Bible No Adwene
So Ɛsɛ sɛ Wudi Mmara Nsɛm Du no So?
ƐYƐ afe 1513 A.Y.B.a mu na Onyankopɔn de ne nsateaa kyerɛw ɔbo so no. Efi saa bere no nnipa ahwɛ Mmara Nsɛm Du no so akyerɛw bi na wɔama atrɛw wɔ wiase nyinaa. Nnipa ɔpepehaha pii akenkan, na pii tumi ka no wɔn ano ara kwa. Ɛda adi sɛ mmara horow biara nni hɔ a nnipa pii dan adwene kɔ so saa. Wɔ n’afe a ɛto so 3,500 wɔ 1988 mu yi, asemmisa no ne sɛ: So Mmara Nsɛm Du no da so di dwuma ma enti ɛsɛ sɛ wudi so?—Exodus 20:1-17; 31:18.
Wɔde maa Henanom?
Onyankopɔn de Mmara Nsɛm Du no maa nkurɔfo bi a na wɔfrɛ wɔn Israelfo. Wɔ ne nsɛm a ɔde fii ase no mu no, ɔmaa emu daa hɔ sɛ ɛyɛ saa ɔman biako yi na ɔkasa kyerɛɛ wɔn: “Mene [Yehowa] wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no.” Eyi kyerɛ sɛ wɔhyehyɛɛ Mmara Nsɛm Du no sɛ ɔman no mmara apam no fã.—Exodus 20:2.
So Wɔdan Maa Kristofo?
Nanso, so na Mmara Nsɛm Du no yɛ amansan nyinaa de a ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma bere nyinaa na ayɛ nea ɛfa wɔn a wɔnyɛ Israelfo nso ho? Dabi. Mfehaha bi akyi bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, wɔannan Mmara apam no amma wɔn. Dɛn ntia? Efisɛ Bible no ka sɛ “Kristo ne mmara no awiei.” (Romafo 10:4) Ɛno kyerɛ dɛn?
Sɛ nhwɛso no, wɔ 1912 mu no na dua a wɔde to soro ma wohuru tra mu nkonimdi a ɛsen biara wɔ wiase no yɛ anammɔn 6 ne nsateakwaa 7. Eyi akyi mfe aduɔson anum, wɔ 1987 mu no, na nkonimdi no yɛ anammɔn 7 ne nsateakwaa 11 1/2. Nanso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea dua a wɔde to nnua abien a wɔde asisi hɔ so no sorokɔ a ɔdesani betumi ahuru atra no anohyeto bi wɔ hɔ. Nkonimdifo a obedu saa anohyeto yi ho no de wiase nyinaa ahurutra nkonimdi ahorow no bɛba awiei. Wobetumi aka nso sɛ ɔyɛ nkonimdi ahorow no “awiei.” Afei, eyi fa Mmara Nsɛm Du no ho dɛn?
Bere a Onyankopɔn hyehyɛɛ “mmara no” a Mmara Nsɛm Du no ne mmara afoforo bɛboro 600 ne ahyɛde ahorow na ɛwom na ɔde maa Israelfo no, ɔde botae anaasɛ gyinapɛn bi a ɛyɛ pɛ sii hɔ. Ɔde dua no too nea ɛkorɔn sen biara, sɛnea yɛbɛka no no. Na saa ɔsoro Mmara yi wɔ abrabɔ mu gyinapɛn a ɛkorɔn araa ma na ɔdesani a ɔyɛ pɛ nkutoo na obetumi adu ho. Ɔsɛnkafo 7:20 se: “Onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne.”
Enti wɔde dua no—Onyankopɔn trenee gyinapɛn no—too nea ɛkorɔn dodo ma Israelfo anaasɛ Yudafo a wɔnyɛ pɛ no. Dɛn ntia? Kristoni ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmara atotoatoto nti na wɔde [Mmara no] kaa ho de kosii sɛ aseni [Mesia anaa Kristo] a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba.” (Galatifo 3:19) Onyankopɔn nam Mmara no so kyerɛɛ Yudafo no sɛ wɔn nyinaa yɛ mmaratofo a wɔnyɛ pɛ na wɔn ankasa nnwuma mma wonnu botae a ɛbɛma wɔabu wɔn bem no ho.
Onipa biako pɛ na na obetumi ahuru atra saa dua no: Mesia anaasɛ Kristo a na wɔahyɛ ne ho bɔ sɛ ɔreba no. Enti, wɔde saa gyinapɛn a ɛkorɔn no sii Yudafo no anim na wɔde wɔn adwene asi so bere a na wɔhwɛ nkonimdifo a ɔbɛba akyiri yi abehuru no prɛko no kwan no.
‘Ɛkyerɛ Kristo so Kwan’
Nea ɛne eyi hyia no, Paulo toa so wɔ Galatifo nhoma no ti a ɛto so abiɛsa, nkyekyem 24 sɛ: “Enti mmara no ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan, na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem [wɔ ne mu].” Ná Bible mmere mu ɔyɛnfo ka abofra ho kɔ ne kyerɛkyerɛfo hɔ na na ɔno nso betumi de ahyɛde ne nteɛso ama abofra no.
Wɔ saa kwan no so no, na Mmara Nsɛm Du no ne mmara a aka no nyinaa besiesie Yudafo no ama Mesia no na akyerɛ wɔn ne so kwan. Bere a Yesu bae, ɔbɛtraa wɔn mu, na owui a na ofi pɛyɛ mu ayɛ osetie ama mmara no, ɔbɛyɛɛ”mmara no awiei.” Afei Onyankopɔn yii saa dua no, sɛnea yɛbɛka no no, na ɔde biribi a eye kyɛn so maa Yudafo no. Afei te sɛ “akyɛde bi” no, na awiei koraa no “wɔde ne dom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.”—Romafo 3:24.
Paulo ka nso sɛ: “Munni mmara ase, na mmom mowɔ ɔdom ase” ne “Sɛ honhom de mo nam a, munni mmara ase.”—Romafo 6:14; Galatifo 5:18.
Nea Ɛsɛ sɛ Wudi So
Afei, esiane sɛ Kristofo “nni mmara ase” nti, so wɔde wɔn ho fi abrabɔ mu anohyeto nyinaa ho?’ Ɛnte saa koraa. Sɛnea Paulo kyerɛe no, Onyankopɔn honhom kronkron na ɛkyerɛ Kristofo kwan, na ɛmfa obi nkɔ bɔneyɛ mu. Ɛhyɛ wɔn ma woyi wɔn ho fi bɔne ahorow a wɔka ho asɛm wɔ Mmara Nsɛm Du no mu no ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ wokenkan 1 Korintofo 6:9, 10 a, wubehu Kristofo mmara horow pii a ɛne Mmara Nsɛm Du no mu de bi sɛ. Eyinom ne abosonsom, awaresɛe, awi ne anibere a wɔabara no.
Kristo nso kaa Mmara apam dedaw no a Mmara Nsɛm Du no ka ho no boom wɔ nnyinasosɛm abien yi mu: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu” ne “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:37-39) Ɛdenam mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubedi so, abisa bɔne fafiri bere a wofom, na woakyerɛ Kristo agyede no mu gyidi so no, wubenya ɔdom a efi Onyankopɔn hɔ ne Ne mpeneso a ɛbɛma woanya daa nkwa.—2 Tesalonikafo 2:16.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ nkyerɛkyerɛmu pii wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma Aid to Bible Understanding no mu, kratafa 333.