Wubetumi Anya Ahonyade A Ɛsom Bo Pii Sen Sika!
WOBETUMI de Bible mu nokware ahorow no atoto sika, dwetɛ anaasɛ akorade afoforo a ahintaw ho. Ɛwom sɛ ebia wonkɔhwehwɛɛ sika anaasɛ dwetɛ ankasa da de, nanso wubetumi ahu sɛ ne hwehwɛ gye adwumaden ne mmɔdenbɔ pii. Na mpɛn pii no nea ɔhwehwɛ no di huammɔ.
Nanso, huammɔdi a ɛte sɛɛ remma da bere a wohwehwɛ akorade ahorow a ahintaw wɔ Bible mu no. Hyɛ awerɛhyem a ɛhyɛ nkuran yi nsow: “Sɛ wohwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa] suro, na wahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.” (Mmebusɛm 2:4, 5) Nanso ɛsɛ sɛ wohwehwɛ.
“Hwehwɛ Mu, Na Wubehu”
“Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.” Saa afotu yi na afeha a edi kan no mu Yudafo Farisifo no mu binom de maa Nikodemo a na ɔno nso yɛ Farisini no. “Hwehwɛ mu, na wubehu.” Nokwarem no, ɛyɛ afotu pa. Ná obetumi ahwehwɛ nokware no ahu—ade a ɛsom bo pii sen sika.
Nanso, wɔ saa asɛm no mu no, wɔn a wɔde afotu a ɛne sɛ “hwehwɛ mu, na wubehu” no mae no anyɛ saa. Ɔkwan bɛn so?
Ná asɔfo mpanyin ne Farisifo no asoma asomfo sɛ wɔnkɔkyere Yesu Kristo. Esiane sɛ wɔn ani gyee sɛnea ɔkyerɛkyerɛ no ho yiye nti, wɔsan de wɔn nsa pan kɔe. Enti, Farisifo no bisaa wɔn sɛ: “So wɔadaadaa mo nso?” Nikodemo kasae na ɔkae sɛ: “Yɛn mmara ntiee onipa, nhuu nea ɔyɛe ansa a, ebu no atɛn?” Nsɛm yi na ɛmaa wɔde afotu “hwehwɛ mu, na wubehu” no mae.—Yohane 7:32, 45-52.
Ɔkwan bɛn so na asɔfo mpanyin ne Farisifo no antumi anhwehwɛ anhu? Ná wonnim anaasɛ wɔanhu sɛ ɛwom sɛ wɔtetee Yesu wɔ Galilea de, nanso wɔwoo no wɔ Betlehem. Na odiyifo Mika ahyɛ nkɔm sɛ: “Wo Betlehem . . . wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel so difo.” (Mika 5:2) Enti saa nnipa atitiriw no anhwehwɛ sɛ wobehu Yesu ho adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ odiyifo, nea ɔbɛyɛ Israel sodifo. Nneɛma a ɛyɛ awerɛhow na efii eyi mu bae, na ɛkyerɛ sɛnea ehia sɛ wɔhwehwɛ nsɛm mu na ama wɔahu mu nokware nyinaa. Nanso wɔtaa bu nokware dɛn?
Nokware Ayɛ Nea Wɔafra Mu
Afeha a ɛto so 19 mu ɔkyerɛwfo bi kae sɛ “te sɛ sika a wɔmfraa mu no, wɔahu sɛ ɛmfata sɛ wɔbɔ nokware kurennyenn dawuru kyerɛ, efisɛ nnipa ahu sɛ eye kɛse sɛ wɔbɛfra nokware mu sen sɛ wɔbɛtew wɔn ho.” Hwɛ sɛnea nsɛm yi da so ara fa wiase nyamesom ahorow ho tẽẽ! Nea ɔhyɛ nokware a wɔfra mu no akyi ne Satan Ɔbonsam, “atoro agya” no. (Yohane 8:44; Adiyisɛm 12:9) Ɔde atoro nyamesom di dwuma de fra nsemmisa ahorow a ɛho hia a edidi so yi ho nokware nkyerɛkyerɛ mu: Hena ne Nyankopɔn? Abusuabɔ bɛn na Yesu ne no wɔ? Dɛn na ɛbɛba asase no ne adesamma so daakye?
Ná asɔfo ne Farisifo no betumi ahwehwɛ nokware no ahu. Na wobetumi anya akorade ahorow a ɛsom bo pii sen sika a wɔmfraa mu ɛ. Yiw, na anka wɔnam Yesu a ‘wobetie no ahu nea na ɔreyɛ’ no so betumi ahu ne ho nokware nyinaa sɛnea Nikodemo hyɛɛ ho nyansa no. Sɛ wɔde nokwaredi yɛɛ eyi a, anka akyinnye biara nni ho sɛ Yesu bɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu akyerɛ wɔn te sɛ nea ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no. (Marko 4:34) Nanso ɛhe na yebehu nokware turodoo no nnɛ? Nokwarem no, so yɛwɔ awerɛhyem sɛ yebetumi ahwehwɛ nokware no ahu ne nyinaa?
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Na anka nyamesom akannifo betumi ahu Yesu ho nokware nyinaa denam ‘tie a wobetie afi ne nkyɛn’ no so