Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Asasesin A Nnwuma Ahorow Wom Mu
1 Wɔbɔ amanneɛ sɛ asafo ahorow pii asasesin a nnwuma ahorow wom no yɛ nea wɔntaa nyɛ mu adwuma. Wɔ ebinom fam no, asasesin a nnwuma ahorow wom no yɛ nea wɔnyɛɛ mu adwuma mfe pii. So eyi te saa wɔ mo asafo no ho? Dɛn na mubetumi ayɛ?
2 Asafo ahorow pii wɔ hɔ a nnwuma ahorow wɔ wɔn asasesin no nyinaa mu. Ebi ka nsasesin a wɔyɛ mu afie afie asɛnka adwuma daa no ho. Enti, ebia ɛho behia sɛ wɔkae adawurubɔfo sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ mmeae horow a wɔyɛ nnwuma yi bere a wɔyɛ asasesin no mu adwuma no. Sɛ nnwumayɛbea no bi wɔ hɔ a wommuei anaa wuhu sɛ wonni adagyew koraa bere a woreyɛ asasesin no mu adwuma nea edi kan no a, kyerɛw to hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi asan akɔ hɔ akyiri yi bere a ɛfata mu.
3 Mmeae a nnwuma akɛse wɔ hɔ no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobenya asasesin soronko a ɛyɛ mmeae ahorow a nnwuma ahorow wɔ hɔ. Adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ eyinom mu adwuma daa, te sɛ nea wɔyɛ afie afie adwuma no.
4 Sɛ asafo no ntumi nyɛ asasesin a nnwuma ahorow wom no fã kɛse no ara mu adwuma a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ne ɔmansin sohwɛfo no susuw eyi ho. Obetumi ayɛ nhyehyɛe ma asafo afoforo a wɔwɔ kurow no mu no mu adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ne akwampaefo ayɛ asasesin no mu adwuma.
5 Bere bɛn na woahu sɛ eye sɛ wɔbɛkɔ nnwuma ahorow a ɛwɔ beae a wowɔ no mu? Ebinom ahu sɛ Memeneda anɔpa yɛ bere pa, na afoforo nso ahu sɛ eye sɛ wɔbɛkɔ hɔ akyiri yi wɔ da no mu bere a ɛnyɛ bere a wɔn ani abere kɛse anaa wɔ dapɛn no mu bere a nnwumawuranom wɔ bere kakra no.
6 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nsasesin a nnwuma ahorow wom mu adwuma no siesie wɔn ho yiye. Eye sɛ wobɛma wo kasa no ayɛ tiaa. Ebinom kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔaba hɔ efisɛ mpɛn pii ɛyɛ nea nnwumawuranom nni fie bere a wɔkɔ hɔ no. Fa nsɛmma nhoma, nea yɛde rema mprempren anaa nkratawa di dwuma. Ebia ɛbɛsono nea wode bɛma anaa nea wobɛka a egyina tebea horow no so.
7 So mo asafo no betumi ayɛ pii de ayɛ n’asasesin a nnwuma ahorow wom no mu adwuma? Wobetumi de ntetee ama adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw ma wɔanya dwumadi yi mu kyɛfa. Mpanyimfo! So mubetumi ayɛ adwuma yi ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka asɛmpa no daa wɔ asasesin a nnwuma ahorow wom no nyinaa mu?