So Tete Asɔre No Kyerɛkyerɛe Sɛ Onyankopɔn Yɛ Baasakoro?
Ɔfã 4—Bere Bɛn na Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Ɔkyerɛkyerɛ no Bae?
Nsɛm a ɛtoatoa so yi mu abiɛsa a edi kan no kyerɛw sɛ Yesu ne n’asuafo no ankyerɛkyerɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no, na tete Asɔre Agyanom no nso anyɛ saa. (November 1, 1991; February 1, 1992, ne April 1, 1992, Ɔwɛn-Aban) Asɛm a etwa to yi bɛka sɛnea Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no bae ne dwuma a Nicaea Bagua a wɔfrɛe wɔ 325 Y.B. mu no dii wom ho asɛm.
WƆ AFE 325 Y.B. mu no, Roma ɔhempɔn Konstantino frɛɛ asɔfo mpanyimfo bagua bi wɔ Asia Minor kurow Nicaea mu. Na n’atirimpɔw ne sɛ wobehu Onyankopɔn Ba no ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ntam abusuabɔ ho akyinnyegye a na ɛrekɔ so no ano. Encyclopœdia Britannica no ka nea efii saa bagua no mu bae ho asɛm sɛ: “Konstantino ankasa na ɔtraa agua mu, odii nsusuwho no anim ɔhyew so, na n’ankasa hyɛɛ . . . ade titiriw a wogyina so kyerɛ Kristo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a ɛwɔ bagua no gyidikasɛm mu a ɛne sɛ ‘ɔne Agya no wɔ su koro’ [ho·mo·ouʹsi·os], no ho nyansa. . . . Esiane sɛ na asɔfo mpanyin no suro ɔhempɔn no kɛse nti, wɔn mu pii de amemenemfe de wɔn nsa hyɛɛ gyidikasɛm no ase, gye wɔn mu baanu pɛ.” 1
So sodifo ɔbosonsonni yi Bible mu gyidi horow bi nti na ɔde ne ho hyɛɛ asɛm yi mu no? Dabi. A Short History of Christian Doctrine ka sɛ: “Ná Konstantino nni asɛm a na wobisa wɔ Hela nyamekyerɛ mu no ho ntease titiriw biara.” 2 Nea na ɔte ase ne sɛ na nyamesom mu akyinnyegye ahorow no de n’ahemman no mu biakoyɛ to asiane mu, na na ɔpɛ sɛ wohu ano.
So Ɛde Baasakoro Ɔkyerɛkyerɛ no Sii Hɔ?
So Nicaea Bagua no de Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no sii hɔ, anaa esii so dua, sɛ ɛyɛ Kristoman ɔkyerɛkyerɛ? Pii susuw sɛ saa na ɛte. Nanso nokwasɛm ahorow no ne eyi bɔ abira.
Gyidikasɛm a bagua no gye toom no kaa Onyankopɔn Ba no ho nsɛm bi a na ɛbɛma asɔfo binom abu no sɛ ɔne Agya Nyankopɔn yɛ pɛ wɔ ɔkwan bi so. Nanso, yesua biribi fi hu a yehu nea Nicaea Gyidikasɛm no anka no mu. Sɛnea wodii kan paee mu kyerɛe no, gyidikasɛm mũ no nyinaa kae sɛ:
“Yegye Onyankopɔn biako, Agya ade nyinaa so tumfoɔ, nea ɔyɛɛ nneɛma a wohu ne nea wonhu nyinaa no;
“Ne Awurade biako Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba, a Agya no woo no, kyerɛ sɛ ɔwoo no koro, fii Agya no su mu, Onyankopɔn fi Onyankopɔn mu, hann fi hann mu, nokware Nyankopɔn fi nokware Nyankopɔn mu, wɔwoo no na wɔammɔ no, ɔne Agya no wɔ su koro, ɛnam Ne so na nneɛma nyinaa bae, ɔsoro nneɛma ne asase so nneɛma, Nea yɛn nnipa ne yɛn nkwagye nti osii fam dan yɛɛ onipa, huu amane na onyan ne nnansa so, foro kɔɔ so, na ɔbɛba abebu ateasefo ne awufo atɛn no;
“Ne Honhom Kronkron no di.” 3
So gyidikasɛm yi ka sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no yɛ nnipa baasa a wɔbom yɛ Onyankopɔn biako? So ɛka sɛ baasa no yɛ pɛ wɔ te a wɔte hɔ daa, tumi, dibea, ne nyansa mu? Dabi, ɛnka saa. Baasa a wɔbom yɛ biako ho mmara biara nni ha koraa. Nicaea Gyidikasɛm a edi kan no amfa Baasakoro no ansi hɔ anaa ansi so dua.
Nea ɛsen biara a saa gyidikasɛm no yɛ ne sɛ ɛbɛma Ɔba no ne Agya no ayɛ pɛ wɔ ka a ɛka sɛ wɔwɔ “su koro” no mu. Nanso ɛnka honhom kronkron no ho asɛm biara a ɛte saa. Nea ɛka ara ne sɛ ‘Yegye . . . Honhom Kronkron no di.’ Ɛnyɛ ɛno ne Kristoman Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no.
Ɔkasamufa a ɛne “su koro” (ho·mo·ouʹsi·os) no mpo nkyerɛ ankasa sɛ na bagua no gye di sɛ Agya no ne Ɔba no yɛ biako wɔ dodow mu. New Catholic Encyclopedia no ka sɛ:
“Sɛ́ ebia na Bagua no pɛ sɛ wosi Agya ne Ɔba no koroyɛ wɔ dodow mu so dua anaa dabi no yɛ nea wobetumi agye ho kyim.” 4
Sɛ na nea bagua no kyerɛ ne sɛ Ɔba no ne Agya no yɛ biako wɔ dodow mu koraa a, anka ɛno renkyerɛ Baasakoro ara. Nea ɛbɛkyerɛ ara ne Onyankopɔn baanu a wɔbom biako, ɛnyɛ baasa a wɔbom biako sɛnea Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no hwehwɛ no.
“Nnipa Kakraa Bi Nsusuwii”
Wɔ Nicaea no, so na asɔfo mpanyin no nyinaa gye di sɛ Ɔba no ne Onyankopɔn yɛ pɛ? Dabi, na nsusuwii horow a ɛne wɔn ho wɔn ho nhyia wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, na emu biako okyigyinafo ne Arius a ɔkyerɛkyerɛe sɛ Ɔba no wɔ mfiase na enti ɔne Onyankopɔn nyɛ pɛ na mmom ɔhyɛ n’ase wɔ biribiara mu no. Nanso, na Athanasio nso gye di sɛ Ɔba no ne Onyankopɔn yɛ pɛ wɔ ɔkwan bi so. Na na nsusuwii afoforo wɔ hɔ.
Ɛdefa bagua no gyinaesi sɛ wommu Ɔba no sɛ ɔne Onyankopɔn wɔ su koro no ho no, Martin Marty ka sɛ: “Nokwarem no, na Nicaea baguafo no nsusuwii gyina hɔ ma nnipa kakraa bi nsusuwii; na gyinaesi no yɛ den na pii a na wonkura Arius adwene no annye antom.” 5 Saa ara na nhoma A Select Library of Nicene and Post-Nicene Fathers of the Christian Church ka sɛ “nnipa kakraa bi pɛ na wɔpaw ɔkyerɛkyerɛ mu gyinabea a ɛne Arius nkyerɛkyerɛ bɔ abira pefee, ɛwom sɛ saa nnipa kakraa bi yi na wodii nkonim de.” 6 Na A Short History of Christian Doctrine ka sɛ:
“Ade titiriw a ɛte sɛ nea Apuei Fam asɔfo mpanyin ne nyamekyerɛfo anni annye ho koraa ne nsusuwii a Konstantino ankasa de kaa gyidikasɛm no ho a ɛne homoousios [“wɔwɔ su koro”] no, ade a ɛno na ɛde akyinnyegye kɛse bae wɔ tete nkyerɛkyerɛ ne atuatew nkyerɛkyerɛ ntam ntawntawdi a ɛbae fi saa bere no mu no.” 7
Bagua no nhyiam akyi no, akyinnyegye no kɔɔ so mfe du du pii. Wɔn a na wɔpene adwene a ɛne sɛ Ɔba no ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn yɛ pɛ no so no mpo bɛyɛɛ wɔn a wɔmpɛ wɔn asɛm wɔ bere bi mu. Sɛ nhwɛso no, Martin Marty ka Athanasio ho asɛm sɛ: “Wɔpɛɛ n’asɛm bere bi mu na bere bi mu nso wɔampɛ n’asɛm, na wotwaa no asu mpɛn pii [wɔ bagua no akyi mfe no mu] araa ma ɛkame ayɛ sɛ ɔdan ɔkwantufo.” 8 Wotwaa Athanasio asu mfe pii efisɛ amammui ne asɔre mpanyimfo sɔre tiaa ne nsusuwii a na ɛkyerɛ sɛ Ɔba no ne Onyankopɔn yɛ pɛ no.
Enti ka a wɔbɛka sɛ Nicaea Bagua a wɔfrɛe wɔ afe 325 Y.B. mu no na ɛde Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no sii hɔ anaa esii so dua no nyɛ nokware. Ná nea akyiri no ɛbɛyɛɛ Baasakoro kyerɛkyerɛ no nni hɔ saa bere no. Adwene a ɛne sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron no mu biara yɛ nokware Nyankopɔn na wɔyɛ pɛ wɔ te a wɔte hɔ daa, tumi, dibea, ne nyansa mu, nanso wɔyɛ Onyankopɔn biako—Onyankopɔn baasa a ɔbom biako—nyɛ nea saa bagua no anaa Asɔre Agyanom a wɔtraa ase ansa na saa bere no reba no de bae. Sɛnea nhoma The Church of the First Three Centuries ka no:
“Nnɛyi Baasakoro nkyerɛkyerɛ a pii gye tom no . . . nni akyigyina biara wɔ Justin [Martyr] nkyerɛwee ahorow mu: na wobetumi aka eyi wɔ asɔre Agyanom a wɔtraa ase ansa na wɔrefrɛ Nicaea bagua no nyinaa ho; kyerɛ sɛ wobetumi aka saa afa Kristofo akyerɛwfo a wɔtraa ase wɔ Yesu awo akyi mfeha abiɛsa a edi kan no mu no ho. Ɛyɛ ampa sɛ wɔka Agya, Ɔba, ne nkɔmhyɛ anaa Honhom kronkron bi ho asɛm de, nanso wɔnka sɛ wɔyɛ atipɛnfo, wɔnka sɛ wɔyɛ biako wɔ dodow mu, wɔnka sɛ wɔyɛ Baasa a wɔbom yɛ Biako, wɔ ntease a Baasakorofo gye tom mprempren no biara mu. Nea ɛne eyi bɔ abira koraa mmom ne asɛm no. Na sɛnea Agyanom yi kyerɛkyerɛɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no mu no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea ɔkyerɛkyerɛ no te nnɛyi no ho. Yɛka eyi sɛ nokwasɛm a wobetumi de ho adanse ama te sɛ nokwasɛm foforo biara wɔ nnipa nsusuwii horow ho abakɔsɛm no mu.”
“Yetwa obiara a obetumi mpoa sɛ ɔnkyerɛ afeha abiɛsa a edi kan no mu ɔkyerɛwfo a wobu no biako po a na okura [Baasakoro] ɔkyerɛkyerɛ yi ho adwene a ɛte sɛ nea wogye di nnɛ no.” 9
Nanso, Nicaea nhyiam no de nsakrae titiriw bi bae. Ebuee kwan maa gye a mpanyimfo begye atom sɛ Ɔba no ne Agya no yɛ pɛ, na ɛno na ebuee kwan maa Baasakoro ho adwene a ɛbae akyiri yi no. Nhoma Second Century Orthodoxy, a J. A. Buckley yɛe no, ka sɛ:
“Ɛde besi anyɛ yiye koraa no, afeha a ɛto so abien no awiei no, na wiase nyinaa Asɔre no yɛ biako wɔ ntease titiriw bi mu; wɔn nyinaa gyee korɔn a Agya no korɔn no toom. Wɔn nyinaa buu Agya Nyankopɔn Ade Nyinaa so Tumfoɔ no sɛ ɔno nkutoo na ɔkorɔn sen biara, ɔnsakra, ne kɛseyɛ nni kabea na onni mfiase. . . .
“Bere a saa afeha a ɛto so abien akyerɛwfo ne akannifo no wuwui no, Asɔre no hui sɛ . . . ɛresan n’akyi nkakrankakra akɔ faako a . . . wɔ Nicaea Bagua no ase no, mfitiase gyidi a na ɛresa nkakrankakra no koduu nea ɛbɛkɔ akodu. Ɛhɔ na nnipa kakraa bi a wɔn asɛm yɛ den de wɔn atuatew no hyɛɛ nnipa bebree a wɔpenee so no so, na wɔnam amammui atumfo mmoa so hyɛɛ wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so akura wɔn gyidi a ɛho tew no mu na wɔangu ho fĩ no, dɛfɛdɛfɛɛ wɔn, na wohunahunaa wɔn.” 10
Constantinople Bagua No
Wɔ 381 Y.B. mu no, Constantinople Bagua no sii Nicaea Gyidikasɛm no so dua. Na ɛde biribi foforo kaa ho. Ɛfrɛɛ honhom kronkron no sɛ “Awurade” ne “nkwamafo.” Saa afe 381 Y.B. mu gyidikasɛm a wɔatrɛw mu no (a ɛno ara na wɔde di dwuma wɔ asɔre ahorow no mu nnɛ na wɔfrɛ no sɛ “Nicaea Gyidikasɛm no”) kyerɛ sɛ na Kristoman rebɛhyehyɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ bi a anyin awie. Nanso, saa bagua yi mpo anhyehyɛ saa ɔkyerɛkyerɛ no anwie. New Catholic Encyclopedia no gye tom sɛ:
“Ɛyɛ anigye sɛ Nicaea I akyi mfe 60 no, Constantinople Bagua I [381 Y.B.] no kwatii homoousios wɔ onyame a Honhom Kronkron no yɛ ho nkyerɛkyerɛmu a ɛde mae no mu.” 11
“Sɛnea ɛda adi sɛ gyidikasɛm yi mu nsɛm no mu nyɛ den no ama nhomanimfo pii ho adwiriw wɔn; eyi ho nhwɛso ne asɛmfua homoousios a amfa anni dwuma amma Honhom Kronkron no sɛ ɛne Agya ne Ɔba no wɔ su koro no.” 12
Encyclopedia koro no ara gye tom sɛ: “Homoousios mpue wɔ Kyerɛwnsɛm mu.” 13 Dabi, Bible no mfa saa asɛmfua no nso nni dwuma mma honhom kronkron no anaa Ɔba no sɛ wɔne Onyankopɔn wɔ su koro. Ɛyɛ asɛmfua a enni Bible mu a ɛboa maa wonyaa Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ a enni Bible mu, a nokwarem no, ɛsɔre tia Bible no.
Wɔ Constantinople akyi mpo no, mfehaha bi akyi ansa na wɔregye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no atom wɔ Kristoman mu nyinaa. New Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Wɔ Atɔe Fam no, . . . ɛte sɛ nea obiara anka Constantinople I ne ne gyidikasɛm no ho asɛm.” 14 Saa nhoma yi kyerɛ sɛ nnipa pii annye bagua no gyidikasɛm no antom wɔ Atɔe Fam kosii afeha a ɛto so ason anaa awotwe no mu.
Nhomanimfo nso gye tom sɛ ɛnyɛ Athanasio na ɔkyerɛw Athanasia Gyidikasɛm a wɔtaa fa mu asɛm ka de kyerɛkyerɛ Baasakoro no mu na wɔde gyina akyi no, na mmom ɔkyerɛwfo bi a wonnim no na ɔyɛɛ saa mfe pii akyi. The New Encyclopaedia Britannica no se:
“Ɛde besi afeha 12 no mu no, na Apuei Fam Asɔre no nnim gyidikasɛm no ho asɛm. Efi afeha 17 no mu no, nhomanimfo adwene ahyia sɛ ɛnyɛ Athanasio (a owui 373 mu no) na ɔkyerɛw Athanasia Gyidikasɛm no na mmom ɛda adi sɛ wɔhyehyɛe wɔ France kesee fam wɔ afeha 5 mu. . . . Ɛte sɛ nea na gyidikasɛm no nkɛntɛnso wɔ France kesee fam ne Spain titiriw wɔ mfeha 6 ne 7 no mu. Ná wɔde yɛ asɔre wɔ Germany wɔ afeha 9 mu ne ɛno akyi no wɔ Roma.” 15
Sɛnea Ɛbae
Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no fii ase bae nkakrankakra wɔ mfehaha pii mu. Baasakoro ho nsusuwii ahorow a na Helafo nyansapɛfo te sɛ Plato, a ɔtraa ase mfehaha pii ansa na Kristo reba, wɔ no de nkakrankakra baa asɔre nkyerɛkyerɛ ahorow mu. Sɛnea nhoma The Church of the First Three Centuries ka no:
“Yesi so dua sɛ Baasakoro kyerɛkyerɛ no fii ase nkakrankakra na akyiri yi koraa na ɛbae; sɛ enyaa ne mfiase fii baabi a ɛnyɛ ɛhɔ na Yudafo ne Kristofo Kyerɛwnsɛm no fi koraa; sɛ enyinii, na wɔde kaa Kristosom ho, denam Agyanom a wɔwɔ Plato adwene no nsa so; sɛ wɔ Justin bere so, ne ɛno akyi bere tenten no, wɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsono Ɔba no na ɔba fam no wɔ baabiara; ne sɛ na Baasakoro no sunsuma bi nkutoo na na wɔafi ase hu saa bere no.” 16
Ansa na wɔrewo Plato no, na baasakoro abu so wɔ Babilon ne Misraim. Na mmɔden a asɔre mu mpanyimfo bɔe sɛ wobenya wɔn a wɔnyɛ gyidifo afi Roma wiase no mu no maa wɔde saa nsusuwii ahorow no bi baa Kristosom mu nkakrankakra Awiei koraa no, eyi kowiee gye a wogyee gyidi a ɛne sɛ Ɔba no ne honhom kronkron no ne Agya no yɛ pɛ no toom mu.a
Asɛmfua “Baasakoro” no mpo yɛ nea wogye toom nkakrankakra. Ɛyɛ afeha a ɛto so abien no fã a etwa to no mu na Antiokia a ɛwɔ Siria sɔfo panyin Teofilo kyerɛw nhoma wɔ Hela kasa mu de asɛmfua tri·asʹ, a ɛkyerɛ “baasakoro” no dii dwuma. Afei Latinni ɔkyerɛwfo Tertulian a na ɔwɔ Carthage wɔ Afrika Kusuu Fam no de asɛmfua trinitas a ɛkyerɛ “baasakoro” fii ase dii dwuma wɔ ne nkyerɛwee ahorow mu.bNanso asɛmfua tri·asʹ no nni Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu, na asɛmfua trinitas no nni Latin Bible nkyerɛase a wɔfrɛ no Vulgate no mu. Ná nsɛmfua abien no nyinaa nni Bible no mu. Nanso asɛmfua “Baasakoro,” a na egyina abosonsom adwenhorow so no, baa asɔre asɔre no nhoma ahorow mu na ɛbɛyɛɛ wɔn nkyerɛkyerɛ no fã bi wɔ afeha a ɛto so anan no akyi.
Enti, ɛnyɛ sɛ nhomanimfo yɛɛ Bible no mu nhwehwɛmu fefeefe hwɛe sɛ na wɔkyerɛkyerɛ ɔkyerɛkyerɛ a ɛte saa wom anaa. Wiase ne asɔre no mu nsɛm mmom na ɛde ɔkyerɛkyerɛ no bae. Wɔ nhoma The Christian Tradition mu no, ɔkyerɛwfo Jaroslav Pelikan twe adwene si “akyinnyegye no mu nsɛm a na ɛmfa nyamekyerɛ ho, a na pii te sɛ nea ɛno na ɛbɛkyerɛ nea ebefi mu aba no mpɛn pii, nanso tumi afoforo a ɛyɛ titiriw sɛ ɛno ara bɛbɔ gui” no so. “Ɛte sɛ nea mpɛn pii no, ɔkyerɛkyerɛ ho na ɛka mu wɔ asɔre mu nsɛm anaa nnipa ntam ntawntawdi mu—anaasɛ ɛno na efi mu ba.”17 Yale sukuupɔn mu ɔkyerɛkyerɛfo E. Washburn Hopkins kaa ho asɛm sɛ: “Ná baasakoro nkyerɛkyerɛmu a wɔahyɛ da de asi hɔ a etwa to no yɛ nea ɛfa asɔre no mu nsɛm ho titiriw.”18
Hwɛ sɛnea Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no yɛ nea ntease nnim, sɛ wɔde toto Bible mu ɔkyerɛkyerɛ a asete nyɛ den a ɛne sɛ Onyankopɔn na ɔyɛ opumpuni na ɛnyɛ obiara afɛ ne no no ho a. Sɛnea Onyankopɔn ka no, “hena na mode me bɛto ne ho na mode me agyina ne ho, na mode no besusuw me, na yɛasɛ?”—Yesaia 46:5.
Nea na Egyina hɔ Ma
Ná Baasakoro ho adwene a ɛbae nkakrankakra no gyina hɔ ma dɛn? Ná ɛyɛ nokware Kristosom a wɔbɛwae afi ho a Yesu kaa ho asɛm siei no fã bi. (Mateo 13:24-43) Ná ɔsomafo Paulo nso aka ɔwae a ɛrebɛba no ho asɛm asie sɛ:
“Ampa sɛ bere bi bɛba a nnipa ani begye nea aba foforo koraa ho na wɔasoa akyerɛkyerɛfo pii aboa wɔn ho so, sɛnea ɛne wɔn akɔnnɔ hyia, sen sɛ wɔbɛma ɔkyerɛkyerɛ pa amee wɔn; na afei, sɛ anka wobetie nokware no mmom no, wɔbɛdan akotie anansesɛm ahorow.”—2 Timoteo 4:3, 4, Katolekfo Jerusalem Bible.
Ná saa anansesɛm no biako ne Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no. Anansesɛm afoforo bi a na enni Kristosom mu a ɛno nso bae nkakrankakra no bi ne: ɔkra a enwu da no, ahodwiragya, Limbo, ne daa ayayadeyɛ wɔ hellgya mu.
Enti, dɛn ne Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no? Nokwarem no, ɛyɛ abosonsom ɔkyerɛkyerɛ a wɔayɛ no sɛ ɛyɛ Kristofo de. Satan na ɔde bae na ɔde adaadaa nnipa, na onii ko a Onyankopɔn yɛ no ayɛ nea atu afra wɔn adwenem ne ahintasɛm ama wɔn. Eyi ma wonya ɔpɛ kɛse sɛ wobegye atoro nyamesom nsusuwii ne nneyɛe a ɛmfata afoforo atom.
‘Ɛnam Wɔn Aba So’
Yesu kae wɔ Mateo 7:15-19 sɛ ɛnam ɔkwan yi so na wubetumi ahu atoro som ne nokware som ntam nsonsonoe:
“Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew obobe nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma akraate so? Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne . . . Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.”
Susuw nhwɛso biako ho. Yesu kae wɔ Yohane 13:35 sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” Bio nso, Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ka wɔ 1 Yohane 4:20 ne 21 sɛ:
“Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.”
Fa nnyinasosɛm titiriw a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo dodɔ wɔn ho no toto nea esii wɔ afeha yi mu wiase akodi abien no nyinaa mu, ne akodi afoforo ho hwɛ. Nnipa a wofi Kristoman nyamesom ahorow koro no ara mu kohyiaam wɔ akono kunkum wɔn ho wɔn ho esiane ɔman a wofi mu mu nsonsonoe nti. Afã biara kae sɛ wɔyɛ Kristofo, na afã biara asɔfo, a wɔkae sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn afã no gyinaa wɔn akyi. Saa okunkɛse a emu no, “Kristofo” ko tiaa “Kristofo” no yɛ aba porɔwee. Ɛyɛ Kristofo dɔ a wonni so, Onyankopɔn mmara so bu.—Hwɛ 1 Yohane 3:10-12 nso.
Atemmu Da
Enti, Kristosom ho a wɔwae fii no ankowie gyidi horow a ɛmfata te sɛ Baasakoro ɔkyerɛkyerɛ no mu nko, na mmom nneyɛe a ɛmfata nso mu. Nanso atemmu da bi reba, efisɛ Yesu kae sɛ: “Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.” Ɛno nti na Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ:
“Me man, mumfi [atoro som] mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne no atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:4, 5.
Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn ‘de bɛhyɛ’ amammui atumfo no ‘komam’ sɛ wɔnnan wɔn ho nsɔre ntia atoro som. Wɔbɛyɛ “no pasaa, na . . . wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” (Adiyisɛm 17:16, 17) Atoro som ne n’abosonsom nyansapɛ ahorow a ɛfa Onyankopɔn ho no bɛyɛ nea wɔasɛe no korakora. Ɛte sɛ nea Onyankopɔn bɛka asɛm koro no ara a Yesu kae wɔ ne bere so no akyerɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ atoro som mu no sɛ: ‘Wɔagyaw mo fi afituw ama mo.’—Mateo 23:38.
Nokware som bɛkɔ so atra hɔ wɔ Onyankopɔn atemmu akyi, sɛnea ɛbɛyɛ na fi saa bere no, wɔde nidi ne anuonyam nyinaa ama Nea Yesu kae sɛ ɔne “nokware Nyankopɔn koro no.” Ɔno na odwontofo a ɔkaa asɛm a edi hɔ yi twee adwene sii ne so no: “Wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”—Yohane 17:3; Dwom 83:18.
Nhwehwɛmu Nhoma Ahorow:
1. Encyclopædia Britannica, 1971, Po 6, kratafa 386.
2. A Short History of Christian Doctrine, a Bernhard Lohse yɛe, 1963, kratafa 51.
3. Ibid., nkratafa 52-3.
4. New Catholic Encyclopedia, 1967, Po VII, kratafa 115.
5. A Short History of Christianity, a Martin E. Marty yɛe, 1959, kratafa 91.
6. A Select Library of Nicene and Post-Nicene Fathers of the Christian Church, a Philip Schaff ne Henry Wace yɛe, 1892, Po IV, kratafa xvii.
7. A Short History of Christian Doctrine, kratafa 53.
8. A Short History of Christianity, kratafa 91.
9. The Church of the First Three Centuries, a Alvan Lamson yɛe, 1869, nkratafa 75-6, 341.
10. Second Century Orthodoxy, a J. A. Buckley yɛe, 1978, nkratafa 114-15.
11. New Catholic Encyclopedia, 1967, Po VII, kratafa 115.
12. Ibid., Po IV, kratafa 436.
13. Ibid., kratafa 251.
14. Ibid., kratafa 436.
15. The New Encyclopædia Britannica, 1985, 15th Edition, Micropædia, Po 1, kratafa 665.
16. The Church of the First Three Centuries, kratafa 52.
17. The Christian Tradition, a Jaroslav Pelikan yɛe, 1971, kratafa 173.
18. Origin and Evolution of Religion, a E. Washburn Hopkins yɛe, 1923, kratafa 339.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ brochure a wɔato din sɛ So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no mu.
b Sɛnea wɔakyerɛ wɔ nsɛm a ɛtoatoa so yi mu nea edii kan bae no mu no, ɛwom sɛ Teofilo ne Tertulian de nsɛmfua yi dii dwuma de, nanso na ɛnyɛ Baasakoro a Kristoman gye di nnɛ no na ɛwɔ wɔn adwenem.
[Mfonini wɔ kratafa 22]
Onyankopɔn bɛma amammui atumfo adan wɔn ho asɔre atia atoro som
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Nokware som bɛkɔ so atra hɔ wɔ Onyankopɔn atemmu akyi