Onyankopɔn Aweredi Da No
SƐNEA yehui wɔ asɛm a edi kan no mu no, nneɛma pii nti na ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛpɛ sɛ yedi were. Ɛyɛ mfomso efisɛ awiei koraa no, enni biribiara ho dwuma. Ɛyɛ mfomso efisɛ ɛma nitan mu yɛ den mmom sen sɛ ɛde biakoyɛ bɛba nnamfo ntam. Na ɛyɛ mfomso efisɛ ennye mma nea onya aweredi nsusuwii no.
Nanso, yehu ade titiriw nti a nnipa aweredi yɛ mfomso no wɔ nsɛm yi a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no mu: “[Yehowa] wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufo.” (Deuteronomium 4:31) Esiane sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ mmɔborɔhunufo sɛ ɔno. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monkɔ so nyɛ timmɔbɔ sɛnea mo Agya nso yɛ timmɔbɔ no.”—Luka 6:36, New World Translation.
Nanso, Bible no ka Yehowa ho asɛm nso sɛ “aweredi Nyankopɔn.” (Dwom 94:1) Odiyifo Yesaia ka “[Yehowa] anisɔ afe” ne “yɛn Nyankopɔn aweredi da” nso ho asɛm. (Yesaia 61:2) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo ne ɔweredifo nso? Na sɛ ɛsɛ sɛ yesuasua Onyankopɔn mmɔborɔhunu a, dɛn nti na yentumi nsuasua no wɔ aweredi mu?
Asemmisa a edi kan no ho mmuae ne sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo efisɛ ɔdɔ adesamma, na ɔde bɔne firi sɛnea obetumi kosi bere tenten a obetumi na wama nnipa anya hokwan asakra wɔn akwan. Nnipa pii a wɔte sɛ ɔsomafo Paulo anya mmɔborɔhunu yi mu mfaso. Nanso Onyankopɔn di were nso—a ntease a ɛwom ne sɛ obu atɛntrenee—efisɛ mmɔborɔhunu a ɛte sɛɛ no wɔ anohyeto. Sɛ ebinom ma ɛda adi sɛ wɔrensakra wɔn akwan da a, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn wɔ bere a ɔfrɛ no n’aweredi da no mu.
Asemmisa a ɛto so abien no ho mmuae ne, dabi, ɛnteɛ sɛ yebedi were esiane sɛ Onyankopɔn di were nti. Yehowa atɛntrenee di mũ. Nnipa de nte saa. Onyankopɔn hu asɛm bi ho biribiara na osi gyinae a ɛteɛ bere nyinaa. Wɔrentumi mfa ho nto yɛn so sɛ yɛbɛyɛ saa ara. Enti na Paulo de afotu mae sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.” (Romafo 12:19) Yɛn ankasa mfaso nti, ɛsɛ sɛ yegyaw aweredi ma Yehowa.
Dɛn Nti na Aweredi Da Bɛba?
Nanso, Bible no afã horow pii gye tom sɛ ɛho hia sɛ abɔnefo a wɔnkyerɛ adwensakra no bu akontaa. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Paulo ka siei sɛ Onyankopɔn nam Yesu so ‘bedi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.’ (2 Tesalonikafo 1:8) Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yebu saa nsɛm no aniberesɛm. Dɛn ntia?
Ade biako ne sɛ, esiane sɛ nnɛ nnipa dodow no ara kɔ so sɔre tia Ɔbɔadeɛ no tumidi nti, wobu wɔn ani gu ne trenee mmara horow no so. Sɛ́ wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di anaa dabi no, wɔn nneyɛe da no adi pefee sɛ wɔnte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobu akontaa kyerɛ Onyankopɔn. Odwontofo no nsɛm yi fa wɔn a wɔte sɛɛ nyinaa ho: “Adɛn nti na ɔbɔnefo mmu Onyankopɔn? Ɔka ne komam sɛ: ‘Worenhwehwɛ akontaabu.’” (Dwom 10:13, NW) Nokwarem no, Yehowa remma wɔmmɔ no ahohora saa kwan yi so daa. Ɛwom sɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn de, nanso ɔyɛ atɛntrenee Nyankopɔn nso. Obetie wɔn a atɛntrenee ho hia wɔn ampa no sufrɛ: “[Yehowa] sɔre ɛ! Onyankopɔn, ma wo nsa so. Mma wo werɛ mmfi amanehunufo.”—Dwom 10:12.
