Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/15 kr. 15-20
  • Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew—Bere A Yɛwɔ Daa Nkwa Anidaso No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew—Bere A Yɛwɔ Daa Nkwa Anidaso No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Yɛ Ade Wɔ Bere a Wahyɛ Mu
  • Nnamyɛ a Yɛde Bɛsom a Yɛmmrɛ
  • Adwene a Yɛde Yɛ Ade a Yɛbɛhwehwɛ Mu
  • Yɛ Daa Nkwa Ho Nhyehyɛe!
  • Asetra a Enni Awiei Ho Anidaso a Yɛde Bɛsom
  • Yi Mmeresanten Hene No Ayɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔfã 1: Nea KristofO Gye Di
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • ‘Munyi Yah Ayɛ!’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • “Monwɛn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/15 kr. 15-20

Onyankopɔn A Yɛne No Bɛnantew—Bere A Yɛwɔ Daa Nkwa Anidaso No

“Yɛbɛnantew [Yehowa, “NW”] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.”—MIKA 4:5.

1. Dɛn nti na yebetumi afrɛ Yehowa “mmeresanten Hene”?

YEHOWA NYANKOPƆN nni mfitiase. Wɔfrɛ no “nea ne nna akyɛ” ma ɛfata esiane sɛ watra ase fi teteete a enni ano no nti. (Daniel 7:9, 13) Afei nso, Yehowa bɛtra ase daa. Ɔno nkutoo ne “mmeresanten Hene.” (Adiyisɛm 10:6; 15:3, NW) Mfirihyia apem nso yɛ n’ani so sɛ “nnɛra da a etwaa mu ne anadwo mu dasu.”—Dwom 90:4.

2. (a) Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma asoɔmmerɛfo? (b) Dɛn so na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn anidaso ne yɛn nhyehyɛe gyina?

2 Esiane sɛ nkwa Mafo no te hɔ daa nti, na obetumi ama nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, anya daa nkwa wɔ Paradise ho anidaso. Nanso esiane asoɔden nti, Adam hweree daa nkwa hokwan no, na ɔde bɔne ne owu gyaw n’asefo. (Romafo 5:12) Nanso Adam atuatew no ansɛe Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw. Nea Yehowa pɛ ne sɛ adesamma asoɔmmerɛfo bɛtra ase daa, na ɔbɛma n’atirimpɔw abam a enni huammɔ. (Yesaia 55:11) Ɛnde, hwɛ fata a ɛfata sɛ yɛdan yɛn anidaso ne nhyehyɛe nyinaa kɔ Yehowa som so, bere a yɛwɔ daa nkwa anidaso no. Bere a yɛpɛ sɛ yɛma “[Yehowa, NW] da” no tra yɛn adwenem no, ehia sɛ yɛkae sɛ yɛn botae ne sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew daa.—2 Petro 3:12.

Yehowa Yɛ Ade Wɔ Bere a Wahyɛ Mu

3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa wɔ ‘bere a wahyɛ’ a ɔde bedi n’atirimpɔw ahorow ho dwuma?

3 Sɛ́ nnipa a yɛne Onyankopɔn nantew no, n’apɛde a yɛbɛyɛ no ho asɛm hia yɛn yiye. Yenim sɛ Yehowa ne Beresodifo Kɛse no, na yɛwɔ awerɛhyem sɛ n’atirimpɔw ahorow bɛbam wɔ bere a wahyɛ mu ɔkwan biara so. Sɛ nhwɛso no, “bere no wiee odu no, Onyankopɔn somaa ne ba” no. (Galatifo 4:4) Wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ ‘wɔahyɛ bere’ a nkɔmhyɛ a onyaa ho anisoadehu no benya mmamu no ato hɔ. (Adiyisɛm 1:1-3) Wɔahyɛ ‘bere a wɔde bebu awufo atɛn ato hɔ.’ (Adiyisɛm 11:18) Bɛboro mfe 1,900 a atwam ni no, honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkae sɛ Onyankopɔn ‘ayi da bi ato hɔ a ɔde bebu wiase ntɛn trenee mu.’—Asomafo no Nnwuma 17:31.

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔde nneɛma nhyehyɛe bɔne yi ba awiei?

4 Yehowa de nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei, efisɛ nnɛɛmafo regu ne din ho fĩ. Abɔnefo anya nkɔso. (Dwom 92:7) Wɔnam wɔn nsɛm ne wɔn nneyɛe so kasa tia Onyankopɔn, na ɛyɛ no yaw sɛ ohu sɛ wɔsopa n’asomfo na wɔtaa wɔn. (Sakaria 2:8) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa ahyɛ sɛ ɛrenkyɛ, ɔbɛsɛe Satan nhyehyɛe nyinaa! Onyankopɔn ahyɛ bere pɔtee a ɔde bedi eyi ho dwuma no ato hɔ, na Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu ma ɛda adi pefee sɛ ɛnnɛ yɛte “awiei bere” no mu. (Daniel 12:4) Ɛrenkyɛ, ɔbɛyɛ ade ma wɔn a wɔdɔ no nyinaa anya nhyira.

5. Ɔkwan bɛn so na Lot ne Habakuk buu tebea a na wɔwom no?

5 Yehowa asomfo a wɔtraa ase tete no hwɛɛ da a abɔnefosɛm bɛba awiei kwan. “Amumɔyɛfo no de wɔn ahohwi abrabɔ haw” Lot a na ɔteɛ no. (2 Petro 2:7) Bere a tebea a na odiyifo Habakuk wom no ahyɛ no awerɛhow no, obisae sɛ: “[Yehowa, NW], mateɛm makyɛ dɛn ara, na wuntie? Nhyɛso nti misu mefrɛ wo, na worennye me. Ɛdɛn nti na woma mihu abusude, na wohwɛ ɔhaw yi? Ɔsɛe ne nhyɛso da m’anim, na ɔham ba, na akameakame sɔre.”—Habakuk 1:2, 3.

6. Dɛn na Yehowa kae de buaa Habakuk mpaebɔ no, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

6 Nsɛm a Yehowa de buaa Habakuk no bi ni: “Adehu no da so kyerɛ bere a wɔahyɛ, na ɛpere repɛ awiei, na ɛrenni atoro; sɛ ɛtwentwɛn ase nso a, twɛn no ara, na ɔba de, ɛbɛba, ɛrenka akyiri.” (Habakuk 2:3) Ne saa nti, Onyankopɔn ma ohui sɛ sɛ “bere a wɔahyɛ” no du so a, ɔbɛyɛ ho biribi. Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛtwentwɛn ne nan ase de, nanso Yehowa bedi n’atirimpɔw ho dwuma—ɔrenni huammɔ!—2 Petro 3:9.

Nnamyɛ a Yɛde Bɛsom a Yɛmmrɛ

7. Ɛwom sɛ na Yesu nnim bere pɔtee a Yehowa da no bɛba de, nanso ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ ne nnwuma?

7 So ɛsɛ sɛ yehu bere pɔtee a Yehowa ahyɛ ama nsɛm a ebesisi no ansa na yɛne Onyankopɔn anantew nnamyɛ so? Dabi, ɛnte saa. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Ná bere a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ wɔ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro no ho hia Yesu paa. Nokwasɛm ne sɛ, Kristo kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ wobetie abisade yi de, nanso na onnim bere pɔtee a nsɛm besisi. Wɔ ne nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho no mu no, ɔkae sɛ: “Da no ne dɔn ko de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.” (Mateo 24:36) Esiane sɛ Yesu Kristo yɛ onipa titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho dwumadi mu nti, obenya ɔfã wɔ sɛe a wɔbɛsɛe ne soro Agya no atamfo no mu tẽẽ. Nanso bere a na Yesu wɔ asase so no, na ɔno mpo nnim bere a Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi. So ɛno maa ɔyɛɛ anihaw wɔ Yehowa som adwuma mu? Ɛnte saa koraa! Bere a Yesu asuafo huu no sɛ ɔpam nkurɔfo fii asɔrefie hɔ nnamyɛ so no, ‘wɔkaee sɛ wɔakyerɛw sɛ: Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me.’ (Yohane 2:17; Dwom 69:9) Yesu de ne ho nyinaa maa adwuma a wɔsomaa no sɛ ɔmmɛyɛ no, na ɔyɛɛ no nnam so a wammrɛ. Ɔno nso som Onyankopɔn a na ɔwɔ daa nkwa ho anidaso.

8, 9. Bere a asuafo no bisaa Ahenni no a wɔbɛsan de asi hɔ ho asɛm no, dɛn na wɔka kyerɛɛ wɔn, na dɛn na wɔyɛɛ wɔ ho?

8 Saa ara nso na Kristo asuafo yɛe. Bere tiaa bi ansa na Yesu rebɛforo akɔ soro no, ɔne wɔn hyiaam. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Wohyiae no, wobisaa no sɛ: Awurade, bere yi mu na wobɛsan de ahenni no ama Israel anaa?” Te sɛ wɔn Wura no, na wɔhwɛ Ahenni no ba kwan paa. Nanso Yesu buaa wɔn sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu, na mmom sɛ [honhom kronkron, NW] no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden, na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.”—Asomafo no Nnwuma 1:6-8.

9 Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ mmuae yi buu asuafo no abam. Mmom no, wɔde nnamyɛ yɛɛ asɛnka adwuma no a na wonni adagyew koraa. Adapɛn kakraa bi mu no, na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ no ahyɛ Yerusalem nyinaa ma. (Asomafo no Nnwuma 5:28) Na wɔ mfe 30 ntam no, na wɔatrɛw wɔn asɛnka adwuma no mu ma adu akyiri ma enti Paulo tumi kae sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Ɛwom sɛ ‘wɔamfa Ahenni no amma Israel’ sɛnea asuafo no dii mfomso susuwii sɛ ɛbɛba no, na wɔamfa ansi soro wɔ wɔn bere so de, nanso wɔkɔɔ so de nnamyɛ som Yehowa, bere a na wɔwɔ daa nkwa anidaso no.

Adwene a Yɛde Yɛ Ade a Yɛbɛhwehwɛ Mu

10. Adanse bɛn na yenya hokwan de ma esiane sɛ yennim bere a Onyankopɔn bɛsɛe Satan nhyehyɛe no nti?

10 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hwɛ kwan sɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. Nanso ɛnyɛ ade a ehia yɛn titiriw ne sɛ wobegye yɛn akɔ Onyankopɔn wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu. Nea yɛpɛ ne sɛ yebehu sɛ wɔatew Yehowa din ho na wɔasan n’amansan tumidi ho. Esiane eyi nti, yɛn ani betumi agye sɛ Onyankopɔn nkyerɛɛ yɛn ‘da ne dɔn ko’ a wahyɛ sɛ ɔde bɛsɛe Satan nhyehyɛe no. Eyi ma yenya hokwan de adanse ma sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew akosi daa esiane ɔdɔ a yɛdɔ no nti, na ɛnyɛ bere tiaa mu pɛsɛmenkominya botae bi a yɛwɔ ntia.

11, 12. Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Hiob nokwaredi hwɛe, na ɔkwan bɛn so na saa sɔhwɛ no fa yɛn ho?

11 Yɛn mudi mu a yebekura ama Onyankopɔn no nso boa ma yɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam dii mfomso bere a ɔbɔɔ ɔtreneeni Hiob sobo—ma ebi asan nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa—sɛ ofi pɛsɛmenkominya mu na ɛsom Onyankopɔn no. Bere a Yehowa aka n’akoa Hiob ho asɛm sɛ ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, na osuro Onyankopɔn no, Satan de adwene bɔne kae sɛ: “So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no? So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? Ne nsa ano adwuma woahyira so, na n’afieboa ase afɛe asase no so. Na afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!” (Hiob 1:8-11) Ɛdenam Hiob mudi mu a okurae wɔ sɔhwɛ mu so no, ɔkyerɛe sɛ atirimɔdensɛm yi yɛ atoro.

12 Saa ara na sɛ yekura yɛn mudi mu a, yebetumi abɔ Satan sobo biara a ɛkyerɛ sɛ akatua a yenim sɛ yɛrebenya nkutoo nti na yɛsom Onyankopɔn no agu. Nim a yennim bere pɔtee a Onyankopɔn bɛtɔ abɔnefo so were no ma yenya hokwan de da yɛn ho adi sɛ yɛdɔ Yehowa ampa, na yɛpɛ sɛ yɛnantew n’akwan so daa. Ɛma ɛda adi sɛ yedi Onyankopɔn nokware na yɛwɔ sɛnea odi nsɛm ho dwuma no mu ahotoso. Bio nso, da no ne dɔn ko a yennim no boa ma yɛn ani da hɔ, na yɛwɛn wɔ honhom mu, efisɛ yehu sɛ awiei no betumi aba bere biara, sɛnea owifo ba anadwo. (Mateo 24:42-44) Ɛdenam Yehowa a yɛne no bɛnantew da biara so no, yɛma ne koma ani gye na yɛma onya asɛm yi Ɔbonsam a ɔbɔ no ahohora no ano.—Mmebusɛm 27:11.

Yɛ Daa Nkwa Ho Nhyehyɛe!

13. Dɛn na Bible no ka wɔ nhyehyɛe a wɔyɛ ma daakye ho?

13 Wɔn a wɔne Onyankopɔn nantew no nim sɛ nyansa wom sɛ wɔyɛ nhyehyɛe pa ma daakye. Bere a nnipa pii nim nsɛnnennen ne sintɔ a onyin de ba no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn mmerantebere ne mmabaabere mu ahoɔden bedi dwuma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika a wɔde bɛhwɛ wɔn ho bere a wɔanyinyin no. Ɛnde, yɛn honhom fam daakye a ehia kyɛn so no nso ɛ? Mmebusɛm 21:5 ka sɛ: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba, na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.” Nhyehyɛe a yɛbɛyɛ bere a yɛwɔ daa nkwa anidaso no so wɔ mfaso ankasa. Esiane sɛ yennim bere pɔtee a nhyehyɛe yi awiei bɛba nti, ehia sɛ yesusuw nneɛma a yebehia daakye ho kakra. Nanso momma yɛnkari pɛ na yɛmfa ɔsoro apɛde nni kan wɔ yɛn asetra mu. Ebia nnipa a wonni gyidi no bɛka sɛ obi a ɔnhwɛ ade nkɔ akyiri na ɔde ne ho nyinaa bɛma Onyankopɔn apɛdeyɛ. Nanso so ɛte saa?

14, 15. (a) Mfatoho bɛn na Yesu mae wɔ nhyehyɛe a wɔyɛ ma daakye ho? (b) Dɛn nti na ɔdefo a na ɔwɔ Yesu mfatoho no mu no anhwɛ nneɛma nkɔ akyiri?

14 Yesu maa mfatoho bi a ɛkyerɛkyerɛ eyi mu yiye. Ɔkae sɛ: “Onipa bi a ɔyɛ ɔdefo asase sow aba pii. Na osusuw ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? efisɛ minni nea mede me nnɔbae mesie. Na ose: Nea mɛyɛ ni, meburuw m’asan, na masi akɛse; na ɛhɔ na mede me nnɔbae nyinaa ne me nneɛma mesie, na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam! Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea? Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:16-21.

15 So na nea Yesu repɛ akyerɛ ne sɛ na ɛnsɛ sɛ ɔdefo no yɛ adwuma de bɔ mmɔden sɛ ɔde biribi besie ahwɛ ne ho daakye? Dabi, efisɛ Kyerɛwnsɛm no hyɛ adwumaden ho nkuran. (2 Tesalonikafo 3:10) Mfomso a ɔdefo no dii ne sɛ wanyɛ nea ehia na ama wayɛ “ɔdefo Onyankopɔn fam.” Sɛ mpo ɔde mfe pii dii ne sika a, anka akyiri yi obewu. Wanhwɛ ade ankɔ akyiri, annwen daa nkwa ho.

16. Dɛn nti na yebetumi afi ahotoso mu de yɛn ho ato Yehowa so ahwehwɛ daakye a ahobammɔ wom?

16 Yehowa a yɛne no bɛnantew bere a yɛwɔ daa nkwa anidaso no yɛ ade a mfaso wɔ so na ɛkyerɛ sɛ yɛhwɛ ade kɔ akyiri. Ɛno ne ɔkwan pa a wɔfa so susuw daakye ho. Bere a nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ sukuukɔ, adwuma, ne abusua mu asɛyɛde ho nhyehyeɛ pa no, ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛkae sɛ Yehowa nyaw n’asomfo anokwafo da. Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dwom 37:25) Saa ara na Yesu nso maa yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de wɔn a wɔhwehwɛ Ahenni no kan na wɔnantew Yehowa trenee kwan so no nyinaa ahiade bɛma wɔn.—Mateo 6:33.

17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ awiei no abɛn?

17 Ɛwom sɛ yɛsom Nyankopɔn a yɛwɔ daa nkwa anidaso de, nanso yɛda so ara ma Yehowa da no tra yɛn adwenem. Bible nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu no ma bɛn a saa da no abɛn no da adi pefee. Akodi, nyarewa, asasewosow ahorow, ne aduankɔm ne afei nso, ɔtaa a wɔde ba nokware Kristofo so ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka no wiase nyinaa, ahyɛ afeha yi agyirae. Eyinom nyinaa yɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 24:7-14; Luka 21:11) Nnipa a wɔyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn,” ahyɛ wiase mu ma. (2 Timoteo 3:1-5) Asetra mu yɛ den ma yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo no wɔ saa awiei bere a emu yɛ den yi mu. Hwɛ sɛnea yɛde anigyina hwɛ da a Yehowa Ahenni beyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ no kwan! Ansa na saa bere no bɛba no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛne Onyankopɔn bɛnantew bere a yɛwɔ daa nkwa anidaso no.

Asetra a Enni Awiei Ho Anidaso a Yɛde Bɛsom

18, 19. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ tete agyidifo no som Onyankopɔn, bere a na wɔwɔ daa nkwa anidaso?

18 Bere a yɛne Yehowa nantew no, momma yɛmma gyidi a Habel, Henok, Noa, Abraham, ne Sara daa no adi no ntra yɛn adwenem. Paulo kaa wɔn ho asɛm wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so.” (Hebrifo 11:13) Saa anokwafo yi ‘hwehwɛɛ kurow a eye kyɛn so a ɛne ɔsoro de’ no. (Hebrifo 11:16) Wofi gyidi mu hwɛɛ baabi a eye kyɛn so wɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni nniso no ase. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn de daa nkwa bɛma wɔn sɛ akatua wɔ saa beae a eye kyɛn so no—asase so Paradise wɔ Ahenni nniso ase.—Hebrifo 11:39, 40.

19 Odiyifo Mika kaa si a Yehowa nkurɔfo asi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn daa no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” (Mika 4:5) Mika de nokwaredi som Yehowa kosii ne wu mu. Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ wonyan no fi awufo mu a, saa odiyifo no bɛkɔ so ne Onyankopɔn anantew akosi daa daa. Hwɛ nhwɛso pa ara a ɛyɛ ma yɛn a yɛte awiei bere yi mu pɛɛ yi!

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ?

20 Yehowa ani sɔ ɔdɔ a yɛda no adi wɔ ne din ho no. (Hebrifo 6:10) Onim sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebekura yɛn mudi mu ama no wɔ wiase yi a Ɔbonsam di so yi mu. Nanso bere a ‘wiase retwam’ no, ‘nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no bɛtra hɔ daa.’ (1 Yohane 2:17; 5:19) Enti ɛdenam Yehowa moa so no, momma yensi yɛn bo sɛ yebegyina sɔhwɛ ahorow a yehyia no da biara da no ano. Ɛmmra sɛ yɛn nsusuwii ne yɛn asetra kwan begyina nhyira a ɛyɛ anigye a yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no de ahyɛ yɛn bɔ no so. Sɛ yɛkɔ so ne Onyankopɔn nantew bere a yɛwɔ daa nkwa anidaso no a, yɛn nsa betumi aka eyinom nyinaa.—Yuda 20, 21.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma adesamma asoɔmmerɛfo?

◻ Dɛn nti na Yehowa nyɛɛ biribi mfaa wiase bɔne yi mmaa awiei?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nim a yennim bere pɔtee a Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi no brɛ yɛn nnamyɛ ase?

◻ Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew bere a yɛwɔ daa nkwa anidaso no mu mfaso no bi ne dɛn?

[Kratafa 17 mfonini]

Onyankopɔn a yɛne no bɛnantew no hwehwɛ sɛ yɛde nnamyɛ som no te sɛ nea kristo tete asuafo no yɛe no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena