Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɛyɛ Onyankopɔn Adamfo?
“NOKWAREDI.” “Ahofama.” Eyinom ne nsɛmfua a nkurɔfo taa de ka wɔne wɔn nnamfo paa ntam ayɔnkofa ho asɛm. Wunim sɛ wobetumi de saa nsɛm yi aka abusuabɔ a ɛda wo ne amansan a ɛyɛ hu yi Bɔfo Kɛse no ntam ho asɛm—kyerɛ sɛ Onyankopɔn ankasa betumi ayɛ wo ankasa w’adamfo? Yiw, Bible ka onyamesom pa ahofama a obi benya ho asɛm, na saa asɛm no mfa osetie a obi bɛyɛ nkutoo ho, na mmom ɔne Onyankopɔn ntam ayɔnkofa ne abusuabɔ a efi anisɔ koma mu nso ho.
Saa ɔfã yi mu nsɛm bi a aba dedaw akyerɛ sɛ ayɔnkofa a ɛte saa betumi ayɛ yiye na ɛso wɔ mfaso nso.a Nanso ɔkwan bɛn so koraa na wubetumi ne Onyankopɔn anya saa adamfofa yi? Ɛnyɛ biribi a wɔde wo anaa wonya fi awofo a wosuro Nyankopɔn hɔ kɛkɛ. Mmom no, ɛyɛ biribi a ɛnam mmɔdenbɔ a edi mũ nkutoo so na ɛba. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ aberantewa Timoteo sɛ ‘ɔmfa onyamesom pa ahofama ntete ne ho.’ Yiw, na ɛsɛ sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden sɛnea ogumadifo bɔ ne ho mmɔden nya ntetee no! (1 Timoteo 4:7, 8, 10) Sɛ Onyankopɔn bɛyɛ w’adamfo a, ɛsɛ sɛ woyɛ saa ara. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi afi saa ntetee yi ase?
Onyankopɔn Ho Nimdeɛ a Obi Benya
Esiane sɛ onyamesom pa ahofama fi komam nti, ɛsɛ sɛ wode Onyankopɔn ho nimdeɛ hyɛ wo koma ma. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a wobisaa mmofra bɛboro 500 sɛ “Mpɛn ahe na wo nkutoo wokenkan Bible?” no, ɔha biara mu 87 na wɔkae sɛ “bere ne bere mu,” “mentaa nyɛ koraa,” anaa “menyɛ koraa.” Ɛda adi sɛ mmofra dodow no ara susuw sɛ Bible akenkan nyɛ anika, na ɛyɛ anihaw. Nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa! Susuw ho hwɛ: Dɛn nti na mmofra binom tumi kaakae agumadi ho nsɛm pii anaa wosua nnwom a wɔpɛ mu nsɛm? Efisɛ wɔn ani gye saa nneɛma no ho. Saa ara na sɛ Bible adesua gye w’adwene a, ɛbɛyɛ anigye. (1 Timoteo 4:15) Ɔsomafo Petro kamfo kyerɛe sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron.” (1 Petro 2:2) Yiw, ɛsɛ sɛ wunya anaa wusua sɛ wubenya Kyerɛwnsɛm no ho anigye a ɛte saa. Ebia eyi begye mmɔdenbɔ, nanso akatua a ɛwɔ so no ma ɛfata.b
Ade biako ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma ahorow a wobɛkenkan na woasua no bɛda “Awurade [Yehowa, NW] animtew” adi. (Dwom 27:4) Kristoni kumaa bi a wɔfrɛ no Amber de yɛɛ ne botae sɛ ɔbɛkenkan Bible mũ no nyinaa. Eyi gyee no bɛyɛ afe biako. Amber kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Minnye nni sɛ nneɛma pii wɔ m’asetra mu a egye me bere ne mmɔdenbɔ kɛse nanso ɛde akatua pii ba saa. Sɛ mekenkan a, na mete nka te sɛ nea Yehowa de me asi ne srɛ so te sɛ agya, na ɔrekyerɛkyerɛ me. Misuaa Yehowa ho ade pii—nneɛma a ɛmaa mebɛn no, na ɛma minyaa ɔpɛ sɛ mesuro no me nkwa nna nyinaa.”
Sɛ wokenkan Bible no a, wuhu mmere pii a Onyankopɔn fi nokwaredi mu boaa ne nnamfo. (Dwom 18:25; 27:10) Wuhu sɛ ne gyinapɛn ahorow no ye kyɛn so bere nyinaa, na eye ma yɛn daa yiyedi. (Yesaia 48:17) Onyankopɔn su horow a biribiara ne no nsɛ te sɛ ne dɔ ne ne nyansa no ho nsɛm a wokenkan no kanyan wo ma wunya ɔpɛ sɛ wubesuasua no. (Efesofo 5:1) Nanso sɛ nsɛm a ɛte saa bɛka wo koma a, ɛsɛ sɛ wudwennwen ho nso. Bere a wokenkan no, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na eyi kyerɛ me wɔ Yehowa ho? Ɔkwan bɛn so na metumi de eyi adi dwuma wɔ me nsusuwii ne me nneyɛe mu? Ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ne adamfo a ɔsen biara a metumi anya?’
Onyankopɔn ho nimdeɛ a wonam kokoam ne asafo adesua so benya no bɛboa wo ma woabɛn no wɔ ɔkwan foforo so. Fransefo bu bɛ bi sɛ: “Wɔn a wɔn adwene hyia nkutoo na wotumi yɛ nokware nnamfo.” Nanso wobɛyɛ dɛn atumi ne Onyankopɔn ‘adwene ahyia?’ Abofra Denise kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Dodow a wusua biribi ho ade na woyɛ mu nhwehwɛmu no, dodow no ara na wuhu Yehowa adwene wɔ ho. Mfaso wɔ so sɛ wubehu sɛnea ɔte nka wɔ biribi ho.”
Abrabɔ a Ɛteɛ Ho Hia
Wɔn a wɔkyerɛ obu ma Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow nkutoo na ɔpaw wɔn yɛ ne nnamfo. Mmebusɛm 3:32 ka sɛ: “Tẽefo na ɔne wɔn di atirimsɛm.” Abofra a ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ no ‘bɛhwɛ adi Yehowa mmara so.’ (2 Ahene 10:31) Osetie su a ɛte saa no bɛma obi abɛn Onyankopɔn dɛn? Yesu Kristo kae sɛ: “M’agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn trabere ne nkyɛn.” (Yohane 14:21-24) Mfatoho a abotɔyam wom bɛn ara ni! Susuw ho hwɛ, nnipa baanu a wɔkorɔn sen biara wɔ amansan no mu a bere nyinaa wosusuw onipa bi ho, na wɔboa no! Sɛ wohwɛ di Yehowa mmara so a, ɛno na wubenya.
Nea ɛteɛ a wobɛyɛ no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ pɛ anaa? Ɛnte saa koraa! Mfomso a wubedi esiane mmerɛwyɛ nti no nkyerɛ sɛ woaman afi ‘Onyankopɔn mmara nsɛm kwan so.’ (Dwom 119:35) Susuw nea Bible kyerɛ yɛn wɔ Ɔhene Dawid ho no ho. Ɛmfa ho sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn yɔnko nokwafo no, odii mfomso ahorow a anibere wom bi esiane mmerɛwyɛ nti. Ne nyinaa akyi mpo no, Yehowa kae sɛ ɔnantew “koma mu pɛyɛ ne tẽe mu.” (1 Ahene 9:4) Ná Ɔhene Dawid fi komam nu ne ho wɔ bɔne biara a wayɛ ho bere nyinaa, na ɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani.—Dwom 51:1-4.
Ɛwom sɛ na Dawid dɔ Onyankopɔn de, nanso na onim sɛnea ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɛno nti na ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ma mennantew wo nokware mu.” Yiw, onyaa osuro a edi mũ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremfom Onyankopɔn. Enti Dawid tumi kae sɛ: “Awurade [Yehowa, NW] yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wosuro no.” (Dwom 25:5, 14) Eyi nyɛ ehu a ɛma obi bɔ birim, na mmom ɛyɛ nidi a emu dɔ a obi nya ma Ɔbɔadeɛ no ne osuro a edi mũ a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnsɔ N’ani. Saa Nyankopɔn suro yi so na abrabɔ pa gyina. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a, susuw Kristoni kumaa bi a wɔfrɛ no Joshua nhwɛso ho.
Joshua nsa kaa krataa fii abeawa bi a ɔne no kɔ sukuu hɔ sɛ ɔpɛ n’asɛm, na ɔpɛ sɛ ɔne no nya “ayɔnkofa.” Nanso ɛmfa ho sɛ na Joshua ani gye ne ho no, ohui sɛ adamfofa a ɔne obi a onnye nni benya no betumi akowie ɔbrasɛe mu na ebetumi asɛe ɔne Yehowa ntam adamfofa. Enti ɔkaa no pen kyerɛɛ abeawa no sɛ n’ani nnye ho! Bere a akyiri yi ɔkaa sɛnea odii tebea no ho dwuma kyerɛɛ ne maame no, ɔkae a wansusuw ho sɛ: “O Joshua, ebetumi aba sɛ woahaw no!” Joshua buae sɛ: “Nanso Maame. Mɛpɛ sɛ mɛhaw ɔno mmom sen sɛ mɛhaw Yehowa.” Onyankopɔn suro, osuro a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ biribi a N’adamfo a ɔwɔ soro no mpɛ, kaa no ma okuraa abrabɔ a ɛteɛ mu.
Hwehwɛ Nnamfo Pa
Nanso, abofra bi a wɔfrɛ no Lynn kɔɔ so hyiaa ɔhaw. Ɛbaa no dɛn? Wamfa ne ho ammɔ nnamfo pa. (Exodus 23:2; 1 Korintofo 15:33) Dɛn ne ano aduru? Nnamfo foforo hwehwɛ! Lynn kae sɛ: “Sɛ nnamfo a wo ne wɔn bɔ no dɔ Yehowa a, ɛboa wo ma w’ahonim yɛ nnam, na ɛma wokwati ɔhaw. Sɛ wokyi nnebɔne a, ɛma wote nka saa ara.”
Nokwarem no, nnamfo bɔne a wobɛpaw no betumi ayɛ akwanside a ɛsen biara wɔ adamfofa a wo ne Onyankopɔn benya no mu. Ann a wadi mfe dunwɔtwe no gye toom sɛ: “W’ayɔnkofo nya wo so nkɛntɛnso kɛse. Bere bi akyi no, wobɛba abɛyɛ sɛ wɔn. Wɔhyɛ wo ma wubenya wɔn nsusuwii no bi. Nkɔmmɔ no begyina ɔbarima ne ɔbea nna so titiriw. Ebetumi ama woayɛ asɛmpɛ. Wubetumi adwennwen sɛnea ebia ɛte ho.” Ann nam osuahu a ɛyɛ yaw so huu eyi. Ɔka sɛ: “Minim sɛ eyi yɛ nokware. Mede me ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu, na minyinsɛnee bere a na madi mfe 15.”
Awiei koraa no, Ann behui sɛ Bible nsɛm yi yɛ nokware sɛ: “Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Yiw, Ann nyaa ɔpɛ—osii ne bo—sɛ ɔbɛyɛ wiase no adamfo. Nanso eyi kowiee ɔhaw pii mu. Anigyesɛm ne sɛ, Ann ani baa ne ho so. Onyaa ahonu kɛse wɔ ɔkwan a ɔfaa so no ho, na ɔhwehwɛɛ mmoa fii n’awofo ne n’asafo mu mpanyimfo hɔ. Afei nso ɔhwehwɛɛ nnamfo foforo. (Dwom 111:1) Ann nam mmɔden kɛse a ɔbɔe so ne Onyankopɔn bɛyɛɛ adamfo bio. Mfe pii akyi no, ɔka afei sɛ: “Me ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu ayɛ den kɛse.”
Ɛdenam kokoam Bible adesua, nsɛm a wubedwennwen ho, abrabɔ a ɛteɛ, ne fekubɔ pa so no, wo nso wubetumi ne Onyankopɔn anya adamfofa a emu yɛ den. Nanso, saa adamfofa no a wubekura mu no nso yɛ asɛm foforo. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa ɛmfa ho nsɛnnennen a wuhyia ne wo ankasa wo mmerɛwyɛ ahorow no? Saa ɔfã yi mu asɛm bi a ɛbɛba akyiri yi bɛhwehwɛ saa asɛm yi mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ July 22 (Engiresi) ne December 8, 1995 Nyan! no.
b Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Mekenkan Bible?” wɔ yɛn December 8, 1985, de no mu.
[Kratafa 23 mfonini]
So me nnamfo bɛboa me ma mayɛ Onyankopɔn adamfo?