Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 2/8 kr. 27-28
  • Onyankopɔn Fafiri Di Mũ Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Fafiri Di Mũ Dɛn?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adesoa no Yi
  • Aka a Wotwam
  • Nkekae no a Wɔpopa
  • Mmoa a Efi Afoforo Hɔ
  • Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
    Bɛn Yehowa
  • Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Wubetumi Anya Yehowa Bɔnefakyɛ So Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Afobu—“Te Me Ho Firi Me Bɔne Ho”
    San Bra Yehowa Nkyɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 2/8 kr. 27-28

Bible no Adwene

Onyankopɔn Fafiri Di Mũ Dɛn?

“Mete nka sɛ Onyankopɔn remfa me bɔne ahorow no mfiri me da. Esiane nea mayɛ nti ɔrennye me da.”—Gloria

NÁ ƐNYƐ den mma Gloria sɛ ɔbɛka akyerɛ afoforo sɛ Yehowa betumi de wɔn bɔne nyinaa afiri wɔn.a Nanso bere a Gloria dwennwen n’ankasa mfomso ahorow ho no, ɔtee afobu nka. Ná ayɛ sɛ nea ontumi nnya Yehowa hɔ fafiri.

Hu a obi hu sɛ wayɛ bɔne anaa wafa ɔkwammɔne bi so no betumi ahaw n’ahonim. Bere a Dawid yɛɛ bɔne akyi no, ɔkyerɛw sɛ: “Osu a misu da mũ maa me gurowee.” “Me mu nsu twee.” (Dwom 32:3, 4, Today’s English Version; fa toto Dwom 51:3 ho.) Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Yehowa ani gye sɛ ɔde bɔne befiri. Ɔde ‘bɔne firi.’—Dwom 86:5; Hesekiel 33:11.

Nanso, Yehowa hwɛ komam. Ɛnyɛ nkate so kɛkɛ na ogyina de bɔne firi. (Exodus 34:7; 1 Samuel 16:7) Ɛsɛ sɛ ɔbɔnefo no gye ne mfomso tom pefee, ɔda nokware ahonu adi, na ɔpow ne kwammɔne no sɛ biribi a wokyi na wɔtan. (Dwom 32:5; Romafo 12:9; 2 Korintofo 7:11) Saayɛ so nkutoo na wobetumi de ɔbɔnefo bi mfomso afiri no na wanya “ahodwo nna” afi Yehowa hɔ.—Asomafo no Nnwuma 3:20.

Nanso ebinom kɔ so te afobu nka bere a wɔasakra akyi mpo. So ɛsɛ sɛ wɔkɔ so soa afobu nka a wɔte no daa? Awerɛkyekye bɛn na yebetumi anya wɔ Bible no mu ama wɔn a wɔanu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho, atwe wɔn ho afi ho, nanso wɔda so ara di ho yaw wɔ wɔn komam no?—Dwom 94:19.

Adesoa no Yi

Bere a na Dawid ahaw wɔ ne bɔne ho no, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Hwɛ m’amane ne m’ahometew, na fa me bɔne nyinaa firi me.” (Dwom 25:18) Ɛha no, Dawid hwehwɛe sɛ Yehowa yɛ pii sen bɔne a ɔde bɛkyɛ no ara kɛkɛ. Ɔsrɛe sɛ Yehowa mfa ne bɔne ‘mfiri’ no, kyerɛ sɛ, onyi anaa ɔnsoa mma no. Bɔne de amanehunu pii ba, na akyinnye biara nni ho sɛ wɔ Dawid fãm no, na eyi mu biako ne n’ahonim a ɛhaw no.

Ná wɔkae Israelfo no afe biara ma wohu sɛ Yehowa tumi soa ɔman no bɔne kɔ. Mpata Da no, na ɔsɔfo panyin no de ne nsa to ɔpapo atifi, ka ɔman no bɔne gu no so, na afei ogyae no ma ɔkɔ sare so. Ná onipa biara a ɔwɔ hɔ tumi hu ɔman no bɔne a woyi no.—Leviticus 16:20-22.

Enti ankorankoro biara a wasakra afi ne bɔne ho betumi anya awerɛkyekye. Nea na wɔyɛ no Mpata Da no twaa ɔkwan a ɛkyɛn so a wɔnam so yi bɔne fi hɔ—Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no—ho mfonini. Yesaia kyerɛw Yesu ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Wasoa nnipa bebree bɔne.” (Yesaia 53:12) Enti, ɛho nhia sɛ obi bɔne dedaw haw n’ahonim. Asɛm no ne sɛ, so Yehowa bɛkae saa bɔne ahorow no akyiri nna bi mu?

Aka a Wotwam

Wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu no, ɔkae sɛ: “Fa yɛn aka firi yɛn.” (Mateo 6:12) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase wɔ ha sɛ “firi” no yɛ adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ “fa kyɛ.” Enti, wɔde bɔne fafiri toto ɛka bi a wɔde kyɛ, anaa wotwam ho.—Fa toto Mateo 18:23-35 ho.

Petro trɛw eyi mu bere a ɔkae sɛ: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” (Asomafo no Nnwuma 3:19) Nea biribi a ‘wɔpopa’ kyerɛ ne sɛ wɔsɛe no, anaa wotu ase. Ɛkyerɛ kyerɛwtohɔ bi a wɔpopa, aka dedaw a wotwam.—Fa toto Kolosefo 2:13, 14 ho.

Enti ɛho nhia sɛ wɔn a wɔasakra no suro sɛ Onyankopɔn bɛhwehwɛ sɛ wotua ɛka a watwam no. Ɔka sɛ: “Wo bɔne nso, merenkae.” (Yesaia 43:25; Romafo 4:7, 8) Dɛn na eyi kyerɛ ma ɔbɔnefo a wasakra n’adwene?

Nkekae no a Wɔpopa

Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kae sɛ: “Sɛ mo bɔne te sɛ dammaramma a, ɛbɛhoa sɛ sukyerɛma, sɛ ɛbere sɛ nkranhoma a, ɛbɛyɛ sɛ oguan nhwi.”—Yesaia 1:18.

Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛpopa nkekae afi ntama mu taa yɛ ɔkwa. Nea wotumi yɛ ara ne sɛ wɔbɛma nkekae no so atew nanso akyinnye biara nni ho sɛ wotumi hu. Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ Yehowa tumi popa bɔne a ani bere te sɛ dammaramma anaa nkranhoma ma ɛbɛyɛ sɛ sukyerɛmma.—Fa toto Dwom 51:7 ho.

Enti, ɛho nhia sɛ ɔdebɔneyɛfo a wasakra no te nka sɛ nkekae bi wɔ ne ho ne nkwa nna nyinaa mu. Yehowa mpopa mfomso ahorow no mma ɛso atew ara kɛkɛ na ama nea wasakra no akɔ so atra aniwu mu daa.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 22:16 ho.

Mmoa a Efi Afoforo Hɔ

Ɛwom sɛ Yehowa yi adesoa no, twa ɛka no mu, na oyi bɔne nkekae no de, nanso ebia bɔne ho yaw bebunkam nea wasakra n’adwene no so ma wadi ho awerɛhow. Paulo kyerɛw ɔdebɔneyɛfo bi a na wasakra wɔ Korinto asafo no mu a na Onyankopɔn de ne bɔne afiri no nanso na anka ‘n’awerɛhow bebrebe no betumi amene no’ [“ne werɛ ahow araa ma wapaw aba koraa,” TEV] no ho asɛm.—2 Korintofo 2:7.

Ɔkwan bɛn so na na wobetumi aboa saa nipa yi? Paulo toa so sɛ: “Mitu mo fo sɛ munyi ɔdɔ adi nkyerɛ no.” (2 Korintofo 2:8) Asɛmfua a Paulo de gyinaa hɔ maa “munyi” no yɛ asɛmfua a wɔde di dwuma wɔ mmara mu a ɛkyerɛ “gye a wogye biribi tom.” Yiw, wɔn a wɔasakra wɔn adwene a wɔanya Yehowa hɔ fafiri no hia gye a wogye wɔn tom, anaa biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔpene wɔn so fi wɔn mfɛfo Kristofo hɔ.

Ɛda adi sɛ eyi begye bere. Ɛsɛ sɛ nea wasakra n’adwene no tumi ma n’asetra popa ahohorabɔ a ne bɔne no de aba no, na ɔda trenee nnwuma adi. Ɛsɛ sɛ ɔde boasetɔ gyina ankorankoro biara a ne kan nneyɛe bɔne no haw no no nkate biara ano. Nanso, obetumi anya Yehowa hɔ fafiri a edi mũ no mu ahotoso sɛnea Dawid nyae no: “Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no.”—Dwom 103:12.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa edin no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]

Ɔba hohwini no sanba ho mfonini a Rembrandt yɛe, 1606-1669: Scala/Art Resource, N.Y.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena