Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 9/1 kr. 26
  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan Afi Mo Nkyɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan Afi Mo Nkyɛn”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Bua Mpaebɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Migyaw Biribiara Hɔ Kodii Owura no Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • ‘Nkokoaa Anom’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 9/1 kr. 26

Ahenni Adawurubɔfobɔ Amanneɛ

“Munsiw Ɔbonsam Kwan, na Obeguan Afi Mo Nkyɛn”

WƆ AFEHA a edi kan no mu no, nnipakuw bi a na wɔde wɔn ho ama “asumanne” wɔ Efeso yɛɛ Kristofo asɛm no ho biribi denam wɔn nhoma a wɔde yi nkonyaa a wɔhyewee wɔ baguam no so. (Asomafo no Nnwuma 19:19) Saa nhoma yi bo ano a wobui sii nnwetɛbona 50,000. Sɛ na ɛyɛ Romafo dwetɛbona denari ho asɛm na Bible no ka a, ɛnde anyɛ yiye koraa no anka ne bo no besi $37,000!

Ɛnnɛ nnipa pii wɔ hɔ a bere bi a atwam no na wɔwɔ nhoma horow a wɔde yɛ asumansɛm, nanso wosii wɔn bo yɛɛ wɔn ade te sɛ nea tete Efesofo no yɛe no. Susuw osuahu a edi so yi a efi Canada no ho.

Bɛyɛ mfe anum a atwam no, ná Yehowa Adansefo no biako reka asɛm wɔ afie afie, na bere a oduu ɔpon biako ano no, ɔbea bi a ɔde Nora twee no kɔɔ fie no mu. Ná mfe pii a Nora de ayɛ honhom mu nhwehwɛmu no ama waboaboa nyamesom ne ahonhonsɛmdi nhoma pii ano, nanso na ɔpɛ sɛ ohu nea Bible no ka wɔ anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ho. Ɔdansefo no de kratawa Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Adɔfo a Wɔawuwu? maa no. Nora nyaa ne nsemmisa no ho mmuae, na ɔpenee so kraa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no.

Akyiri yi otu fii hɔ na ɔne Yehowa Adansefo ntam tetewee. Nanso, ne nsa kɔɔ so kaa nsɛmma nhoma no wɔ n’address foforo no mu. Ɔkraa Bible ho nhoma ahorow a nsɛmma nhoma no bobɔɔ din no nso. Bere bi akyi no, Yehowa Adansefo no biako baa ne pon ano. Esiane sɛ Nora ani gyee ho sɛ Ɔdansefo no fi Bible no mu tẽẽ yii ne nsemmisa ano nti, ogyee no kɔɔ mu na ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnsan mmra ne no mmɛtoa nkɔmmɔbɔ no so.

Nanso, ɛyɛɛ den maa Ɔdansefo no sɛ ne nsa bɛka Nora bio. Ɔkɔɔ hɔ mpɛn pii wɔ mmere ahorow mu ne nna ahorow a ne nsa anka no. Nanso, bere kɔɔ so no onyaa ne nsiyɛ no ho akatua, na aba pa fii mu bae. Wofii Bible adesua a wɔyɛ no daa ase, na Nora hyɛe ma mpɛn pii no wɔyɛɛ no mprɛnsa dapɛn biara. Nneɛma a na ɔresua no kanyan no ma ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ nnamfo ne abusuafo, na ɛmaa wɔn mu baasa kae sɛ Yehowa Adansefo ne wɔn mmɛyɛ Bible adesua.

Ɛdenam Nora adesua no so no, n’ani begyei sɛ ohui sɛ atoro som ne atoro adiyifo pii wɔ hɔ, nanso ɔkwan koro pɛ na ɛkɔ nkwa mu. Ná ɔde mfe pii ahwehwɛ ne nsemmisa ho mmuae wɔ atoro som mu, nanso bere a obehuu adaemone ho nsɛm a Bible no ka no, ɔyɛɛ n’ade te sɛ tete Efesofo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 19:19 no. Oyiyii nhoma ahorow a ɛwɔ ne nhoma korabea no fii hɔ, na ɔde nna pii sɛee nhoma bɛboro apem a ɛfa asumansɛm ne atoro som nkyerɛkyerɛ ho no. Nea ɛka nhoma horow a ɔsɛee no no ho ne nhoma anan bi a na ne bo bɛboro $800!

Bere a ɛda adi sɛ ahonhommɔne no ani annye nea Nora yɛe no ho no, wɔhaw no bɛyɛ adapɛn abien. Nanso, saa ahonhommɔne yi antumi annan n’adwene amma wannyae Bible adesua ne fekuw a ɔne nnɛyi Yehowa ahyehyɛde no bɔ no.

Osuahu a ɛtete sɛɛ da nokware a Bible no mu nsɛm yi yɛ no adi: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.”—Yakobo 4:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena