Kristo Mmara No
“Mewɔ Kristo mmara mu.”—1 KORINTOFO 9:21.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na anka wobetumi asiw adesamma mfomso pii ano? (b) Dɛn na Kristoman ansua amfi Yudasom abakɔsɛm mu?
“NNIPA ne nniso ahorow nsuaa hwee mfii abakɔsɛm mu anaasɛ wɔmfaa nnyinasosɛm ahorow a wɔanya afi mu no nnii dwuma da.” Saa na afeha a ɛto so 19 no mu Germanni nyansapɛfo bi kae. Nokwarem no, wɔaka nnipa abakɔsɛm ho asɛm sɛ ɛyɛ “mfomso a atoatoa so aba,” sintɔ ne ɔhaw ahorow a ɛyɛ hu a, sɛ adesamma nyaa ɔpɛ sɛ wobesua biribi afi mfomso a wɔayɛ atwam mu a, anka wobetumi akwati.
2 Mfomso a wɔayɛ atwam a wonsua hwee mfi mu yi koro ara wɔ Onyankopɔn mmara ho nkɔmmɔbɔ yi mu. Yehowa Nyankopɔn de mmara a ɛkyɛn so besii Mose Mmara no ananmu—Kristo mmara no. Nanso, Kristoman akannifo a wose wɔkyerɛkyerɛ saa mmara yi na wɔde tra ase no, ansua biribi amfi Farisifo no mfomso kɛse no mu. Enti Kristoman akyinkyim Kristo mmara no de adi dwuma ɔkwammɔne so sɛnea Yudasom yɛɛ Mose Mmara no ara pɛ. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Nea edi kan no, momma yensusuw mmara yi ankasa ho—sɛnea ɛte, wɔn a wɔhyɛ ase ne ɔkwan a wɔde yɛ adwuma, ɛne nea ɛma ɛyɛ soronko wɔ Mose Mmara no ho. Afei yebesusuw sɛnea Kristoman de adi dwuma ɔkwammɔne so no ho. Ɛmmra sɛ yebesua biribi afi abakɔsɛm mu, na yɛanya so mfaso!
Apam Foforo No
3. Apam foforo ho bɔ bɛn na Yehowa hyɛe?
3 Hena nkutoo na obetumi ama Mmara a ɛyɛ pɛ akyɛn so sɛ Yehowa Nyankopɔn? Ná Mose Mmara apam no yɛ pɛ. (Dwom 19:7) Ne nyinaa akyi no, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, . . . sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo. Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee [no].” Wɔkyerɛw Mmara Nsɛm Du no—nea Mose Mmara no gyina so no—wɔ abopon so. Nanso Yehowa kae wɔ apam foforo no ho sɛ: “Mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu.”—Yeremia 31:31-34.
4. (a) Israel bɛn na apam foforo no fa wɔn ho? (b) Honhom fam Israelfo akyi no, henanom nso na wɔhyɛ Kristo mmara ase?
4 Ná henanom na wɔde wɔn bɛka saa apam foforo yi ho? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛrenyɛ “Israel fi” ankasa a wɔpow apam yi Ntamgyinafo no. (Hebrifo 9:15) Dabi, saa “Israel” foforo yi bɛyɛ “Nyankopɔn Israel,” honhom fam Israel man. (Galatifo 6:16; Romafo 2:28, 29) Akyiri yi, na “nnipakuw kɛse” a wofi aman nyinaa mu, a wɔn nso wɔbɛhwehwɛ sɛ wɔbɛsom Yehowa, bɛba abɛka saa Kristofo a wɔasra wɔn kuw ketewa yi ho. (Adiyisɛm 7:9, 10; Sakaria 8:23) Ɛmfa ho sɛ saafo yi nka apam foforo no ho no, na wɔn nso wɔbɛhyɛ mmara ase. (Fa toto Leviticus 24:22; Numeri 15:15 ho.) Sɛ́ “kuw biako” a wɔwɔ “ɔhwɛfo biako” no, na wɔn nyinaa bɛwɔ “Kristo mmara mu,” sɛnea ɔsomfo Paulo kyerɛwee no. (Yohane 10:16; 1 Korintofo 9:21) Paulo frɛɛ saa apam foforo yi “apam a ɛkyɛn so.” Dɛn ntia? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, egyina nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu mmom sen nneɛma a ɛreba sunsuma so.—Hebrifo 8:6; 9:11-14.
5. Apam foforo no atirimpɔw ne dɛn, na dɛn nti na ebedi nkonim?
5 Dɛn ne saa apam yi atirimpɔw? Ɛne sɛ ɛbɛma wɔanya ahene ne asɔfo ma wɔahyira adesamma nyinaa. (Exodus 19:6; 1 Petro 2:9; Adiyisɛm 5:10) Mose Mmara apam no antumi amma wɔannya saa man no anwie, efisɛ sɛ́ kuw no, Israelfo tew atua, na wɔhweree hokwan a na wɔwɔ no. (Fa toto Romafo 11:17-21 ho.) Nanso apam foforo no bedi yiye ɔkwan biara so, efisɛ mmara a ɛbata ho no yɛ soronko koraa. Ɛyɛ soronko wɔ akwan bɛn so?
Ahofadi Mmara
6, 7. Ɔkwan bɛn so na Kristo mmara no ma wonya ahofadi kɛse sen Mose Mmara no?
6 Wɔde Kristo mmara no bata ahofadi ho mpɛn pii. (Yohane 8:31, 32) Wɔfrɛ no “adehyedi [adehye, NW] mmara” ne “adehyedi [ahofadi, NW] mmara a ɛyɛ pɛ no.” (Yakobo 1:25; 2:12) Nokwasɛm ne sɛ, anohyeto wɔ nnipa ahofadi nyinaa mu. Nanso, saa mmara yi ma wonya ahofadi pii sen Mose Mmara a edii kan bae no. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?
7 Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, wɔnwo obiara nhyɛ Kristo mmara no ase. Nneɛma bi te sɛ abusua a obi fi mu ne baabi a wɔwoo no ho nhia. Nokware Kristofo fi wɔn pɛ mu ne komam paw sɛ wobegye saa mmara yi sodi ho kɔndua no atom. Saayɛ so no, wohu sɛ ɛyɛ kɔndua a ɛyɛ mmerɛw, adesoa a ɛyɛ hare. (Mateo 11:28-30) Ɛda adi sɛ ade foforo nti a wɔyɛɛ Mose Mmara no ne sɛ ɛbɛkyerɛ onipa sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo a ohia agyede afɔre a ebegye no nkwa denneennen. (Galatifo 3:19) Kristo mmara no kyerɛkyerɛ sɛ Mesia no aba, de ne nkwa atua agyede bo no, na wabue hokwan a ɛbɛma yɛanya ogye afi bɔne ne owu nhyɛso a ɛyɛ hu no ase! (Romafo 5:20, 21) Sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mu mfaso no, ehia sɛ ‘yɛkyerɛ gyidi’ wɔ saa afɔre no mu.—Yohane 3:16.
8. Dɛn na ɛka Kristo mmara no ho, nanso dɛn nti na tra a wɔde bɛtra ase no nhwehwɛ sɛ wɔkyere mmara mu ahyɛde ɔhaha pii gu wɔn tirim?
8 ‘Gyidi a obi bɛkyerɛ’ no hwehwɛ sɛ ɔde Kristo mmara no bɛtra ase. Nea ɛka ɛno ho ne Kristo ahyɛde nyinaa a obedi so. So eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyere mmara ne ahyɛde ɔhaha pii gu ne tirim? Dabi. Bere a Mose, apam dedaw no ntamgyinafo no, kyerɛw Mose Mmara no guu hɔ no, Yesu, apam foforo no Ntamgyinafo no, ankyerɛw mmara biako mpo anto hɔ. Mmom no, ɔde saa mmara yi traa ase. Ɔnam n’asetra kwan a ɛyɛ pɛ no so yɛɛ nhwɛso na obiara adi akyi. (1 Petro 2:21) Gyama ɛno nti na na wɔfrɛ tete Kristofo no som sɛ “Ɔkwan no” no. (Asomafo no Nnwuma 9:2; 19:9, 23; 22:4; 24:22) Wɔn fam no, Kristo de n’asetra yɛɛ nhwɛsode wɔ Kristo mmara no ho. Ná sua a obi besuasua Yesu no kyerɛ sɛ ɔredi saa mmara yi so. Ɔdɔ a emu yɛ den a na wɔwɔ ma no no kyerɛe sɛ wɔakyerɛw mmara yi agu wɔn koma so ampa, sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no. (Yeremia 31:33; 1 Petro 4:8) Na obi a ɔdɔ ma no yɛ osetie no nte nka da sɛ wɔrehyɛ ne so—ɛno ne ade foforo nti a wobetumi afrɛ Kristo mmara no ‘adehye mmara no.’
9. Dɛn ne ade titiriw wɔ Kristo mmara no mu, na ɔkwan bɛn so na na ahyɛde foforo bi wɔ saa mmara yi mu?
9 Sɛ na ɔdɔ ho hia wɔ Mose Mmara no mu a, ɛnde ɛno ne ade titiriw wɔ Kristofo mmara no mu. Enti nea ɛka Kristo mmara no ho ne ahyɛde foforo—ɛsɛ sɛ Kristofo nya ɔdɔ a ɛbɛma wɔde wɔn ho abɔ afɔre ama wɔn ho wɔn ho. Ɛsɛ sɛ wɔdɔ afoforo sɛnea Yesu yɛe no; ofi ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa ne nnamfo. (Yohane 13:34, 35; 15:13) Enti yebetumi aka sɛ Kristo mmara no yɛ teokrase ho nhwɛso kɛse mpo sen sɛnea na Mose Mmara no te no. Sɛnea nsɛmma nhoma yi kaa no bere bi a atwam no: “Teokrase yɛ Onyankopɔn nniso; Onyankopɔn yɛ ɔdɔ; enti teokrase yɛ ɔdɔ nniso.”
Yesu ne Farisifo No
10. Ɔkwan bɛn so na na Yesu nkyerɛkyerɛ ne Farisifo no de bɔ abira?
10 Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ Yesu ne ne bere so Yudafo nyamesom akannifo no ani anhyia. Ná Farisifo no nni “adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ” ho adwene biara. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔnam nnipa ahyɛde ahorow so bɛkɛntɛn nkurɔfo no so. Wɔn nkyerɛkyerɛ bɛyɛɛ nhyɛso, atemmusɛm, ne ɔkasatia. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, na Yesu nkyerɛkyerɛ no yɛ nea ɛma denhyɛ na mfaso wɔ so kɛse! Na wotumi de ne nsɛm no di dwuma, na na ɛfa nkurɔfo no ahiade ne wɔn haw ho pɛɛ. Ɔkyerɛkyerɛe wɔ ɔkwan a asete nyɛ den so, na ɔdaa nkate a edi mu adi, de mfatoho a efi da biara da asetra mu dii dwuma, na ɔde Onyankopɔn Asɛm mu tumi di dwuma. Enti, “ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28) Yiw, Yesu nkyerɛkyerɛ no kɔɔ wɔn koma mu!
11. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ anka wɔde Mose Mmara no yɛ adwuma wɔ ntease ne mmɔborohunu mu?
11 Sɛ́ anka Yesu de ahyɛde pii bɛka Mose Mmara no ho no, ɔkyerɛɛ kwan a na ɛsɛ sɛ anka Yudafo no fa so de saa Mmara no di dwuma wɔ bere a atwam no nyinaa—ntease ne mmɔborohunu mu. Sɛ́ nhwɛso no, kae bere bi a ɔbea bi a na mogya retu no bɛn no no. Sɛnea na Mose Mmara kyerɛ no, obiara a ɔbea no beso ne mu no bɛyɛ nea ne ho ntew, enti na ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho fra nnipakuw mu koraa! (Leviticus 15:25-27) Nanso na ɔrehwehwɛ ayaresa dennennen ma ɔkɔfaa nnipadɔm no mu kosoo Yesu nguguso mu. Mogya a na ɛretu no no twae ntɛm ara. So ɔkaa ɔbea no anim sɛ ɔtoo Mmara no? Dabi; mmom no, ɔtee n’ahoyeraw tebea no ase na ɔdaa Mmara no mu nnyinasosɛm a ɛsen biara no adi—ɔdɔ. Ɔka kyerɛɛ no pen sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!”—Marko 5:25-34.
So Kristo Mmara no Ma Biribiara Ho Kwan?
12. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ Kristo mmara no ma biribiara ho kwan? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ mmara pii a wɔyeyɛ no ma wɔyeyɛ emufi kwan pii?
12 Ɛnde so ɛsɛ sɛ yɛka sɛ esiane sɛ Kristo mmara no yɛ “adehyedi” de nti, ɛma biribiara ho kwan, bere a anyɛ yiye koraa no, Farisifo no ne wɔn atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ no nyinaa hyɛɛ nkurɔfo abrabɔ so katee na wɔanto mmara? Dabi. Mmara ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no kyerɛ sɛ mpɛn pii no, dodow a mmara no dɔɔso no, dodow no ara na nkurɔfo nya emufi kwan.a Wɔ Yesu bere so no, sɛnea na Farisifo no ahyɛde dɔɔso no ma wɔhwehwɛɛ emufi kwan, de amemenemfe yɛɛ nnwuma a emfi ɔdɔ mu, na wɔyɛɛ wɔn ho atreneefo de kataa ɔporɔw a ɛwɔ wɔn mu no so.—Mateo 23:23, 24.
13. Dɛn nti na Kristo mmara no de abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkyɛn so ba sen mmara apam biara a wɔakyerɛw?
13 Nea ɛne no bɔ abira no, Kristo mmara no mma su a ɛtete saa ho kwan. Nokwarem no, mmara a egyina Yehowa ho dɔ so no so a wobedi, a ɔkwan a wɔnam so yɛ saa ne Kristo dɔ a ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa afoforo no a wosuasua no, ma wonya abrabɔ gyinapɛn a ɛkorɔn koraa sen sɛ wobedi mmara apam katee bi so. Ɔdɔ nhwehwɛ kwan a ɛbɛfa so atetew ne ho; ɛma yɛkwati sɛ yɛbɛyɛ mmaratode bi a ebia mmara apam nkasa ntia pefee. (Hwɛ Mateo 5:27, 28.) Enti, Kristo mmara no bɛka yɛn ma yɛayɛ nneɛma ama afoforo—ayi ayamye, ahɔhoyɛ, ne ɔdɔ adi—wɔ ɔkwan a mmara a wɔhyɛ biara ntumi mma yɛnyɛ so.—Asomafo no Nnwuma 20:35; 2 Korintofo 9:7; Hebrifo 13:16.
14. Nkɛntɛnso bɛn na Kristo mmara a afeha a edi kan mu Kristofo asafo no de traa ase no nyae wɔ wɔn so?
14 Bere dodow a tete Kristofo asafo no mufo de Kristo mmara no traa ase no, wonyaa tebea a ɛyɛ anigye a ɔdɔ wom, a ɛkame ayɛ sɛ ɛma wonyaa ahofadi wɔ kateeyɛ, ɔkasatia, ne nyaatwomyɛ a na abu so kɛse wɔ hyia adan mu saa bere no mu. Ɛbɛyɛ sɛ asafo foforo yi hui ampa sɛ wɔde ‘adehye mmara no’ retra ase!
15. Mmɔden bɛn na Satan bɔe mfiase sɛ ɔde ɔporɔw bɛba Kristofo asafo no mu?
15 Nanso, na Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔporɔw aba Kristofo asafo no mu sɛnea na wama ɔporɔw aba Isreal man mu no. Ɔsomafo Paulo de nnipa a wɔte sɛ mpataku a “wɔbɛka nkontomposɛm” na wɔahyɛ Onyankopɔn nguankuw so ho kɔkɔbɔ mae. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ná ɛsɛ sɛ ogyina Yudasom mufo a wɔhwehwɛe sɛ wɔde ahofadi a na ɛwɔ Kristo mmara ase no bɛsesa Mose Mmara a enyaa mmamu wɔ Kristo mu no mu nkoayɛ ano. (Mateo 5:17; Asomafo no Nnwuma 15:1; Romafo 10:4) Bere a asomafo no mu nea otwa to wui akyi no, na biribiara nsiw ɔwae a ɛte saa kwan bio. Enti ɔporɔw bebuu so.—2 Tesalonikafo 2:6, 7.
Kristoman Gu Kristo Mmara no Ho Fĩ
16, 17. (a) Ɔporɔw ahorow bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Kristoman mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Katolek Asɔre no mmara ahorow de nna ho adwene a akyinkyim bae?
16 Sɛnea na ɛte wɔ Yudasom mu no, ɔporɔw kɔɔ so wɔ akwan pii so wɔ Kristoman mu. Atoro nkyerɛkyerɛ ne ɔbrasɛe nyaa ɛno nso so tumi. Na mpɛn pii no, mmɔden a ɛbɔe sɛ ɛbɛbɔ ne nguankuw ho ban afi nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nkɛntɛnso ho no sɛee ɔsom kronn ho anidaso a aka biara. Mmara katee a ennyina Kyerɛwnsɛm so bebuu so.
17 Katolek Asɔre no adi akoten wɔ asɔre mmara bebree a wɔayeyɛ mu. Saa mmara horow yi kyinkyim nna ho nsɛm titiriw. Sɛnea Sexuality and Catholicism nhoma no kyerɛ no, asɔre no gyee Stoafo Hela nyansapɛ a na ɛwɔ anigyede nyinaa ho adwene a ɛnteɛ no toom. Asɔre no fii ase kyerɛkyerɛe sɛ nna mu anigye nyinaa, a awarefo ntam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so de mpo ka ho, yɛ bɔne. (Hwɛ sɛnea ɛbɔ Mmebusɛm 5:18, 19 abira.) Wɔkyerɛe sɛ nna wɔ hɔ ma awo nkutoo, na ɛnyɛ biribi foforo biara. Enti asɔre mmara kasa tiaa biribiara a wɔde siw awo ano sɛ ɛyɛ bɔne a anibere wom kɛse, a ɛtɔ mmere bi a ɛhwehwɛ bɔneka mfe pii. Afei nso, wɔbaraa asɔfokuw no sɛ wɔnnware, ahyɛde a akɔfa nna a ɛmfata pii aba, a mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ka ho.—1 Timoteo 4:1-3.
18. Dɛn na efi asɔre mmara dodow a wɔyeyɛe no mu bae?
18 Bere a asɔre mmara dɔɔso no, wɔyeyɛɛ no nhoma ahorow. Eyinom fii ase bunkam Bible no so na ɛbɛsen no. (Fa toto Mateo 15:3, 9) ho.) Te sɛ Yudasom no, Katoleksom annye wiase nhoma ahorow anni, na wobuu emu fã kɛse no ara sɛ ɛyɛ nea asiane wom. Ankyɛ na saa adwene yi kɔɔ akyiri ma ɛtraa kɔkɔbɔ a nyansa wom a Bible de mae wɔ asɛm no ho no. (Ɔsɛnkafo 12:12; Kolosefo 2:8) Jerome, afeha a ɛto so anan Y.B. mu asɔre sɛnkyerɛwfo, kae sɛ: “O Awurade, sɛ mesan fa wiase nhoma bio anaa mekenkan no da bi a, na mapa wo.” Bere kɔɔ so no, asɔre no de yɛɛ n’adwuma hwehwɛɛ nhoma ahorow mu—nea na ɛfa wiase nsɛm ho mpo. Enti wɔkasa tiaa afeha a ɛto so 17 mu nsoromma mu hwɛfo Galileo sɛ ɔkyerɛw sɛ asase no di kyinhyia wɔ owia ho no. Awiei koraa no, na kyerɛ a asɔre no kyerɛ sɛ Bible na ɛsɛ sɛ wɔde si biribiara ho gyinae—a nsoromma ho nimdeɛ ho nsɛmmisa mpo ka ho—no bɛma gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ Bible mu no akɔ fam.
19. Ɔkwan bɛn so na nkokorafi ahorow no de nhyɛso katee bae?
19 Asɔre no mmarahyɛ no nyaa nkɔso wɔ nkokorafi ahorow mu, baabi a nkokorafo twee wɔn ho fii wiase yi mu kɔtrae de nneɛma kamee wɔn ho no. Katolek nkokorafi dodow no ara bataa “St. Benedict Ahyɛde” no ho. Abbot (asɛmfua a wonya fii Aram kasa a wɔkyerɛ ase “agya” mu) no dii tumi a anohyeto nnim. (Fa toto Mateo 23:9 ho.) Sɛ ɔkokorani bi nya akyɛde fi n’awofo hɔ a, abbot no na ɔbɛkyerɛ sɛ saa ɔkokorani no anaa ɔfoforo na ɛsɛ sɛ ogye. Kasafĩ a ɛkasa tiae akyi no, ahyɛde biako baraa nsɛmwa ne nsɛnkwaa nyinaa, kae sɛ: “Osuani biara ntumi nkeka nsɛm a ɛtete saa.”
20. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Protestantsom nso bɛhyɛɛ nhyɛso a ennyina Kyerɛwnsɛm so ho nkuran?
20 Ankyɛ na Protestantsom a ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛsesɛw nneɛma a ɛtra so a ennyina Kyerɛwnsɛm so wɔ Katoleksom mu no nso bɛbɔɔ mmɔden saa ara wɔ mmara katee a na enni nnyinaso biara wɔ Kristo mmara mu a ɛyeyɛe mu. Sɛ́ nhwɛso no, wɔbɛfrɛɛ ɔsesɛwfo titiriw John Calvin “Asɔre foforo no mmarahyɛfo.” Ɔde ahyɛde a emu yɛ den a “Mpanyimfo” a, sɛnea Calvin kae no, na wɔn “dibea” ne “sɛ wobedi obiara asetra so tumi” no hwɛ ma wɔde yɛɛ adwuma, na edii Geneva so. (Hwɛ sɛnea ɛbɔ 2 Korintofo 1:24 abira.) Asɔre no dii ahɔhodan ahorow so tumi, na ɛkyerɛɛ nsɛm a hokwan wɔ hɔ sɛ wɔbɔ ho nkɔmmɔ. Ná wɔde asotwe a emu yɛ den ma wɔ mmaratode te sɛ nnwom ne asaw a wɔde goru ho.b
Kristoman Mfomso Ahorow a Yebesua Biribi Afi Mu
21. Nkɛntɛnso bɛn na Kristoman su a ɛne sɛ ‘wodwen tra nea wɔakyerɛw so’ no anya?
21 So ahyɛde ne mmara yi nyinaa aboa abɔ Kristoman ho ban wɔ ɔporɔw ho? Nea ɛne no bɔ abira na aba! Ɛnnɛ Kristoman mu akyekyɛ ayɛ fekuw ɔhaha pii, a emu bi yɛ katee mmoroso na afoforo nso ma biribiara ho kwan ankasa. Ɔkwan bi so no, wɔn nyinaa ‘adwene atra nea wɔakyerɛw so,’ na wɔama nnipa nsusuwii adi nguankuw no so, na asiw ɔsoro mmara kwan.—1 Korintofo 4:6.
22. Dɛn nti na wae a Kristoman awae no nkyerɛ Kristo mmara no awiei?
22 Nanso, Kristo mmara ho abakɔsɛm no nkyerɛ sɛ ɛda asiane mu. Yehowa Nyankopɔn remma kwan da sɛ nnipa kɛkɛ nyi ɔsoro mmara mfi hɔ. Wɔde Kristofo mmara reyɛ adwuma denneennen nnɛ wɔ nokware Kristofo mu, na saafo yi nya hokwan kɛse sɛ wɔde tra ase. Nanso bere a yɛasusuw nea Yudasom ne Kristoman ayɛ wɔ ɔsoro mmara ho no ho awie no, ebia yebebisa wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na wɔde Kristo mmara no tra ase na wɔkwati afiri a ɛma wɔde nnipa nsusuwii ne ahyɛde a ɛsɛe adwene a ɛwɔ ɔsoro mmara akyi no gu Onyankopɔn Asɛm ho fĩ? Adwene a ɛkari pɛ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristo mmara no ma yenya nnɛ?’ Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm yi mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Farisifo titiriw na wɔmaa Yudasom a ɛwɔ hɔ seesei no bae, enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yudasom da so hwehwɛ emufi kwan wɔ mmara pii a ɛde akeka Homeda mmara no ho no mu. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ obi kɔsra Yudasom ayaresabea bi Homeda a, obehu sɛ afiri a wɔde foro abansoro no ankasa na egyina wɔ abansoro no biara so sɛnea ɛbɛyɛ a emufo no betumi akwati “adwuma” a ɛyɛ bɔne a ɛne sɛ wobemia nea wɔde gyina afiri no so no. Yudasom mu nnuruyɛfo binom de aduru a ɛbɛpopa ntɛm na ɛkyerɛw nnuru ma nkurɔfo. Dɛn ntia? Mishna no bu akyerɛw sɛ ɛyɛ “adwuma,” nanso ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ “akyerɛw” gyaw biribi a ɛtra hɔ kyɛ.
b Wɔhyew Servetus, a ogyee Calvin nyamekyerɛ adwenhorow no bi ho kyim no wɔ dua ho sɛ ɔyɛ asɔre mu tuatewfo.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn ne ade titiriw a ɛwɔ Kristo mmara no mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na na Yesu nkyerɛkyerɛ yɛ soronko wɔ Farisifo no de ho?
◻ Ɔkwan bɛn so na Satan nam mmarahyɛ su katee so de ɔporɔw baa Kristoman mu?
◻ Dɛn ne nneɛma pa bi a efi Kristo mmara no a wɔde tra ase mu ba?
[Kratafa 16 mfonini]
Yesu de Mose Mmara no dii dwuma wɔ ntease ne mmɔborohunu mu