Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/1 kr. 4-7
  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Bɔne?
  • Bɔne Mfitiase
  • Mmɔden a Onipa Bɔ sɛ Obeyi Bɔne Afi Hɔ
  • Bɔne mu Ahofadi
  • Bere a Bɔne Nni Hɔ Bio
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Adɛn Nti na Nnipa Wu?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • “Mogya a Ɛsom Bo” na Wɔde Gyee Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/1 kr. 4-7

Wiase a Bɔne Nni Mu​—Ɔkwan Bɛn So?

WƆTEE nteɛteɛm a na wɔde rehwehwɛ mmoa wɔ awɔw bere mu ahemadakye bi a na wim ayɛ dinn wɔ Tokyo mpɔtam baabi a asomdwoe wɔ hɔ no. Efi simma anum kosi du mu no, nnipa pii tee ɔbea a ɔtɔn atesɛm nkrataa a obi de mmirika dii n’akyi na ɔkɔɔ so de sekan wowɔɔ no no nteɛteɛm a ɛyɛ awerɛhow no. Anhia obiara sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ nea ɛrekɔ so. Mogya tuu ɔbea no mmoroso ma owui. Asɛm no ho nhwehwɛmufo bi kae sɛ: “Sɛ nnipa yi mu biako bɔɔ polisifo amanneɛ ntɛm ara bere a wɔtee nteɛteɛm no a, anka wobetumi agye no nkwa.”

Ɛwom sɛ wɔn a wɔtee ɔbea a ɔrewu no nteɛteɛm no anyɛ adebɔne kɛse bi sen bu a wobuu wɔn ani guu ne so no de, nanso so wobetumi aka ma afata sɛ wonni fɔ? Ɔbarima bi a ɔtee ne nteɛteɛm no kae sɛ: “Bere a metee sɛ wɔakum no akyi no, m’ahonim haw me Fida no nyinaa.” Eyi ma yebisa sɛ, Dɛn ankasa ne bɔne?

Dɛn ne Bɔne?

Bere a Hideo Odagiri a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Hosei Sukuupɔn mu wɔ Tokyo, Japan, retwe adwene asi nim a onim sɛ bɔne wɔ hɔ no so no, ɔkaa asɛm a wɔafa aka wɔ Asahi Shimbun atesɛm krataa no mu yi sɛ: “Merentumi mpopa kae a mekae pefee sɛ bɔne wɔ hɔ, te sɛ sɛnea abofra susuw ne nkutoo ho ɔkwan a ɛmfata so, ninkuntwe a ɛyɛ aniwu, yi a woyi obi ma wɔ n’akyi no, mfi m’adwene mu. Wɔde nsusuwii yi hyɛɛ m’adwenem bere a mewɔ mfitiase sukuu no, na ɛda so ara haw me.” So woate nka saa pɛn? So ɛnne bi wɔ wo mu a sɛ woyɛ biribi a ennye a, ebu wo fɔ? Ebia wunnii nsɛmmɔne bi de, nanso wote nka sɛ biribi ankɔ yiye, na ɛhaw w’adwene kɛse. W’ahonim na ɛreyɛ adwuma no, na Bible no ka ho asɛm sɛɛ se: “Na amanaman mufo a wonni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonnim mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔ wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyiyi wɔn ho ano.” (Romafo 2:14, 15) Yiw, ɛyɛ awosu sɛ nneyɛe te sɛ awaresɛe, korɔnbɔ ne atorodi haw nnipa pii. Wɔn ahonim redi bɔne ho adanse.

Nanso, sɛ wɔkɔ so bu ani gu ahonim a ɛkasa kyerɛ no so a, ɛnyɛ ɔkwankyerɛfo bio. Ano betumi akum na ɛho agu fĩ. (Tito 1:15) Ɛremma wɔnte ade a enye nka bio. Nokwarem no, ɛnnɛ nnipa pii ahonim awu wɔ bɔne ho.

So ahonim nkutoo ne nea wogyina so hu bɔne, anaasɛ biribi a edi mũ wɔ hɔ a wobetumi agyina so ahu nea ɛyɛ bɔne ne nea ɛnyɛ bɔne? Bɛboro mfirihyia 3,000 a atwam ni no, Onyankopɔn maa ne nkurɔfo a wapaw wɔn no mmara, na wɔnam Mmara yi so “gyee [bɔne] toom sɛ bɔne.” (Romafo 7:13, New International Version) Nneyɛe bi a na kan wogye tom wɔ ɔkwan bi so no mpo yɛ nea afei wɔma ɛdaa adi sɛnea ɛte​—bɔne. Ɛdaa Onyankopɔn nkurɔfo a wapaw wɔn, Israelfo, no adi sɛ abɔnefo a enti na wɔwɔ afobu ase.

Dɛn ne bɔne ahorow a yɛn ahonim ma yehu a Mose Mmara no daa no adi yi? Sɛnea wɔde asɛmfua bɔne di dwuma wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ botae ho a wonnu wɔ Ɔbɔadeɛ no fam. Biribiara a ɛne ne nipasu, ne gyinapɛn ahorow, n’akwan, ne ne pɛ nhyia no yɛ bɔne. Ɔrentumi mma abɔde biara a ennu botae a ɔde asi hɔ no ho no nkɔ so ntra ase. Enti afeha a edi kan mu mmara ho ɔbenfo bi bɔɔ Hebrifo Kristofo kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye, anuanom, na koma bɔne a ennye nni amma mo mu biara mu na wanwae amfi Nyankopɔn teasefo no ho.” (Hebrifo 3:12) Yiw, Ɔbɔadeɛ no mu gyidi a wonni no yɛ bɔne kɛse. Enti, faako a bɔne mu trɛw kodu a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Bible mu no kɔ akyiri koraa sen nea yɛtaa bu sɛ ɛyɛ bɔne no. Bible no ka ho asɛm du akyiri sɛɛ se: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.”​—Romafo 3:23.

Bɔne Mfitiase

So ɛno kyerɛ sɛ wɔbɔɔ onipa sɛ ɔbɔnefo? Dabi, Yehowa Nyankopɔn, onipa nkwa Fibea no, bɔɔ onipa a odi kan no sɛ abɔde a ɔyɛ pɛ. (Genesis 1:26, 27; Deuteronomium 32:4) Nanso, nnipa baanu a wodi kan no annu botae no ho bere a wobuu anohyeto koro pɛ a Onyankopɔn de mae no so na wodii “papa ne bɔne hu dua” a wɔabara ne di no bi no. (Genesis 2:17) Ɛwom sɛ wɔbɔɔ wɔn a na wɔyɛ pɛ de, nanso afei de na wonnu botae a ɛne osetie koraa a wɔbɛyɛ ama wɔn Agya no ho, wɔbɛyɛɛ abɔnefo ma enti wobuu wɔn kumfɔ.

Dɛn na tete abakɔsɛm yi ne bɔne wɔ yɛ nnɛ? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Yɛn nyinaa yɛ abɔnefo fi awo mu; enti, yɛaba owu afobu ase.​—Ɔsɛnkafo 7:20.

Mmɔden a Onipa Bɔ sɛ Obeyi Bɔne Afi Hɔ

Adam maa bɔne baa n’asefo so, nanso ɔma wonyaa ahonim a Onyankopɔn de maa wɔn no nso bi. Bɔneyɛ betumi ama obi ate nka sɛ onni ahotɔ. Sɛnea yɛaka dedaw no, nnipa afa akwan horow so sɛ wɔbɛbrɛ nkate a ɛte sɛɛ ase. Nanso so etumi yɛ saa ampa?

Wɔ Apuei ne Atɔe Fam no, nkurɔfo abɔ mmɔden sɛ wobeyi nea efi bɔneyɛ mu ba no afi hɔ denam wɔn gyinapɛn ahorow a wɔsesa anaasɛ pow a wɔpow sɛ bɔne wɔ hɔ no so. (1 Timoteo 4:1, 2) Yebetumi de bɔne mu a adesamma wɔ no atoto obi a ɔyare atiridii ho. Yebetumi de bɔne atoto ɔyare mmoawa a wɔma wohu ɔyare no ho sɛnkyerɛnne no ho, na yɛde ahonim a ahaw no nso atoto atiridii a ɛmma wonnya ahotɔ no ho. Afiri a wɔde hu sɛnea obi ho hyew te no a wɔbɛsɛe no no rensakra nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atiridii a ano yɛ den akyere onipa no. Abrabɔ gyinapɛn horow a wɔtow gu, te sɛ nea pii a wɔwɔ Kristoman mu ayɛ ne obi ankasa ahonim ho adanse a wobu ani gu so no ntumi mmoa ma wɔmpopa bɔne mfi hɔ ankasa.

Ebia obi de mpopaho bɛbɔ nsu a ɛyɛ nwunu mu de apopa ne ho na ama ne ho a ayɛ hyew esiane atiridii a wanya nti no aba fam. Ɛno te sɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔn ahonim a ɛhaw wɔn no ano abrɛ ase denam Shinto ahodwira amanne ahorow a wɔyɛ no so. Ebia mpopaho a ayɛ nwunu a ɔde popa ne ho no bɛma ne ho adwo bere tiaa bi, nanso ɛrenyi nea ɛde atiridii no bae no mfi hɔ. Yeremia bere so asɔfo ne adiyifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛte saa ara so asa Israelfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no yare. Wɔde “adwenhare” saa ɔmanfo no honhom ne abrabɔ fam kuru no kae sɛ “Bɔne biara nni hɔ, bɔne biara nni hɔ.” (Yeremia 6:14; 8:11, An American Translation) Nyamesom mu nneɛma a wɔyɛ ne teɛ a wɔteɛɛm sɛ “bɔne biara nni hɔ” ara kɛkɛ no anyi Onyankopɔn nkurɔfo ɔbrasɛe no amfi hɔ, na saa ara na ahodwira amanne ahorow no rensakra nkurɔfo su nnɛ.

Sɛ obi a atiridii abɔ no nom nnuru a ɛbrɛ ɔyare no ase a, ebetumi ama ɔyare no aba fam, nanso na mmoawa no da so ara wɔ ne mu. Saara na ɛte wɔ ɔkwan a Konfusiofo fa so di bɔne ho dwuma denam ɔkyerɛkyerɛ so no ho. Wɔ aniani de ebia ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔadan afi bɔne ho, nanso obi ho a ɔde hyɛ li mu no hyɛ bɔne su no so ara kwa na ɛmma obi nne ne ho mfi bɔne adwene a wɔde woo no a ɛno na ɛma obi yɛ bɔne no ho.​—Genesis 8:21.

Na Budhafo nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ obi kɔ Nirvana kɔpopa bɔne adwenhorow no nso ɛ? Nirvana tebea a obi kɔ mu a wɔkyerɛ mu sɛ “tɔre a wɔtɔre ase” no yɛ nea wɔkyerɛ sɛ wontumi nkyerɛkyerɛ mu, nkate ne akɔnnɔ nyinaa a woyi fi hɔ. Ebinom se ɛkyerɛ sɛ́ obi nni hɔ bio. So ɛno nte sɛ ka a wɔka kyerɛ obi a ɔyare atiridii sɛ onwu na ne ho atɔ no? Bio nso wɔkyerɛ sɛ, sɛ́ obi bedu Nirvana tebea mu no yɛ den kɛse, na ɛrentumi nyɛ yiye mpo. So nkyerɛkyerɛ yi betumi aboa obi a n’ahonim haw no?

Bɔne mu Ahofadi

Ɛda di sɛ nea onipa nsusuwii horow a ɛfa asetra ne bɔne su horow ho betumi ayɛ ara ne sɛ ebedwudwo obi ahonim. Enyi bɔne tebea no mfi hɔ. (1 Timoteo 6:20) So ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔbɛfa so ayɛ eyi? Wɔ Bible a ɛyɛ tete nhoma a wɔkyerɛw wɔ Apuei Fam mu no, yehu bɔne mu ahofadi ano aduru. “Sɛ mo bɔne te sɛ dammaramma a, ɛbɛhoa sɛ sukyerɛma . . . Sɛ mopɛ na mutie a, mubedi asase so nnepa.” (Yesaia 1:18, 19) Ɛha no na Yehowa rekasa akyerɛ Israelfo a na wɔyɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn, nanso wɔannu mũdi mu a wobekura ama no ho botae no ho no. Nanso nnyinasosɛm koro no ara fa adesamma nyinaa ho. Ɔpɛ a obi benya sɛ obetie Ɔbɔadeɛ no asɛm ne ɔkwan a wɔbɛfa so apopa obi bɔne, te sɛ nea wɔayi afi hɔ koraa.

Dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn wɔ adesamma bɔne a woyi fi hɔ no ho? Bible se, sɛnea ɛnam onipa biako bɔne so na adesamma nyinaa bɛyɛɛ abɔnefo no, saara na ɛnam onipa foforo osetie ma Onyankopɔn wɔ pɛyɛ mu so no, wobegye adesamma asoɔmmerɛfo afi wɔn awerɛhow mu. (Romafo 5:18, 19) Ɔkwan bɛn so? “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Ná Yesu Kristo a wɔwoo no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ a onni bɔne a ɔte sɛ Adam ansa na ɔreyɛ bɔne no betumi asoa adesamma bɔne akɔ. (Yesaia 53:12; Yohane 1:14; 1 Petro 2:24) Ɛdenam Yesu a wokum no wɔ asɛndua so sɛ ɔdebɔneyɛfo so no, ogyee adesamma fii bɔne ne owu nkoasom ase. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ Roma Kristofo no sɛ: “Na yɛda so yɛ mmerɛw no, bere a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfo. . . . Na sɛnea bɔne dii hene owu mu no, ɔdom nso nam trenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so akɔ daa nkwa mu.”​—Romafo 5:6, 21.

Wɔfrɛ Kristo wu a owu maa adesamma nyinaa ne nea Adam sɛe no a osiesiei no sɛ “agyede” nhyehyɛe no. (Mateo 20:28) Wobetumi de atoto aduru a ɛko tia mmoawa a ɛde atiridii ba no ho. Ɛdenam Yesu agyede no bo a ɛsom a wɔde bɛyɛ adesamma ho adwuma so no, wobetumi asa adesamma yare tebea a bɔne de aba​—a owu ankasa ka ho​—no. Wɔka ayaresa yi ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so wɔ Bible nhoma a etwa to no mu sɛ: “Asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.” (Adiyisɛm 22:2) Susuw ho hwɛ! Sɛnkyerɛnne kwan so nkwa nsu asubɔnten a ɛnenam nkwa dua a nea wɔde ne nhaban yɛ ara ne sɛ wɔde sa adesamma yare ntam. Sɛnkyerɛnnede a efi Onyankopɔn nkyɛn yi gyina hɔ ma ne nsiesiei a ɔnam so de adesamma bɛsan aba pɛyɛ mu denam Yesu ogye afɔre no so.

Ɛrenkyɛ nkɔmhyɛ kwan so anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no bɛbam. (Adiyisɛm 22:6, 7) Afei, bere a wɔde Yesu ogye afɔre no bo a ɛsom no adi adesamma ho dwuma awie no, nnipa komapafo nyinaa bɛyɛ pɛ, na ‘wɔafa wɔn ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.’ (Romafo 8:21) Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu kyerɛ sɛ anuonyam ogye yi abɛn. (Adiyisɛm 6:1-8) Ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi abɔnefosɛm afi asase so, na nnipa benya daa nkwa wɔ paradise asase so. (Yohane 3:16) Ɛno bɛyɛ wiase a bɔne nnim ampa!

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu agyede afɔre no bɛma mmusua te sɛ eyi anya anigye a enni awiei

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena