Sɛnea Yɛde Anigye Bedi Nneɛma Ho Dwuma Wɔ Wiase a Adagyew Nnim Yi Mu
NNIPA PII TUMI GYINA ASETRAM NHYƐSO ANO, NANSO KAKRAA BI NA WOTUMI YƐ SA WƆ ANIGYE SO. ƐNO GYE NYANSA SORONKO BI.
BERE a The 24-Hour Society nhoma no resi eyi so dua no, ɛka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yenya nyansa a ɛbɛboa ma yɛatumi adi yɛn ahiade ho dwuma wɔ wiase a nyansahu mu nkɔso wom yi mu.”
Anigyesɛm ne sɛ, yebetumi anya nyansa afi nhoma a wɔakyekyɛ sen biara wɔ wiase—Onyankopɔn Asɛm, Bible, no mu. Esiane sɛ wɔnam Obi a onim adesamma ahiade paa honhom so na ɛkyerɛwee Bible no nti, ekura nnyinasosɛm ahorow a edi mu. Sɛ wode nnyinasosɛm yi di dwuma a, ebetumi ama woahu sɛnea wobɛyɛ w’ade yiye wɔ asetram, na ama woanya anigye a ɛsɛ wɔ wiase a adagyew nnim koraa yi mu.—Yesaia 48:18; 2 Timoteo 3:16.
Nneɛma atitiriw abiɛsa na nnyinasosɛm ahorow yi di ho dwuma. Nea edi kan no, ɛkyerɛ sɛnea wubetumi akwati akɛsesɛm. Nea ɛtɔ so abien no, ɛbɛboa ma woatumi ayɛ nea ehia kan. Nea ɛtɔ so abiɛsa no, ɛde honhom fam akwankyerɛ a edi mu koraa sen wiase nyansa ma. Ma yensusuw akwan abiɛsa yi ho.
Kwati Akɛsesɛm ne Asetra a Ɛkyere So
Fa no sɛ worekɔ anigyebea bi akodi nna kakra. Wompɛ sɛ wo ho kyere wo, enti wofa ntamadan kɛse a wɔasiesie no yiye. Afei nso wosesa wo dan mu nkongua nyinaa, nneɛma a wonoa mu nnuan, friigye, afiri ketewa bi a ɛma anyinam ahoɔden, nkanea, TV, ne nneɛma afoforo bebree, ne aduan nso. Nanso, saa nneɛma yi nyinaa a wode ebiara besisi ne sibea no gye wo nnɔnhwerew pii! Afei wɔ akwamma no akyi no, wogye bere san de boaboa ne nyinaa ano—sɛnea wobɛhyehyɛ ne nyinaa bio wɔ fie no nna nkyɛn. Sɛ wususuw ne nyinaa ho a, wuhu sɛ woannya bere pii amfa annye w’ani! Wuntumi nhu sɛ ebia mfaso bi baa nea woyɛe no so anaa.
Wɔ nnipa ɔpepem pii fam nnɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn asetra te sɛ akwantu a ɛte saa no ara. Wɔsɛe bere pii de hwehwɛ honam fam nneɛma pii a wɔkyerɛ sɛ ɛno na ebetumi ama yɛn ani agye wɔ wiase no. Nanso, Yesu Kristo kae sɛ: “Ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.” (Luka 12:15) Yiw, asetram anigye nnyina honam fam ahonyade so. Nokwarem no, ahonyade taa ma obi dadwen yɛ kɛse. Ɔsɛnkafo 5:12 ka sɛ: “Ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye.”
Enti, susuw biribiara a wowɔ no ho yiye, na bisa sɛ, ‘So eyi ho hia me ankasa, anaasɛ egugu me nneɛma mu ara kɛkɛ? So ɛma minya asetram anigye, anaa ɛsɛe me bere a mfaso wɔ so?’ Why Am I So Tired? nhoma a Leonie McMahon kyerɛwee no nnianim asɛm no ka sɛ: “Esiane nnwinnade ahorow a wɔayɛ a wotumi de yɛ fie nnwuma ntɛm no nti, mmea awarefo kɔhwehwɛ adwuma na ama wɔatumi atɔ bi asan atua ɛka biara a wɔbɛbɔ wɔ dwuma a wɔde di no nso ho.”
Sɛ wokwati akɛsesɛm a, ɛma wunya bere pii ma w’abusua, wo nnamfo, ne w’ankasa wo ho. Bere a ɛte saa no ma wunya anigye. Nyɛ w’ade sɛ wɔn a ansa na wobehu sɛ nnamfo ne abusuafo ho hia—na wɔn so wɔ mfaso—sen sika ne ahode no, na aka akyi dodo no. Nnipa nkutoo na wobetumi adɔ wo. Ebetumi aba sɛ sika a wode agu sikakorabea, agyapade, television, ne nneɛma foforo so wɔ mfaso de, nanso ɛnyɛ ɛno paa na ɛho hia wɔ asetram. Wɔn a wɔma saa nneɛma no ho hia wɔn paa no mmu wɔn nkwa na akyiri yi wonu wɔn ho na wɔhaw mpo.—1 Timoteo 6:6-10.
Fa Wo Bere Yɛ Nea Ehia Paa Kan
Ɔkwan bi so no, wo bere a wode bedi dwuma yiye no te sɛ nea wokari pɛ wɔ wo sikasɛm mu. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wode bere kakraa bi a wowɔ no bɛyɛ nneɛma pii a, woremfa bere a wowɔ no nni dwuma yiye. Asetra a ɛte saa no de abasamtu, adwennwen, ne ɔbrɛ na ɛba. Enti, yɛ nea ehia paa no kan.
Nea edi kan no, hu nneɛma a ehia paa no na fa bere a ɛsɛ di ho dwuma. Wɔ Kristofo fam no, nea ɛho hia paa ne sɛ wɔde honhom fam nneɛma bedi kan. (Mateo 6:31-34) Sɛ wode ahopere di nneɛma a ɛho hia ho dwuma anaa woyɛ no biarabiara a, wubehyia ɔhaw kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ wokwati sɛ wobɛyɛ biribi a egye bere pii nanso mfaso biara nni so no.
Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma a ɛho hia paa a, susuw hia a ehia sɛ wo nkutoo bɛtew wo ho akɔtra baabi no ho—na ama woanya bere asusuw nneɛma ho yiye de ahu nea ɛsɛ sɛ wudi kan yɛ ankasa. Psychology Today nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Bere a wo nkutoo de bɛtra baabi asusuw nneɛma ho no betumi ama woanya ahomeka kɛse wɔ wiase a adagyew nnim yi mu. . . . Bere a wode bɛtra baabi asusuw nneɛma ho no betumi ama woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ ankasa wɔ asetram.” Wɔn a wonnya bere nsusuw nneɛma ho no ntumi nni nneɛma ho dwuma yiye wɔ asetram.
Ahobrɛase ne Honhom Fam Nkɔso
Ahobrɛase ne honhom fam nkɔso ho hia kɛse na ama woatumi anya anigye akari pɛ wɔ asetram. Ahobrɛase ho hia efisɛ ɛmma womfa nnwuma ne asɛyɛde pii ngu wo ho so. Sɛ wobrɛ wo ho ase a, wubetumi ahu bere a ɛnsɛ sɛ woyɛ nnwuma foforo na ama woatumi ayɛ nea ehia paa no. Ahobrɛasefo ani mmere nea afoforo wɔ anaa wotumi yɛ, enti wɔma wɔn ani sɔ nea wɔwɔ no. Nokware ahobrɛase kyerɛ sɛ obi anya honhom fam nkɔso, ade a ɛho hia paa na ama obi atumi akari pɛ wɔ asetram.—Mika 6:8; 1 Yohane 2:15-17.
Honhom fam nkɔso a egyina Bible mu nimdeɛ a edi mu so no bɛma woayɛ obi a ɔwɔ nhumu kɛse—obi a adwene a wiase kura wɔ yiyedi ho ntumi nnya ne so nkɛntɛnso. Wutie nyansasɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 7:31 yi: ‘Wɔn a wodi wi yi ase nyɛ sɛnea wonni, na wi yi ase su resakra.’ Kristofo “di wi yi ase” bere a wɔhwehwɛ wɔne wɔn mmusua honam fam ahiade no nanso, wɔmma wiase yi mu nneɛma nnye wɔn adwene. Wonim sɛ ɛremma wonnya ahobammɔ biara, na ɛrenkyɛ ɛbɛsɛe koraa, na yiyedi ankasa a wobenya—ahobammɔ ne daa nkwa wɔ paradise asase so—no gyina wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ so. (Dwom 1:1-3; 37:11, 29) Enti, tie Yesu afotu no na siesie wo ho sie denam ‘ademude a wobɛhyehyɛ wɔ ɔsoro, nea nwewee ne nkannare nsɛe no na awifo mmubu nkowia,’ so.—Mateo 6:20.
Kwati Dadwen na Hwehwɛ Nokware Asomdwoe
Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe yi rebɛn n’awiei no, adwennwen ne nnwuma pii bɛba abɛtɔ wo so. Enti, hwɛ hia a ehia sɛ wode Bible afotu yi bedi dwuma: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw wo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Obiara a okura wiase yi adwene na mpaebɔ ho nhia no no ntumi nnya asomdwoe a ɛte saa.—Filipifo 4:6, 7.
Nanso, Yehowa bɛma woanya nea ɛboro abotɔyam. Sɛ wode wo “dadwen ne haw nyinaa” to no so a, ɔbɛma woanya ahoɔden de adi wo da biara da asɛyɛde ho dwuma. (1 Petro 5:7; Dwom 68:19) Enti, nyansa wom sɛ wubetie Nyankopɔn denam N’asɛm no fã bi a wobɛkenkan daa no so. Hena na obetumi de afotu pa ama wo sen wo Bɔfo no? (Dwom 119:99, 100, 105) Yiw, osuahu kyerɛ sɛ wɔn a wɔde Onyankopɔn di kan wɔ wɔn asetram no tumi de anigye di nsɛm ho dwuma wɔ ɛnnɛ wiase a adagyew nnim yi mu.—Mmebusɛm 1:33; 3:5, 6.
[Nsɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Yɛ nea ehia kan, a tew a wo nkutoo bɛtew wo ho akɔtra baabi asusuw nneɛma ho ne honhom fam nkɔso nso ka ho
[Mfonini wɔ kratafa 21]
So wubetumi akwati akɛsesɛm ne asetra a ɛkyere so?
[Mfonini wɔ kratafa 22]
So woma nneɛma ho hia wo sen nnipa?