Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 11/1 kr. 10-15
  • Ɛhe Na Nokware A Ebetumi Ama Yɛade Yɛn Ho No Wɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe Na Nokware A Ebetumi Ama Yɛade Yɛn Ho No Wɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Horow A Ennyina Nokware So
  • Nyamesom “Nokware” A Wɔsɔ Hwɛ
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛto Nokware Nyankopɔn No So
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Onipa “Wiase Nhyehyɛe Foforo” No Abɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Di Yehowa Akyi na Nya Ahofadi Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 11/1 kr. 10-15

Ɛhe Na Nokware A Ebetumi Ama Yɛade Yɛn Ho No Wɔ?

“Yesu see [wɔn sɛ] . . . mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”​—YOHANE 8:31, 32.

1. Ahofadi ahorow a nnipa a wɔwɔ wiase yi mu ahwehwɛ no bi ne nea ɛwɔ he?

AHOFADI! Saa asɛm yi akanyan nkurɔfo adwene ne wɔn koma mfehaha pii! Wɔako ahofadi ɔko ahorow. Nnipa ɔpepem pii awuwu wɔ ho. Pii ate nka te sɛ Amerikani ɔmanyɛfo Patrick Henry wɔ mfirihyia 200 a atwam no mu bere a ɔkae sɛ: “Ma me ahofadi anaasɛ ma me owu” no. Wɔ Wiase Ko II bere no mu no, Ɔmampanyin Franklin D. Roosevelt hwehwɛɛ “ahofadi ahorow anan”: ɔkasa mu ahofadi, ɔsom mu ahofadi, ohia mu ahofadi ne osuro mu ahofadi.

2, 3. Ɛsɛ sɛ ahofadi ankasa yɛ nea dɛn ka ho?

2 Nanso, wɔ adwene a emu dɔ mu no, ɛsɛ sɛ ahofadi ankasa yɛ nea nneɛma a ɛsen saa ka ho. Sɛ nhwɛso no, so saa ahofadi ahorow no bi betumi ama yɛanya ahofadi wɔ ɔdesani sintɔ mu? So ebetumi ama yɛanya ɔyare mu ahofadi? Bio nso, ɛmfa ho sɛ ahoɔden bɛn ara na ebia obi wɔ no, nokwasɛm a emu yɛ den yi da n’anim sɛ, ɛnkyɛ na nnipa nyinyin na wowuwu. Dɛn na obi betumi anya wɔ ɔdamoa no mu? Bible no ma mmuae sɛ: “Na awufo de, wonnim biribiara.” Ɛno nti na ɛka nso sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu” no.​—Ɔsɛnkafo 9:4, 5.

3 Sɛ yɛbɛde yɛn ho ankasa sɛnea asɛmfua no kyerɛ no a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yefi sintɔ, ɔyare ne owu nkoasom ase. Na yiw, nea ɛka ho nso a ohia sɛ woyi fi hɔ ne ohia, nhyɛso, nsɛmmɔnedi ne akodi, nneɛma bɔne a ayɛ abakɔsɛm mu ma no. Nanso hena na obetumi ama yɛn nsa aka ahofadi ahorow a ɛte saa? So oduruyɛfo bi betumi anya aduru a ɛbɛsa akisikuru, komayare ne nyarewa afoforo a aka nyinaa ankasa? So nyansahufo bi betumi ayɛ biribi a ɛremma yenyinyin na yenwuwu anaasɛ, ɔbɛma yɛasan aba nkwa mu bere a yɛawu no? So amansɛmdifo panyin bi betumi ahyɛ asomdwoe wɔ asase so ne ɔko mu ahofadi daa ho bɔ? So kurow sohwɛfo anaa polisifo panyin bi wɔ kurow bi mu wɔ wiase a obetumi ama wɔanya ahofadi afi nsɛmmɔnedi mu koraa? Sikasɛm nhyehyɛe bɛn na ebetumi ama yɛade yɛn ho afi ohia, adwuma a wonnya nyɛ anaa nneɛma bo a ɛkɔ soro mu, na ɛde yiyedi ankasa abrɛ obiara​—daa?

4. Ɛsɛ sɛ ahofadi ankasa yɛ nea egyina dɛn so?

4 Sɛ anidaso bi wɔ hɔ sɛ tebea bɔne horow pii a mprempren ɛremene adesamma no betumi afi hɔ a, ɛnde ɛsɛ sɛ ano aduru no yɛ nea ogyina nokware so. Ahofadi ankasa rentumi nyɛ nea egyina nnaadaa anaa atoro so. Enti, sɛ obi, sɛ́ ɔyɛ wiase kannifo, nyansahufo, sikasɛm ho ɔbenfo anaa ɔsɔfo, kyerɛ nea ɛde ahofadi ahorow a yɛhwehwɛ no bɛba a, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: So ɔreka nokware? Na adesamma de bere tenteenten asɔ ahwɛ sɛ ebia nnipa adwenkyerɛ, bɔhyɛ ne mmɔdenbɔ ahorow no ne nokware no hyia.

Anidaso Horow A Ennyina Nokware So

5. Ɛhe na ɔyare mu ahofadi ho anidaso no anya mmamu akodu?

5 Sɛ nhwɛso no, wɔ mfe dudu bi a atwam mu no nnipa pii tee nka sɛ bere a wonya aduyɛ mu nimdeɛ no, adesamma bɛde wɔn ho afi ɔyare ho. Bere a wɔanya nkɔso ahorow pii wɔ aduyɛ mu no, so eyi ama wɔanya ɔyare mu ahofadi? Dabi, efisɛ nyarewa te sɛ akisikuru ne komayare yɛ nea abu so kɛse. Bere bi nso na wosusuw sɛ wobedi mmaninyare so nkonim denam nnuru horow a ɛyɛ nwonwa foforo a wɔanya no so. Nanso Britaniafo aduyɛ ho atesɛm krataa a wogye tom kɛse The Lancet no bɔ amanneɛ sɛ: “Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ sɛ wɔ wiase nyinaa no babaso ka nnipa foforo bɛyɛ ɔpepem 250 na kekae nso ka ɔpepem 50 foforo afe biara. Mmaninyare afoforo wɔ hɔ a ebia abu so sen saa mpo.”​—Fa toto Mmebusɛm 7:10, 21-23 ho.

6. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ nyansahu ne mfiridwuma adi huammɔ?

6 Na anidaso kɛse a nyansahu ne mfiridwuma ma wonyae bɛyɛ afeha biako anaa abien a atwam ni no nso ɛ? Sɛ nhwɛso biako pɛ no, wɔkamfoo lɔre, sɛ ɛkyerɛ nkɔso kɛse a wɔanya, na wɔ akwan bi so no na ɛte saa. Nanso ɛde nkyereso aba nkurow akɛse mu a nnyigyei a ano yɛ den ne efĩ ka ho. Afe biara nnipa a wɔboro 200,000 wuwu wɔ lɔre akwanhyia ahorow mu, na ɔpepem pii pirapira wɔ wiase nyinaa! Nea afi mfiridwuma ho nimdeɛ mu aba a ɛyɛ awerɛhow no yɛ nea Orville Wright, a ɔyɛ wɔn a wodii kan yɛɛ wimhyɛn mu biako no kaa ho asɛm. Wiase Ko II bere no mu no ɔkyerɛw nea edi so yi kɔmaa Henry Ford sɛ: “Ná me ne Wilbur susuw sɛ wimhyɛn no bɛma wiase asomdwoe akɔ so ntɛmntɛm. Nanso ɛte sɛnea nea ɛbɔ ɛno abiara na aba. Misusuw sɛ bere a wode adwene a ɛne nneɛma a wotumi yɛ no pii bere tiaa mu​—nyansahude a ɛsen biara wɔ mfe no mu biako​—bae no, woansusuw sɛ wɔde bɛyɛ akode akɛse a wɔde bɛsɛe wiase. Ɛyɛ me sɛ wɔrentumi mfa biribi a mfaso wɔ so bi mma a obi nhu ɔkwammɔne a ɔbɛfa so de adi dwuma.”

7. So wiase yi sikasɛm nhyehyɛe horow no bi betumi de yiyedi abrɛ obiara?

7 So mfehaha pii a wɔde asɔ sikasɛm nhyehyɛe horow ahwɛ no ama wɔanya nea eye na ɛde daa yiyedi brɛ obiara? Dabi, efisɛ mprempren sikasɛm mu ahokyere na ɛrekɔ so. Sɛnea Jack Weldon a ɔyɛ sikasɛm ho ɔbenfo wɔ Montreal McGill Sukupɔn mu kae no: “Sikasɛm ho ɔdenimfo biara a waben na ɔka nokware begye atom sɛ yennim sɛnea yebedi ɔhaw akɛse a aman a wɔanya nkɔso kɛse wɔ mfiridwuma mu no pii rehyia mprempren no ho dwuma ankasa.” Tebea no mu yɛ den kɛse mpo wɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse no mu. Time nsɛmma nhoma bɔ amanneɛ. Sɛ wɔ ɔman a ɛte sɛɛ biako mu no “mmofra a wɔboro ɔpepem 2 wɔ hɔ a wɔn awofonom a ahia wɔn agyaw wɔn hɔ, ne ɔpepem 14 foforo a wɔte ohia mu araa ma ɛte sɛnea sɛ wɔagyaw wɔn hɔ a anka eye.” Philippine Daily Express kae wɔ wiase no fã foforo ho sɛ: “Wobu akontaa sɛ Asiafo a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepepem fã [ɔpepem 500] ka wɔn a ‘wodi hia koraa’ no ho na wɔn dodow no yɛ nea ɛbɛsan akɔ soro.”

8. Ɛhe na demokrase de ahotɔ ankasa abrɛ nnipa no akodu?

8 Wɔ Wiase Ko I bere no mu no wɔkae sɛ wɔreko saa ɔko no “na ama wiase no ayɛ nea asomdwoe wom ma demokrase.” Ɛnnɛ aman kakraa bi na wɔyɛ demokrasefo. Na wɔ faako a wɔkyerɛ sɛ adi nkonim mpo no, ahotɔ bɛn na nnipa no wɔ? Wɔ Amerika no mmusua abiɛsa biara mu biako ahu nsɛmmɔnedi bi mu amane. Asennibea Kunini Temmufo Panyin Warren Burger kae sɛ: “Yɛrebɛn tebea a ɛne ɔman a ayɛ mmerɛw​—ɔman a ahoɔden a ɛwɔ sɛ ɛbɛma wɔanya ahotɔ a ɛho hia wɔ mmorɔn so, sukuu mu, ne wɔ nnipa no afie mu, ho aba asɛm.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wɔ mfe 10 a atwam no mu no, yɛn man yi mpanyimfo ne aman afoforo so de aka amanaman ntam nsɛmmɔnedi ho asɛm. Nanso sɛnea nsɛmmɔnedi kɔ so da biara wɔ yɛn ha, wɔ ɛkame ayɛ sɛ Amerika kurow kɛse biara mu no dɔɔso sen dodow a wɔn ho kaa mu wɔ ‘amanaman ntam nsɛmmɔnedi ahorow’ nyinaa a wɔabɔ ho amanneɛ wɔ afe biara mu mu.”​—Fa toto Ɔsɛnkafo 8:11 ho.

9. Nkɔm ahorow a wɔhyɛe sɛ akodi begyae no kowiee dɛn wɔ afeha yi mu?

9 Wɔkaa Wiase Ko I ho asɛm nso sɛ “ɔko a ɛbɛma akodi agyae.” Encyclopedia Americana se: “Wɔ ɔko no mu no amansɛmdifo ne afoforo a wɔka ho kaa asomdwoe mmere a ɛbɛba, bere a akodi nni hɔ bio, wɔrenyɛ akode bio, aman ne wɔn ho renni aperepere bio, ho asɛm.” Nanso nea ɛbɔ ɛno abiara na ɛbɛdaa adi sɛ ɛyɛ nokware. South Afrikafo atesɛm krataa The Natal Mercury no kae nnansa yi sɛ: “Ɔmampanyin Woodrow Wilson kaa Wiase Ko I ho asɛm sɛ ‘ɔko a ɛbɛma akodi agyae.’ Anka n’asɛm no bɛyɛ nokware paa sɛ [ɔfrɛɛ no] ‘ɔko a ebeyi asomdwoe afi hɔ’ a.” Asɛm no de kaa ho sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ akɔ so wɔ wiase fi 1914 sen bere biara wɔ abakɔsɛm mu.” Sika a wiase no sɛe mprempren wɔ sraadi ho afe biara boro dɔla ɔpepepem 500. Ɛnnɛ aman ahorow no wɔ nuklea akode a ebetumi asɛe nkurow akɛse a ne dodow boro ɔpepem biako, nkurow a ɛdɔɔso koraa sen dodow a ɛwɔ hɔ.

10. Dɛn ne nokware a ɛfa nkɔso biara a nnipa mmɔdenbɔ ama wɔanya wɔ nneɛma ahorow mu no ho?

10 Dabi, nokware no ne sɛ, sɛ́ nkɔso bɛn ara na wɔanya wɔ nneɛma ahorow mu no, ɛmmaa adesamma nnee wɔn ho mfii nsisi, amanehunu, ohia, nsɛmmɔnedi, ɔko, ehu, ɔyare ne owu mu. Enti, wiase akannifo nsɛm a wɔkeka, wɔn bɔhyɛ ne adwenkyerɛ ahorow no anyɛ nea egyina nokware so, sɛnea adanse wɔ mfehaha pii mu kyerɛ pefee no. Ɛte sɛ nea Bible no ka wɔ 2 Petro 2:19 no: “Wɔhyɛ wɔn adehyedi ho bɔ, na wɔn ankasa de, wɔyɛ ɔporow nkoa.”

Nyamesom “Nokware” A Wɔsɔ Hwɛ

11. Sɔhwɛ bɛn na wobetumi de adi dwuma wɔ nyamesom mu nokware a wɔka sɛ wɔwɔ no ho?

11 Ɛnyɛ ahofadi wɔ tebea horow a ɛyɛ awerɛhow a abu so kɛse nnɛ no mu nko na yehia na mmom ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho wɔ adwene mu nkoayɛ a efi atoro nyamesom nkyerɛkyerɛ horow mu ba no mu. Nanso Kristoman asɔre horow no ne afoforo a wɔaka wɔ wiase yi mu no kyerɛ sɛ wɔn gyidi horow no yɛ nokware. Ɛno ka nyɛ den, nanso dɛn na nokwasɛm ahorow no kyerɛ? Kae, Onyankopɔn Asɛm no se: “Gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Bio nso, Yesu kae sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye atoro adiyifo ho, na wɔnam nguanten nhoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu de, wɔyɛ mpataku adifudepɛfo. Wɔn aba na mode behu wɔn. Yiw, ɛnyɛ nea wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ so kɛkɛ na wonam tumi hu sɛ nyamesom ahyehyɛde horow no yɛ nokware anaa atoro, na mmom denam aba a wɔsow so. Ɛdefa atoro no ho no, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa na wɔde gu gya mu.”​—Mateo 7:15-20.

12. Dɛn na tebea a wiase yi nyamesom horow wom no da no adi?

12 Sɛ nyamesom bi gyina nokware no ananmu a, akyinnye biara nni ho sɛ aba a esua koraa a ɛsɛ sɛ ɛsow ne sɛ ɛbɛma biakoyɛ aba wɔn a wɔwom no mu. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ nokware no ‘nyinaa yɛ biako.’ (Yohane 17:21) Afei nso Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ: “Mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” (1 Korintofo 1:10) Eyi na ɛsɛ sɛ ɛba wɔ wɔn a wogyina Onyankopɔn ananmu nokwarem no fam, efisɛ “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Korintofo 14:33) Nanso nyamesom ahorow a ɛwɔ wiase yi mu no mu apaapae ayɛ akuw ne ɔsom ahorow mpempem pii, ne nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe horow a ɛbɔ ne ho abira a ɛnyɛ nea ɛkɔ so wɔ asɔre horow no ntam nko na mmom mpɛn pii wɔ asɔre koro no ara mu. Basabasayɛ ne mfomso yi rentumi nyɛ nea efi Onyankopɔn. Leaders’ Vision, nyamesom nsɛmma nhoma wɔ Australia, gye toom sɛ: ‘Sɛ́ wobɛtra tebea a mpaapaemu wom mu kyerɛ tebea a ɛyɛ bɔne wɔ Bible mu a wɔtra mu. Yɛyɛ wɔn a wɔpow Honhom Kronkron adwuma a aniwa hu.’

13. (a) Atoro nyamesom mpaapaemu no akowie dɛn mu? (b) Ɛnde atoro nyamesom a ɛte sɛɛ fi hena?

13 Adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ nyamesom ahorow yi rentumi nyɛ nea egyina hɔ ma nokware no, na ɛrentumi nyɛ nea efi Nyankopɔn, da adi wɔ nea efi wɔn mu a apaapae no mu ba no mu. Sɛ nyamesom bi kyerɛkyerɛ nokware no a, ɛda adi mfitiase no ara sɛ anyɛ yiye koraa no, ɛnsɛ sɛ emufo kunkum wɔn ho wɔn ho. Anyɛ saa a, nokware bɛn, onuayɛ bɛn na ɛno bɛyɛ? Nanso abakɔsɛm kyerɛ sɛ nnipa a wɔwɔ wiase yi nyamesom horow koro mu akunkum wɔn ho wɔn ho ɔpepem pii bere nyinaa wɔ ɔko bere mu esiane sɛ wɔte aman afoforo so ara kwa nti. Ɛtɔ bere bi a nnipa a wɔwɔ asɔre koro mu kunkum wɔn ho wɔn ho wɔ ɔman koro mu wɔ ntawntawdi ne ɔman anidan ahorow mu. Bible no ka wɔ 1 Yohane 3:10-12 sɛ, ɛyɛ “ɔbonsam mma” na wokunkum wɔn ‘nuanom.’ (Fa toto Genesis 4:8 ho.) Onyankopɔn mma nyɛ saa, na mmom wɔwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn ho wɔn ho. Yesu kaa no pefee sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”​—Yohane 13:35.

14. Sɛ wode Yesu asɛm “wɔn aba na mode behu wɔn” no di dwuma a, dɛn ne nokware a ɛfa wiase nyamesom ho?

14 Enti, ɛdenam wɔn aba bɔne, wɔn mpaapaemu, wɔn akodi, ne afei ɔbrasɛe ne nyaatwom a ɛrekɔ so kɛse wɔ wiase yi nyamesom ahorow mu so no, wɔda no adi pefee sɛ wonnyina hɔ mma nokware no​—wonnyina Onyankopɔn ananmu. Wɔyɛ nnua bɔne a ɛsow aba bɔne ampa a ayɛ nea ɛsɛ sɛ “wotwa na wɔde gu gya mu.”

Yɛn Ho A Yɛde Bɛto Nokware Nyankopɔn No So

15. Hena so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to, na dɛn ntia?

15 Tumi a nnipa rentumi mfa nokware ahofadi mma wɔ nneɛma a ɛho hia wɔ asetra mu no mu no si nea wɔaka wɔ Bible mu wɔ Yeremia 10:23 no so dua: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Dabi, Onyankopɔn amma onipa tumi anaa hokwan sɛ ɔnne ne ho wɔ N’akwankyerɛ ho na onni yiye. Eyi ne ade biako nti a Onyankopɔn ama kwan mfe mpempem pii ma onipa ankasa adi ne ho so a ɔmfa ne ho nnye mu no, ma wɔde akyerɛ prɛko sɛ nniso a ɛte sɛɛ rentumi mfa nokware ahofadi ne anigye mma. Enti, Dwom 146:3 tu fo wɔ nyansam sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Ɛnde hena na yebetumi de yɛn ho ato no so? Bible no bua sɛ: “Fa wo koma nyinaa, bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”​—Mmebusɛm 3:5, 6.

16. Ahotoso bɛn na yebetumi anya wɔ Yehowa mu?

16 Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso a edi mu sɛɛ wɔ Yehowa mu? Efisɛ sɛnea Dwom 31:5 ka no, ‘[Yehowa] ne nokware Nyankopɔn no.’ Sɛ yɛpɛ nokware a ɛfa asetra mu nsɛm atitiriw no nyinaa ho ne nsemmisa a ɛma wiase akannifo mpo yɛ basaa no ho mmuae ampa a, Onyankopɔn na ɔwɔ. Esiane sɛ “Onyankopɔn ntumi nni atoro” nti, nea ɔka na ɛbɛyɛ hɔ. “Asafo [Yehowa] aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no saa ara na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.”​—Hebrifo 6:18; Yesaia 14:24.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de nokware fibea ama wɔn a wɔdɔ nokware ankasa?

17 Onyankopɔn bɛma wɔn a wɔhwehwɛ nokware ampa ahu ne nokware no, efisɛ wɔ Yohane 8:32 no, Yesu kae sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.” Wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn mu no, ɔkae nso sɛ: “ W’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:17) Ɛhe na wɔada Onyankopɔn “asɛm,” ne nokware no adi wɔ? Ɔsomafo Paulo ma mmuae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” (2 Timoteo 3:16) Enti ade nyinaa so tumfoɔ a ɔyɛ amansan yi Bɔfo no kyerɛ sɛ ɔno na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Ɔnam n’adeyɛ tumi a ahoɔden wom, anaa honhom kronkron no so, maa nnipa anokwafo kyerɛw ne nsusuwii horow too hɔ. Enti sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no a, ɛte sɛ nea Onyankopɔn rekasa akyerɛ yɛn.​—1 Tesalonikafo 2:13; 2 Petro 1:20, 21.

18. Dɛn nti na ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobesusuw sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛ Bible no?

18 Ebinom kyerɛ sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Nanso nnipa tumi ma wɔkyerɛw nhoma ahorow, na Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa. So ɛnsɛ sɛ nnipa Bɔfo a ɔkorɔn kɛse no tumi yɛ nea nnipa a wɔba fam koraa tumi yɛ no? Ɛdenam anyinam ahoɔden nnwinade so no, nyansahufo de akwankyerɛ ma wimhyɛn wɔ ahunmu, kyerɛ wɔn kwan. Radio odwumayeni kasa gu afiri mu na wɔte n’asɛm no wɔ akyirikyiri, akwansin mpempem pii. Wofi ɔsram so mpo de nea ɛrekɔ so wɔ hɔ aba television so wɔ yɛn afi mu. Nanso Yehowa na ɔyɛɛ aso, aniwa, anyinam ahoɔden ne nnyigyei. Ɛdenam “n’ahoɔden kɛse” so no, so ɔrentumi mma ne nkoa anokwafo nsa nka ne nsɛm wɔ asase so? Ampa, amansan a ɛyɛ nwonwa yi Bɔfo no betumi ayɛ nhoma!​—Yesaia 40:26.

19. Dɛn nti na Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no a ebinom asete yɛ den?

19 Afoforo ka sɛ, ‘Nanso Bible no asete yɛ den.’ Yiw, ebi te saa. (2 Petro 3:16) Dɛn nti na Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no saa? Efisɛ ɔne Nea ɔkyerɛ obi a ɛsɛ sɛ onya nokware no. Ɔsomafo Paulo kae wɔ Onyankopɔn nokware ahorow no ho sɛ: “Miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii.” (1 Korintofo 3:6) Paulo kae wɔ Onyankopɔn nyansa ne ahintasɛm kronkron no ho nso sɛ: “Yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn.” (1 Korintofo 2:10) Enti Onyankopɔn de hokwan a wɔwɔ sɛ wobehu ne nokware ahorow no ma wɔn a wɔpɛ ankasa na wɔpɛ sɛ wɔde tra ase na wɔsom no nokwarem no nkutoo. “Awurade [Yehowa] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa . . . ansa.”​—Amos 3:7; Daniel 2:28, 47.

20. Ɛhe na nokware a ebetumi ama yɛade yɛn ho no wɔ?

20 Yiw, nokware Nyankopɔn bi wɔ hɔ. Wohu ne nokware ahorow no wɔ n’Asɛm a efi honhom mu, Kyerɛw Kronkron Bible, no mu. Ɔda Kyerɛwnsɛm kronkron no mu ntease adi kyerɛ ne nkoa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔyɛ biako no. Ɛnde, afei, nokware atitiriw a ɛwɔ n’Asɛm no mu bɛn na Onyankopɔn da no adi kyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware no, titiriw wɔ yɛn bere yi mu? Adesua a edi hɔ no bɛhwehwɛ bi mu.

So Wokae Nsɛm Yi?

□ Ahofadi bɛn na adesamma hia ankasa?

□ Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ wiase yi anidaso horow no adi huammɔ? Dɛn ntia?

□ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu nokware som ne atoro de?

□ Ntease horow bɛn na ɛwɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho nyinaa to Yehowa so?

□ Henanom na Yehowa yi ne nokware ahorow no adi kyerɛ wɔn?

[Kratafa 11 mfoni]

Ɛho hia kɛse sɛ adesamma de wɔn ho wɔ tebea horow a ɛyɛ awerɛhow pii mu

[Kratafa 13 mfoni]

Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ atoro nyamesom ho sɛ: “Dua biara a ɛnsow aba pa no, wotwa no wɔde gu gya mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena