Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 3/1 kr. 4-7
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛda Ɔbɔadeɛ No Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛda Ɔbɔadeɛ No Ase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔboadeɛ No Akyɛde Horow a Ɛyɛ Nwonwa
  • Ɔbɔadeɛ No Ho Anisɔ a Yebenya
  • Yɛn Bɔfo No a Yebehu No Yiye
  • Yɛn Anisɔ a Yɛbɛda No Adi Akyerɛ Onyankopɔn
  • Wo Bɔfo No—Hu Sɛnea Ɔte
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Gyidi a Wowɔ Wɔ Ɔbɔadeɛ No Mu No, Hyɛ Mu Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Yɛn Bɔfo Kɛse no Dwen Yɛn Ho!
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Ɔbɔadeɛ No Betumi Ama W’asetra Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 3/1 kr. 4-7

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛda Ɔbɔadeɛ No Ase?

OBIARA a ɔnkyerɛ ayamye a woyi adi kyerɛ no ho anisɔ no yɛ nea wɔtaa bu no sɛ onni nkate anaasɛ wɔantete no yiye. Ɛda adi pefee sɛ nnipa a ɛfata sɛ yɛda wɔn ase wɔ ayamye a woyi adi kyerɛ yɛn no ho mu no, yɛn awofo ka wɔn a wodi kan no ho. Ɛyɛ nea wonim wɔ wiase nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ mmofra kyerɛ wɔn awofo ho anisɔ sɛ wɔde wɔn baa wiase na wɔmaa wɔn aduan, ntama anaa ntade, dabere, kyerɛɛ wɔn ade, ne nea ɛkeka ho.

Na, ɛwom sɛ yɛde yɛn awofo ka de, nanso ɛka a yɛde yɛn Bɔfo no sõ sen saa mpo. Dɛn ntia? Efisɛ yɛanya nneɛma a ɛdɔɔso kɛse afi ne nkyɛn.

Sɛ nhwɛso no: Yɛda yɛn awofo ase sɛ wɔde yɛn baa wiase. Nanso nokwarem no ɛnyɛ wɔn nkyɛn na yɛn nkwa fi ankasa. Yɛnam wɔn so nyaa nkwa ara kwa, efisɛ Ɔbɔadeɛ no ne nkwa nsuti no ankasa. (Dwom 36:9) Yɛn ani sɔ yɛn awofo nso sɛ wɔma yɛn asetra mu nneɛma a ɛho hia. Nanso, bere a ebia wɔde sika totɔɔ saa nneɛma yi anaasɛ wɔnam wɔn nnwuma so nyaa saa nneɛma yi no, ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ saa nneɛma a ɛho hia yi. Enti, ɛfata sɛ yɛde aseda kɛse ma yɛn Bɔfo no.

Sɛ ɛnyɛ Onii a ɔbɔɔ asase no na ɔyɛɛ nsiesiei ahorow a ɛma ɔdesani nkwa tumi kɔ so no a, anka sika dodow biara a yebenya anaa adwuma dodow biara a yɛbɛyɛ rentumi mma yɛnkɔ so ntra ase. Sɛnea Kristoni somafo Paulo daa no adi kyerɛɛ Helafo a na wɔwɔ tete Ateene no: “‘Ɔno [Ɔbɔadeɛ no] na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome ne ade nyinaa. Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ.”​—Asomafo no Nnwuma 17:25, 28.

Nea Ɔbɔadeɛ no ayɛ ne nea ɔreyɛ ama adesamma no nyinaa akyi no, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ bu no animtiaa na wɔnna no ase wɔ nneɛma pii a wɔn nsa aka no ho. Ebinom nso, ɛwom sɛ wogye tom amemenemfe kwan so sɛ ɛsɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ de, nanso wɔmmɔ mmɔden biara sɛ wobesua ɔno anaa n’apɛde ho ade pii. Afoforo, a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii, nnye ntom mpo sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, na wɔka sɛ nneɛma nyinaa bae ara kwa. Bonniayɛ a ɛyɛ ahodwiriw bɛn ni! Saa anisɔ a enni hɔ yi yɛ nneɛma pii a ɛda no adi sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri” no mu no mu biako. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso, sɛ́ ankorankoro no yebetumi ada yɛn Bɔfo no ase na ɛsɛ sɛ yɛda no ase.

