Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • cf ti 7 kr. 66-75
  • ‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’
  • “Bra Bedi M’akyi”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Animia?
  • Ɔhaw a Yesu Faa Mu
  • Nea Ɛboaa Yesu Ma Otumi Gyinaa Mu
  • “Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ”
  • Boasetɔ—Ehia Ma Kristofo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Momma Boasetɔ Nwie N’adwuma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Boasetɔ A Ɛde Nkonimdi Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
“Bra Bedi M’akyi”
cf ti 7 kr. 66-75

TI 7

‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’

1-3. (a) Ahoyeraw a Yesu faa mu bere a ɔwɔ Getsemane turo no mu no, sɛn na na ɛte, na dɛn na ɛmaa ne ho yeraw no saa? (b) Animia a Yesu daa no adi no, dɛn na yebetumi aka afa ho, na nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yenya ho mmuae?

NÁ NNEƐMA ahyɛ Yesu so paa. Ná ne ho nyeraw no saa da. Ná ɛrenkyɛ koraa na wawu afi asaase so. Enti ɔne n’asomafo no kɔɔ Getsemane turo no mu. Ná wɔn nyinaa nim turom hɔ yiye, efisɛ na Yesu taa ne wɔn hyiam wɔ hɔ. Nanso saa anadwo yi de, na ɔpɛ sɛ ɛka ɔno nko ara. Enti ɔtwee ne ho fii n’asomafo no ho kɔɔ n’anim kakra wɔ turo no mu, na okobuu nkotodwe fii ase bɔɔ mpae. Ɔbɔɔ mpae denneennen, na ne ho yeraw no araa ma ne ho mfifiri “yɛe sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam.”—Luka 22:39-44.

2 Adɛn nti na na Yesu ho yeraw no saa? Ɛwom, na Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛyɛ no ayayade, nanso ɛnyɛ ɛno nti na na ne ho yeraw no no. Ná ɔredwen nneɛma a ɛho hia sen saa mpo ho. Ná n’Agya din ho hia no paa, na na onim sɛ, sɛ adasamma benya nkwa a, gye sɛ odi nokware kosi ase. Ná Yesu nim nso sɛ, amanehunu a ɔrebɛfa mu no, ehia paa sɛ omia n’ani gyina mu. Sɛ wantumi annyina ano a, anka ɔbɛsɛe Yehowa din paa. Nanso, Yesu tumi gyinaa ano. Ɔno ne onipa a ɔyɛɛ animia ho nhwɛso a ɛsen biara wɔ asaase so. Saa da no ara, ansa na ɔregu ahome a etwa to no, ɔde ahotoso kɛse teɛɛm sɛ: “Asa!”—Yohane 19:30.

3 Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ, ‘Yesu a ɔde animia gyinaa pintinn no, yensusuw ne ho yiye.’ (Hebrifo 12:3) Ɛno nti, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ehia sɛ yenya ho mmuae: Sɔhwɛ a Yesu miaa n’ani gyinaa mu no bi ne sɛn? Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa ano? Yɛbɛyɛ dɛn adi ne nhwɛso akyi? Ansa na yebeyi nsɛmmisa yi ano no, momma yɛnhwɛ nea animia kyerɛ.

Dɛn Ne Animia?

4, 5. (a) Dɛn ne “animia”? (b) Ɛnyɛ nea animia kyerɛ ara ne sɛ obi begyina ahokyere bi ano esiane sɛ ɔrentumi nyɛ ho hwee nti. Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

4 Ɛwom ara a, ‘sɔhwɛ ahorow tumi ma yɛn nyinaa werɛ how.’ (1 Petro 1:6) Sɛ yɛfa sɔhwɛ mu a, ɛno ara kyerɛ sɛ yɛwɔ animia anaa? Daabi. Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “animia” no, ɛkyerɛ “sɛnea obi tumi gyina tebea a emu yɛ den ano.” Animia a Bible akyerɛwfo kaa ho asɛm no, bere a nhomanimfo bi rekyerɛ mu no, ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ suban a ɛma obi gyina tebea bi ano esiane sɛ ontumi nyɛ ho hwee nti, na mmom ɛyɛ suban a ɛma obi de anidaso kɛse gyina tebea bi ano . . . Ɛyɛ suban a ɛma obi tumi gyina ne nan so na ɔne ɔhaw de si ani. Ɛyɛ suban pa a sɛ obi wɔ bi, na ohyia sɔhwɛ a emu yɛ den mpo a, ɛma ohu no sɛ wadi nkonim, efisɛ onim sɛ ne brɛ no so bɛba mfaso daakye.”

5 Enti yɛka sɛ obi wɔ animia a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ obi begyina ahokyere bi ano esiane sɛ ɔyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye ntia. Bible mu no, nea animia kyerɛ ne sɛ obi betintim, ɔbɛkɔ so anya adwempa, na ɔde anidaso agyina sɔhwɛ ano. Wo de, susuw mfatoho yi ho hwɛ: Wɔde mmarima mmienu koguu afiase; obiara ne nea enti a wɔde no kɔɔ hɔ. Ná ɔbaako yɛ nsɛmmɔnedifo, ɔde amemenemfe daa afiase hɔ kosii sɛ ne bere soe. Nea ɔtɔ so mmienu no de, na ɔyɛ nokware Kristoni, na ne gyidi nti na wɔde no kɔtoo hɔ. Okuraa ne gyidi mu pintinn, na onyaa ne tebea no ho adwempa, efisɛ na ohu sɛ ɛyɛ hokwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi. Yɛrentumi nka sɛ nsɛmmɔnedifo no daa animia adi, nanso nokware Kristoni no de, yebetumi aka sɛ suban pa a ɛne animia no, ɔdaa no adi, na yebetumi ahwɛ no asua no.—Yakobo 1:2-4.

6. Yɛyɛ dɛn nya animia?

6 Sɛ wɔbegye yɛn nkwa a, yehia animia. (Mateo 24:13) Nanso, wɔamfa saa suban a ehia yi anwo yɛn. Animia yɛ suban a ɛsɛ sɛ yesua. Yɛbɛyɛ no sɛn? Romafo 5:3 ka sɛ: “Amanehunu de animia ba.” Wei ma yehu sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yenya animia a, ɛnsɛ sɛ yeguan fi yɛn gyidi ho sɔhwɛ biara ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru gyina ano. Sɛ yehyia sɔhwɛ nketewa ne akɛse da biara da na yegyina ano a, ɛma yenya animia. Sɛ yegyina sɔhwɛ bi ano a, ɛhyɛ yɛn den, enti sɛ sɔhwɛ foforo ba a, yensuro. Nanso, ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na ɛma yenya animia. Yɛde yɛn ho to “ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no so.” (1 Petro 4:11) Yehowa ama yɛn ade a ebetumi aboa yɛn paa ama yɛakɔ so agyina pintinn. Ɛno ne nhwɛso a ne Ba no bɛyɛ maa yɛn no. Momma yensusuw animia ho nhwɛso a edi mũ a Yesu yɛe no ho nhwɛ.

Ɔhaw a Yesu Faa Mu

7, 8. Bere a Yesu asetena reba awiei wɔ asaase so no, tebea ahorow bɛn na ɔfaa mu?

7 Bere a Yesu asetena reba awiei wɔ asaase so no, wɔyɛɛ no ayayade pii. Ateetee a ɔfaa mu anadwo a na ɔrebewu no nyinaa akyi no, susuw sɛnea wɔdii no huammɔ, ne animguase a ɔfaa mu no nso ho hwɛ. Ne yɔnko a ɔbɛn no yii no mae, na ne nnamfonom a wɔbɛn no paa guan gyaw no. Afei bere a wɔfaa kwatikwan so dii n’asɛm wɔ Yudafo no asɛnnibea kunini no, atemmufo no buu no atɛnkyea, wɔdii ne ho fɛw, wɔtetee ntasu guu no so, na wɔbobɔɔ no akuturuku. Nanso, ɔhyɛɛ ne ho so gyinaa ne nyinaa mu a wanyɛ basabasa.—Mateo 26:46-49, 56, 59-68.

8 Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ogyinaa ayayade a emu yɛ den paa ano. Wɔbɔɔ no mmaa, anaa wɔhwee no maa “n’akyi paapae ma mogya tuu no.” Wɔbɔɔ no asɛndua mu, na wɔma “ɔfaa ɛyaw ne amanehunu pii mu ansa na nkakrankakra ɔrewu.” Wo de, hwɛ ɛyaw paa a ɛbɛyɛ sɛ ɔtee bere a wɔde nnadewa akɛse rebɔ ne nsa ne ne nan afam dua ho no. (Yohane 19:1, 16-18) Twa ɛyaw a ɔfaa mu no ho mfoni wɔ w’adwene mu, bere a wɔpagyaw dua no sii hɔ na ne mu duru nti nnadewa no tew faa ne nsa mu, na n’akyi kuru no twitwiw dua no ho no. Bere a ɔrefa ayayade yi nyinaa mu no, na ɔredwen nea ebetumi afi mu aba no nso ho sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ ti yi mfiase no.

9. Dɛn na yɛn “asɛndua” a yɛbɛfa na yɛadi Yesu akyi no kyerɛ?

9 Yɛn a yɛyɛ Kristo akyidifo no, dɛn na ɛsɛ sɛ yegyina ano? Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, . . . ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.” (Mateo 16:24) Asɛmfua “asɛndua” a wɔde dii dwuma wɔ ha no gyina hɔ ma amanehunu, aniwu, anaa owu mpo. Kristo akyi a yebedi no nna fam. Esiane sɛ yɛde Bible no bɔ yɛn bra nti, ɛma yɛda nsow. Afei nso, yɛnyɛ wiase yi fã, enti wiase no tan yɛn. (Yohane 15:18-20; 1 Petro 4:4) Nanso, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛfa yɛn asɛndua. Wei kyerɛ sɛ, yɛayɛ krado sɛ, sɛ yebehu amane anaa yebewu mpo a, yɛbɛkɔ so adi Yesu nhwɛso no akyi.—2 Timoteo 3:12.

10-12. (a) Adɛn nti na nnipa a wɔne Yesu bɔe no sintɔ sɔɔ n’animia hwɛe? (b) Sɔhwɛ ahorow bɛn na na ɛsɛ sɛ Yesu gyina ano?

10 Yesu som adwuma no mu no, nnipa a na ɔne wɔn bɔ no sintɔ ma ohyiaa sɔhwɛ afoforo. Kae sɛ na Yesu ne “odwumayɛni a onim adwuma paa” a Yehowa nam ne so bɔɔ asaase ne ɛso nneɛma nyinaa no. (Mmebusɛm 8:22-31) Ɛno nti, na Yesu nim nea enti a Yehowa bɔɔ adasamma. Ɛne sɛ, suban ahorow a Yehowa wɔ no, na ɔpɛ sɛ wɔsuasua, na wɔnya akwahosan a edi mũ. (Genesis 1:26-28) Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔtee ɔhaw a bɔne de aba adasamma so no ase yiye paa, efisɛ saa bere yi de, na ɔyɛ onipa, na sɛnea nnipa te nka wɔ nneɛma ho no, saa ara na ɔno nso tee nka. Sɛnea na kan no, Adam ne Hawa yɛ pɛ a sintɔ biara nni wɔn ho no, sɛ ɔde toto sɛnea na afei de sintɔ awiewie nnipa no ho a, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ no yaw paa! Ná wei yɛ animia ho sɔhwɛ a ɛsɛ sɛ Yesu gyina ano. Ná n’abam bebu ama waka sɛ, nnipa abɔnefo de, sɛ wɔde yɛn yɛ hwee a, ɛrenyɛ yiye anaa? Ma yɛnhwɛ.

11 Sɛnea na Yudafo no ntie Yesu no haw no ara ma osui. Yemmisa sɛ, sɛnea na wɔntie n’asɛm no, ebuu n’abam anaa ɛma ogyaee asɛnka adwuma no anaa? Daabida! Mmom, “ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛe da biara wɔ asɔrefi hɔ.” (Luka 19:41-44, 47) Bere a na Farisifo no rehwɛ sɛ ebia Yesu bɛsa ɔbarima bi yare wɔ Homeda no, wɔn komaden no maa “ne werɛ howee paa.” Ɔmaa kwan maa saa asɔretiafo a wɔbu wɔn ho atreneefo no hunahunaa no anaa? Daabida! Mmom no, ɔsaa ɔbarima no yare wɔ hyiadan no mfinimfini pɛɛ!—Marko 3:1-5.

12 Ade foforo nso a ɛbɛyɛ sɛ ɛsɔɔ Yesu hwɛe ne n’asuafo a wɔbɛn no paa no sintɔ. Sɛnea yehui wɔ Ti 3 no, na wɔtaa pere dibea ho. (Mateo 20:20-24; Luka 9:46) Yesu de ahobrɛase ho afotu maa wɔn mpɛn pii. (Mateo 18:1-6; 20:25-28) Nanso, na ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn sɛ wɔbɛda ahobrɛase adi. Wo de, susuw ho hwɛ: Anadwo a na wɔrebekum Yesu no, “akasakasa bi” sɔree wɔ wɔn ntam. Ná wɔpɛ sɛ wɔhu nea ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ wɔn mu! (Luka 22:24) Yesu abam bui ma ɔkaa sɛ wɔde wɔn yɛ hwee a ɛrenyɛ yiye anaa? Daabi. Mmom, ɔkɔɔ so nyaa wɔn ho abotare, onyaa wɔn ho adwempa, na na ɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛsesa. Afei nso, ɔde n’adwene sii suban pa a na wɔwɔ no so. Ná Yesu nim sɛ wɔfi wɔn koma mu dɔ Yehowa, na na wɔpɛ paa sɛ wɔyɛ Yehowa apɛde.—Luka 22:25-27.

Onuawa bi akɔ maame bi hɔ wɔ asɛnka mu. Maame no gyina ne pon no ano, na ne bo afuw, nanso onuawa no de akokoduru refi hɔ atoa n’asɛnka no so.

Yɛbɛma ɔsɔretia abu yɛn abam, anaa yɛbɛkɔ so de nsi aka asɛm no?

13. Sɔhwɛ bɛn saa na Yesu hyiae a yɛn nso yebetumi ahyia bi?

13 Yebetumi ahyia sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ nea Yesu hyiae no ara bi. Sɛ nhwɛso no, ebia nkurɔfo rentie Ahenni asɛm a yɛka no, anaasɛ wɔbɛsɔre atia yɛn. Yɛbɛma suban a ɛte saa a wɔda no adi no abu yɛn abam, anaa yɛbɛkɔ so de nsi aka asɛm no? (Tito 2:14) Yɛn nuanom Kristofo sintɔ nso betumi asɔ yɛn ahwɛ. Sɛ wɔn mu bi ka asɛm bi a wannwen ho anaa ɔyɛ biribi tia yɛn a, ebetumi ahaw yɛn. (Mmebusɛm 12:18) Yɛn nuanom Kristofo sintɔ nti, yɛne wɔn mmɔ bio anaa? Anaasɛ yɛde wɔn mfomso a wɔyɛ tia yɛn no bɛkyɛ wɔn, na yɛde yɛn adwene asi wɔn suban pa so?—Kolosefo 3:13.

Nea Ɛboaa Yesu Ma Otumi Gyinaa Mu

14. Nneɛma mmienu bɛn na ɛboaa Yesu ma ogyinaa pintinn?

14 Adwoodwoo, abasamtu, ne amane a ɛtoo Yesu nyinaa, dɛn na ɛboaa no ma ogyinaa pintinn na n’abrabɔ dii mu? Nneɛma mmienu na ɛboaa no. Nea edi kan no, ɔsrɛɛ “Onyankopɔn a ɔma yetumi mia yɛn ani gyina mu” no hɔ mmoa. (Romafo 15:5) Nea ɛtɔ so mmienu no, Yesu hwɛɛ nea na ɛda n’anim no, na ɔde n’adwene sii nea n’animia no bɛma wanya no so. Ma yensusuw nneɛma yi ho mmaako mmaako.

15, 16. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu amfa ne ho anto n’ankasa ahoɔden so? (b) Ahotoso bɛn na na Yesu wɔ wɔ n’Agya mu, na adɛn ntia?

15 Ɛwom sɛ na Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ de, nanso wamfa ne ho anto n’ankasa ahoɔden so. Mmom, ɔbɔɔ ne soro Agya no mpae de hwehwɛɛ mmoa fii ne hɔ. Ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ: “Bere a Kristo wɔ asaase so no, ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nisu so de nkotosrɛ ne adesrɛ kɔɔ Nea na obetumi agye no afi owu mu no anim.” (Hebrifo 5:7) Hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ adesrɛ nko ara na Yesu de kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na mmom ɔde nkotosrɛ nso yɛɛ saa. “Nkotosrɛ” a wɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ obi befi ne koma mu asrɛ mmoa denneennen. Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nkotosrɛ” a wɔde dii dwuma no ma yehu sɛ Yesu bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa mpɛn pii. Nokwarem no, bere a Yesu wɔ Getsemane turo no mu no, ofi ne koma mu bɔɔ mpae denneennen mpɛn pii.—Mateo 26:36-44.

16 Ná Yesu wɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa betie ne nkotosrɛ no, efisɛ na onim sɛ n’Agya yɛ “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Ansa na Onyankopɔn Abakan no reba asaase so no, ohuu sɛnea n’Agya buaa n’asomfo anokwafo mpaebɔ. Sɛ nhwɛso no, bere bi a na odiyifo Daniel fi ne komam rebɔ mpae no, Yehowa somaa ɔbɔfo bi sɛ ɔnkɔ nkobua Daniel mpae no, ansa na Daniel rebɔ mpae no awie mpo. Saa bere no, na Ɔba no wɔ soro, na ohui. (Daniel 9:20, 21) Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na sɛ Agya no Ba a ɔwoo no koro no ‘nam nteɛm a emu yɛ den ne nisu so’ frɛ no a, ɔrentie? Yehowa tiee ne Ba no nkotosrɛ no, na ɔsomaa ɔbɔfo bi ma ɔkɔhyɛɛ no den ma otumi gyinaa amanehunu no ano.—Luka 22:43.

17. Sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ ano a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn hɔ mmoa, na dɛn na yebetumi ayɛ de asrɛ ne hɔ mmoa?

17 Yɛn nso, sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ ano a, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn a ‘ɔhyɛ yɛn den’ no hɔ mmoa. (Filipifo 4:13) Sɛ Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ no mpo hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae hwehwɛ Yehowa mmoa a, ɛnde yɛn a yɛtɔ sin yi de, ɛnsɛ sɛ yɛtoto mpaebɔ ase da! Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa mpɛn pii sɛnea Yesu yɛe no. (Mateo 7:7) Ɛwom sɛ yɛnhwɛ kwan sɛ abɔfo befi soro aba yɛn nkyɛn de, nanso yɛwɔ asɛm a edi so yi mu ahotoso: Yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no betie Kristofo anokwafo a ‘daa wɔde nkotosrɛ ne mpaebɔ kɔ n’anim awia ne anadwo’ no adesrɛ. (1 Timoteo 5:5) Sɔhwɛ biara a ebia yebehyia no, sɛ ɛyɛ yare oo, yɛn dɔfo bi wu oo, asɔretiafo na wɔretan yɛn ani oo, sɛ yɛbɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmma yɛn nyansa, akokoduru, ne ahoɔden a yɛde begyina ano a, obetie.—2 Korintofo 4:7-11; Yakobo 1:5.

Onuawa bi akɔ maame bi hɔ wɔ asɛnka mu. Maame no gyina ne pon no ano, na ne bo afuw, nanso onuawa no de akokoduru refi hɔ atoa n’asɛnka no so.

Sɛ yɛbɔ Yehowa mpae denneennen sɛ ɔmmoa yɛn mma yemmia yɛn ani nnyina sɔhwɛ ano a, obetie

18. Dɛn na ɛboaa Yesu nti a wamfa n’adwene ansi amane a ohui no so?

18 Ade a ɛtɔ so mmienu a ɛboaa Yesu ma ogyinaa sɔhwɛ ano ne sɛ, wamfa n’adwene ansi n’amanehunu no so, na mmom ɔde n’ani sii nneɛma pa a ebefi mu aba no so. Bible kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Anigye a na ɛda n’anim nti, omiaa n’ani huu amane wɔ asɛndua so.” (Hebrifo 12:2) Nhwɛso a Yesu yɛe no ma yehu sɛnea anidaso, anigye, ne animia yɛ adwuma bom no. Yebetumi abɔ ne nyinaa mua sɛ: Anidaso ma yenya anigye, na anigye nso ma yenya animia. (Romafo 15:13; Kolosefo 1:11) Ná Yesu nim sɛ, sɛ omia n’ani gyina mu kosi ase a, nneɛma pa pii befi mu aba. Ná onim sɛ, sɛ odi nokware a, ɛbɛboa ama n’Agya din ho atew, na ama watumi agye adasamma abusua no afi bɔne ne owu mu. Afei nso, na Yesu wɔ anidaso sɛ obedi Hene na wasom sɛ Ɔsɔfo Panyin, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nhyira pii bɛbrɛ adasamma asoɔmmerɛwfo. (Mateo 20:28; Hebrifo 7:23-26) Esiane sɛ Yesu de n’ani sii nea na ɛda n’anim no so nti, onyaa anigye mmoroso, na saa anigye no nso boaa no ma omiaa n’ani gyinaa sɔhwɛ ahorow ano.

19. Sɛ yehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ a, yɛbɛyɛ dɛn ama anidaso, anigye, ne animia abom ayɛ adwuma ama yɛn?

19 Sɛnea Yesu yɛe no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma anidaso, anigye, ne animia bom yɛ adwuma ma yɛn. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Munni ahurusi wɔ anidaso no mu.” Afei, ɔka kaa ho sɛ: “Mummia mo ani nnyina amanehunu mu.” (Romafo 12:12) Yɛrekasa yi, worehyia wo gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den anaa? Sɛ saa a, ɛnde hwɛ nea ɛda w’anim no. Ɛnsɛ sɛ wo werɛ fi sɛ, w’animia no bɛma nkurɔfo ayi Yehowa din no ayɛ. Anidaso a wowɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni no de nhyira pii bɛbrɛ wo no, ma ɛntena w’adwene mu bere nyinaa. Fa no sɛ wowɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu, na twa ho mfoni sɛ worenya nhyira horow a ɛbɛba Paradise no bi. Nneɛma a ɛyɛ anigye a Yehowa ahyɛ ho bɔ te sɛ ne din a ɛho bɛtew, abɔnefosɛm a wɔbeyi afi asaase so, ne yare ne owu a ebefi hɔ no, sɛ wohwɛ anim kwan a, anigye bɛhyɛ wo koma mã, na saa anigye no bɛboa wo ama woagyina sɔhwɛ biara a ebia ɛbɛto wo no ano. Sɛ wode nneɛma pa a Ahenni no de bɛba no toto amane a worehu wɔ saa wiase yi mu no ho a, wubehu sɛ amanehunu no “wɔ hɔ bere tiaa bi na emu yɛ hare.”—2 Korintofo 4:17.

“Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ”

20, 21. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Ná Yesu nim sɛ n’akyi a obi bedi no bɛma wahyia ɔhaw, na ɛbɛhwehwɛ sɛ onya animia. (Yohane 15:20) Ná wayɛ krado sɛ ɔbɛbɔ kwan ama yɛn, efisɛ na onim sɛ ne nhwɛso no bɛhyɛ afoforo den. (Yohane 16:33) Yesu yɛ pɛ, enti ɔyɛɛ animia ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa yɛn. Nanso yɛn de, yɛtɔ sin koraa. Ɛnneɛ, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ? Petro kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Kristo . . . huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.” (1 Petro 2:21) Sɛnea Yesu yɛɛ n’ade bere a ohyiaa sɔhwɛ ahorow no yɛ “nhwɛso” a yebetumi asuasua.a Animia ho nhwɛso a ɔyɛ maa yɛn no, yebetumi de atoto obi “anammɔn” a yebedi akyi no ho. Yɛrentumi nni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ, nanso yebetumi adi “n’anammɔn akyi pɛɛ.”

21 Ɛnde, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara adi Yesu nhwɛso akyi. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ, sɛ yedi Yesu anammɔn akyi pɛɛ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina mu “akosi awiei.” “Awiei” a yɛreka yi betumi ayɛ wiase yi awiei anaasɛ yɛn nkwa nna awiei. Yennim emu nea ebedi kan aba, nanso yenim sɛ, sɛ yemia yɛn ani gyina mu a, Yehowa bɛma yɛn ho akatua afebɔɔ.—Mateo 24:13.

a Nea Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nhwɛso” no kyerɛ ankasa ne sɛ “wobɛhwɛ nkyerɛwee bi so akyerɛw bi.” Ɔsomafo Petro nkutoo ne obi a ɔkyerɛw Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no bi a ɔde saa asɛm no dii dwuma. Nea ɛkyerɛ ne sɛ “abofra bi bɛhwɛ ‘nkyerɛwee a ɛwɔ ne nhoma’ mu so na wakyerɛw bi adi akyi pɛpɛɛpɛ sɛnea obetumi.”

Wobɛyɛ Dɛn Adi Yesu Akyi?

  • Amanehunu biara a yehyia esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo no, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu no?—Mateo 5:10-12.

  • Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛbɛto wɔn, na yɛbɛyɛ dɛn de n’afotu no ayɛ adwuma?—Mateo 10:16-22.

  • Sɛ yɛrehyia ɔsɔretia anaa sɔhwɛ a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu?—1 Petro 2:18-25.

  • Sɛ yehu amane na yemia yɛn ani gyina mu a, dɛn na ɛma ɛda adi?—1 Petro 4:12-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena