Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Wɔ Romafo 8:27 no, New World Translation no kyerɛ Hela asɛmfua phroʹne·ma ase sɛ ‘ɛkyerɛ,’ nanso wo nkyekyɛm 6, 7 no, wɔkyerɛ ase sɛ “adwene.” Dɛn nti na wɔkyerɛ Hela asɛmfua koro no ara ase akwan soronko so no?
Nsɛm a atwa ho ahyia no ma wotumi de nkyerɛase ahorow abien a wɔapaw no di dwuma.
New World Translation of the Christian Greek Scriptures (1950) no nnianim no kae sɛ: “Yɛde nkyerɛase biako na ama asɛmfua titiriw biara, na yɛakura saa nkyerɛase no ara mu mpɛn dodow a nsɛm a atwa ho ahyia no ma hokwan no.” Esiane sɛ phroʹne·ma pue mpɛn anan pɛ nti, ebinom remmu sɛ ɛyɛ asɛmfua titiriw. Nanso ɛte sɛ nsɛmfua bi a wɔtaa de di dwuma mpɛn pii. Biako ne phro·neʹo, a ɛkyerɛ “sɛ obi bedwen, obenya biribi ho adwene wɔ ɔkwan bi so.” (Mateo 16:23; Marko 8:33; Romafo 8:5; 12:3; 15:5) Hela nsɛmfua a ɛte sɛ ɛno de nsusuwii a ɛkyerɛ sɛ obi de nyansa, adwene, anaa atɛmpa a etumi yɛ adwuma di dwuma ma.—Luka 1:17;12:42;16:8; Romafo 11:25; Efesofo 1:8.
The Kingdom Interlinear Translation of the Greek Scriptures da no adi sɛ phroʹne·ma pue mpɛn anan wɔ Romafo 8:6, 7, 27, na nea ɛkyerɛ ankasa bere nyinaa ne “adwene.” Helafo nhomanimfo Bauer, Arndt, ne Gingrich kyerɛkyerɛ phroʹne·ma mu sɛ: ‘Sɛnea wodwen ade ho, adwene, botae, ade a obi hwehwɛ, mmɔdenbɔ.’—A Greek-English Lexicon of the New Testament and Other Early Christian Literature.
Wɔ Romafo ti 8 no, ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ wɔnnantew onipa honam a ɛtɔ sin no mu. Sɛ wobetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban fi ɔhonam akɔnnɔ, ne koma a ɛtɔ sin nsusuwii ahorow ho. ‘Wɔn adwene a wɔde besi’ nneɛma a ɛne Onyankopɔn honhom kronkron hyia so no bɛboa wɔ eyi mu.—Romafo 8:1-5.
Paulo de abirabɔ yi mae sɛ: “Ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene yɛ nkwa ne asomdwoe. Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase.” (Romafo 8:6, 7) Ɛyɛ nnipa ho asɛm na wɔreka wɔ nkyekyem abien yi mu. Ɛnsɛ sɛ nnipa, titiriw no Kristofo, de wɔn adwene si, anaasɛ ‘wodwen’ ɔhonam nneɛma a ɛtɔ sin no so. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si, anaasɛ ‘wodwen’ nneɛma a ɛne honhom no hyia, na honhom no kanyan no no ho.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, nkyekyem 27 reka Onyankopɔn ankasa ho asɛm. Yɛkenkan sɛ: ‘Na ɔno [Yehowa] a ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a honhom no kyerɛ, efisɛ odi ma ahotefo no sɛnea Onyankopɔn pɛ.‘Yiw, ‘ɔno’ a ɛwɔ ha no ne Yehowa, mpaebɔ Tiefo no.
Anka wobetumi akyerɛ asɛmfua phroʹne·ma ase wɔ nkyekyem 27 sɛ “adwene.” Nanso honhom kronkron nyɛ onipa a otumi dwen ankasa anaa ɛwɔ n’ankasa adwene. Honhom no yɛ Onyankopɔn, a onim sɛnea ne honhom kronkron no yɛ ade de di n’apɛde ho dwuma no adeyɛ tumi. Bio nso, nea saa nkyekyem yi kyerɛ no yɛ soronko wɔ Romafo 8:6, 7 ho. Saa nkyekyem a edi kan no si sɛnea nnipa hia sɛ wodi wɔn nsusuwii ne nneyɛe so no so dua. Nanso Yehowa nhia sɛ ɔyere ne ho denneennen na watumi adi ne ho so. Onim nea wofi honhom mu kyerɛw wɔ Bible no mu, te sɛ Bible mu nsɛm a ɛma wohu n’apɛde ma ne nkoa a wɔwɔ asase so no. Dr. Heinrich Meyer ka Romafo 8:27 ho asɛm sɛ: “Nea ɛte biara no, Onyankopɔn behu Honhom no atirimpɔw.”
Ne saa nti, nkyerɛase sɛ ‘ɛkyerɛ’ no ne nea wɔka ho asɛm wɔ Romafo 8:27 no hyia, na Hela kasa no ma hokwan. The Translator’s New Testament no kyerɛ ase sɛ: “Nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a Honhom no kyerɛ.”
◼ Dɛn nti na ɛtɔ mmere bi a, New World Translation no kyerɛ Hela asɛmfua pi·steuʹo ase sɛ “gye di” (sɛnea ɛte wɔ nkyerɛase pii mu) na mmere afoforo mu nso no, ɛkyerɛ ase sɛ “kyerɛ [anaa nya] gyidi” no?
Wɔyɛ eyi na ama Hela asɛmfua pi·steuʹo no ntease ahorow no ada adi.
Sɛ nhwɛso no. A Grammar of New Testament Greek a James Moulton yɛe no kyerɛ sɛ tete Kristofo huu “sɛnea nsonsonoe a ɛwɔ gye a wogye di ara kwa . . . ne obi ankasa mu ahotoso a wonya ho hia no mu.” Wobetumi de Hela asɛmfua pi·steuʹo adi dwuma de ada nsusuwii abien yi nyinaa adi.
Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wotumi hu pi·steuʹo ntease ahorow no wɔ nsɛm a atwa ho ahyia no mu. Nanso ɛtɔ mmere bi a, sɛnea wɔde kasa mmara adi dwuma de aka asɛm no akwan horow so no boa yɛn ma yetumi hu nea ɔkyerɛwfo no reka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, sɛ edin a ɛfa obi ho ara kwa na edi pi·steuʹo akyi a, New World Translation no taa kyerɛ ase tiawa sɛ “gye di”—gye sɛ nsɛm a atwa ho ahyia no ka biribi foforo ho asɛm. (Mateo 21:25, 32; nanso hwɛ Romafo 4:3) Sɛ e·piʹ, “so” na edi asɛmfua pi·steuʹo akyi a, wɔtaa kyerɛ ase sɛ “gye no so di.” (Mateo 27:42: Asomafo no Nnwuma 16:31) Sɛ eis, “kɔ” na edi akyi a, wɔtaa kyerɛ ase sɛ “kyerɛ no mu gyidi.”—Yohane 12:36; 14:1
Nkyerɛase a edi akyiri yi (a ɛkae yɛn sɛ abusuabɔ bi da pi·steuʹo ne Hela asɛmfua piʹstis, “gyidi” ntam no) ne asɛm bi a ɛwɔ An Introductory Grammar of New Testament Greek a Paul Kaufman yɛe mu no hyia. Saa nhoma no ka sɛ: “Sɛnea wɔkyerɛw asɛm no foforo a wɔtaa hu wɔ Apam Foforo no mu (titiriw wɔ Yohane Asɛmpa no mu) ne πιστεύω [pi·steuʹo] ne εἰς;[eis] ne edin a ɛfa obi ho . . .Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ nsɛm a ɛwɔ εἰς mu no nyinaa ase a nea ɛfa obi ho no nso ka ho, sen sɛ wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ εἰς ase sɛ asɛmfua biako. Wosusuw gyidi ho sɛ adeyɛ, sɛ biribi a mmarima yɛ, kyerɛ sɛ wonya gyidi wɔ obi mu.”