Sɛnea Yɛbɛka Asɛm no wɔ Asasesin a Nnwuma Wom Mu
1. Dɛn ne mfaso horow a wonya wɔ adanse a wodi wɔ asasesin a nnwuma wom no bi?
1 Wobɛpɛ sɛ woyɛ asɛnka adwuma no wɔ asasesin a nnipa pii wom na wɔtaa gye ahɔho fɛw so no mu? Ebia mmeae bi wɔ w’asafo no asasesin mu a wubetumi ayɛ eyi. Ɔkwan bɛn so? Wubetumi ayɛ saa denam sotɔɔ ahorow a ɛwɔ mo asasesin no mu a wobɛyɛ mu adwuma so. Adanse a adawurubɔfo di wɔ sotɔɔ ahorow mu no taa sow aba pa.
2. Ɔkwan bɛn na wobetumi afa so ayɛ asasesin a nnwuma wom mu adansedi ho nhyehyɛe?
2 Asafo ahorow bi wɔ nsasesin a nnwuma pii wom. Ebia onua a ɔhwɛ asafo no asasesin so no bɛyɛ mmeae a nnwuma pii wɔ ho asase mfonini soronko bi agu nkratasin so. Sɛ baabi a nnipa te ne mmeae a nnwuma wɔ no nyinaa wɔ asase mfonini no bi so a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ ma emu da hɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asasesin no mu adwuma no de mmeae a nnwuma wɔ no ka wɔn asasesin ho. Wɔ nsasesin afoforo mu no, wobetumi ayɛ asɛnka adwuma no wɔ nnwuma mu ne mmeae a nnipa tete no nyinaa abom. Sɛ wunnii adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu pɛn na sɛ worefi ase a, yɛ asɛnka adwuma no wɔ sotɔɔ nketewa mu.
3. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛatu mpɔn bere a yɛredi adanse wɔ sotɔɔ ahorow mu no?
3 Ma Wo Nsɛm Nyɛ Ntiantia: Sɛ woredi adanse wɔ sotɔɔ ahorow mu a, ɛho hia sɛ wusiesie wo ho te sɛ nea worekɔ adesua wɔ Ahenni Asa so no. Ɛfata nso sɛ wokɔ hɔ bere a sotɔɔ hɔ nyɛ bagyabagya, na sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, bere a adetɔfo biara nni hɔ no. Hwehwɛ adwuma sohwɛfo anaa onipa a ɔwɔ hɔ no na wo ne no nkasa. Ma wo nsɛm nyɛ ntiantia na emu nna hɔ. Dɛn na wubetumi aka?
4-6. Sɛ yɛredi sotɔɔ wura anaa adwuma sohwɛfo adanse a, dɛn na yebetumi aka?
4 Sɛ wo ne sotɔɔ wura anaa adwuma sohwɛfo rekasa a, ebia a wubetumi aka biribi te sɛ: “Nnipa a wɔyɛ nnwuma nni adagyew koraa ma enti yɛntaa nto wɔn wɔ fie, ne saa nti yɛrebɛsra wo wɔ w’adwumam. Yɛn nsɛmma nhoma no ka nea ɛresisi nnɛ wɔ wiase nyinaa ho asɛm.” Afei ka nsɛmma nhoma no biako mu asɛm tiawa.
5 Anaa ebia wode asɛm tiawa yi bedi dwuma: “Nnipa pii pɛ sɛ wohu Bible no ho nsɛm pii nanso wonni adagyew koraa. Kratawa yi kyerɛkyerɛ adesua nhyehyɛe a wɔayɛ a wontua ho hwee a ɛbɛboa wo ama woanya Bible mu nsɛmmisa ho mmuae mu.” Afei, twe adwene si kratafa 4-5 no so wɔ So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? kratawa no mu.
6 Sɛ ɛte sɛ nea onii a ɔhwɛ hɔ no nni adagyew a, wubetumi de kratawa bi ama no na woaka sɛ: “Mɛsan aba ha bere a wo ho ahenhan wo no. Mepɛ sɛ mihu w’adwen wɔ kratawa yi mu nsɛm ho.”
7. Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa nnipa a yehu wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye wɔ asasesin a nnwuma wom mu?
7 Wɔn a Wɔkyerɛ Asɛm no Ho Anigye a Yɛbɛboa Wɔn: Ebia wubetumi ayɛ Bible adesua wɔ asasesin a nnwuma wom mu. Ná ɔkwampaefo titiriw bi taa de nsɛmma nhoma kɔma adwumawura bi. Bere a owura no kyerɛɛ nea ɔrekenkan no ho anigye no, ɔkwampaefo no de Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua. Wɔyɛɛ adesua ho nhyehyɛe wɔ owura no adwumam hɔ ara. Esiane sɛnea tebea no te nti, ɔkwampaefo no de simma 10 anaa 15 yɛ adesua no bere biara a ɔbɛkɔ hɔ. Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛkɔ so ahwehwɛ nnipa a wɔfata denam adanse a yebedi wɔ asasesin a nnwuma wom mu so.