BIBLE MU AKORADE | 1 KORINTOFO 10-13
Yehowa Yɛ Ɔnokwafo
Yehowa pɛ a, obetumi ayi sɔhwɛ a yehyia no afi hɔ. Nanso mpɛn pii no, ‘ɔma kwan bɛda’ sɔhwɛ no ho, kyerɛ sɛ ɔma yɛn nea yehia na yɛatumi agyina sɔhwɛ no ano.
Obetumi ama yɛanya yɛn haw no ho adwempa, wahyɛ yɛn nkuran, na wakyekye yɛn werɛ denam n’Asɛm no, ne honhom kronkron, ne honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no so.—Mt 24:45; Yoh 14:16, Ro 15:4
Obetumi afa ne honhom kronkron no so ama yɛn akwankyerɛ. Honhom kronkron no betumi aboa yɛn ama yɛakae Bible mu nsɛm ne nnyinasosɛm, na yɛahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so.—Yoh 14:26
Obetumi ama n’abɔfo aboa yɛn.—Heb 1:14
Obetumi afa yɛn nuanom Kristofo so aboa yɛn.—Kol 4:11