Kristofo Biakoyɛ Mu A Yebekura Wɔ Adwuma Mu Nkitahodi Mu
“Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.”—DWOM 133:1.
1. Dɛn nti na Kristofo biakoyɛ yɛ biribi a yɛn ani gye ho?
AMPA, ‘eye na ɛyɛ fɛ sɛ anuanom Kristofo bɛbom atra faako,’ ne titiriw no, wɔ ɛnnɛ bere yi a mpaapaemu abu so wɔ wiase yi mu no. Faako a biakoyɛ ankasa wɔ no, ɛba bɛyɛ biribi a ɛyɛ fɛ, na ɛde onuadɔ a emu yɛ den ba nkurɔfo ntam na ɛma ɛyɛ anigye ma wɔn sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho hyɛ nnwuma ahorow bi yɛ mu a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ fɛ na ɛde ɛyawdi, nitan, ne ayɔnkofo ntam a ɛsɛe na ɛba.
2. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ adwene koro a yɛwɔ wɔ Bible nnyinasosɛm ahorow ho no hyɛ yɛn nuanom ntam biakoyɛ no mu den wɔ adwuma mu nsɛm mu?
2 Sɛ Kristofo ne Yehowa nkoa afoforo de wɔn ho hyɛ nnwuma ahorow bi yɛ mu a, ɛsɛ sɛ adwene koro a wɔwɔ wɔ Bible nnyinasosɛm ahorow ho no ma wɔn ntam biakoyɛ no mu yɛ den. Yehowa Adansefo asafo mu ɔhwɛfo bi ka no sɛɛ se: “Bere a nokwaredi ho yɛ na wɔ wiase no mu no, ɛyɛ anigye sɛ wo ne mfɛfo Kristofo a wɔde nnyinasosɛm di dwuma bɛyɛ adwuma. Ɛho nhia sɛ ‘yɛbɛwɛn’ simma biara. Adwumayɛ mu ahokafo a wodi nokware ho reyɛ na wɔ nhyehyɛe yi mu. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wo ne nnipa a wodi nokware a wɔnnom sigaret na wɔnnka kasa-fĩ, nnipa a wɔwɔ ahosodi a ɛnyɛ wɔn botae titiriw ne honam fam adifudepɛ, bɛyɛ adwuma!”
3. (a) Adwuma mu nkitahodi a ɛtaa yɛ nea ɛfa mfɛfo gyidifo ho no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Nnyinasosɛm ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ adwuma ho nsɛm mu?
3 Adwuma mu nkitahodi ahorow a ebia ɛbɛyɛ nea ɛfa mfɛfo gyidifo ho no bi ne nea ɛwɔ he? Biako ne bere a Kristofo baanu anaa nea ɛboro saa si gyinae sɛ wɔbɛbom ayɛ adwuma no. Foforo ne bere a obiako yɛ adwumawura na ɔfoforo yɛ odwumayɛni no. Foforo bio nso ne bere a Kristoni tɔn biribi anaasɛ ɔyɛ adwuma bi ma Kristoni foforo no. Wɔ nnwuma yi mu biara yɛ mu no, ɛsɛ sɛ wɔma nokwaredi ne mudi mu kura ho nnyinasosɛm ahorow a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yehowa Asɛm a efi honhom mu no kyerɛ nea wɔyɛ kwan. Wɔ saa kwan yi so no, anuanom ntam biakoyɛ ne anigye a ɛyɛ sɛ wɔbom yɛ adwuma no mu ba bɛyɛ den.—1 Korintofo 10:31.
4. Asiane bɛn na ɛwɔ Hɔ ma Kristofo Wɔ adwumayɛ mu?
4 Nanso ebia ebetumi aba sɛ ebinom renkura Kristofo adwene a ɛkorɔn no mu. Ebia wobefi ase asusuw wɔn ankasa yiyedi ho kɛse. (Filipifo 2:4) Ebia ɛbɛyɛ nea sika ho hia wɔn kɛse sen Kristofo biakoyɛ no. Nanso adwumayɛ mu pɛsɛmenkominya betumi asɛe anuanom ntam abusuabɔ ne obi ne Yehowa ntam abusuabɔ nso. Yɛrempɛ sɛ ɛbɛba saa!—Yohane 13:34, 35; Hebrifo 13:5; 1 Timoteo 3:2, 3; 1 Yohane 3:16; 4:20, 21.
Hia A Nhyehyɛe Ankasa A Wɔyɛ Ho Hia
5. Ɔkwan bɛn so na asase bi a Abraham tɔe no kyerɛ bo a nhyehyɛe a wɔhyɛ da yɛ som?
5 Sɛnea ɛbɛboa ma woasiw akasakasa wɔ adwuma mu nsɛm mu ano no, susuw ɔkwan a Abraham faa so tɔɔ asase bi no ho. Na Abraham “karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma tee no maa no, nnwetɛbona ahannan a aguadifo di no. Na wɔde Efron afuw a ɛwɔ Makpela . . . hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma nyinaa anim.” Na eyi nyɛ nnipa baanu ntam kokoam nhyehyɛe. Na ɛyɛ nhyehyɛe ankasa a wosii so dua wɔ adansefo anim. Akyinnyegye biara ansɔre wɔ nea na watɔ no ne ne bo ankasa ho.—Genesis 23:2-4, 14-18.
6. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ayɛ krataa ato adwuma ho nhyehyɛe so?
6 Saa ara na ɛyɛ nea nyansa wom ma Kristofo sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɛho hia ho nhyehyɛe. Sɛ ɛyɛ nea ɛfa biribi a wɔretɔn ho a, ebia wɔbɛkyerɛw ade ko a wɔretɔn no, ne bo, ɔkwan a wɔbɛfa so atua ka, bere bɛn ne ɔkwan a wɔn nsa bɛfa so aka, ne nneɛma afoforo a wɔapene so, ato hɔ. Sɛ ɛyɛ nea ɛfa adwuma bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho a, ebia wɔbɛkyerɛw adwuma ko no, bere ‘a ɛsɛ sɛ wowie yɛ, ne bo, ne nneɛma afoforo, ato hɔ. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ date wɔ krataa yi so na wɔde wɔn nsa hyɛ ase, na ɛsɛ sɛ afanu no nyinaa de biako sie. Nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a wɔkyerɛw to hɔ ho hia titiriw wɔ adwuma a wɔbom yɛ mu. Ɛboa afanu no nyinaa ma wɔte wɔn nkitahodi no ase yiye na ɛboa wɔn ma wɔtra ase ma ɛne Yesu afotu no nso hyia sɛ: “Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi dabi!” (Mateo 5:37) Wɔ nea emu nsɛm kɔ akyiri kɛse mu no, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛma obi a ɔwɔ ho nimdeɛ aboa mo ma moakyerɛw ɛho nhyehyɛe no ato hɔ.
7. (a) Dɛn bio na ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ nhyehyɛe a wɔkyerɛw to hɔ mu? (b) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo de yɛ ade wɔ adwuma ho nsɛm mu?
7 Wɔ nhyehyɛe a wɔkyerɛw to hɔ ho dwumadi mu no, ɛnyɛ botae ahorow no nko ho na ɛsɛ sɛ afanu no susuw, na mmom nneɛma afoforo a ebetumi afi mu aba te sɛ ebia sɛ ɛho behia sɛ wogu nhyehyɛe no a, ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa. (Mmebusɛm 21:5) Ɛyɛ nea asiane kakra wɔ adwuma biara yɛ mu, na ɛnyɛ nea wobetumi akyerɛw tebea biara a ebia ɛbɛba ho asɛm nso ato hɔ. Sɛ tebea horow no sakra a, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ nhyehyɛe no mu anaasɛ wɔsan ka ho asɛm foforo. Wɔ bere bi mu no ebia ɛbɛda adi ama obi sɛ ɔde ne ho ahyɛ adwuma bi mu wɔ ɔkwan a nyansa nnim so, na ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔde ne ho wɔ ɔkwan a nidi wom so. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ ɔkwan a obi fa so de guan ka a esiane n’ankasa akɛsesɛm anaa nneɛma a wanhwɛ no yiye nti wabɔ no. Ɛho behia sɛ wosusuw asɛm no ho na wɔhwɛ sɛ ebia ɛyɛ nea wobetumi agu nhyehyɛe no ne afei ka ko a ɛho hia sɛ wotua, sɛ ebi wɔ hɔ a. Ampa, onipa a ɔwɔ ahonim pa bɛyɛ nea obetumi nyinaa de adi n’asɛyɛde wɔ adwuma ho nhyehyɛe mu ho dwuma, sɛ ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ ɔsakra n’asetra kakra mpo a. (2 Tesalonikafo 3:12) Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔnantew ɔkwan a ɛteɛ so na odi asɛntrenee a, ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obedi n’asɛyɛde wɔ nhyehyɛe bi mu so bere a ebia ɛnyɛ nea eye ma no ankasa no, na ɔbɛyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so asɔ Yehowa ani. “Ɔka amanenya ntam a, ɔnsakra.” (Dwom 15:1-4) Wɔ eyi nyinaa yɛ mu no, ɛho hia sɛ Yehowa nkoa ‘yɛ wɔn ade nyinaa ɔdɔ mu.’—1 Korintofo 16:14.
8. Dɛn nti na eye sɛ wubesusuw adwuma a wo ne obi bɛyɛ ho ansa na wode wo ho ahyem?
8 Esiane eyi nti, ansa na wode wo ho bɛhyɛ adwuma bi yɛ mu no, eye sɛ wubesusuw ho. (Luka 14:28-30) Ebia ebinom de wɔn ho bɛhyɛ aguadi mu a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛyɛ yiye, nanso ɛmma saa bere a wohyia biribi a wɔnhwɛ kwan no. Sɛ nhwɛso no, ebinom te nka sɛ wɔn ankasa bue wɔn adwuma a, wobetumi anya mfaso a wɔn adwumawura nya no bi. Nanso wonhu sɛ adwuma a ɛte saa yɛ wɔ atwa-mene ne akansi wiase yi mu nyɛ mmerɛw. Afe biara nnwuma mpem dudu pii gu wɔ wiase nyinaa. Enti, bere a Kristofo pii anya huammɔdi a ɛyɛ yaw a ɛte sɛɛ mu osuahu akyi no, wɔanya ahotɔ aba abɛyɛ adwumayɛfo a wotua wɔn ka bere nyinaa bio.
Adwuma Mu Nkitahodi A Wɔbɛma Nidi Abam
9. Akwan horow a Kristofo betumi adi wɔn ho wɔn ho ni wɔ adwuma mu no bi ne nea ɛwɔ he?
9 Romafo 12:10 se: “Munni kan nnidi mo ho ni.” Kristofo a wɔyɛ adwumayɛfo a wɔyɛ eyi remmɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn adwuma bedi agoru esiane sɛ adwuma no wura yɛ wɔn yɔnko Dansefo nti, na wɔanya wiase no adwene a ɛne sɛ esiane sɛ adwumawura wɔ sika nti, ɛsɛ sɛ onya n’adwumayɛfo sintɔ ahorow ho koma. Mmom no, wɔnam wɔn su ne wɔn adwumaden so bedi wɔn adwumawura no ni. (1 Timoteo 6:2) Saa ara na Kristofo a wɔyɛ adwumawuranom bedi mfɛfo Adansefo a wɔyɛ adwumayɛfo ni denam ɔkwan a wɔfa so kasa kyerɛ wɔn ne sɛnea wɔne wɔn di no so. Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ adwumawura te nka sɛ ɔkorɔn sen ne yɔnko gyidini a ɔyɛ adwuma ma no no, na mmom ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ wɔn nyinaa yɛ nkoa ma Yehowa, wɔyɛ pɛ wɔ n’anim. (Efesofo 6:9) Saa ara na ɛsɛ sɛ adwumawura ne odwumayeni no nyinaa ma afotu a ɛwɔ Galatifo 6:10 yi tra wɔn adwene mu bere nyinaa: “Momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.”
10. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase boa wɔ yɛn ho yɛn ho ni a yebedi no mu?
10 Faako a ahobrɛase wɔ no, ɛnyɛ den sɛ wobedi obi ni. Sɛ nhwɛso no, ɛrenyɛ den mma Kristofo asafo no mu ɔpanyin a ɔbrɛ ne ho ase sɛ ɔbɛhyɛ ɔyɔnko Kristoni a ɔnyɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu ase wɔ adwumayɛ mu na wagye akwankyerɛ afi ne hɔ. Saa ara na ɛrenyɛ den mma adwumawura a ɔbrɛ ne ho ase sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ ne dwumayɛni a ɔyɛ ɔpanyin no ase wɔ asafo mu dwumadi ahorow mu. Afei nso ahobrɛase su a wɔwɔ no remma wɔnnyɛ katee anaasɛ wɔnhwɛ pɛyɛ kwan mfi wɔn ho wɔn ho hɔ, efisɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.”—Romafo 3:23; 12:3.
11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi de ntease adi dwuma wɔ adwuma ho nsɛm mu?
