Bible No Adwene
Nea Enti A Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Som Bo Ma Wo
NNIPA pii ka sɛ: “Sɛ yɛwɔ adanse pa a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a, anka yebegye adi.” Nanso, mpɛn pii no, nnipa a wɔte saa no ntumi nkyerɛ “adanse pa” a ehia a ɛbɛma wɔagye adi no. So ɛbɛyɛ anwonwade bi?
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow, nanso akyinnyegyefo powee sɛ wobegye atom sɛ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Kasamafo. Ɛdɛn, ebinom mpo kae sɛ Yesu ‘nam ahonhommɔne panyin Beelsebul so na etu ahonhommɔne’! Yesu gye toom sɛ anwonwade ahorow a ebinom yɛ no yɛ Satan nnwuma ankasa. (Luka 11:14-19; Mateo 7:22, 23) Enti wohia adanse foforo a ɛbɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm—biribi a ɛbɛkyerɛ sɛ Bible mu nsɛm no ankasa, nkrasɛm a ɛwom no fi Onyankopɔn ankasa.
Yenya adansefo a ɛte saa no wɔ Bible no ankasa mu—nkɔmhyɛ. Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa, sɛ nokware Nyankopɔn ne nyansa nyinaa Fibea no, tumi ka nea ebesi daakye mmere mu no sie, a yɛn ankasa de yi ka ho. (Dwom 31:5; Mmebusɛm 2:6; Yesaia 46:9, 10) Wayɛ eyi wɔ n’Asɛm a wɔakyerɛw no mu, na mpɛn pii no nsɛm a ɛwom no dɔɔso. Ma yensusuw nkɔmhyɛ kuw biako pɛ a ɛfa Yesu Kristo ho no ho.
Nkɔmhyɛ Ahorow a Ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia No
Bible nkɔmhyɛ ɔhaha pii nyaa ne mmamu wɔ Yesu Kristo mu.a Ebia ebinom begye akyinnye sɛ Yesu ne n’asuafo no kyinkyim nneɛma na ɛmaa eyinom tumi baa saa. Nanso so na ebetumi aba saa ankasa? Susuw nokwasɛm ahorow no bi ho.
Na Yesu anaa n’awofo mu biara rentumi nka nkyerɛ Roma kaesare bi sɛ ɔnyɛ mmara a ɛbɛma Yosef ne Maria akɔ wɔn kurow Betlehem mu esiane nnipakan ne towgye dinkyerɛw nti wɔ bere a wɔwoo Yesu no mu. Enti, Romafo a na wonni Bible nkɔmhyɛ mmamu ho anigye ɔkwan biara so no nyaa afã wɔ Yesu a wɔwoo no Betlehem de maa Mika 5:2 nyaa mmamu no mu.
Dodow a Yesu paa Yudafo nyamesom akannifo no nyaatwom ho ntama no,dodow no ara na wɔpɛe sɛ wobekum no. Nanso na ɛnyɛ ne manfo no ankasa na wɔbɛhyɛ wɔn nsa ase akum no. Sɛ Yudafo na wokum Yesu a, anka ɛda adi sɛ wobesiw no abo esiane sɛ na eyi ne ɔkwan a wɔnam so di kumfɔ ho dwuma wɔ Mose Mmara no ase nti. (Yohane 8:59; 10:31) Nanso, sɛnea nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ no, na ɛsɛ sɛ wɔde Mesia no sɛn dua so de yi “mmara nnome” no fi hɔ. (Fa Deuteronomium 21:22, 23 toto Galatifo 3:13 ho.) Na ɛsɛ sɛ ‘wɔma no so‘ sɛnea ɛbɛyɛ a ‘ɔbɛtwe nnipa nyinaa aba ne nkyɛn.’ (Fa Numeri 21:4, 9 toto Yohane 3:14 ne 12:32, 33 ho.) Bere a wɔsɛn no dua so sɛnea Romafo no yɛe no, na akyinnye biara nni ho sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow yi anya ne mmamu. Enti na Romafo a wonni anigye biara sɛ wɔbɛboa ama Bible nkɔmhyɛ ahorow anya mmamu no anya afã ama Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm ayɛ nokware bio.
Bio nso, bere a Yesu sɛn dua no so no, na biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ de akyerɛ nea wɔmmfa ne ntade nyɛ. Na ɔrentumi ne Romafo asraafo no nhyehyɛ sɛ wɔmmɔ so ntoto. Nanso wɔyɛɛ saa, sɛnea na Bibie nkɔmhyɛ aka asie no pɛpɛɛpɛ! (Dwom 22:18; Yohane 19:24) Bio, ɛyɛ Romafo asraafo na wɔmaa nkɔmhyɛ no yɛɛ nokware, na na ɛnyɛ Yesu anaasɛ n’asuafo no.
Yesu ka siei sɛ nneɛma bi besisi Yesusalem wɔ n’awo ntoatoaso no mu a na ɛbɛkyerɛ kurow no awiei a ɛba mpofirim. (Luka 21:5-24) Bɛboro mfirihyia 500 ansa na Yesu bere no reba no, na Daniel aka eyi asie. (Daniel 9:26, 27) Wɔ afe 70 Y.B. mu no, wɔsɛee Yerusalem. Yesu ne Daniel nsɛm no baam. Bio, Bible nkɔmhyɛ daa adi sɛ wotumi de ho to so.
So Wubenya Mfaso Afi Bible Nkɔmhyɛ Mu?
Hundreds of Bible prophecies found their fulfillment in Bible nkɔmhyɛ ahorow pii wɔ hɔ a afei na ebenya mmamu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa maa ne Ba Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no bɛba awiei, na trenee wiase foforo bi a ɛhyɛ ne soro Ahenni no ase adi akyi aba. (Mateo 24:3-24; Adiyisɛm 21:1-5; hwɛ 2 Petro 3:7-13 nso.) Wɔakyerɛw eyinom nyinaa wɔ Bible, Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm a ada adi bere nyinaa sɛ ɛyɛ nokware no mu. Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yesusuw ho anibere so anaa?
Dɛn na ɛbɛma mmofra bi a wɔn awofo ayɛ nnepa nkutoo ama wɔn mmere a atwam mu na wɔadi wɔn asɛm so bere nyinaa no agye wɔn ho kyim? Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, dɛn na ɛbɛma yɛagye Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde ne Ba no Ahenni no bɛba no ho kyim? Dɛn na ɛbɛma yɛagye adi sɛ Yehowa a wayɛ nnepa nkutoo ama n’abɔde wɔ mmere a atwam mu no bɛhwere wɔn ho anigye prɛko pɛ?
Akyinnyegyesɛm biara a ɛfata nni hɔ. Enti, yɛwɔ ntease nyinaa a ɛbɛma yɛanya Yehowa ne n’Asɛm mu ahotoso na yɛde yɛn anidaso ahyɛ ne mu. Ne nkɔmhyɛ asɛm a wotumi de ho to so no ma yɛn asetra mu atirimpɔw bi. Ɛkyerɛ yɛn dwumadi kwan kɔ botae pa bi so. Ɛsom bo kɛse ma yɛn nnɛ ampa.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Sɛ nhwɛso no, yɛsrɛ wo hwɛ nhoma “Let Your Kingdom Come” a Watchtower Bible and Tract Society of New York, lnc. kyerɛwee no kratafa 67.
[Kratafa 28 adaka]
Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa nkurow te sɛ Sodom ne Gomora (Genesis 18:20, 21; 19:12, 13) , Niniwe (Sefania 2:13) , Babilon (Yeremia 51:1, 2) , ne Petra a ɛwɔ Edom (Yeremia 49:7-22) , sɛe ho asɛm siei no kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ asɛm no ayɛ nokware.
[Kratafa 29 adaka]
SO WOBƐPƐ SƐ WUHU NKƆMHYƐ AHOROW YI DAAKYE MMAMU?
“Ɔma akodi gyae.”—Dwom 46:9.
“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.
“Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.
“Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.
“Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.