bible nkyekyem no ka sɛ na “Asɛm no” ne Onyankopɔn “wɔ hɔ.” Ɛnde na ɔkwan a ntease wom so no, ɔno nyɛ saa Onyankopɔn koro no ara. Na ɛmfa ho sɛ adwene bɛn ara na wonya wɔ “Asɛm no” ho no, nokwasɛm no ne sɛ nnipa baanu pɛ na wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Yohane 1:1, na ɛnyɛ baasa. Sɛ wɔde nokwaredi hwehwɛ mu a, kyerɛw nsɛm ahorow a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde begyina Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no akyi no nyinaa ntumi nyɛ saa.a
Ade foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni: Sɛ Yesu ne n’asuafo no kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no a, ɛnde nokwarem no, anka asɔre mpanyimfo a wɔbae wɔ wɔn akyi pɛɛ no nso bɛkyerɛkyerɛ. Nanso so saa mmarima no, a nnɛ wɔfrɛ wɔn Asɔre Agyanom no, kyerɛkyerɛɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no? Yɛbɛka asemmisa yi ho asɛm wɔ nsɛm a ɛtoatoa so yi ɔfã a Ɛto so Abien no mu wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba akyiri yi mu.
Nhwehwɛmu nhoma ahorow
1. The Catholic Encyclopedia, 1912, Po. XV, kr. 47.
2. The Baptist Encyclopœdia, a William Cathcart ne ne samufo, 1883, nkr. 1168, 1169.
3. A Short History of Christian Doctrine, a Bernhard Lohse yɛe, 1980 De, kr. 53.
4. Ibid., nkr. 64, 65.
5. The Church Teaches, a John F. Clarkson, S.J., John H. Edwards, S.J., William J. Kelly, S.J., ne John J. Welch, S.J. yɛ nkyerɛasefo ne samufo, 1955, nkr. 125-127.
6. Ibid., kr. 125.
7. The Triune God, a Edmund J. Fortman yɛe, 1982 De, kr. 126.
8. On the Incarnation, a Penelope Lawson kyerɛɛ ase, 1981 De, nkr. 27, 28.
9. The Encyclopedia of Religion, Mircea Eliade, samufo panyin, 1987, Po. 15, kr. 54.
10. The New Encyclopaedia Britannica, nea ɛto so 15 a wɔyɛe, 1985, Po. 11, Micropaedia, kr. 928.
11. New Catholic Encyclopedia, 1967, Po. XIV, kr. 295.
[Ase hɔ asɛm]
a FSɛ wopɛ saa kyerɛw nsɛm no ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ brochure a wɔato din Should You Believe in the Trinity?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no mu.
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Church at Tagnon, France