Ɔboadeɛ No Akyɛde Horow a Ɛyɛ Nwonwa

Dodow a yehu Onii a ɔyɛ ade nyinaa no yiye no, dodow ara na yehu sɛ ɔne “akyɛde pa nyinaa” Mafo. (Yakobo 1:17; Adiyisɛm 4:11) Sɛnea ɛte no, wɔn a wɔnkyerɛ Ɔbɔadeɛ no ho anisɔ biara no mu dodow no ara bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn nneyɛe no ho anoyi bi bɛma sɛ esiane sɛ onipa biara nhuu No da nti, yɛrentumi nhu ankasa sɛ ɔwɔ hɔ. Ampa, yɛn aniwa ntumi nhu Ɔbɔfo kɛse no, na yɛn aniwa ntumi nhu nnipa anaa nneɛma a ɛwɔ honhom ahemman no mu no. (Yohane 4:24) Nanso esiane sɛ onipa aniwa ntumi nhu Ɔbɔadeɛ no nyɛ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yebu ani gu N’ayamye nsiesie horow no so na yɛpow sɛ yebegye dan a yɛdan No no atom.

Fa no sɛ wobaa fie dakoro na wubehui sɛ obi abegya wo aduaba bi a ɛyɛ dɛ kotoku kɛse biako. N’adekyee no ɔbrɛɛ wo turom nneɛma te sɛ nnuadewa, kontommire ne ade fɛfɛɛfɛ, na n’adekyee bio no wɔbrɛɛ wo nam a wɔatwitwa no fɛfɛ. Eyi kɔɔ so dapɛn mũ nyinaa, nanso wɔannyaw krataa biara a ɛkyerɛ onii a ɔde nneɛma no ba no. So wobɛka sɛ saa akyɛde horow yi nyinaa bepuee hɔ ara kwa esiane sɛ woanhu sɛ obi de aduan no reba nti? Mmom no, so woremmɔ mmɔden nhwehwɛ wo nnamfonom ne abusuafo mu nhwɛ sɛ ebia wubehu ɔyamyefo a ɔde bae no na woatumi akɔda no ase anaa?

Asɛm no te saa ara wɔ yɛn Bɔfo no fam. Ɛwom sɛ ɔdesani aniwa nhu no, nanso ne dɔ ne ayamye wɔ adesamma ho no yɛ nea n’adebɔ a ɛyɛ nwonwa a ɛma yenya biribiara a yehia ɔkwan biara so no di ho adanse yiye. Sɛnea ɔsomafo Paulo daa no adi kyerɛɛ tete Listra kurow no mufo no: “Nanso [Onyankopɔn] annyae ne ho adansedi, yɛ yiye ma mo osu fi soro ne bere a aduan ba, na ɔde aduan ne anigye ma mo abotɔyam.” (Asomafo no Nnwuma 14:17) Enti ɛyɛ nea ɛteɛ ara sɛ yebegye dan a yɛdan no ne hia a yehia nneɛma ahorow a wabɔ no na yɛakɔ so atra ase no tom. Bio nso, so ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ no kɛse mpo sen sɛnea anka yɛbɛhwehwɛ akyɛde mafo a yennim no a yɛkaa ne ho asɛm wɔ yɛn mfatoho no mu no?​—Asomafo no Nnwuma 17:26. 27.

Ɔbɔadeɛ No Ho Anisɔ a Yebenya

Sɛ yenya Ɔbɔadeɛ no ho nimdeɛ na yehu nea wayɛ ama yɛn a ná ɛbɛka yɛn ma yɛadɔ no na yɛatie no. Bere a nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ka sɛ wogye Onyankopɔn di no, ɛda adi wɔ sɛnea wɔn mu dodow no ara bɔ wɔn bra no mu sɛ wɔn mu kakra bi pɛ na wɔwɔ anisɔ ankasa ma wɔn Bɔfo no. Nanso ɛho nhia sɛ yɛn nso yɛyɛ bonniayɛ. Enti asemmisa a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho ne sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anisɔ kɛse ama yɛn Bɔfo Kɛse no?

Nea edi kan no, ɛbɛboa yɛn sɛ yebesusuw mfaso pii a yɛanya afi ɔbɔadeɛ no nkyɛn no ho. Ɔno na ɔmaa yɛn nkwa, ɛwom mpo sɛ mprempren ɔdesani nkwa no yɛ tiaa. (Dwom 90:10) Yɛn anisɔ no mu bɛyɛ den nso sɛ yesusuw nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ayɛ nsiesiei pii a ɛma ɔdesani nkwa ne abɔde afoforo a nkwa wom tumi kɔ so wɔ asase so. Sɛnea odwontofo no de anisɔ kae no: “Onyankopɔn wo nnwuma so aba mee asase. Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma, sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu. . . . [Yehowa], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”​—Dwom 104:10-24.

Nneɛma afoforo pii nso wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ adesamma da Onyankopɔn ase, efisɛ wɔama wɔn pii asen mmoa no. Abɔde a wɔwɔ asase so nyinaa no, nnipa nkutoo na wotumi dwen, wotumi hu ade a ɛyɛ fɛ na wɔwɔ honhom mu nneɛma ho adwene, na nea ɛsen ne nyinaa no, wonim na wɔsom Ɔbɔadeɛ no. Eyi te saa efisɛ onipa nkutoo na wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so na wɔde su horow a ɛda Yehowa Nyankopɔn de adi maa no. (Genesis 1:27) Enti, ɛnyɛ ɔhonam fam nneɛma mu anigye nko na yetumi nya, na mmom adwene mu anigye a ɛkɔ akyiri na ɛtra hɔ kyɛ. Onipa nkutoo na otumi nya dwom a ɛyɛ dɛ, akenkan, anwensɛm, mfonini ne adwinni afoforo ho anigye. Onipa nkutoo na onim sɛnea nkɔmmɔbɔ pa yɛ dɛ, ne anigye a obi tumi nya bere a watumi ayɛ biribi a ɛfata ankasa no.

Nea ɛyɛ soronko wɔ onipa fam nso ne daa nkwa ho akɔnnɔ a ɔwɔ no. Eyi yɛ akɔnnɔ a Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no de hyɛɛ onipa koma mu. (Ɔsɛnkafo 3:11) Nanso eyi nyɛ anidaso hunu bi a entumi mma mu. Mmom no, esiane ɔdɔ kɛse a Ɔbɔadeɛ no wɔ ma adesamma nti, wayɛ nhyehyɛe a ɛho hia nyinaa dedaw ma adesamma anya daa nkwa wɔ asase so wɔ paradise tebea horow a ɛyɛ anigye mu. Yiw, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ eyi ho nhyehyɛe denam ne Ba, Yesu Kristo, ogye afɔre no so.​—Romafo 5:12; 6:23; 1 Yohane 2:1, 2

Bere a yenya anigye kɛse wɔ ɔhonam fam, adwene mu ne nkate mu nneɛma a yehia a yenya mu no, yenya nhyira a ɛsen biara no wɔ nneɛma a ɛho hia yɛn honhom mu a yɛn nsa ka mu. (Mateo 5:3) Yɛn nyinaa pɛ sɛ yehu faako a yefi, faako a yɛrekɔ ne atirimpɔw a Ɔbɔadeɛ no wɔ ma asase no ne adesamma. Bio nso, yɛpɛ sɛ yehu yɛn Yɛfo no na yɛne no nya abusuabɔ pa. Nea ɛyɛ anigye no, wɔn a wɔn ani da hɔ wɔ wɔn honhom fam ahiade ho na wodi ho dwuma sɛ wɔn nsa bɛka no ɔkwan pa so no tumi nya anigye a ɛkɔ akyiri na ɛtra hɔ kyɛ a nnipa a ɔhonam fam nneɛma nkutoo ho na wodwen no nnim.​—1 Korintofo 2:6-16.

Nneɛma a ɛho hia yɛn honhom fam a yɛn nsa ka no ma yenya akomatɔyam ne asomdwoe ankasa ne anigye, ɛwom mpo sɛ yɛte wiase a ɔhaw a ɛwɔ mu no yɛ nea ɛso bi mmae da mu de. Na nea ɛho hia kɛse no, yɛn ani a ɛbɛda hɔ wɔ yɛn honhom fam ahiade ho no betumi ama yɛanya nhyira a ɛsen biara a onipa betumi anya​—daa nkwa wɔ Onyankopɔn trenee nhyehyɛe foforo no mu.​—Yohane 3:16; Filipifo 4:6, 7;.2 Petro 3:13.

Yɛn Bɔfo No a Yebehu No Yiye

Sɛ yegye di yiye sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ ɔdɔ wɔ hɔ a, so ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛpɛ sɛ yehu no yiye na yɛda yɛn anisɔ adi kyerɛ no wɔ n’ayamye ho denam nneɛma a ɛsɔ n’ani a yɛbɛyɛ so anaa? Ɛdenam Onyankopɔn adebɔ a ɛyɛ nwonwa a yɛbɛhwɛ so no, yetumi hu ne su ahorow a ɛyɛ nwonwa no binom, te sɛ ɔdɔ, ayamye, afoforo ho a osusuw, nyansa ne tumi. (Romafo 1:20) Nanso, nhoma a efi Onyankopɔn nkyɛn ho hia, sɛ yebetumi ahu nea osusuw ne n’atirimpɔw ahorow wɔ nnipa ho a. Afei nso, ɛsɛ sɛ kyerɛwtohɔ a ɛte saa ka nneɛma a Onyankopɔn yɛe tete hɔ ne nea ɔbɛyɛ ma ɛde nhyira abrɛ adesamma no kyerɛ yɛn.

Nea ɛyɛ anigye no, yɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛte saa wɔ nhoma a wɔde pii amema asen nhoma foforo biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu​—Onyankopɔn Asɛm, Bible no. Ɛyɛ ɔbɔadeɛ no pɛ sɛ n’abɔde betumi anya ne ho nimdeɛ a ɛyɛ pɛ na wonya ɔdɔ a emu yɛ den ma no denam n’Asɛm no a wobesua na wɔasusuw ho no so. Eyi bɛma wɔahu Onyankopɔn nnwuma pii a ɛyɛ nwonwa no na ebetumi ama wɔabehu ne nipasu a ɛso nni no afã horow no.​—Yosua 1:8.

Yɛn Anisɔ a Yɛbɛda No Adi Akyerɛ Onyankopɔn

Onyankopɔn Asɛm no a yebesua no yiye ho hia, sɛ yɛpɛ sɛ yenya ɔbɔadeɛ no ho anisɔ kɛse a. Dodow a yesua Yehowa ho ade no, dodow ara na yɛn ani gye ne ho. Ɔdɔ ne anisɔ hyɛ yɛn ma ma Onyankopɔn a ɔte sɛɛ a ɔwɔ ayamye ne ɔdɔ na ne ho yɛ nwonwa yi. Bio nso, ebia ɛbɛkanyan yɛn ma yɛada yɛn nkate horow adi sɛnea odwontofo no yɛe no, nea ɔkae sɛ: “Mɛkae Yah [Yehowa] nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho. Onyankopɔn, wo kwan wɔ kronkronyɛ mu, hena na ɔyɛ onyame kɛse sɛ Onyankopɔn? Wone Nyankopɔn a ɔyɛ anwonwade.”​—Dwom 77:11-14.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada yɛn anisɔ adi akyerɛ ɔbɔfo Kɛse no? Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne n’ayamye ho anisɔ ka yɛn ma yefi yɛn pɛ mu som no. Ɛnsɛ sɛ yebu eyi sɛ asɛyɛde ara kwa, na mmom sɛ adeyɛ a anigye wom. Yehowa hwehwɛ ɔsom a ɛte sɛɛ a efi ɔpɛ mu na wɔde anigye som, efisɛ wɔde honhom kaa odwontofo no ma ɔkae sɛ: “Momfa anigye nsom [Yehowa], na momfa ahurusi dwom mmra n’anim.”​—Dwom 100:2.

So ɛnyɛ anigye kɛse sɛ yɛbɛsom obi a yɛdɔ no ankasa anaa? Nokware mu no ɛte saa. Na ɛte saa nso wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa, Ɔbɔfo Kɛse, no fam.

Ampa, Yehowa som hwehwɛ nea ɛdɔɔso sen abrabɔ pa ne nea ɛyɛ bɔne wɔ Yehowa ani so a yɛnyɛ. Abrabɔ pa ho hia, nanso nea ɛka yɛn Bɔfo no som ho ne ayeyi ankasa a yɛde bɛma no anigye so. Ɛkyerɛ Yehowa nnwuma akɛse ne atirimpɔw ahorow a ɛyɛ nwonwa a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo.

Enti wɔn a wɔwɔ yɛn Bɔfo a ne ho yɛ nwonwa no ho anisɔ ankasa no ani begye sɛ wobetie odwontofo no frɛ a anigye wom yi so: “Monto dwom mma [Yehowa], munhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da. Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu. Na [Yehowa] yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ.” (Dwom 96:2-4) Ɛdenam ɔsom a anigye wom saa so, te sɛ afoforo pii no, wubetumi ada no adi pefee sɛ w’ani sɔ nea Ɔbɔadeɛ no ayɛ ama wo no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Me kra, hyira Yehowa. Yehowa, wo nnwuma dɔɔso dɛn ara! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa wo abɔde ahyɛ asase so ma.”​—Dwom 104:1, 24, Twi Bible dedaw

[Kratafa 5 mfoni]

Kyerɛ sɛ w’ani sɔ Yehowa nsiesie ahorow

Onyankopɔn Asɛm

ɔsom kronn

anigye a ɛfata

aduan pa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena