Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Sɛ yɛbɛka paa a, nsonsonoe bi da Bible nsɛm “nguan foforo” ne “nnipakuw kɛse” no ntam?
Yiw, nanso sɛ obi de nsɛm abien no nyinaa kyerɛ ade koro a ɛnsɛ sɛ yɛma sɛnea ɔde asɛm no di dwuma no haw yɛn adwene tra so anaa ɛhyɛ yɛn abufuw.
Kristofo pii nim kyerɛw nsɛm a yehu saa nsɛm yi wom no. Biako ne Yohane 10:16. Yesu kae wɔ hɔ sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.” Asɛm foforo a ɛka ho, “nnipakuw kɛse,” no pue wɔ Adiyisɛm 7:9. Yɛkenkan sɛ: “Eyinom akyi no mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw.”
Ma yenni kan nsusuw Yohane 10:16 ho. Henanom ne nguan no? Wiɛ, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛkae sɛ wɔka Yesu akyidifo anokwafo nyinaa ho asɛm sɛ nguan. Wɔ Luka 12:32 no, ɔfrɛɛ n’asuafo a wɔbɛkɔ soro no sɛ “kuw ketewa.” Wɔyɛ dɛn kuw? Wɔyɛ nguankuw. “Kuw ketewa” no mu “nguan” no bɛyɛ ɔsoro Ahenni no mufo. Nanso, afoforo a ɛsono wɔn anidaso a Yesu bu wɔn sɛ nguan wɔ hɔ.
Yebetumi ahu eyi wɔ Yohane ti 10. Bere a Yesu kaa nguan, te sɛ n’asomafo no, a na ɔbɛpaw wɔn ama ɔsoro asetra ho asɛm wiei no, ɔka kaa ho wɔ nkyekyem 16 sɛ: “Mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba.” Yehowa Adansefo fi bere tenten ahu sɛ wɔ saa nkyekyem yi mu no, na Yesu reka nnipa a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so ho asɛm. Na anokwafo pii te sɛ Abraham, Sara, Noa, ne Malaki a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba no wɔ saa anidaso no. Enti yebetumi de wɔn aka “nguan foforo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yohane 10:16 no ho ma afata. Wɔ Mfirihyia Apem no mu no, wobenyan saa adansefo anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no, wobesua Kristo Yesu ho asɛm agye atom, na wɔabɛyɛ Oguanhwɛfo Pa no “nguan foforo.”
Yenim nso sɛ fi bere a wɔpaw kuw a wɔbɛtra soro wiei no, ɔpepem pii abɛyɛ nokware Kristofo. Wɔfrɛ eyinom nso sɛ “nguan foforo” ma ɛfata, efisɛ wɔnka “kuw ketewa” no ho. Mmom no, nnɛyi nguan foforo no hwɛ kwan sɛ wɔbɛtra asase so paradise.
Afei, dɛn na yebetumi aka wɔ nnipa ko a “nnipakuw kɛse” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no yɛ ho? Wiɛ, hwɛ nkyekyem 13 ne asemmisa, “Eyinom . . . yɛ henanom, na wofi he?” Yehu mmuae no wɔ Adiyisɛm 7:14: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu.” Enti wɔn a wofi ahohiahia kɛse mu ka anaasɛ, wonya nkwa wom no na wobom yɛ “nnipakuw kɛse” no. Sɛnea nkyekyem 17 ka no, wɔde wɔn ‘bɛkɔ nkwa nsuti ho’ wɔ asase so.
Nanso, ntease wom sɛ, sɛ eyinom befi ahohiahia kɛse a ɛreba no mu aka a, na ɛbɛyɛ sɛ wɔadi kan ahoro wɔn ntade wɔ Oguammaa no mogya mu, abɛyɛ nokware asomfo. Enti, ɛwom sɛ Adiyisɛm 7:9 reka nnipakuw yi ho asɛm wɔ ahohiahia no akyi de, nanso yebetumi de asɛm “nnipakuw kɛse” no agyina hɔ ama wɔn a wɔwɔ asase so anidaso a wɔde ɔsom kronn rema Yehowa nnɛ, ansa na ahohiahia kɛse bere a amanaman no tow hyɛ atoro som so no nyinaa aba no.
Ne tiaatwa mu ara ne sɛ, yebetumi aka sɛ “nguan foforo” no yɛ asɛm a ne ntease mu trɛw, a ɛfa Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daa no nyinaa ho. Nnɛyi nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔnnɔɔso saa a wɔreboaboa wɔn ano sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase atwa ahohiahia kɛse no ka ho. Saa Kristofo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ yi mu dodow no ara yɛ “nguan foforo” no ne “nnipakuw kɛse” no nso mufo.
Ɛfata sɛ yebetĩ mu aka sɛ, ɛwom sɛ eye sɛ yebehu nea eyinom kyerɛ pefee de, nanso ɛho nhia sɛ Kristoni bi haw ne ho dodo wɔ nsɛmfua ho—nea wobetumi afrɛ no sɛ nsɛmfua ho kateeyɛ no. Paulo bɔɔ kɔkɔ wɔ ebinom a ‘wɔhoman’ na wɔde wɔn ho hyɛ ‘nsɛmfua ho akyinnyegye’ mu ho. (1 Timoteo 6:4) Sɛ yɛn ankasa ahu sɛ nsonsonoe bi wɔ nsɛmfua mu a, ɛyɛ papa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ano kasa tia obi foforo a ebia ɔmfa Bible mu nsɛmfua nni dwuma pɛpɛɛpɛ anaa yɛyɛ saa wɔ yɛn komam.