Bio nso, nnipa a wɔsɔre tia mmara resɛe asase a yɛte so yi ankasa. Wɔsɛe mframa, asase no, ne nsu; wɔde atɛnkyea ne atirimɔden ahyɛ asase so ma. Na wɔboaboa nuklea akode ne akode afoforo a edi awu na ebetumi de adesamma asetra ato asiane mu no ano. Ɛho hia sɛ wofi soro yɛ ho biribi na ama adesamma asoɔmmerɛfo anya daakye a ahobammɔ wom. (Adiyisɛm 11:18) Ɛho biribi a wɔbɛyɛ yi na Yesaia kaa ho asɛm sɛ aweredi da no.
Dɛn Na Onyankopɔn Aweredi Da no Bɛyɛ?
Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛ no, wɔ Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, sɛ wɔde asɛmfua a egyina hɔ ma aweredi no di dwuma de ka Onyankopɔn ho asɛm a, nea ɛkyerɛ ankasa ne “‘nea efi atɛntrenee mu ba,’ emfi nkate a nnipa nya sɛ wɔapira wɔn anaasɛ wɔahyɛ wɔn abufuw kɛkɛ mu ba, sɛnea mpɛn pii no, ɛte wɔ nnipa aweredi ho no.” Enti, Onyankopɔn aweredi a ɛbɛba n’atamfo so no renyɛ mogyahwiegu a nyiyim nnim bere, te sɛ nea obi ankasa redi were ama ne ho. Bible no kyerɛ yɛn sɛ, “[Yehowa] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.”—2 Petro 2:9.
Onyankopɔn nkoa hwɛ Onyankopɔn aweredi da no kwan sɛ bere a ɛbɛda adi sɛ nneyɛe pa teɛ na wɔagye atreneefo afi abɔnefo nhyɛso ase. Eyi nkyerɛ sɛ wɔn ani gye afoforo amanehunu anaa aweredi ho. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ “nea n’ani gye [afoforo] amane ho no, ne ho renyɛ no tɔtorɔtɔɔ.” (Mmebusɛm 17:5) Nea ɛne ɛno bɔ abira no, wonya mmɔborɔhunu ne ayamhyehye, na wogyaw aweredi ho gyinaesi biara ma Onyankopɔn.
Ampa, ɛnyɛ mmerɛw mma wɔn a wɔn bo afuw no sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade saa kwan yi so. Nanso ɛyɛ ade a wobetumi ayɛ, na pii ayɛ saa. Sɛ nhwɛso no, Pedro anni annye wɔ ne mmofraase na na ne nuabarima panyin taa hwe no. Enti onyin bɛyɛɛ obi a ɔyɛ basabasa, na ɔtaa nya asɛm wɔ polisifo nsam, na esiane ne nuabarima no ho abufuw nti, ɔbɔɔ ne yere ne ne mma atirimɔden. Awiei koraa no, otiee Yehowa Adansefo mu biako bi asɛm na akyiri no ofii ase suaa Bible no. Ose: “Ɛnam Yehowa mmoa so no, mesakrae, na mprempren, mede mmoa ma nkurɔfo sɛ Kristoni ɔpanyin mmom, na ɛnyɛ sɛ me ne wɔn bɛko.” Ɛnam Bible no ne honhom kronkron mmoa so no, afoforo pii atumi asakra abɛyɛ nnipa a wɔda ɔdɔ ne ntoboase adi kyerɛ afoforo na ɛnyɛ nnipa a wɔpɛ nitan ne aweredi.
Dɛn na Wobɛyɛ?
Onyankopɔn aweredi da no ba a yɛbɛma atra yɛn adwenem no bɛboa yɛn ma yɛanya Yehowa ntoboase no ho mfaso. Nanso hokwan a yɛde bɛyɛ saa no rentra hɔ daa. Ɛrenkyɛ na saa da no aba. Ɔsomafo Petro kyerɛɛ nea enti a ɛmmae no mu sɛ: “Yehowa nyɛ nyaa ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu nyaayɛ, na mmom ɔtɔ ne bo ase ma mo, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa nya adwensakra.”—2 Petro 3:9, NW.
Ɛnde, ɛregye ntɛmpɛ sɛ yebesiesie yɛn ho mprempren ama da a yebebu akontaa ama Onyankopɔn no denam Kyerɛwnsɛm no a yebesua ne mu afotu a yɛde bedi dwuma so. Eyi bɛboa yɛn ma yɛadi odwontofo no nsɛm yi so: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko: na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.”—Dwom 37:8, 9.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Onyankopɔn aweredi da no akyi no, ‘wɔn a wɔtwɛn Yehowa no benya asase no adi’