Atreneefo Wusɔre Ɛba
“Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—ASOMAFO NO NNWUMA 24:15.
1. Tebea bɛn na nnipa nyinaa ahyia fi bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no?
“BIRIBIARA a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:10) Nsɛm kakra a onyansafo Ɔhene Salomo paw no yiye yi na ɔde ka tebea a adesamma awo ntoatoaso biara ahyia fi bere a yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, yɛɛ bɔne no ho asɛm. Owu nyɛ nyiyim, na awiei koraa no, ekum obiara—ɔdefo ne ohiani, ɔhene ne ɔpapahwekwa, gyidini ne nea onnye nni. Nokwarem no, owu ‘adi hene.’—Romafo 5:17.
2. Dɛn nti na ebia anokwafo bi abam abu wɔ awiei bere yi mu?
2 Nkɔanim a wɔanya wɔ aduruyɛ mu nnansa yi nyinaa akyi no, owu da so ara di hene nnɛ mpo. Ɛwom sɛ eyi nyɛ nwonwa de, nanso ebia ebinom aba mu bui ɔkwan bi so bere a wohyiaa ɔtamfo a watra ase akyɛ yi no. Dɛn ntia? Wɔ 1920 mfe no mu tɔnn no, Ɔwɛn Aban Asafo no bɔɔ asɛm a ɛne sɛ “Ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ no renwu da” no dawuru. Ná henanom na wɔbɛyɛ saa ɔpepem pii yi? Ɛyɛ “nguan” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesu nsɛm a ɛfa nguanten ne mpapo ho mu no. (Mateo 25:31-46) Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ wɔn a wɔte sɛ nguan yi bɛba wɔ awiei bere no mu, na wɔn anidaso bɛyɛ daa nkwa wɔ paradise asase so. Bere kɔɔ so no, Onyankopɔn nkurɔfo nyaa “nguan” yi gyinabea wɔ Yehowa atirimpɔw ahorow mu ho ntease pa. Wohui sɛ wobeyiyi asoɔmmerɛfo yi afi “mpapo” asowuifo no mu, na bere a wɔasɛe mpapo no awie no, nguan no benya Ahenni a wɔasiesie ama wɔn no fã a ɛwɔ asase so no adi.
Nnipa a Wɔte sɛ Nguan no Anoboaboa
3. Adwuma bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn adwene asi so fi 1935?
3 Efi 1935 reba no, “akoa nokwafo” no de adwene asi nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔte saa a wobehu wɔn de wɔn aba Yehowa ahyehyɛde mu no so. (Mateo 24:45; Yohane 10:16) Saa Kristofo a wotumi kyerɛkyerɛ wɔn yi abehu sɛ seesei Yesu redi hene wɔ Yehowa soro Ahenni no mu, na bere a nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei na wɔde wiase foforo a trenee te mu aba no rebɛn ntɛmntɛm. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 12:10) Wɔ saa wiase foforo no mu no, Yesaia nkuranhyɛsɛm yi bɛbam: “Ɔbɛmene owu akosi daa.”—Yesaia 25:8.
4. Ɛwom sɛ nguan foforo no mufo pii fi komam hwɛɛ kwan sɛ wobehu sɛ wɔabu Yehowa tumidi bem wɔ Harmagedon de, nanso dɛn na ato wɔn?
4 Esiane sɛ Satan wiase no awiei abɛn pɛɛ nti, Kristofo a wɔte sɛ nguan no ani begye ho kɛse sɛ wɔbɛtra ase akosi sɛ wobebu Yehowa tumidi bem wɔ ahohiahia a ɛreba Babilon Kɛse ne Satan wiase no nkae so no mu. (Adiyisɛm 19:1-3, 19-21) Antumi amma saa wɔ nnipa bebree fam. Nnipa pii a na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛka “ɔpepem pii” a wɔrenwu da no ho no awuwu. Nokware no nti wokunkum wɔn mu binom wɔ afiase ne nneduaban mu anaasɛ wowuwui wɔ nyamesomfo a wɔyɛ katee nsam. Nea ama afoforo awuwu ne akwanhyia anaasɛ nea wɔfrɛ no nneɛma a ɛbata nnipa ho—ɔyare ne mpanyinyɛ. (Dwom 90:9, 10; Ɔsɛnkafo 9:11) Ɛda adi pefee sɛ pii bewuwu ansa na awiei no aba. Ɛbɛyɛ dɛn na saafo no ahu wiase foforo a trenee bɛtra mu ho bɔhyɛ no mmamu?
Owusɔre Anidaso No
5, 6. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ asase so anidaso a wowu ansa na Harmagedon aba no?
5 Ɔsomafo Paulo de mmuae no mae bere a na ɔrekasa wɔ Roma amrado Felike anim no. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Asomafo no Nnwuma 24:15 no, Paulo de akokoduru kae sɛ: “Mewɔ Onyankopɔn ho anidaso . . . sɛ owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” Owusɔre anidaso no ma yenya akokoduru wɔ amanehunu a ennye koraa mu. Saa anidaso no nti, yɛn nnamfo a yɛdɔ wɔn a wɔyare na wohu sɛ wobewu no aba mu mmu koraa. Wonim sɛ nea ɛbɛba biara no, wobenya nokwaredi so akatua. Esiane owusɔre anidaso no nti, yɛn nuanom mmarima ne mmea akokodurufo a ataafo kunkum wɔn no nim sɛ wɔn ataafo no ntumi nni nkonim ɔkwan biara so. (Mateo 10:28) Sɛ asafo no muni bi wu a, yɛn werɛ how sɛ yɛahwere saa onipa no. Bere koro no ara mu no, sɛ ɔyɛ nguan foforo no mu biako a, yɛn ani gye sɛ yɛn yɔnko gyidini no adi nokware akosi awiei na afei de ɔrehome, a ɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu daakye.—1 Tesalonikafo 4:13.
6 Yiw, owusɔre anidaso no yɛ yɛn gyidi fã titiriw. Nanso, dɛn nti na owusɔre no mu gyidi a yɛwɔ no mu yɛ den saa, na henanom na wɔwɔ saa anidaso no bi?
7. Dɛn ne owusɔre no, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛrenni huammɔ?
7 Hela asɛmfua ma “owusɔre” ne a·naʹsta·sis, a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “obi sɔre gyina hɔ.” Nea ɛkyerɛ titiriw ne sɔre a wɔsɔre fi owu mu. Anikasɛm ne sɛ, asɛmfua “owusɔre” no ankasa mpue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, nanso, wɔka owusɔre anidaso no ho asɛm pefee wom. Sɛ nhwɛso no, yehu bi wɔ nsɛm a Hiob kae wɔ n’amanehunu mu yi mu: “Oo, sɛ wode me sie asaman ɛ, . . . sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!” (Hiob 14:13) Saa ara nso na yɛkenkan wɔ Hosea 13:14 sɛ: “Megye wɔn mafi asaman nsam anaa? mɛpon wɔn owu mu anaa? Owu, ɛhe na wo nwowɔe wɔ? Asaman, ɛhe na wo sɛe wɔ?” Ɔsomafo Paulo faa nsɛm yi kae wɔ 1 Korintofo 15:55, na ɔkyerɛe sɛ owusɔre so na wɔnam di owu so nkonim sɛnea wɔahyɛ ho nkɔm no. (Nokwarem no, na Paulo reka owusɔre a wɔde kɔ soro no ho asɛm wɔ saa kyerɛwsɛm no mu.)
“Wɔabu” Gyidifo “Bem”
8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔnyɛ pɛ nso betumi anya wɔn a wɔteɛ wusɔre no bi? (b) Dɛn na anidaso a yɛwɔ wɔ asetra a owu ntwa so mu no gyina so?
8 Paulo kae wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ Felike a yɛafa aka wɔ nkyekyem 5 no mu sɛ wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ wusɔre bi bɛba. Henanom ne wɔn a wɔteɛ a wobenyan wɔn no? Wiɛ, onipa biara nteɛ fi awo mu. Yɛn nyinaa yɛ abɔnefo fi awo mu, na yɛyɛ bɔne yɛn nkwa nna nyinaa mu—na ɛma yɛfata owu wɔ nneɛma abien ho. (Romafo 5:12; 6:23) Nanso, yehu asɛm ‘wobu bem’ wɔ Bible no mu. (Romafo 3:28) Eyi fa nnipa a ɛmfa ho sɛ wɔnyɛ pɛ no, Yehowa de wɔn bɔne firi wɔn no ho.
9 Wɔde asɛm no ka Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no ho asɛm titiriw. Ɔsomafo Paulo ka wɔ Romafo 5:1 sɛ: “Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe.” Gyidi nti, wɔabu Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa bem. Ɛdɛn mu gyidi? Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛ mu kɔ akyiri wɔ Romafo nhoma no mu no, ɛyɛ Yesu Kristo mu gyidi. (Romafo 10:4, 9, 10) Yesu wui sɛ onipa a ɔyɛ pɛ, na ɛno akyi no wonyanee no fii awufo mu ma ɔforo kɔɔ soro sɛ yɛn nti ɔde ɛbo a ne desani nkwa no som no rekɔma. (Hebrifo 7:26, 27; 9:11, 12) Bere a Yehowa gyee saa afɔrebɔ no toom no, Yesu tɔɔ nnipa abusua no fii bɔne ne owu nkoasom mu sɛnea yɛbɛka no no. Wɔn a wonya saa nhyehyɛe yi mu gyidi no nya mu mfaso kɛse. (1 Korintofo 15:45) Mmarima ne mmea anokwafo wɔ anidaso sɛ wɔnam ɛno so betumi anya asetra a ɔtamfo bɔne a ɔne owu rensɛe no.—Yohane 3:16.
10, 11. (a) Owusɔre bɛn na ɛwɔ hɔ ma Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no? (b) Owusɔre bɛn na asomfo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no hwɛɛ kwan?
10 Yesu agyede afɔrebɔ no nti, anokwafo a wɔasra wɔn a wɔabu wɔn bem no wɔ anidaso a edi mu sɛ wobenyan wɔn sɛ honhom abɔde a wonwu da te sɛ Yesu. (Adiyisɛm 2:10) Wɔka wɔn wusɔre no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:6 sɛ: “Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.” Eyi ne owusɔre a wɔde kɔ soro no. Nanso, hyɛ no nsow sɛ Bible no frɛ no “ɔsɔre a edi kan,” a ɛkyerɛ sɛ foforo bɛba.
11 Paulo kaa Onyankopɔn nkoa pii a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba a wonyaa gyidi a emu yɛ den wɔ Yehowa Nyankopɔn mu ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11. Ná eyinom nso wɔ owusɔre bi mu gyidi. Paulo ka anwonwakwan so owusɔre ahorow a esisii wɔ Israel abakɔsɛm mu ho asɛm wɔ saa ti no nkyekyem 35 sɛ: “Mmea nsa kaa wɔn awufo a wɔsɔree; na ebinom nso, wɔde wɔn goruu atɔprɛ, na wɔampɛ ogye, na wɔn nsa aka owusɔre a eye kyɛn so.” Saa tete adansefo anokwafo no tumi hwɛɛ owusɔre a eye kyɛn nea Elia ne Elisa maa nnipa bi nyae no kwan. (1 Ahene 17:17-22; 2 Ahene 4:32-37; 13:20, 21) Ná wɔwɔ anidaso sɛ wobenya owusɔre akɔ wiase a wɔrenyɛ Onyankopɔn nkoa ayayade wɔ wɔn gyidi ho, wiase a mmea renhwere wɔn adɔfo wɔ owu mu no mu. Yiw, wɔhwɛɛ kwan sɛ wobenyan afi awufo mu aba wiase foforo a yɛn ani da so no ara mu. (Yesaia 65:17-25) Ná Yehowa nkaa saa wiase foforo yi ho nsɛm pii nkyerɛɛ wɔn te sɛ yɛn. Nanso, na wonim sɛ ɛreba, na na wɔpɛ sɛ wɔtra mu bi.
Asase so Wusɔre No
12. Wobuu anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no bem anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
12 Ɛsɛ sɛ yenya adwene no sɛ owusɔre a mmarima ne mmea anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba yi benya wɔ saa wiase foforo no mu no bɛyɛ wɔn a wɔteɛ wusɔre no fã? Ɛda adi sɛ ɛte saa, efisɛ Bible no ka wɔn ho asɛm sɛ wɔteɛ. Sɛ nhwɛso no, osuani Yakobo ka ɔbarima ne ɔbea bi a wɔtraa ase tete hɔ a wobuu wɔn bem ho asɛm. Ná ɔbarima no ne Abraham, Hebrifo abusua no agya. Yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no, na wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo.” Ná ɔbea no ne Rahab, obi a ɔnyɛ Israelni a ɔkyerɛɛ Yehowa mu gyidi. ‘Wobuu no bem,’ na ɔbɛyɛɛ Hebri man no muni. (Yakobo 2:23-25) Enti Yehowa gyinaa mmarima ne mmea a wɔtraa ase tete hɔ a wonyaa ɔno ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi a ɛyɛ den na wodii nokware kosii owu mu no gyidi so buu wɔn bem, na akyinnye biara nni ho sɛ wobenya ‘wɔn a wɔteɛ wusɔre’ no bi.
13, 14. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ wobetumi abu Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso bem? (b) Dɛn na eyi kyerɛ ma wɔn?
13 Na ankorankoro a wɔte sɛ nguan a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔwɔ asase so anidaso, a wohyira wɔn ho so ma Yehowa na wodi nokware kosi owu mu wɔ awiei bere yi mu no nso ɛ? Wobenya wɔn a wɔteɛ wusɔre no bi anaa? Ɛda adi saa. Ɔsomafo Yohane huu anokwafo a wɔte saa nnipakuw kɛse bi wɔ anisoadehu mu. Hyɛ sɛnea ɔka wɔn ho asɛm yi nsow: “Mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw, na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.”—Adiyisɛm 7:9, 10.
14 Hyɛ no nsow sɛ ahobrɛasefo yi gye wɔn nkwagye no tom koraa, na wɔkyerɛ sɛ efi Yehowa ne Yesu, “Oguammaa no” hɔ. Afei nso, wogyinagyina Yehowa ne Oguammaa no anim, wɔn nyinaa hyehyɛ ntade fitaa. Dɛn nti na wɔhyehyɛ ntade fitaa? Ɔsoro abɔde bi ka kyerɛ Yohane sɛ: “Wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” (Adiyisɛm 7:14) Bible mu no, ade fitaa gyina hɔ ma kronnyɛ, trenee. (Dwom 51:7; Daniel 12:10; Adiyisɛm 19:8) Nokwasɛm a ɛne sɛ wohu sɛ nnipakuw kɛse no hyehyɛ ntade fitaa no kyerɛ sɛ Yehowa bu wɔn sɛ wɔteɛ. Ɛyɛ dɛn na etumi ba saa? Efisɛ wɔahoro wɔn ntade wɔ Oguammaa no mogya mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so. Wɔkyerɛ Yesu Kristo mogya a ohwie gui no mu gyidi ma enti wobu wɔn atreneefo sɛ Onyankopɔn nnamfo a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu. Enti, Kristoni nokwafo biara a wahyira ne ho so a saa bere yi ɔka “nnipakuw kɛse” no ho a owu ansa na ahohiahia kɛse no aba no betumi anya awerɛhyem sɛ obenya asase so owusɔre a wɔn a wɔteɛ nsa bɛka no bi.
15. Esiane sɛ wobenyan wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔteɛ nyinaa nti, dɛn na ɛma wɔn a wɔteɛ wusɔre no kyɛn so?
15 Wɔka saa owusɔre no ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 20 nkyekyem 13 sɛ: “Ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” Enti wɔ Yehowa mfirihyia apem Atemmu Da kɛse no mu no, wobenyan wɔn a Onyankopɔn kae wɔn nyinaa—wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ nyinaa. (Asomafo no Nnwuma 17:31) Ɛnde hwɛ sɛnea ebesi wɔn a wɔteɛ no yiye! Wɔatra ase sɛ gyidifo dedaw. Wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den dedaw, na wɔwɔ ahotoso sɛ n’atirimpɔw ahorow bɛbam. Adansefo a wɔteɛ a wɔtraa ase ansa na Kristofo Mmere no reba benyan afi owu mu a wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu nea ɛyɛe a Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛfa Aseni no ho no baam. (1 Petro 1:10-12) Nguan foforo no mufo a Yehowa bu wɔn sɛ wɔteɛ wɔ yɛn bere yi mu no bɛsɔre afi adamoa mu a wɔn ho bɛpere wɔn sɛ wobehu Paradise asase a wɔkaa ho asɛm wɔ asɛmpa a wɔkae wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no mu. Hwɛ anigye bere ara a ɛbɛyɛ!
16. Dɛn na yebetumi aka wɔ Atemmu Da wusɔre a wɔn a wowuwu wɔ yɛn nna yi mu benya no ho?
16 Wɔ saa mfirihyia apem Atemmu Da no mu no, bere bɛn pɔtee na wobenyan wɔn a wodii nokware kosii owu mu wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe no mfe a etwa to yi mu no? Bible no nka. Nanso, so ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ wobenyan wɔn a wobu wɔn sɛ wɔteɛ a wowuwu wɔ yɛn bere yi mu no ntɛm na ama wɔne nnipakuw kɛse a wobetwa Harmagedon no abom ama tetefo no akwaaba afi owu mu? Yiw, ɛte saa ankasa!
Anidaso a Ɛma Awerɛkyekye
17, 18. (a) Awerɛkyekye bɛn na owusɔre anidaso no de ma? (b) Dɛn na ɛka yɛn ma yɛka fa Yehowa ho?
17 Owusɔre anidaso no ma Kristofo nyinaa ahoɔden ne awerɛkyekye nnɛ. Sɛ yɛkɔ so di nokware a, akwanhyia ne ɔtamfo biara nni hɔ a obetumi ama yɛn akatua no abɔ yɛn! Sɛ nhwɛso no, Kristofo akokodurufo a na wɔwɔ Ethiopia a wowuwui mmom sen sɛ wobegyae wɔn gyidi mu ho mfonini ahorow wɔ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no kratafa 177. Asɛm a ɛwɔ mfonini no ase no ka sɛ: “Wɔn a yɛhwɛ kwan sɛ yebehu wɔn wɔ owusɔre no mu.” Hwɛ hokwan ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu eyinom ne afoforo a wɔn dodow nni ano a wɔadi nokware akosi owu mu saa ara no!
18 Na yɛn ankasa adɔfo ne nnamfo a mpanyinyɛ anaa ɔyare bi nti wɔntra ase ntwa ahohiahia kɛse no nso ɛ? Owusɔre anidaso no nti sɛ wɔkɔ so di nokware a, wobenya daakye a ɛyɛ anigye. Na sɛ yɛn nso yɛde akokoduru kyerɛ Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi a, yebenya daakye a ɛyɛ anigye. Dɛn ntia? Efisɛ te sɛ Paulo no, yɛwɔ anidaso sɛ “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ” wusɔre no bɛba. Yefi yɛn koma nyinaa mu da Yehowa ase wɔ saa anidaso yi ho. Nokwarem no, ɛka yɛn ma yɛka odwontofo no nsɛm yi bi: “Monka [Onyankopɔn anuonyam], amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu. Na [Yehowa] yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ.”—Dwom 96:3, 4.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛboa si anidaso a yɛwɔ wɔ asase so owusɔre mu no so dua?
◻ Dɛn na wogyina so bu Kristofo bem nnɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na owusɔre anidaso no ma yenya akokoduru na yesi yɛn bo?
[Kratafa 9 mfonini]
Kristofo a wɔasra wɔn no ani da owusɔre a wɔde kɔ soro no so te sɛ Paulo