Yɛn Ho Yɛn Ho A Yɛbɛboa Ho Adwene Mu A Yebekura
1 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ nkurɔfo abom ayɛ adwuma Onyankopɔn som mu fi bere tenteenten. Bere a ɔreyɛ nhyehyɛe ma asuafo 70 no adi n’anim akɔ nkurow ahorow so no, Yesu somaa wɔn baanu baanu. (Luka 10:1) Bere a Paulo fii n’asɛmpatrɛw akwantu no ase no, ɔde Timoteo kaa ne ho kɔe ma wakɔboa no. (Aso. 16:1-3) Salomo nso huu hia a ɔhokafo ho hia bere a ɔkae sɛ: “Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn.” (Ɔsɛnk. 4:9) Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi nkutoo kɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. Mmom, mfaso pii wɔ so sɛ yɛne obi bɛnantew wɔ asɛnka adwuma no mu na yɛaboa yɛn ho yɛn ho. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akura saa su yi mu wɔ yɛn asafo horow no mu nnɛ?
WUBETUMI ANYA MU KYƐFA
2 So ɛyɛ wo fɛre sɛ wo ne obi bɛbɔ ɔkwan a wubetumi afa so ma wo som adwuma no afã horow atu mpɔw no ho nkɔmmɔ. So wote nka sɛ esiane sɛ woyɛ Onyankopɔn Asɛm no ho kyerɛkyerɛfo anaa esiane sɛ wuhuu nokware no akyɛ nti ɛho remma wo mfaso sɛ wo ne obi bɛbom ayɛ adwuma anaa? Susuw nhwɛso a Apolo yɛe no ho hwɛ. Bible kyerɛ sɛ na ɔyɛ “onipa a n’ano tew na ɔyɛ den kyerɛw nsɛm no mu.” Nanso Akwila ne Priskila “faa no baa wɔn nkyɛn, na wɔkyerɛɛ no Nyankopɔn kwan pɛpɛɛpɛ.” Anyɛ Apolo fɛre sɛ obegye nokware no ho nkyerɛkyerɛ foforo afi Akwila ne Priskila nkyɛn. Wampow mmoa a wɔde bɛma no, na wante nka sɛ na ‘ɔde nnam kasa wɔ hyiadan mu’ dedaw ma na nimdeɛ foforo ho nhia no. Mmom no, ogye toom, na ɔno nso kɔɔ Akaia, na “ɔboaa wɔn a wɔnam ɔdom so agye adi no pii.” Bere a ebia saa asɛm yi remfa asɛnka adwuma no ho tẽe no, ɛda su a ɛsɛ sɛ yeyi adi kyerɛ wɔ yɛn ho yɛn ho a yɛbɛboa ho no adi.—Aso. 18:24-28.
3 Ebia na obi bɔ mmɔden yiye wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu, nanso na sankɔhwɛyɛ yɛ no den. Ɔfoforo betumi ayɛ nea ɔbɔ mmɔden wɔ sankɔhwɛyɛ mu, nanso ebia na nsrahwɛ a edi kan asefi yɛ no den. Nea Kyerɛwnsɛm ka ne sɛ: “Sɛnea mo nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn dom ahorow no so afiehwɛfo pa.” (1 Pet. 4:10) Wɔhyɛ wɔn a wɔwɔ ɔdom akyɛde ahorow no nkuran na wɔabom anantew wɔ asɛnka adwuma no mu na obiara asua biribi afi ne yɔnko nkyɛn.
DENAM NHOMA ADESUA NO SO
4 Efi November 1979 besi March 1980 Yɛn Ahenni Som ahorow no mu no, wɔde nyansahyɛ ahorow mae wɔ sɛnea yebetumi ne yɛn ho yɛn ho ayɛ adwuma na ayɛ mmoa ama yɛn nyinaa ho. (Ɛbɛyɛ papa sɛ nhoma adesua so ahwɛfo susuw ho na wɔnam nhoma adesua nhyehyɛe no so de di dwuma.) Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya nkɔso wɔ wo baguam asɛnka adwuma no mu a, dɛn nti na womfa nhyehyɛe fɛfɛ yi nni dwuma na ɛho aba wo mfaso. Nea ɛsɛ sɛ woyɛ nyinaa ne sɛ wokɔ wo nhoma adesua sohwɛfo anaa asɛnka adwuma sohwɛfo a ɔwɔ asafo no mu no nkyɛn na woka nea wohwehwɛ kyerɛ no. Anaa, sɛ wopɛ a, kɔ ɔdawurubɔfo a ɔbɔ mmɔden wɔ dekode a wopɛ sɛ wunya nkɔso wɔ mu no mu no nkyɛn, na monyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛbom ayɛ adwuma.
5 Yɛn nyinaa suahu ne mmɔdenbɔ nsɛ, enti ma wɔn a wɔwɔ asafo no mu a wɔwɔ ɔdom “akyɛde” wɔ asɛnka adwuma no fã bi a wobɛpɛ sɛ wunya nkɔso wom mu no mmoa wo. (1 Kor. 12:29, 30) Yebetumi anya anigye pii denam mmoa, ɔdɔ ne nnwuma pa a ɛte saa so.—Heb. 10:24.