11 Bible no ka nso sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” (Filipifo 4:5) Ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ Kristoni bi bɛhwɛ hokwan titiriw bi anaasɛ adwumayɛ a edi mu kɛse anaasɛ akatua a ɛba fam bere nyinaa kwan esiane sɛ ɔne ne yɔnko gyidini na ɛyɛ adwuma nti. Saa ara na ɛnsɛ sɛ Kristoni bi hwɛ kwan sɛ obenya bere a ɔmmfa nyɛ adwuma anaa hokwan afoforo bi te sɛ mfiri anaa lɔre a ɔde yɛ nea ɔpɛ esiane sɛ n’adwumawura yɛ ne yɔnko gyidini nti. Ebia hokwan ahorow, adwumayɛ a edi mu, akatua a ɛba fam, anaa bere a wɔmmfa nyɛ adwuma no ankasa bɛba, enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ akadan. Nneɛma a wɔhwɛ kwan a ntease nnim betumi ama Kristofo adi wɔn ho wɔn ho yaw na asɛe wɔn ntam abusuabɔ.—Mmebusɛm 18:19.
12. Ɛdefa Ahenni no ho adansedi ho no, ahwɛyiye bɛn na ɛho hia wɔ adwumayɛbea?
12 Bere a Kristofo bɛpɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ wɔn a wonnye nni no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye wɔ adwuma mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ Ahenni adansedi adwuma yi wɔ bere a ɛmfata mu. (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Sɛ wɔbɛyɛ saa bere a wɔreyɛ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea adwumawura no pene so. Anyɛ saa a ebia ɛbɛhaw adwumawura no, na eyi betumi de ahohorabɔ aba Yehowa ne Ne nkurɔfo so. (1 Timoteo 6:1) Mmere afoforo te sɛ bere a wɔde didi awia anaa bere a wɔde gye wɔn ahome wɔ hɔ a wobetumi de adi adanse. Afei nso sɛ Adansefo pii wɔ adwuma no mu a, wɔrempɛ sɛ wɔbɛsɛe bere ne wɔn ho wɔn ho adi teokrase nsɛm ho nkɔmmɔ bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no.
Adwene A Wɔde Yɛ Adwuma No Ho Ban A Wɔbɛbɔ
13. Paulo ne wɔn a na ɔte wɔn nkyɛn wɔ Korinto no buu wɔn honam fam adwuma no dɛn?
13 Bere a na ɔsomafo Paulo wɔ Korinto no, ɔne Kristofo a na ɔte wɔn nkyɛn a wɔne Akwila ne Priskila boom yɛɛ adwuma. (Asomafo no Nnwuma 18:1-3) Wɔyɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asetrade, nanso na ɛnyɛ ɛno ne wɔn botae titiriw—ná wɔn botae titiriw ne sɛ wɔbɛma Yehowa som anya nkɔso. Ná obi rentumi nka wɔ wɔn ho sɛ “wosusuw sɛ onyamesom pa yɛ [honam fam] adepɛde.” (1 Timoteo 6:5) Yehowa hyiraa wɔn baasa no nyinaa kɛse na wɔbɔ wɔn din pa wɔ Bible mu.—Romafo 16:3-5.
14. (a) Dɛn nti na eye sɛ mobɛhwehwɛ mo adwene mu ahwɛ ansa na mode mo ho ahyɛ adwuma bi mu? (b) Ɔkwan bɛn na Adansefo baasa bi faa so dii wɔn nsɛnnennen ho dwuma?
14 Sɛ Kristoni bi hwehwɛ n’adwene mu yiye ansa na ɔde ne ho ahyɛ adwuma bi yɛ mu a, obetumi akwati nsɛnnennen ahorow pii. Sɛ nhwɛso no, ebia Kristoni bi bɛpɛ sɛ onya bere pii de ma Ahenni nneɛma nya nkɔso, bere a ɔfoforo nso bɛpɛ sɛ n’asetra nya nkɔso. Ebia obiako bɛpɛ sɛ wɔde mfaso a wɔanya no hyem na ama adwuma no ayɛ kɛse, nanso ebia na ɔfoforo no nso asiesie ne ho sɛ obetua tow a ɛkɔ soro a wɔnnsan mmfa mfaso no nhyɛ adwuma no mu na ayɛ nea ebegye wɔn bere pii. Wɔ ɔman bi mu no, Yehowa Adansefo baasa a wɔsan yɛ abusuafo wɔ honam fam ka boom yɛɛ adwuma. Nanso ankyɛ na ɛbɛyɛɛ nea ɛsono obiara adwene wɔ faako a ɛsɛ sɛ adwuma no mu trɛw kodu no ho. Eyi ano aduru a wonyae ne gyinae a wosii sɛ wɔbɛkyɛ adwuma no mu na wɔama obiara nnipa a ɔne wɔn bɛyɛ adwuma no. Wɔ saa kwan yi so no, wɔkoraa wɔn honhom fam ne honam fam abusuabɔ no so. Wotiee Bible afotu a ese “yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi” no.—Romafo 14:19.
15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn adwene ho ban titiriw wɔ sika ho?
15 Ɛsɛ sɛ obi hwɛ yiye kɛse wɔ n’adwene ho ban a ɔbɛbɔ wɔ sika ho no mu. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso, na nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.” (Mmebusɛm 28:20) Sɛ Kristoni ba bɛyɛ obi a “ɔpɛ ntɛm anya ne ho” a, n’ani betumi afura wɔ biribi a ɛsom bo kɛse ho—ne Kristofo nuayɛ no. Eyi betumi de mpaapaemu aba asafo no mu, efisɛ ebia di a ɔde sika di Ahenni nneɛma kan no bɛhaw afoforo. Enti Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔasi gyinae pɛ sɛ wonya wɔn ho no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea ne opira akɔnnɔ ahorow pii a ɛtwe nnipa kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Efisɛ sika ho dɔ ne nneɛma ahorow a edi dɛm no nyinaa ntini, na ɛdenam saa ɔdɔ yi hwehwɛ so no, ebinom afom kwan afi gyidi ho na wɔde yaw pii awowɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10, NW.
16. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wodi nnwuma ho nsɛm nyinaa ho dwuma?
16 Ɔkwan biako a “sika ho dɔ” betumi ama Kristoni ayera ne sɛ ɛbɛma ɔde ne ho ahyɛ adwumayɛ mu nneyɛe bi a enye anaasɛ nokwaredi nnim koraa mu. Sɛ mfɛfo Kristofo ne onipa a ɔte sɛɛ bom yɛ biribi a, ebetumi de mpaapaemu aba. Na nneyɛe a ɛte sɛɛ sɛe obi ne Yehowa ntam abusuabɔ. Sɛ adwumayɛ mu nkitahodi bɛkɔ so fɛfɛɛfɛ a, ɛho hia sɛ yɛbɛma atra yɛn adwene mu sɛ adwumayɛ mu nsisi “yɛ [Yehowa] akyide.” (Mmebusɛm 11:1; 20:23) Mmom no, Kristofo pɛ sɛ wotumi ka nea ɔsomafo Paulo kae no, sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Hebrifo 13:18.
Adwumayɛ Mu Nsɛnnennen Ahorow Ho Dwumadi
17. Ɔkwan bɛn so na wobetumi asiesie adwuma mu nsɛm nketenkete?
17 Wɔ anuanom ntam adwumayɛ mu nkitahodi biara mu no, nsɛnnennen betumi asɔre. Nsɛm nketenkete no bi wɔ hɔ a wobetumi asiesie denam nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Petro 4:8 no a wɔde bedi dwuma no so, na ɛhɔ se: ‘Na ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.” Sɛ ɔhaw no yɛ nea wɔrentumi nni ho dwuma wɔ saa kwan no so a, ɛnsɛ sɛ wɔma kwan ma ɛkɔ so na emu bɛyɛ den. Eyi betumi de animtiaabu ne mpaapaemu aba. Mpɛn pii ano aduru ne ɛho asɛm a mobɛka wɔ ayamye mu, ada biribiara adi pefee na amma tebea no mu anyɛ den. Onyankopɔn nsɛm no tu yɛn fo sɛ yensiesie yɛn ntam akasakasa ntɛm ara.—Mateo 5:23-25; Efesofo 4:26, 27.
18. Sɛ Kristoni bi gye di sɛ ne yɔnko Kristoni adi no mfomso a anibere wom wɔ adwumayɛ mu a, dɛn na obetumi ayɛ?
18 Nanso sɛ Kristoni bi gye di sɛ ne yɔnko gyidini adi no mfomso a anibere wom wɔ adwumayɛ mu a, ɛsɛ sɛ odi adeyɛ a wɔada no adi wɔ Mateo 18:15-17 no akyi yiye. Ɛsɛ sɛ adeyɛ a edi kan anaa nea ɛto so abien no ma asɛm no twa. Sɛ amma saa a, adeyɛ a ɛto so abiɛsa ne sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no bɛhwehwɛ asɛm no mu. Sɛ ɛba saa a, mpanyimfo no renhyɛ anuanom a asɛm no fa wɔn ho no nkuran wɔ asennibea a wɔde asɛm no bɛkɔ ho. Ɔyɔnko gyidini a wɔde no bɛkɔ asennibea no bɛyɛ te sɛ nea Paulo kae no, “ɛkyerɛ nkogu a moadi koraa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Dɛn nti na momma wɔmfom mo mmom? Dɛn nti na momma wonsisi mo mmom?” (1 Korintofo 6:1-8, NW) Eye sɛ wobɛbɔ ka sen sɛ wode ahohorabɔ bɛba Yehowa din ne asafo no so na woasɛe yɛn biakoyɛ no denam wo yɔnko gyidini a wode no bɛkɔ asennibea no so. Ɛwom sɛ yɛremmia yɛn nua nnkɔ asennibea de, nanso ebia ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ asafo no yɛ ho biribi, sɛ asɛm no yɛ nea ɛfa nokware a wɔanni ho a.
19. Bible mu nhwɛso fɛfɛ ahorow bɛn na mpanyimfo betumi atwe adwene asi so bere a wɔde afotu rema wɔ adwuma mu nsɛnnennen ho no?
19 Sɛ mpanyimfo retu wɔn a wɔwɔ adwuma mu nsɛnnennen fo a, wobetumi atwe wɔn adwene asi Abraham nhwɛso a pɛsɛmenkominya nnim a ɔyɛe bere a ɔne Lot ntam abusuabɔ ho baa asɛm no so. Ɛwom sɛ na Abraham ne panyin de, nanso ofi ayamye mu maa Lot kwan sɛ onni kan mpaw asase a ɔpɛ mmom sen sɛ wɔn ntam bɛsɛe. (Genesis 13:5-11) Mpanyimfo betumi atwe adwene asi Sakeo nhwɛso pa no nso so. Ná ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ne nneɛma fã bɛma ahiafo na ɔde fã a aka no atua obiara a ɔnam nkontompo so agye ne hɔ biribi no ka mmɔho anan.—Luka 19:1-10; hwɛ 1 Korintofo 10:24 nso.
20, 21. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu titiriw wɔ honam fam adwuma ho?
20 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ bere a Kristofo tumi siesie adwuma mu nsɛnnennen denam Bible afotu akyi a wodi so no! Wɔ saa kwan yi so no, wɔkɔ so tra ase wɔ biakoyɛ mu bere a ebia adwuma no agu mpo no. Ɛno ne nea ɛyɛ anigye a ebefi mu aba bere a yɛma ɛtra yɛn adwene mu yiye bere nyinaa sɛ, wɔ Kristofo fam no, Ahenni nneɛma ne anuanom ntam biakoyɛ ho hia titiriw sen honam fam adwuma no. Ɛyɛ nea eye nso sɛ wɔbɛyɛ adwuma no ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya bere pii ama nneɛma a ɛho hia titiriw a ɛfa Ahenni adwuma ho no.—Mateo 6:33; fa toto Filipifo 1:9, 10 ho.
21 Enti, nea ɛho hia wɔ yɛn asetra mu ankasa ne yɛne Yehowa ntam abusuabɔ ne yɛn nuanom Kristofo no. (Mateo 22:36-39) Yɛrempɛ sɛ wiase yi nkɛntɛnso anaa adwuma ho nsɛm bɛsɛe eyi, efisɛ biribiara nni hɔ a yebetumi de atoto yɛne Yehowa ntam abusuabɔ no ho, anaasɛ ɛne yɛne yɛn nuanom ntam biakoyɛ no fɛ a ɛyɛ no sɛ!
Ntĩmu Nsemmisa
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a yetie hyɛ adwuma mu nkitahodi mu den?
◻ Dɛn nti na nyansa wom sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe a ɛho hia ho kyerɛwtohɔ?
◻ Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi adi wɔn ho wɔn ho ni wɔ adwumayɛ mu?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ adwene a yɛwɔ wɔ adwuma ho no mu?
◻ Su bɛn na ɛsɛ sɛ yeyi adi wɔ adwumayɛ mu nsɛnnennen a wosiesie mu?
[Mfonini wɔ kratafa 11]
Abraham sii asase a ɔtɔe so dua denam ɛho nhyehyɛe ankasa a ɔne Efron yɛe no so
[Mfonini wɔ kratafa 13]
Ná ɛnyɛ Paulo, Akwila, ne Priskila ahiade titiriw ne adwuma a wɔbɛyɛ de anya asetrade