Adwini A Ɛwɔ Abɔde Mu—Dɛn Na Ɛkyerɛ?
YƐN NYINAA ani gye adwini a ɛyɛ fɛ ho. Ebetumi ayɛ ɔdan bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ, nhwiren bi, anaasɛ afiri bi a wɔfrɛ no computer. Nnipa pɛ adwini a ɛyɛ fɛ.
Ɛdefa adwini ho no, nea mpɛn pii wogyina so de kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne sɛ, adwini kyerɛ wɔ a Odwumfo wɔ hɔ. Na nnipa pii te nka sɛ nnɛyi nneɛma ahorow a ada adi wɔ nyansahu mu no ahyɛ saa asɛm yi mu den. Dɛn ntia? Efisɛ eyinom boa yɛn ma yehu sɛnea wiase yi ankasa mu nneɛma dɔɔso ne nyansa a wɔde yɛe.
Susuw nea wɔahu wɔ nkwaboaa biako pɛ ho no ho. Wɔ afeha a atwam no mu no na wobu no sɛ biribi a ɛwɔ abɔde mu a ɛma wonya nkwa ara kwa a wɔde ɛnam hatahata bi akata ho. Ɛnnɛ yenim sɛ nam hatahata a ɛnam ho yi mpo yɛ ade a ɛyɛ nwonwa, bere a ɛkyerɛ nneɛma ahorow a ɛsɛ sɛ ɛba nkwaboaa no mu anaasɛ ɛsɛ sɛ efi mu no. Nkwaboaa no mu na ade bi a ɛyɛ nwonwa a wɔayɛ wɔ. Nneɛma ahorow te sɛ proteins a wonya fi nufusu, nkesua ne ade mu, ne afoforo pii a ɛyɛ hwanyann paa wɔ mu.
Adanse No
Sɛ yɛhwehwɛ nneɛma nketewaa koraa te sɛ atom ne nkwaboaa mu o, sɛ yɛhwehwɛ amansan yi ne ne nsoromma ɔpepepem pii no mu o, adanse a emu da hɔ fann wɔ hɔ. Yehu nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ ne nyansa—yiw, adwini!
Bere biara a yehu adwini bi wɔ yɛn da biara da asetra mu no yɛntwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka sɛ nnipa a wonim nyansa na wɔyɛe. Sɛ yehu ofie bi a, yegye tom sɛ obi a onim nyansa na osii. Nyansadɔn a ebia ɛbɔ wo nsa no yɛ nea yegye tom sɛ ɛyɛ odwumfo bi nsa ano adwuma. Sɛ yehu ɔdan a wɔrebesi ho mfonini wɔ ɔpon bi so a, yenim sɛ obi a ɔwɔ ho nimdeɛ na ɔyɛe. Bere a yɛhwɛ mfonini ahorow no, yenim sɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Na, ɔpon, akongua, ade a wɔde twitwiw se so anaa pɛnsil mpo, ne nyinaa nnipa na wɔyɛe. Afei wubesusuw dɛn, sɛ wubisa sɛ, ‘Hena na ɔyɛɛ saa nneɛma no nyinaa?’ na wobua wo sɛ, ‘Ɛnyɛ obiara, efisɛ wɔn ankasa na ɛbae a’?
Nanso adwini a ɛwɔ saa nneɛma yi nyinaa ho ne sɛnea ɛyɛ adwuma no nyɛ den, sɛ wode toto atoms, nkwaboaa, afifide, mmoa, nnipa ne amansan yi ho a. Sɛ ɛsɛ sɛ nneɛma a ne yɛ nyɛ den yi nya ɔyɛfo a, so ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛka sɛ nea ɛsen ɛno no nni ɔyɛfo?
Bere a wosusuw nneɛma yi biara ho no, ɛkã nnipa pii ma wɔne ɔsomafo Paulo yɛ adwene bere a ɔkae sɛ: “Na efi wiasebɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho, enti na wonni anoyi biara” no.—Romafo 1:20.
Nanso, ebinom bisa sɛ: Sɛ nkyerɛkyerɛmuyi yɛ nea ntease wom saa de a, dɛn nti na nnipa pii nnye wɔ a Odwumfo, Onyankopɔn bi wɔ hɔ no nni?
[Kratafa 3 mfoni]
Efi atoms a ɛyɛ ketewaa so kosi amansan a ɛyɛ nwonwa yi so no, yehu adwini koro no ara