Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 6/15 kr. 12-17
  • Suasua Yehowa, Yɛn Nyankopɔn A Ɔnhwɛ Nnipa Anim no

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suasua Yehowa, Yɛn Nyankopɔn A Ɔnhwɛ Nnipa Anim no
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Wɔyɛ Yehowa Din Ho
  • Sɛnea Ɔne Abraham ne Israel Dii Nsɛm
  • Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔnhwɛ Nnipa Anim
  • Nkɛntɛnso Pa
  • Afoforo Ho Adwemmɔne a Yebedi So
  • ‘Trɛw Wo Mu’
  • Yehowa Yɛn Nyankopɔn Na Yɛbɛsom No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Yosua Ne Gibeonfo No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Ma Yosua Mmoa Wo Na Som Yehowa Akokoduru So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Yosua Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 6/15 kr. 12-17

Suasua Yehowa, Yɛn Nyankopɔn A Ɔnhwɛ Nnipa Anim no

“Nnipa nyiyim ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.”—ROMAFO 2:11.

1, 2. (a) Ná dɛn ne Yehowa atirimpɔw fa Kanaanfo no nyinaa ho? (b) Dɛn na Yehowa yɛe, na nsɛmmisa bɛn na eyi ma ɛsɔre?

BERE a Israel bɔɔ nsra wɔ Moab Tataw so wɔ afe 1473 A.Y.B. mu no, wɔyɛɛ aso tiee Mose. Ná ɔhaw bi da wɔn anim retwɛn wɔn wɔ Yordan Asubɔnten no agya. Mose daa Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma Israel adi Kanaan aman atitiriw ason so nkonim wɔ Bɔhyɛ Asase so no adi. Hwɛ akomatɔyam a na Mose nsɛm yi yɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn bɛhyɛ wo nsa ɔkwan biara so, na di wɔn so nkonim’! Ná ɛnsɛ sɛ Israel ne wɔn yɛ apam biara, na na ɛnsɛ sɛ wohu wɔn mmɔbɔ.—Deuteronomium 1:1; 7:1, 2.

2 Nanso, Yehowa koraa abusua biako so wɔ kurow a edi kan a Israel tow hyɛɛ so no mu. Nkurow foforo anan mu nnipa nso nyaa Onyankopɔn ahobammɔ. Dɛn ntia? Dɛn na nsɛm atitiriw a ɛmaa saa Kanaanfo yi nyaa wɔn ti didii mu no kyerɛ yɛn fa Yehowa ho? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no?

Nneɛma a Wɔyɛ Yehowa Din Ho

3, 4. Nkɛntɛnso bɛn na Israelfo nkonimdi ahorow no nyae wɔ nnipa a na wɔwɔ Kanaan no so?

3 Wɔ mfirihyia 40 a Israel dii wɔ sare so ansa na wɔredu Bɔhyɛ Asase no so mu no, Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban ko maa wɔn. Wɔ Bɔhyɛ Asase no anafo fam no, Israel ne Kanaanfo hene Arad dii ako. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Israelfo dii ɔne ne dɔm so nkonim wɔ Horma. (Numeri 21:1-3) Akyiri yi, Israel twaa Edom asase ho de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam wɔ Po a Awu no atifi fam apuei. Ná Amorifo na wɔte saa beae yi a kan no na Moabfo na wɔte hɔ no. Amorifo hene Sihon amma Israel antwam n’asase so. Wodii ako wɔ Yahas, a ɛda adi sɛ ɛyɛ Arnon Bon no atifi fam no, na Sihon wui wɔ hɔ. (Numeri 21:23, 24; Deuteronomium 2:30-33) Ná Og di Amorifo foforo so wɔ Basan, wɔ atifi fam akyirikyiri. Ɛwom sɛ na Og yɛ ɔbran de, nanso wantumi annyina Yehowa anim. Wokum Og wɔ Edrei. (Numeri 21:33-35; Deuteronomium 3:1-3, 11) Nkonimdi ahorow yi ho amanneɛbɔ ne Israel Akwantu a wotu fii Misraim no ho nsɛm nyaa nnipa a na wɔte Kanaan no so nkɛntɛnso kɛse.a

4 Bere a Israel twaa Yordan na wɔhyɛnee Kanaan bere a edi kan no, wɔbɔɔ nsraban wɔ Gilgal. (Yosua 4:9-19) Ná Yeriko fasu no nni akyiri koraa. Nea Kanaanni Rahab te faa Yehowa nnwuma ho no kanyan no ma ɔyɛɛ ade wɔ gyidi mu. Ne saa nti, bere a Yehowa sɛee Yeriko no, ɔkoraa ɔne ne fiefo so.—Yosua 2:1-13; 6:17, 18; Yakobo 2:25.

5. Dɛn na ɛmaa Gibeonfo no yɛɛ wɔn ade wɔ anifere kwan so?

5 Nea edi hɔ no, Israel fi nsasetaw a ɛbɛn asubɔnten no so foro kɔɔ nkoko a ɛwɔ ɔmantam no mfinimfini no so. Ɛdenam Yehowa akwankyerɛ so no, Yosua tetɛw wuram ko tiaa Ai kurow. (Yosua, ti 8) Ɔko mu nkonimdi ahorow ho amanneɛbɔ no kaa Kanaan ahemfo no pii maa wɔboaboaa wɔn ho sɛ wɔbɛko. (Yosua 9:1, 2) Nnipa a na wɔte Hewifo kurow Gibeon mu no yɛɛ wɔn ade soronko. Yosua 9:4 ka sɛ: “Wɔn de, wodii no nyansam.” Te sɛ Rahab no, na wɔate gye a Yehowa gyee ne nkurɔfo wɔ wɔn Akwantu no mu ne Sihon ne Og so nkonim a odii no ho asɛm. (Yosua 9:6-10) Gibeonfo no hui sɛ mfaso biara remma so sɛ wɔbɛko. Enti Gibeon ne nkurow abiɛsa a ɛbɛn wɔn—Kerifa, Beerot, ne Kiriat-Yearim—tuu ananmusifo a wɔayɛ wɔn ho sɛ nea wofi akyirikyiri kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Anifere kwan a wɔfaa so no yɛɛ yiye. Yosua ne wɔn yɛɛ apam a na ɛbɛma wɔanya wɔn ti adidi mu. Nnansa akyi no, Yosua ne Israelfo no hui sɛ wɔadaadaa wɔn. Nanso, na wɔaka Yehowa ntam de asi apam no so dua, enti wodii so. (Yosua 9:16-19) So Yehowa penee so?

6. Yehowa yɛɛ n’ade dɛn wɔ apam a Yosua ne Gibeonfo yɛe no ho?

6 Wɔmaa Gibeonfo no bɛyɛɛ nnuatwafo ne nsusawfo maa Israelfo no ne “[Yehowa, NW] afɔremuka” no mpo wɔ ntamadan no mu. (Yosua 9:21-27) Nea ɛsen saa no, bere a Amorifo ahene baanum ne wɔn dɔm tow hyɛɛ Gibeonfo so no, Yehowa de ne ho gyee mu anwonwakwan so. Amparuwbo kunkum atamfo no pii sen wɔn a Yosua asraafo kunkum wɔn no. Yehowa tiee Yosua adesrɛde a ɛne sɛ ɔmma owia ne ɔsram nnyina faako na ama wɔadi wɔn so nkonim koraa no mpo. Yosua kae sɛ: “Na ɛda bi mmae sɛ ɛno, anim anaa akyiri a [Yehowa, NW] atie onipa nne, efisɛ [Yehowa, NW] ko maa Israel.”—Yosua 10:1-14.

7. Nokwasɛm a Petro gye toom bɛn na ɛdaa adi wɔ Kanaanfo bi fam?

7 Kanaanni Rahab ne n’abusua, ne Gibeonfo no suroo Yehowa, na wɔyɛɛ wɔn ade ma ɛne no hyiae. Nea ɛtoo wɔn no ma nokwasɛm a Kristoni somafo Petro kae akyiri yi no da adi pefee sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.”—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Sɛnea Ɔne Abraham ne Israel Dii Nsɛm

8, 9. Ɔkwan bɛn so na animhwɛ a Yehowa nyɛ no daa adi wɔ ɔne Abraham ne Israel man no nsɛnnii mu?

8 Osuani Yakobo twee adwene sii Onyankopɔn dom a ɔdaa no adi wɔ Ɔne Abraham ne n’asefo nsɛnnii mu no so. Ɛyɛ Abraham gyidi, ɛnyɛ abusua a ofi mu, na ɛma ɔyɛɛ “Onyankopɔn adamfo.” (Yakobo 2:23) Gyidi ne ɔdɔ a na Abraham wɔ ma Yehowa no maa wohyiraa n’asefo. (2 Beresosɛm 20:7) Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ: “Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea.” Nanso hyɛ bɔhyɛ a ɛwɔ nkyekyɛm a edi hɔ mu no nsow: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:17, 18; Romafo 4:1-8.

9 Yehowa anyɛ animhwɛ ketewaa bi mpo, na mmom ɔnam sɛnea ɔne Israel dii nsɛm no so kyerɛɛ nea obetumi ayɛ ama wɔn a wotie no no. Nsɛnnii a ɛte saa no kyerɛ sɛnea Yehowa yi nokware dɔ kyerɛ n’asomfo anokwafo. Ɛwom sɛ na Israel yɛ Yehowa “ahode” de, nanso eyi nkyerɛ sɛ na afoforo ntumi nnya Onyankopɔn ayamye so mfaso. (Exodus 19:5; Deuteronomium 7:6-8) Ampa, Yehowa tɔɔ Israel fii Misraim nkoasom mu ma enti ɔkae sɛ: “Mo nko na mahu mo, asase so mmusua nyinaa mu.” Nanso Yehowa nam odiyifo Amos ne afoforo so de akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bi ho bɔhyɛ maa nnipa a wofi ‘aman nyinaa mu.’—Amos 3:2; 9:11, 12; Yesaia 2:2-4.

Yesu, Ɔkyerɛkyerɛfo a Ɔnhwɛ Nnipa Anim

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu suasuaa N’agya wɔ nnipa anim a ɔnhwɛ mu?

10 Wɔ Yesu, a ɔyɛ N’agya sɛso, asase so som adwuma mu no, osuasuaa Yehowa wɔ nnipa anim a ɔnhwɛ mu. (Hebrifo 1:3) Ná ne botae titiriw saa bere no ne sɛ ɔbɛhwehwɛ “Israel fie nguan a ayera” no. Nanso, wantwentwɛn ne nan ase sɛ obedi Samariani bea no adanse wɔ abura bi so. (Mateo 15:24; Yohane 4:7-30) Ɔyɛɛ anwonwade nso bere a ɔsraani bi a ɛda adi sɛ na ɔnyɛ Yudani de n’adesrɛ too n’anim no. (Luka 7:1-10) Ná ɛno yɛ biribi a ɔreyɛ de aka ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo no ho. Yesu asuafo kaa asɛm no mmaa nyinaa nso. Ɛbɛdaa adi pefee sɛ ɛnyɛ ɔman a obi fi mu so na ɔnam benya Yehowa nhyira, na mmom ne nneyɛe. Nnipa komapafo a wɔwɔ ahobrɛase a na nokware no ho kɔm de wɔn no yɛɛ Ahenni ho asɛmpa no ho biribi. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔn a wɔyɛ ahomaso ne ahantan no buu Yesu ne n’asɛm no animtiaa. Yesu kae sɛ: “Agya, ɔsoro ne asase wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.” (Luka 10:21) Sɛ yefi ɔdɔ ne gyidi mu ne afoforo di nsɛm a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ nnipa a wɔyɛ wɔn ade wɔ animhwɛ mu, na yenim sɛ eyi ne ɔkwan a Yehowa ani gye ho.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔanyɛ animhwɛ wɔ tete Kristofo asafo no mu?

11 Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, na Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa yɛ pɛ. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn a wɔyɛ papa nyinaa. Yudafo kan ne Helafo nso bi. Na nnipa nyiyim ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam.”b (Romafo 2:10, 11) Ɛnyɛ abusua a wofi mu na ɛkyerɛɛ sɛ wobenya Yehowa dom so mfaso, na mmom su a wɔdaa no adi bere a wosuaa Yehowa ne anidaso a ne Ba, Yesu, agyede no de ba ho ade no. (Yohane 3:16, 36) Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛnyɛ nea ɔda adi saa na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ nea ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa, na mmom Yudani ne nea ɔyɛ no ne mu, na twetiatwa ne nea wɔayɛ no komam, wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu.” Afei, bere a Paulo de asɛm “Yudani” (a ɛkyerɛ “nea ofi Yuda,” a egyina hɔ ma nkamfo anaa ayeyi a wɔde rema) redi dwuma anifere kwan so no, ɔde kaa ho sɛ: “Ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na efi Nyankopɔn.” (Romafo 2:28, 29) Yehowa nhwɛ onipa anim ansa na wakamfo no. So yɛyɛ saa ara?

12. Akwanhwɛ bɛn na Adiyisɛm 7:9 de ma, na henanom na wɔde ma wɔn?

12 Akyiri yi, ɔsomafo Yohane huu Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn a wɔyɛ wɔn ho mfonini sɛ honhom fam man a emu nnipa yɛ 144,000, “a wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu” no wɔ anisoadehu mu. Eyinom akyi no, Yohane hui sɛ “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw.” (Adiyisɛm 7:4, 9) Enti, wonyi abusua anaa kasa bi mfi nnɛyi Kristofo asafo no mu. Nnipa a wofi mmusua nyinaa mu wɔ akwanhwɛ sɛ wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohia kɛse” a ɛreba no mu na wɔanom wiase foforo no mu “nkwa asuti” no bi.—Adiyisɛm 7:14-17.

Nkɛntɛnso Pa

13-15. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi abusua ne amammerɛ mu nsonsonoe so? (b) Ka mfaso a adamfofa su a wɔda no adi betumi de aba ho nhwɛso horow ho asɛm.

13 Yehowa nim yɛn yiye, sɛnea agya pa nim ne mma no. Saa ara na sɛ yɛte afoforo ase denam wɔn amammerɛ ne abusua a wofi mu ho anigye a yɛbɛkyerɛ so a, yɛrenyɛ nyiyim. Eyi abusua mu nsonsonoe biara fi hɔ, na ɛhyɛ adamfofa ne ɔdɔ su a yɛwɔ no mu den. Ɛde biakoyɛ ba. (1 Korintofo 9:19-23) Nea edi eyi ho adanse kɛse ne amannɔne nsase so dwumadi a asɛmpatrɛwfo gye to wɔn ho so no. Wɔkyerɛ nnipa a wɔte hɔ no ho anigye, ma enti, ɛnkyɛ na asɛmpatrɛwfo no ahu sɛ wɔn ani aka ɛhɔnom asafo ahorow no mu.—Filipifo 2:4.

14 Nkɛntɛnso pa a nnipa anim a yɛnhwɛ de ba no da adi wɔ nsase pii so. Aklilu, a ofi Ethiopia no, hui sɛ wayɛ ankonam wɔ Britain ahenkurow London mu. Nea ɛmaa n’ankonamyɛ no yɛɛ kɛse ne adamfofa su a na ɛte sɛ nea wɔnna no adi nkyerɛ nnipa a wofi aman foforo mu no, biribi a ɛkɔ so wɔ Europa nkuropɔn pii mu nnɛ no. Hwɛ sɛnea Aklilu nyaa anigye soronko bere a ɔkɔɔ Kristofo nhyiam bi wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so no! Wɔn a wɔwɔ hɔ no gyee no fɛw so, na ankyɛ koraa na ɔtee nka sɛ wadu baabi pa. Onyaa nkɔanim ntɛmntɛm, na onyaa anisɔ kɛse maa Ɔbɔadeɛ no. Ɔhwehwɛɛ hokwan ntɛm ara sɛ ɔbɛka Ahenni asɛmpa no akyerɛ afoforo a wɔwɔ saa mantam no mu no. Nokwarem no, da bi bere a onua a ɔka Aklilu ho wɔ asɛnka mu bisaa no botae ahorow a esisi n’ani so no, Aklilu buae ntɛm so sɛ ɔwɔ anidaso sɛ da bi ɔbɛkɔ asafo a wɔka ne kasa, Amharic, no mu. Bere a ɛhɔnom Engiresi asafo no mu mpanyimfo huu eyi no, wɔde anigye yɛɛ nhyehyɛe maa Bible ho ɔkasa wɔ kasa a Aklilu ka mu. Nsa a wɔto frɛɛ afoforo no maa ananafo ne kurom hɔfo pii behyiaam bɛboaa baguam nhyiam a edi kan a wɔyɛɛ wɔ Amharic kasa mu wɔ Britain no. Ɛnnɛ, Ethiopiafo ne afoforo a wɔwɔ saa beae no ayɛ biako wɔ asafo a ɛrenya nkɔso mu. Nnipa a wɔwɔ hɔ no pii ahu sɛ biribiara nni hɔ a esiw wɔn kwan sɛ wobegyina Yehowa afã na wɔnam Kristofo asubɔ so ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne.—Asomafo no Nnwuma 8:26-36.

15 Suban ne mmusua gu ahorow. Ɛnyɛ ɛno na yebegyina so akyerɛ sɛ obi korɔn anaasɛ ɔba fam; ɛyɛ nsonsonoe ara kwa. Bere a Adansefo a wɔwɔ Malta supɔw so rehwɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔrebɔ wɔn asu no, wɔne nhyiamfo a wofi Britain no ani gyei araa ma anigye danee wɔn nusu. Maltafo ne Britainfo no nyinaa daa wɔn nkate adi wɔ akwan soronko so, na ɔdɔ a emu yɛ den a wɔwɔ ma Yehowa no hyɛɛ wɔn Kristofo biakoyɛ no mu den.—Dwom 133:1; Kolosefo 3:14.

Afoforo Ho Adwemmɔne a Yebedi So

16-18. Ka osuahu bi a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi adi afoforo ho adwemmɔne a yɛwɔ so wɔ Kristofo asafo no mu.

16 Bere a ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo mu yɛ den no, yebetumi asuasua Yehowa yiye wɔ sɛnea yebu afoforo no mu. Yebetumi adi adwemmɔne biara a ebia bere bi na yɛwɔ wɔ ɔman, mmusua, ne amammerɛ ho no so. Fa Albert a ɔsomee wɔ Britain Asraafo adwuma mu wɔ Wiase Ko II mu na Japanfo kyeree no wɔ ɔko no mu wɔ Singapore wɔ afe 1942 mu asɛm no sɛ nhwɛso. Akyiri yi ɔde bɛyɛ mfe abiɛsa yɛɛ adwuma wɔ “owu keteke kwan” a ɛbɛn nea wɔbɛfrɛɛ no twene a ɛda asubɔnten Kwai so no ho. Bere a wogyaee no wɔ ɔko no akyi no, na ne mu duru yɛ kilogram 32, na n’apantan ne ne hwene abubu, na na hurae, ɛyam, ne atiridiinini haw no. Ná ne mfɛfo nneduafo mpempem pii tebea asɛe koraa; pii wuwui. Esiane atirimɔdenne a Albert hui nti, bere a ɔsan baa fie wɔ afe 1945 mu no, na ɔyɛ ɔbarima a abufuw ahyɛ no ma, na na ɔmpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn anaa nyamesom benya abusuabɔ biara.

17 Albert yere, Irene, bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Nea ɛbɛyɛ na Albert asɔ n’ani no, ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no nhyiam ahorow bi. Kristoni aberantewaa bi a ɔyɛ bere nyinaa somfo a wɔfrɛ no Paul kɔsraa Albert ne no kosuaa Bible no. Ankyɛ na Albert behui sɛ Yehowa hwɛ sɛnea ankorankoro komam tebea te. Ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa na wɔbɔɔ no asu.

18 Akyiri yi Paul tu kɔɔ London, osuaa Japanfo kasa, na ɔde ne ho bɔɔ asafo a wɔka Japanfo kasa no. Bere a ɔde adwenkyerɛ bae sɛ ɔde Japan Adansefo bi a wɔreba nsrahwɛ bɛkɔ akɔsra asafo a na ɔwom kan no, anuanom a wɔwɔ hɔ no kaee adwemmɔne a emu yɛ den a na Albert wɔ wɔ nnipa a wofi saa ɔman no mu ho no. Efi bere a Albert baa Britain no, na ɔmpɛ koraa sɛ ɔne obiara a ofi Japan benya nkitahodi, enti na anuanom adwenem yɛ wɔn naa wɔ ɔkwan a obedi tebea no ho dwuma ho. Anka ɛnsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho—Albert de onuadɔ ankasa gyee nsrahwɛfo no.—1 Petro 3:8, 9.

‘Trɛw Wo Mu’

19. Sɛ yɛyɛ animhwɛ a, afotu a ɔsomafo Paulo de mae bɛn na ebetumi aboa yɛn?

19 Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Animhwɛ nye.” (Mmebusɛm 28:21) Ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛbɛn wɔn a yenim wɔn yiye no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, yɛn ani nnye ho papa sɛ yɛne wɔn a yennim wɔn yiye no bɛbɔ. Animhwɛ a ɛte saa no mfata Yehowa asomfo. Nokwarem no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn nyinaa bedi Paulo afotu a emu da hɔ a ese ‘yɛntrɛw yɛn mu’ no akyi—yiw, momma yɛntrɛw ɔdɔ a yɛwɔ ma mfɛfo Kristofo a wofi mmusua foforo mu no mu.—2 Korintofo 6:13.

20. Asetram mmeae bɛn na ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim no?

20 Sɛ́ yɛwɔ ɔsoro frɛ anaasɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛtra asase so daa no, animhwɛ a yɛnyɛ no bɛma yɛayɛ nguankuw biako wɔ Ɔhwɛfo biako ase. (Efesofo 4:4, 5, 16) Mmɔden a yɛbɛbɔ asuasua Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔnhwɛ nnipa anim no, betumi aboa yɛn wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu, wɔ yɛn mmusua mu, ne asafo ahorow no mu, nokwarem no, wɔ asetra afã nyinaa mu. Ɔkwan bɛn so? Asɛm a edi hɔ no besusuw saa asɛm yi ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Akyiri yi wɔde edin a Yehowa gyei no too nnwom kronkron.—Dwom 135:8-11; 136:11-20.

b Ɛha yi, asɛm “Helafo” no kyerɛ Amanaman mufo nyinaa.—Insight on the Scriptures, a Yehowa Adansefo tintimii, Po 1, kratafa 1004.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa anyɛ animhwɛ wɔ Rahab ne Gibeonfo no ho?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu anyɛ animhwɛ wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi amammerɛ ne mmusua ho adwemmɔne so?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Israel fi ase di Kanaan so nkonim

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yesu antwentwɛn ne nan ase sɛ obedi Samariani bea bi adanse

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Baguam nhyiam a wɔyɛɛ no Amharic kasa mu wɔ Britain

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔdɔ a Albert wɔ ma Yehowa no boaa no ma odii afoforo ho adwemmɔne so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena