Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/1 kr. 14-19
  • ‘Monhyɛ Hann Akode’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monhyɛ Hann Akode’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsɔretia a Efi Nyamesom Atumfo Hɔ
  • Pɛsɛmenkominya ne Ahomaso
  • ‘Wɔafrɛ Wɔn Afi Sum Mu’
  • ‘Esum Biara Nni Onyankopɔn Mu’
  • Nipasu Foforo No
  • “Wo Hann mu na Yehu Hann”
  • Onyankopɔn Hann Hyerɛn Esum Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Hann No Aba Wiase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Di Wiase Hann No Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Henanom Na Wodi Wiase Hann No Akyi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/1 kr. 14-19

‘Monhyɛ Hann Akode’

“Anadwo akɔ n’anim, adekyee abɛn, enti momma yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode.”​—ROMAFO 13:12.

1, 2. Afeha a edi kan Yudafo pii yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ “nokware hann” no ho, na wɔyɛɛ eyi wɔ hokwan ahorow bɛn nyinaa akyi?

YESU KRISTO ne “nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara” no. (Yohane 1:9) Ɔbae sɛ Mesia no wɔ 29 Y.B. mu no, ɔbaa ɔman bi a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔnyɛ N’adansefo, a anyɛ yiye koraa no, wɔka sɛ wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa mu. (Yesaia 43:10) Na Israelfo no mu pii rehwɛ Mesia no kwan, na na ebinom nim nkɔmhyɛ a ɛbɛma wɔahu no no bi. Bio nso, Yesu kaa asɛm wɔ Palestina nyinaa, yɛɛ nsɛnkyerɛnne ma nnipa pii hui. Nnipadɔm ba betiee no, na wɔn ani gyee nea wohui ne nea wɔtee no ho.​—Mateo 4:23-25; 7:28, 29; 9:32-36; Yohane 7:31.

2 Nanso awiei koraa no, Yudafo no mu dodow no ara powee Yesu. Yohane Asɛmpa no se: “Ɔbaa n’ankasa ne de mu, nanso wɔn a wɔyɛ n’ankasa de no annye no.” (Yohane 1:11) Dɛn nti na ɛbaa saa? Saa asemmisa no ho mmuae bɛboa yɛn ma yɛanni mfomso a wodii no bi. Ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛayi sum mu nnwuma agu, na yɛahyɛ hann akode,’ na yɛnam saayɛ so akwati afobu a ɛte sɛ nea ɛbaa afeha a edi kan Israel so no.​—Romafo 13:12; Luka 19:43, 44.

Ɔsɔretia a Efi Nyamesom Atumfo Hɔ

3. Ɔkwan bɛn so na Yudafo nyamesom akannifo no daa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “kwankyerɛfo anifuraefo”?

3 Wɔ Israel no, nyamesom akannifo no na wodii kan powee hann no. Ɛmfa ho sɛ na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a ‘wonim Mmara no yiye no,’ na wɔde mmara mu ahyɛde ahorow a mpɛn pii no ɛbɔ Onyankopɔn Mmara abira ato nkurɔfo no so. (Luka 11:45, 46) Enti, ‘wɔde wɔn atetesɛm a wɔkyerɛkyerɛe no sɛee Onyankopɔn asɛm no.’ (Marko 7:13; Mateo 23:16, 23, 24) Na wɔyɛ “kwankyerɛfo anifuraefo” a wɔmmma hann no kwan ma atumi ahyerɛn.​—Mateo 15:14.

4, 5. (a) Bere a Yudafo binom fii ase susuw ho sɛ ebia Yesu ne Mesia no, dɛn na Farisifo no yɛe? (b) Komam su bɔne bɛn na Farisifo no daa no adi?

4 Bere bi a na Israelfo pii resusuw ho sɛ so ebia Yesu ne Kristo no anaa no, Farisifo a na wɔn koma atu no somaa asomfo sɛ wɔnkɔkyere no. Asomfo no de wɔn nsapan san bae, na wɔkae sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.” Farisifo no a eyi ampusuw wɔn no bisaa asomfo no sɛ: “So wɔadaadaa mo nso? Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa? Na nkurɔfokuw yi a wonnim Mmara no, wɔadome wɔn.” Nikodemo a ɔyɛ Sanhedrin no muni no kasa tiae sɛ etia mmara sɛ wobebu obi atɛn bere a wonnii kan ntiee no ɛ. Farisifo no de animtiaabu buaa no sɛ: “Wo nso wufi Galilea? Hwehwɛ mu, na wubehu sɛ odiyifo bi nsɔree wɔ Galilea pɛn.”​—Yohane 7:46-52.

5 Dɛn nti na ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn mu ɔsom akannifo yɛɛ wɔn ade saa? Efisɛ na wɔanya koma bɔne. (Mateo 12:34) Sɛnea wobuu nnipa mpapahwekwa animtiaa no daa ahantan a wɔyɛ no adi. Na wɔnam asemmisa sɛ “mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?” no so de ahomaso rekyerɛ sɛ wɔn na sɛ wogye obi tom sɛ Mesia no nkutoo a, ɛnde na ɔne Mesia no ampa. Bio nso na wɔnka nokware, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ esiane sɛ Yesu fi Galilea nti, ɔmfata, wɔ bere a anka nhwehwɛmu kakraa bi bɛma ada adi sɛ wɔwoo no wɔ Betlehem ankasa, faako a wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ hɔ no.​—Mika 5:2; Mateo 2:1.

6, 7. (a) Dɛn na nyamesom akannifo no yɛe wɔ Lasaro wusɔre no ho? (b) Dɛn na Yesu kae de daa sɛnea nyamesom akannifo no dɔ sum no adi?

6 Nyamesom akannifo yi ma wohuu sɛnea wɔkɔɔ so sɔre tiaa hann no a wɔannyae da no yiye bere a Yesu nyan Lasaro no. Anka adeyɛ a ɛte sɛɛ bɛyɛ adanse ama obi a osuro Nyankopɔn sɛ Yehowa gyina Yesu akyi. Nanso, nea nyamesom akannifo no tumi hui ara ne sɛ eyi betumi ama wɔn dibea a ɛkorɔn no afi wɔn nsa. Wɔkae sɛ: “Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii. Sɛ yegyaa no saa a, nnipa nyinaa begye no adi, na Romafo aba abɛfa yɛn ha yi ne yɛn man.” (Yohane 11:44, 47, 48) Enti wohyiaam susuw ho sɛ wobekum Yesu ne Lasaro nyinaa, a ebia na wɔhwɛ kwan sɛ wɔnam saayɛ so bedum hann no.​—Yohane 11:53, 54; 12:9, 10.

7 Enti, ahantan, ahomaso, atoro, ne ahopɛ mmoroso yii Onyankopɔn man mu nyamesom akannifo no fii hann no ho. Ɛde rekɔ ne som adwuma no awiei no, Yesu daa wɔn afodi no adi, bere a ɔkae sɛ: “Mo kyerɛwfo ne Farisifo, nyaatwomfo, munnue! Sɛ moto ɔsoro ahenni mu nnipa anim; na mo ankasa monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.”​—Mateo 23:13.

Pɛsɛmenkominya ne Ahomaso

8. Nsɛm a esisii Nasaret bɛn na ɛdaa ɛhɔfo mu binom koma bɔne a wɔwɔ adi?

8 Afeha a edi kan Yudafo no pii yɛɛ wɔn ade te sɛ wɔn nyamesom akannifo no ara wɔ hann no a wɔpowee no mu esiane wɔn komam su bɔne nti. Sɛ nhwɛso no, wɔtoo nsa frɛɛ Yesu bere bi sɛ ɔmma ɔkasa wɔ Nasaret hyiadan bi mu. Ɔkenkan Yesaia nhoma no mu nsɛm bi kyerɛkyerɛɛ mu, na mfiase no, atiefo no yɛɛ aso maa no. Nanso ɔkaa abakɔsɛm mu nsusuwso ahorow bi a ɛmaa wɔn pɛsɛmenkominya ne gyidi a wonni daa adi ho asɛm no, wɔn bo fuwii na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobekum no. (Luka 4:16-30) Ahomaso, ne su bɔne afoforo amma wɔantumi anni hann no ho dwuma ɔkwan pa so.

9. Ɔkwan bɛn so na wɔpaa Galileafo kuw kɛse bi botae bɔne ho ntama?

9 Bere foforo bi nso no, Yesu maa nnipadɔm kɛse bi aduan anwonwa kwan so wɔ Galilea Po no ho. Wɔn a wohuu anwonwade yi kae sɛ: “Ampa, odiyifo a ɔreba wiase no ni!” (Yohane 6:10-14) Bere a Yesu traa ɔkorow mu kɔɔ baabi foforo no, nnipadɔm no dii n’akyi. Nanso, na Yesu nim sɛ ɛnyɛ hann no ho dɔ ne bebree botae. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ sɛ muhuu nsɛnkyerɛnne nti na mohwehwɛ me, na sɛ mudii abodoo no bi na momee ntia.” (Yohane 6:26) Ankyɛ na ɛdaa adi sɛ nea ɔkae no yɛ nokware bere a wɔn a na anka wodi n’akyi no bi san kɔɔ wiase no mu no. (Yohane 6:66) Pɛsɛmenkominya ne “mfaso bɛn na menya afi mu?” su siw hann no kwan.

10. Dɛn na Amanaman Mufo pii yɛe wɔ hann no ho?

10 Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, Yudafo a wɔyɛ gyidifo kɔɔ so de hann no kɔmaa Yudafo afoforo, nanso kakraa bi pɛ na wɔyɛɛ aso. Enti, ɔsomafo Paulo ne afoforo a na wɔresom sɛ “amanaman kanea” no, trɛw asɛmpa no mu kɔɔ nsase afoforo so. (Asomafo no Nnwuma 13:44-47) Wɔn a wɔnyɛ Yudafo pii tiei, nanso pii nso yɛɛ wɔn ade sɛnea Paulo kaa ho asɛm no: “Yɛka Kristo a wɔsɛn no no ho asɛm; [nkrasɛm a ɛyɛ] nkwaseasɛm ma amanaman no.” (1 Korintofo 1:22, 23) Wɔn a wɔnyɛ Yudafo no pii powee hann no esiane sɛ abosonsom gyidi hunu anaa wiase nyansapɛ ahorow furaa wɔn ani nti.​—Asomafo no Nnwuma 14:8-13; 17:32; 19:23-28.

‘Wɔafrɛ Wɔn Afi Sum Mu’

11, 12. Henanom na wogyee hann no toom wɔ afeha a edi kan no mu, na henanom na wogye tom nnɛ?

11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛmfa ho sɛ nnipa pii ankyerɛ asɛm no ho anigye no, wɔfrɛɛ nnipa komapafo pii ‘fii esum mu baa Onyankopɔn hann a ɛyɛ nwonwa no mu.’ (1 Petro 2:9) Ɔsomafo Yohane kyerɛw eyinom ho asɛm sɛ: “Na dodow a wogyee [Kristo], a wogye ne din di no, ɔmaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ Onyankopɔn mma.” (Yohane 1:12) Efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, wɔde honhom kronkron bɔɔ wɔn a wɔdɔ hann yi asu na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma a wɔn anidaso ne sɛ wɔne Yesu bedi hene wɔ ne soro Ahenni no mu.

12 Wɔaboaboa saa Onyankopɔn mma a wɔasra wɔn no mufo a wotwa to no ano wɔ yɛn da yi mu, na wɔma Daniel nkɔmhyɛ no bam sɛ, ‘wɔhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔdan nnipa bebree kɔ trenee mu.’ (Daniel 12:3) Wɔama wɔn hann ahyerɛn akosi sɛ atwetwe “nguan foforo” bɛboro ɔpepem anan aba nokware no mu, na wɔanya Onyankopɔn anim dom. (Yohane 10:16) Eyinom nso ma hann no hyerɛn wɔ wiase no mu, ma enti mprempren yi hann no rehyerɛn sen bere biara a atwam. Ɛnnɛ, te sɛ afeha a edi kan no mu no, “esum no anni [hann no] so.”​—Yohane 1:5.

‘Esum Biara Nni Onyankopɔn Mu’

13. Kɔkɔbɔ bɛn na ɔsomafo Yohane de maa yɛn?

13 Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi ɔsomafo Yohane kɔkɔbɔ yi da: “Onyankopɔn yɛ hann, na esum biara nni ne mu. Sɛ yɛka sɛ yɛne no wɔ ayɔnkofa na yɛnam sum mu a, yedi atoro na yenni nokware.” (1 Yohane 1:5, 6) Ɛda adi pefee sɛ Kristofo betumi adi mfomso koro no ara a Yudafo no dii no, na wɔayɛ sum mu nnwuma, bere a wɔka ara kwa sɛ wɔyɛ Onyankopɔn adansefo no.

14, 15. Esum mu nnwuma bɛn na ɛdaa adi wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu, na dɛn na yesua fi eyi mu?

14 Nokwarem no, eyi sii wɔ afeha a edi kan no mu. Yɛkenkan sɛ mpaapaemu a anibere wom baa Korinto. (1 Korintofo 1:10-17) Na ɛsɛ sɛ ɔsomafo Yohane bɔ Kristofo a wɔasra wɔn no kɔkɔ sɛ wɔnntentan wɔn ho, na na ɛsɛ sɛ Yakobo tu ebinom fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ asikafo anim na wobu wɔn ani gu ahiafo so. (Yakobo 2:2-4; 1 Yohane 2:9, 10; 3 Yohane 11, 12) Bio nso, bere a Yesu bɛhwɛɛ asafo ason a ɛwɔ Asia Kumaa, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ esum mu nnwuma a ɔwae, abosonsom, ɔbrasɛe, ne honam fam ade dodowpɛ ka ho aba wɔn mu. (Adiyisɛm 2:4, 14, 15, 20-23; 3:1, 15-17) Enti, saa Kristofo asafo no nna a edi kan no mu no, na ebinom afi hann no mu, wotuu ebinom na afoforo fii mu ara kwa kɔɔ “akyirikyiri sum no mu.” ​—Mateo 25:30; Filipifo 3:18; Hebrifo 2:1; 2 Yohane 8-11.

15 Afeha a edi kan no mu amanneɛbɔ ahorow yi nyinaa ma yehu akwan horow a Satan wiase no mu sum nam so betumi ahyɛn Kristofo ankorankoro anaa asafo mũ no mpo nsusuwii mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye na asɛm a ɛte sɛɛ anto yɛn da. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Nipasu Foforo No

16. Afotu pa bɛn na Paulo de maa Efesofo no?

16 Paul hyɛɛ Efesofo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ so tra ‘sum mu wɔ adwene fam na wɔtwe wɔn ho fi nkwa a efi Onyankopɔn nkyɛn no ho.’ Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔansan ankɔ saa sum no mu no, na ɛsɛ sɛ wonya komam su horow a eye hann de. Paulo kae sɛ: “Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ hyia na ɛresɛe sɛnea ne nnaadaa akɔnnɔ te no nkyene, na momm . . . wɔnyɛ mo foforo wɔ tumi a ɛkanyan mo adwene no mu, na ɛsɛ sɛ mohyɛ nipasu foforo a wɔbɔe sɛnea Nyankopɔn pɛ te, nokware trenee ne nokwaredi mu no.”​—Efesofo 4:18, 22-24, New World Translation.

17. Yɛbɛyɛ dɛn na yɛakwati esum mu a yɛbɛsan akɔ bio no nnɛ?

17 Ɛha no Paulo tu fo sɛ yɛnyɛ biribi te sɛ oprehyɛn kɛse​—yentwa biribi a anka ɛwɔ yɛn ho, yɛn kan nipasu, nkyene, na yɛmma kwan ma wɔmfa honhom foforo a yenya no ‘nkanyan yɛn adwene.’ Na enye anigyefo afoforofo na ɔne wɔn rekasa, na mmom Kristofo a wɔabɔ wɔn asu. Yɛn nipasu a yɛsakra no mma awiei bere a yɛabɔ asu no. Ɛyɛ adeyɛ a ɛkɔ so. Sɛ yegyae mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya nipasu foforo no a, ebia dedaw no a ahomaso, ahantan, ne pɛsɛmenkominya ka ho no bɛsan ayi ne ti adi bio. (Genesis 8:21; Romafo 7:21-25) Eyi betumi ama yɛasan akɔyɛ esum mu nnwuma bio.

“Wo Hann mu na Yehu Hann”

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea yebetumi ahu “hann mma” no mu?

18 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ daa nkwa a yebenya no gyina bem a Onyankopɔn bebu yɛn no so, na saa bembu no gyina sɛnea ɔdɔ a yɛwɔ ma hann no mu yɛ den fa no so. Yesu kaa saa nokwasɛm yi ho asɛm akyi no, ɔkae sɛ: “Na obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn. Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.”​—Yohane 3:19-21.

19 Paulo foaa asɛm yi nsɛmmoa bere a ɔkyerɛw Efesofo no sɛ: “Monnantew sɛ hann mma, efisɛ hann aba da adi papayɛ ne trenee ne nokware nyinaa mu.” (Efesofo 5:8, 9) Enti yɛn nnwuma kyerɛ sɛ yɛyɛ hann mma anaasɛ yɛyɛ esum mma. Nanso koma pa nkutoo mu na nnwuma pa betumi afi aba. Eyi nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn koma yiye, yɛma sɛnea ehia sɛ yɛkɔ so sakra yɛn nipasu no tra yɛn adwenem, na yɛhwɛ honhom a ɛkanyan yɛn adwene no yiye.​—Mmebusɛm 4:23.

20, 21. (a) Asɛnnennen titiriw bɛn na mmofra a wɔwo wɔn to Kristofo mmusua mu no hyia? (b) Asɛnnennen bɛn na mmofra a wɔn awofo yɛ Kristofo nyinaa hyia?

20 Eyi ayɛ asɛnnennen ankasa ama Yehowa Adansefo a wɔahyira wɔn ho so mma binom. Dɛn ntia? Wiɛ, ade biako ne sɛ mmofra a wɔte sɛɛ no anya nhyira kɛse. Nokware no a na wonim fi wɔn mmofraase pɛɛ no kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ wɔn ankasa hu sɛnea Satan wiase mu sum no mu tra te fa. (2 Timoteo 3:14, 15) Nanso, mmofra a wɔwɔ tebea a ɛte sɛɛ mu no mu binom mmu nokware no ahe biara, na wonsua ankasa sɛ wobenya ɔdɔ ama hann no. Na eyi ne afeha a edi kan Yudafo no pii tebea. Wonyinii wɔ ɔman bi a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa mu, na na wɔwɔ nokware no ho nimdeɛ bi. Nanso na enni wɔn koma mu.​—Mateo 15:8, 9.

21 Kristofo awofo wɔ asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim sɛ wɔbɛtete wɔn mma wɔ hann no mu. (Deuteronomium 6:4-9; Efesofo 6:4) Nanso, awiei koraa no, ɛsɛ sɛ abofra no ankasa na ɔdɔ hann no sen esum no. Ɛsɛ sɛ ɔma nokware no hann no yɛ n’ankasa de. Bere a ɔrenyin no, Satan wiase no mu nneɛma bi betumi ayɛ sɛ nea ɛyɛ fɛ. N’atipɛnfo asetra kwan a wɔyɛ nea wɔpɛ biara wom a hwee mfa wɔn ho no betumi ayɛ sɛ nea anigye wom. Nneɛma ho akyinnyegye a wɔkyerɛkyerɛ wɔ sukuu no betumi adaadaa no. Nanso ɛnsɛ sɛ ne werɛ fi da sɛ hann no akyi no, ‘esum kata asase no so.’ (Yesaia 60:2) Awiei koraa no, wiase a emu aduru sum yi ntumi mfa adepa biara mma.​—1 Yohane 2:15-17.

22. Ɔkwan bɛn so na mprempren Yehowa hyira wɔn a wɔba hann no ho, na ɔkwan bɛn so na obehyira wɔn daakye?

22 Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Wo [Yehowa] nkyɛn na nkwa nsuti wɔ, wo hann mu na yehu hann. Ma w’adɔe nkyɛ mma wɔn a wonim wo.” (Dwom 36:9, 10) Wɔn a wɔdɔ hann no ba behu Yehowa, na eyi betumi ama wɔanya nkwa. (Yohane 17:3) Wɔ n’adɔeyɛ mu no, Yehowa boa wɔn mprempren, na sɛ ahohiahia kɛse no pae gu a, ɔbɛkora wɔn so akɔ wiase foforo bi mu. Sɛ yɛpow Satan wiase no mu sum no a, eyi ne nea yebenya. Adesamma bɛsan anya Paradise asetra a ɛyɛ pɛ wɔ wiase foforo no mu. (Adiyisɛm 21:3-5) Wɔn a wobebu wɔn bem saa bere no benya anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra Yehowa hann mu daapem. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Hwɛ sɛnea eyi kanyan yɛn kɛse sɛ “yenyi sum mu nnwuma ngu, na yɛnhyɛ hann akode”!​—Romafo 13:12.

So Wokae?

◻ Dɛn nti na Yesu bere so Yudafo no pii pow hann no?

◻ Ɛhe na hann no ahyerɛn akodu wɔ nnɛ mmere yi mu?

◻ Afeha a edi kan nhwɛso ahorow ma yenya pɛsɛmenkominya ne ahomaso ho kɔkɔbɔ bɛn?

◻ Sɛ yɛbɛkɔ so atra hann no mu a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ?

◻ Nhyira horow bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔdɔ hann no?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Yesu bere so Yudafo dodow no ara annye hann no antom

[Pictures on page 17]

Wɔ mfe du du a atwam no mu no, wɔnam akwan horow pii so ama hann no ahyerɛn wɔ asuafoyɛ mu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

‘Munyi nipasu dedaw no nkyene, na monhyɛ nipasu foforo no’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena