‘Ɔhome A Mubenya Ama Mo Kra’
“Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, . . . na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—MATEO 11:28-30.
1, 2. Adesamma abusua no tebea te dɛn wɔ mfehaha pii mu, na ɔkwan bɛn so na eyi ne nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim wɔ ho fi mfiase no bɔ abira?
“YENIM sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ.” Eyi ne nea ɔbarima bi kyerɛw kɔmaa ne nnamfo wɔ Roma mfehaha pii ni. (Romafo 8:22) Wɔ mfe a abɛsen fi saa bere no nyinaa mu no, adesamma abusua no nyinaa apenepene ne awoko no ayɛ kɛse. Afoforo ho adwemmɔne, ohia, nsɛmmɔnedi, ne ɔkɔm aka nkurɔfo ɔkwan a ɛyɛ awerɛhow so baabiara. Sikasɛm nhyehyɛe a ɛnteɛ ahyɛ ɔpepem pii ma wɔagyae adwumayɛ na wɔatu afi wɔn afie mu mpo, na Satan nkɛntɛnso ahorow sɛe mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛtete mmofra ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so so no.
2 Nanso ebia nea ɛyɛ awerɛhow kɛse ne nea ɛba bere a nyarewa ahorow, anaa mpanyinyɛ ma nkurɔfo ahoɔden sa na egye wɔn nidi fi wɔn nsam bere a wɔtetew dan nnompe sen sɛnea na anka wɔte kan no. Ɛyaw ne amanehunu a emu yɛ den a mpɛn pii no edi adapɛn, asram, ne ɛtɔ mmere bi a mfe pii mpo no ma koma yare na ɛma nusu guare wɔn. Asetra mu nsɛm a eye awerɛhow bɛn ni! Ɛdefa nea ɛto onipa ho no, tete ɔhene nyansafo bi kae sɛ: “Ne nna nyinaa yɛ ayayade, na ne haw yɛ no awerehow.” (Ɔsɛnkafo 2:23; 4:1) Ɛda adi yiye sɛ ɛnnɛ asetra no nyɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase sɛ ɛnyɛ no!—Genesis 2:8, 9.
3. Onyankopɔn bɔɔ onipa na obetumi anya dɛn, na onipa atumi adi ho dwuma kakraa bi akodu he mprempren?
3 Yehowa Nyankopɔn bɔɔ onipa a na ɔyɛ pɛ, na ɔwɔ hokwan sɛ n’ani begye asetra mu ankasa. (Deuteronomium 32:4, 5) Wo de susuw aduan pa dɛ a ɛyɛ, mframa a emu tew a wobɛhome, anaasɛ owiatɔ fɛfɛɛfɛ a wobɛhwɛ no ho! Tete ɔhene nyansafo koro no ara kae sɛ: “Mahu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ wonni mmrɛ mu no. Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu. . . . Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no.”—Ɔsɛnkafo 3:10-13.
4. (a) Sɛnea Yesu osuahu ahorow yɛɛ ho nhwɛso no, tebea a ɛyɛ awerɛhow bɛn na pii wom? (b) Nsato a ɛma koma ani gye bɛn na Yesu de mae, na nsemmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?
4 Nanso, hwɛ sɛnea kakraa bi pɛ na wotumi nya nnepa a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim wɔ ho maa yɛn no mu anigye! Ná Yesu Kristo nim adesamma tebea bɔne a ɛyɛ awerɛhow no. Bible no se: “Nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase.” Hwɛ sɛnea saa nnipa a na wohu amane no asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ! (Mateo 9:36; 15:30) Bere bi ɔde nsato a ɛma koma ani gye yi mae: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.” (Mateo 11:28, 29) Ampa, eyinom yɛ nsɛm a ɛkanyan anidaso! Nanso ɔhome bɛn na na Yesu reka ho asɛm no? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya?
Nokware a Ɛma Ɔhome No
5. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ ɔkwan a ɛde kɔ nokware adehyedi ne ɔhome a yebenya ama yɛn kra no mu?
5 Bere a Yesu kɔɔ Asesebɔ Afahyɛ no ase bɛyɛ asram asia ansa na ɔrewu no, ɔkyerɛɛ ɔkwan a obi nam so bɛde ne ho ma enti wanya nokware ɔhome no. Bere a ɔrekasa akyerɛ wɔn a wɔagye no adi no, ɔkae sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:31, 32) Nokware bɛn na na Yesu reka ho asɛm no? Ɛbɛma wɔade wɔn ho afi dɛn ho? Ɔkwan bɛn so na na n’atiefo no yɛ nkoa?
6. (a) Akyinnye bɛn na nyamesom mu asɔretiafo gyei, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa yɛ nkoa?
6 Nyamesom mu asɔretiafo tuatuaa Yesu ano na wɔkae sɛ: “Abraham asefo ne yɛn, na yɛnyɛɛ nkoa da; ɛyɛɛ dɛn na woka sɛ: Mobɛyɛ adehye?” Ná saa Yudafo asɔretiafo no de faako a wɔn asefi no hoahoa wɔn ho. Ɛwom sɛ na amanɔnne aman taa di ɔman no so de, nanso Yudafo no powee sɛ wɔbɛfrɛ wɔn nkoa. Nanso Yesu kyerɛɛ ɔkwan ko a wɔnam so yɛ nkoa no, se: “Nokware, nokware, mise mo sɛ, obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.” Yiw, ná n’atiefo no nyinaa ‘yɛ abɔnefo,’ sɛnea ɛte nnɛ nso no. Eyi te saa efisɛ yɛn nyinaa nyaa bɔne fii yɛn awofo a wodi kan no hɔ. Nanso Yesu hyɛɛ bɔ se: “Sɛ ɔba no yɛ mo adehye a, mobɛyɛ adehye ampa.”—Yohane 8:33-36; Romafo 5:12.
7. Ɔkwan bɛn so na wobetumi anya nokware adehyedi, na dɛn ne nokware a ɛma yɛde yɛn ho no.
7 Enti ɛnam Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a ɔde ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ mae sɛ ogye afɔre no nkutoo so na wobetumi anya nokware adehyedi. Saa afɔrebɔ yi na ɛma yɛde yɛn ho fi bɔne a ɛde owu ba ho na ɛma etumi yɛ yiye sɛ yebenya daa nkwa wɔ akwahosan ne anigye a ɛyɛ pɛ mu wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu no. (Yohane 3:16; 1 Yohane 4:10) Enti, nokware a ɛma yɛde yɛn ho no ne nokware a ɛfa Yesu Kristo ne afã a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mmamu mu ho no. Ahenni a Kristo yɛ so Hene no ne nea ɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so, na Yesu kɔɔ so dii saa nokware yi ho adanse.—Yohane 18:37.
Sɛnea Nokware no ma Ɔhome
8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ ɔkwan a nokware no nam so ma ɔhome no ho mfatoho?
8 Wobetumi de sɛnea nokware no ma ɔhome no atoto ɔbea bi a wɔaka akyerɛ no sɛ ɔwɔ akisikuru bi a ɛretrɛw ntɛmntɛm no ho. Saa nim a onim no ho adesoa ma ɔbotow bere a osusuw nea ebefi mu aba a ɛyɛ yaw na ebetumi asɛe no no ho no. Nanso, bere bi akyi no, okohu oduruyɛfo foforo anaasɛ wɔyɛ nhwehwɛmu foforo. Sɛ nhwehwɛmu no da no adi sɛ ɛbɛyɛ sɛ na mfomso wɔ nea wodii kan kae no mu anaasɛ wate apɔw ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so a, wubetumi de w’ani abu ahotɔ nkate a ɛyɛ nwonwa a obenya no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ ɔhome ma ne kra!
9. Ɔkwan bɛn so na Yesu nam nokware a ɔkyerɛkyerɛe no so maa nkurɔfo nyaa ahotɔ?
9 Ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere a Yesu baa asase so no, na atetesɛm nhyehyɛe hunu ama nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no abrɛ. Yesu ka faa akyerɛwfo ne Farisifo a na wɔn na wɔkyerɛkyerɛ atetesɛm no ho sɛ: “Wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” (Mateo 23:4; Marko 7:2-5) Bere a Yesu de nokware a ɛmaa nkurɔfo dee wɔn ho ni atetesɛm a ɛde wɔn ayeyɛ nkoa no ho maa wɔn no, ɔhome bɛn ara na wonyae sɛɛ yi! (Mateo 15:1-9) Ɛnyɛ soronko biara nnɛ.
10. Nnesoa a eyi anigye fi hɔ bɛn na ɛsoso nnipa pii, na sɛ obi besua nokware no na eyi eyinom fi hɔ a, obetumi ate nka dɛn?
10 Ebia na woyɛ obi a esiane atoro som nkyerɛkyerɛ adesoa a emu yɛ duru nti, na wusuro sɛ wɔbɛyɛ wo ayayade wɔ hellgya anaa ahodwiragya mu wɔ owu akyi. Anaasɛ bere a wo dɔfo bi wui no, ebia wo botowee bere a ɔsɔfo bi ka kyerɛɛ wo sɛ Onyankopɔn afa wo ba a wopɛ n’asɛm kɛse no efisɛ Ohia ɔbɔfo foforo—te sɛ nea Onyankopɔn hia wo ba no kyɛn w’ankasa. Ɛtɔ mmere bi a asɔfo ka kyerɛ nkurɔfo a wɔyare nso sɛ ɛyɛ nnome a efi Onyankopɔn hɔ. So ɛnyɛ ɔhome ampa sɛ wubesua Bible mu nokware ahorow a ɛma obi de ne ho fi nyamesom mu atosɛm ahorow ho no? Ɔhome nkate bɛn ara na eyi de ba sɛɛ yi!—Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4; Yohane 9:2, 3.
11. (a) Nnesoa akɛse a ɛsen biara no mu biako ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na wobetumi ayi afi hɔ? (b) Ɔhome bɛn na Yesu de maa abɔnefo bere a na ɔwɔ asase so no?
11 Nnesoa akɛse a wɔsoa no mu biako ne bɔne a yɛayɛ ho afobu. Ɛma ɔhome sɛ wubehu sɛ esiane Kristo afɔre no bo a ɛsom nti, wobetumi ayi bɔne ahorow yi afi hɔ. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Yesu mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa mu.’ (1 Yohane 1:7) Ɛmfa ho sɛ nnebɔne bɛn ara na ebia yɛayɛ no, sɛ yenu yɛn ho nokwarem na yesiesie yɛn akwan a, yebetumi anya ɔhome a ɛma ahotɔ a efi ahonim a emu tew ne awerɛhyem a ɛne sɛ Onyankopɔn renkae yɛn bɔne bio no mu ba no. (Dwom 103:8-14; 1 Korintofo 6:9-11; Hebrifo 10:21, 22) Ɔhome bɛn ara na Yesu de maa wɔn a bɔne ayɛ wɔn nnesoa, te sɛ nguaman ne towgyefo te sɛ Sakeo no sɛɛ yi! Yesu de Bible mu nokware ahorow kyekyee wɔn werɛ bere a ɔne wɔn didii no.—Luka 5:27-32; 7:36-50; 19:1-10.
12. (a) Nnipa a wɔwɔ ɔhaw tebea horow bɛn mu na Yesu maa wɔn ɔhome? (b) Wɔ afeha a edi kan no mu no, henanom na Yesu kyerɛɛ wɔn wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so sɛ ɔne “kwan ne nokware ne nkwa”?
12 Nnipa afoforo pii soso nyarewa ahorow, adwenemhaw a emu yɛ den, ne awerɛhow kɛse a efi ɔdɔfo bi wu mu ba nnesoa a emu yɛ duru. Nanso, Yesu maa wɔn a wɔtete saa a na “wɔayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa wɔn nnosoa” no nyinaa ɔhome. (Mateo 4:24; 11:28, 29) Ɔsaa ɔbea bi a na wahwehwɛ ayaresafo mmoa mfe 18 nanso anyɛ yiye no yare. Yesu saa ɔbarima bi a na wayare mfe 38, ne ɔfoforo bi a wɔwoo no na n’ani afura no yare. So wubetumi de w’ani abu wɔn ɔhome no bere a Yesu saa wɔn yare no? (Luka 13:10-17; Yohane 5:5-9; 9:1-7) Nokwasɛm no ne sɛ wɔn a wɔde gyidi baa Yesu nkyɛn no nyinaa baa nokware ɔhome ne nkwa fibea. Wɔ okunafo a onyaa ne ba koro pɛ no fii owu mu ne awofo a wonyan wɔn babea a na wadi mfe 12 no fam no, Yesu kyerɛe ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so sɛ ɔne “kwan ne nokware ne nkwa” ampa.—Yohane 14:6; 17:3; Luka 7:11-17; 8:49-56.
13. Hena na Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnan nkɔ ne nkyɛn nkɔhwehwɛ mmoa, na sɛ yɛde saa afotu yi di dwuma a, dɛn na ɛba?
13 Akyinnye biara nni ho sɛ mmere bi wɔ hɔ a wuhyia nsɛnnennen bi a ɛso kyɛn nea w’ankasa wubetumi adi ho dwuma. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnan nkɔ Yehowa nkyɛn nkɔhwehwɛ mmoa, sɛnea n’ankasa yɛe no. (Luka 22:41-44; Hebrifo 5:7) Sɛ yɛdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn daa wɔ mpaebɔ mu a, yɛne odwontofo a ɔkyerɛw eyi no benya nkate koro: “Nhyira ne [Yehowa] a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa, ɔno Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye.” (Dwom 55:22; 68:19) Yiw, nokware no a yebehu no de ɔhome ba ampa. Ɛma yɛbɛn Yehowa na ɛboa yɛn ma yehu sɛ ɛdenam ne mmoa so no, ebetumi ayɛ yiye sɛ yebedi asetra mu tebea horow a emu yɛ den sen biara no mpo ho dwuma nkonimdi mu.
Ɔhome a Ahenni Anidaso no de Ma
14. Dɛn na ɛwowaw Yesu wɔ ne sɔhwɛ ahorow mu, na sɛ yebenya ɔhome ama yɛn kra a, dɛn na ɛho hia kɛse?
14 Sɛ yebenya ɔhome ankasa ama yɛn kra a, ɛsɛ sɛ yenya anidaso a emu yɛ den. Anidaso ne ade a ɛwowaw Yesu. Bible no se: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Hebrifo 12:2) Ná anidaso a ɛyɛ anigye a ɛwowaw Yesu no ne nea ɛfa boa a ɔbɛboa ma wɔatew n’Agya din ho denam mudi mu a obekura so, ne sɛnea ɔbɛkyerɛ sɛ ɔfata sɛ Onyankopɔn Ahenni no mu Hene no. Yɛn anidaso adehu a emu da hɔ no mu a yebekura, sɛ́ yɛyɛ Kristo mfɛfo adedifo wɔ soro anaasɛ yɛyɛ ne manfo wɔ Paradise asase so no mu bi no, nso bɛwowaw yɛn wɔ Onyankopɔn som mu. Nokwarem no, saa anidaso no ho hia kɛse wɔ ɔhome a yebenya ama yɛn kra no mu.—Romafo 12:12.
15. Sɛ Ahenni anidaso no nnim a anka dɛn na yɛbɛyɛ wɔ yɛn asetra mu?
15 Susuw nea sɛ saa Ahenni anidaso no nnim a anka yɛbɛyɛ wɔ asetra mu no ho. Asetra mu mfe yɛ mfe 70 anaa ebia 80 pɛ. Na saa nna no kɔ ntɛmntɛm yiye, sɛnea obiara a ɔrenyin no bɛka akyerɛ wo no! Yiw, Bible no ka asetra ho asɛm nokwarem sɛ: “Etwam ntɛm so, na yetu kɔ.” (Dwom 90:10) Nanso, yɛbɛpɛ sɛ yɛn nna ware. Yɛpɛ sɛ yɛtra ase. Pii wɔ hɔ a yɛbɛyɛ na yɛanya mu anigye.
16. Sɛ yebenya ɔhome ama yɛn kra a, dɛn na ɛho hia sɛ yɛyɛ?
16 Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia kɛse sɛ yɛde gyidi ba “Yesu Kristo a ɔne yɛn anidaso” no nkyɛn! (1 Timoteo 1:1) Sɛnea ɔkae no: “Eyi ne m’Agya apɛde, sɛ obiara a ohu Ɔba no na ogye no di no nnya daa nkwa.” (Yohane 6:40, 51, New World Translation) So yegye ɛno di? Sɛ yebenya ɔhome ama yɛn kra a, ɛsɛ sɛ yegye di koraa. Sɛ ennim a yɛrennya. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ “nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw.” (1 Tesalonikafo 5:8; fa toto Hebrifo 6:19 ho.) Ɛsɛ sɛ saa anidaso no bɔ yɛn adwene, yɛn nsusuwii ho ban. Anyɛ saa a, nnesoa ne nsɛnnennen bɛma yɛabrɛ araa ma yebegyae mu na daa nkwa abɔ yɛn. Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na woanya ɔhome ama wo kra no, hwɛ sɛ wobɛma w’Ahenni anidaso no mu ayɛ den.
Ɔhome a Efi Onyankopɔn Adwuma a Wɔyɛ mu Ba
17. (a) Sɛ yebenya ɔhome a, dɛn na wɔhwehwɛ, na dɛn nti na eyi nyɛ nea ɛboro yɛn so dodo? (b) Dɛn na ɛwɔ Kristo kɔndua a obi begye no mu?
17 Nanso sɛ yebenya ɔhome a, egye pii sen Yesu nkyɛn a yɛbɛba ara kwa. Ɔde kaa ho sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so [anaasɛ “Mommra me kɔndua ase”], na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:29, 30, New World Translation, asehɔ asɛm) Kɔndua a obi fa kyerɛ adwuma. Nanso hyɛ no nsow sɛ Yesu nka sɛ yɛmfa kɔndua no nto yɛn ho so na yɛn nkutoo nyɛ adwuma no nyinaa. Yɛne no nyinaa na ɛbɛfa kɔndua no. Wɔ eyi mu no, nea ɛka kɔndua a Kristo de rema no a yebegye no ho ne ahosohyira a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn, yɛde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne, na afei yɛafa Kristoni suani a yɛbɛyɛ ho asɛyɛde no ato yɛn ho so. Nanso ɔkwan bɛn so na osuaniyɛ kɔndua a ɛte saa no bɛma wɔanya ɔhome?
18. (a) Dɛn nti na Kristo kɔndua no a wobegye no de ɔhome ba? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no ma yenya anigye ne ɔhome?
18 Kristo kɔndua a obi gye no ma onya ɔhome efisɛ Yesu dwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu. Esiane sɛ ɔnyɛ katee nti, ɔhome wom sɛ wo ne no bɛyɛ adwuma wɔ kɔndua biako ase. Osusuw yɛn sintɔ ne mmerɛwyɛ ahorow ho. Sɛnea ɔkae no, “Me kɔndua yɛ mmerɛw.” Ampa, adwuma wɔ osuaniyɛ kɔndua no ho, asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yesu yɛe na ɔtetee n’akyidifo a wodi kan no wom no ara. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8) Nanso, adwuma a ɔhome wom bɛn ara ni sɛ yɛbɛka yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no, ne Ba no, ne Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo! Ɔhome bɛn ara ni sɛ wobɛkyerɛ nkurɔfo sɛnea wobetumi atra ase daa wɔ Paradise! Na sɛ wɔyɛ Ahenni nkrasɛm a ɛma nkwa no ho ade ɔkwampa so na wɔbɛka yɛn ho wɔ Yehowa Nyankopɔn som mu a, yɛn anigye yɛ kɛse dɛn ara!—1 Timoteo 4:16.
19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hyɛ Mose n’ase afotu no nsow yiye nnɛ?
19 Wɔ nnansa yi mfe no mu no, ɔpepem pii aba Yehowa ahyehyɛde no mu a wohia mmoa wɔ Kristo kɔndua no a wobegye no mu, na eyi ma Ahenni adawurubɔfo ne wɔn ahwɛfo no adwuma yɛ kɛse. Wɔ honhom mu ahwɛfo a wɔte saa no fam no, ɛfata sɛ wɔhyɛ afotu a odiyifo Mose n’ase de maa no no nsow. Ɔde saa afotu yi maa Mose: “Nea woyɛ yi nye. Ɔbrɛ na wo ne ɔman a wɔka wo ho yi bɛbrɛ, efisɛ ade yi yɛ duru dodo ma wo, na wo nko worentumi nyɛ.” Enti otuu Mose fo ma ɔpaw mmarima a wɔyɛ den ma ɔne wɔn yɛɛ ɔman no hwɛ adwuma no. Saa afotu yi akyi a odii no yɛɛ adwuma. (Exodus 18:17-27) Ɛnnɛ, ntetee a wɔkɔ so de ma bɛma wɔanya mmarima a wɔyɛ den, ‘akyɛde ma nnipa,’ a wobetumi anya nguanhwɛ adwuma no mu kyɛfa sɛnea ɛbɛyɛ a asafo mu mpanyimfo no remmrɛ.—Efesofo 4:8, 16.
20. Dɛn na Kristo ne n’Agya hwehwɛ fi yɛn hɔ?
20 Ɛwom sɛ Kristo tuu n’akyidifo fo sɛ wɔnnyere wɔn ho de, nanso ɔno anaa n’Agya nhwehwɛ sɛ yɛn mu bi bɛyɛ aboro nea ntease wom. Bere bi, bere a ebinom kasa tiaa Lasaro nua Maria wɔ nea na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ama Yesu ho no, Yesu kaa wɔn anim sɛ: “Munnyaa no! . . . Wayɛ nea obetumi.” (Marko 14:6-8; Luka 13:24) Na ɛno ne nea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho nyinaa—sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi. Kristofo dwumadi a ɛte saa no nyɛ adesoa na mmom ɛyɛ ɔhome. Dɛn ntia? Efisɛ ɛde mprempren nokware akomatɔyam ne daakye mfaso horow a ɛtra hɔ daa ho anidaso a ɛyɛ nokware ba.
21. (a) Dɛn ne Kristo adesoa a emu yɛ hare no, na mpɛn pii no dɛn na ɛma yɛn asɛnka adwuma no yɛ den? (b) Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo pintinn sɛ yɛbɛyɛ dɛn, na anidaso a ɛyɛ nokware bɛn na ebefi mu aba?
21 Ampa, Satan bɛhwɛ sɛ wɔbɛtaa yɛn, sɛnea wɔtaa yɛn yɔnko kɔndua soafo, Yesu Kristo no. (Yohane 15:20; 2 Timoteo 3:12) Nanso kae sɛ ɛnyɛ Kristo adesoa a ɛyɛ hare no na emu yɛ duru. Mmom no, ɛyɛ Satan ne n’adwumayɛmafo ɔsɔretia na mpɛn pii no ɛma yɛn adwuma no yɛ den saa. Nea ɛwɔ Kristo adesoa no mu ara ne sɛ yɛbɛtra ase ma ɛne Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ahyia, na eyinom mu nyɛ duru. (1 Yohane 5:3) Ɛnde, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so ne Kristo asoa ne kɔndua no, na yɛayere yɛn ho wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu, sɛnea ɔyɛe no. Sɛ yɛyɛ saa a, sɛnea ɔkae no, ‘yebenya ɔhome ama yɛn kra.’
Wubebua Dɛn?
◻ Sɛnea Romafo 8:22 kyerɛ no, tebea bɛn na adesamma aba mu?
◻ Akwan bɛn so na nokware no a wohu de nokware ɔhome ba?
◻ Dɛn nti na Ahenni anidaso no ma ɔhome saa?
◻ Dɛn ne Yesu kɔndua no, na dɛn nti na ɛyɛ mmerɛw?
◻ Adesoa bɛn a yɛbɛsoa na ɛbɛma yɛanya ɔhome?