Worebu Bra Pa?
“Sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.”—FILIPIFO 4:8.
1. Dɛn ne nnebɔne, na dɛn nti na enguu Yehowa som ho fĩ?
NNEBƆNE yɛ nneyɛe a ɛyɛ aniwu anaa afide. Abu so wɔ wiase a yɛte mu yi nyinaa mu. (Efesofo 2:1-3) Nanso, Yehowa Nyankopɔn renhwɛ mma ne som a ɛho tew ho ngu fĩ. Kristofo nhoma horow, asafo nhyiam, ɔmansin ne amantam nhyiam horow de abrabɔ a ɛnteɛ ho kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de ma yɛn. Yenya mmoa a edi mũ fi Kyerɛwnsɛm mu na ama ‘yɛabata nea ɛteɛ’ wɔ Onyankopɔn ani so ho. (Romafo 12:9) Enti sɛ́ ahyehyɛde no, Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wɔn ho bɛtew na wɔabu bra pa. Na yɛn sɛ ankorankoro nso ɛ? Worebu bra pa ankasa?
2. Dɛn ne ɔbra pa, na dɛn nti na egye mmɔdenbɔ na yɛakɔ so abu bra pa?
2 Ɔbra pa yɛ abrabɔ a ɛkyɛn so, papayɛ, adeyɛ ne nsusuwii a ɛfata. Ɛnyɛ su bi a obi te nka wɔ ne mu kɛkɛ, na mmom ɛyɛ nea woyi no adi, a mfaso wɔ so. Ɔbra pa hwehwɛ pii sen bɔne a wɔbɛkwati; ɛkyerɛ nea ɛteɛ a wɔbɛyɛ. (1 Timoteo 6:11) Ɔsomafo Petro tuu ne mfɛfo Kristofo fo sɛ: “Momfa ɔbra pa nka mo gyidi ho.” Ɔkwan bɛn so? Denam ‘anisɔ a yɛbɛkyerɛ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛsom bo ho na yɛde mmɔdenbɔ nyinaa aka ho no so.’ (2 Petro 1:5, NW) Esiane yɛn bɔne su nti, egye mmɔdenbɔ paa na yɛatumi akɔ so abu bra pa. Nanso, ankorankoro a na wosuro Onyankopɔn wɔ tete mmere mu atumi ayɛ saa wɔ akwanside a emu yɛ den mpo mu.
Obuu Bra Pa
3. Atirimɔdenne bɛn na Ɔhene Ahas yɛe?
3 Kyerɛwnsɛm no kura nsɛm pii a ɛfa wɔn a wobuu bra pa ho. Sɛ nhwɛso no, susuw onipa pa Hesekia ho. Ɛda adi sɛ na ne papa Ɔhene Ahas a ofi Yuda no som Molek. “Ahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu, na odii hene mfirihyia dunsia Yerusalem. Na wanyɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn ani so sɛ n’agya Dawid. Na ɔfaa Israel ahene kwan so, na ne ba po ɔma ɔfaa ogya mu, sɛ amanaman a [Yehowa, NW] tuu wɔn fii Israelfo anim no akyide te no. Na ɔbobɔɔ afɔre na ɔhyew nnuhuam sorɔnsorɔmmea ne nkoko so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase.” (2 Ahene 16:2-4) Ebinom kyerɛ sɛ ‘ogya mu a wɔfae’ no gyina hɔ ma ahodwira amanne bi, na ɛnyɛ nnipa a na wɔde wɔn bɔ afɔre. Nanso, Molech—A God of Human Sacrifice in the Old Testament nhoma a John Day kyerɛwee no ka sɛ: “Adanse wɔ tete Helafo ne Punifo [Carthagefo] nhoma ahorow ne tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu mu a ɛkyerɛ sɛ na wɔde nnipa bɔ afɔre . . . wɔ Kanaanfo bere so, ma enti ɛho nhia sɛ obi gye [afɔre a wɔde nnipa bɔe] a Apam Dedaw no ka ho asɛm no ho kyim.” Bio nso, 2 Beresosɛm 28:3 ka no pen sɛ Ahas “[hyew] ne mma ogya mu.” (Fa toto Deuteronomium 12:31; Dwom 106:37, 38 ho.) Atirimɔdenne bɛn ni!
4. Hesekia yɛɛ n’ade dɛn wɔ tebea a nnebɔne ahyɛ no ma mu?
4 Hesekia yɛɛ n’ade dɛn wɔ saa tebea a na nnebɔne ahyɛ no ma yi mu? Dwom a ɛto so 119 no ho hia wɔ asɛm no mu, efisɛ ebinom gye di sɛ Hesekia na ɔkyerɛwee, na ɔyɛɛ saa bere a na ɔda so yɛ ɔheneba. (Dwom 119:46, 99, 100) Enti nsɛm a edi so yi betumi ama yɛahu nsɛm tebea a na ɔwom no: “Aman mpanyin nso tra ase keka me ho nsɛm a, w’akoa bedwen w’ahyɛde ho. Awerɛhow ama me kra anan.” (Dwom 119:23, 28) Esiane sɛ na wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ atoro som mu na wɔatwa Hesekia ho ahyia nti, ɛbɛyɛ sɛ na ahemfie hɔfo no di ne ho fɛw araa ma nna ho yɛ den ma no. Nanso, obuu bra pa, ɔbɛyɛɛ ɔhene akyiri yi, na “ɔyɛɛ nea ɛteɛ [Yehowa, NW] ani so . . . [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn so na ɔde ne ho toe.”—2 Ahene 18:1-5.
Wɔkɔɔ so Buu Bra Pa
5. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Daniel ne ne mfɛfo baasa no hyiae?
5 Nnipa a wɔn nso yɛɛ nhwɛso pa wɔ ɔbra pa mu ne Daniel ne ne mfɛfo Hebrifo baasa a na wɔfrɛ wɔn Hanania, Misael, ne Asaria no. Wɔfaa wɔn fii wɔn kurom ɔhyɛ so de wɔn kɔɔ Babilon tukɔ mu. Wɔmaa mmerante baanan no Babilon din—Beltesasar, Sadrak, Mesak, ne Abed-Nego. Wɔmaa wɔn “ahennuan,” a na nnuan a Onyankopɔn Mmara mma ho kwan ka ho. Afei nso, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔde mfe abiɛsa suaa “Kaldeafo nhoma ne kasa.” Eyi nkyerɛ sɛ kasa foforo bi kɛkɛ na wosuae, efisɛ ebetumi aba sɛ wɔ ha yi no, wɔde asɛm “Kaldeafo” no gyina hɔ ma wɔn mu animdefo no. Enti, wɔmaa saa Hebrifo mmerante yi nyaa Babilonfo nkyerɛkyerɛ a akyea.—Daniel 1:1-7.
6. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Daniel buu bra pa?
6 Ɛmfa ho sɛ Daniel ne ne mfɛfo baasa no hyiaa nhyɛso a emu yɛ den a anka ɛbɛma wɔayɛ nea afoforo hwehwɛ no, wɔpaw ɔbra pa gyaw nnebɔne. Daniel 1:21 ka sɛ: “Daniel traa hɔ koduu ɔhene Kores afe a edi kan so.” Yiw, Daniel kɔɔ so “traa hɔ” bɛboro mfe 80 sɛ Yehowa somfo pa—huu ahene a wɔwɔ tumi pii sɔre ne wɔn asehwe. Ɔkɔɔ so dii Onyankopɔn nokware a aban mpanyimfo a wɔn bra asɛe no akwammɔne ne wɔn pɔ bɔne, ɛne nna mu ɔbrasɛe a na abu so wɔ Babilon som mu no mfa ho. Daniel kɔɔ so buu bra pa.
7. Dɛn na yebetumi asua afi Daniel ne ne mfɛfo baasa no asetra kwan mu?
7 Yebetumi asua pii afi Daniel ne ne mfɛfo a na wɔwɔ Nyankopɔn suro no hɔ. Wobuu bra pa, na wɔanyɛ wɔn ade sɛ Babilonfo. Ɛwom sɛ wɔmomaa wɔn Babilon din de, nanso nim a na wonim wɔn sɛ Yehowa asomfo no anyera da. Hwɛ, bɛyɛ mfe 70 akyi no, Babilon hene no de Daniel Hebri din no frɛɛ no! (Daniel 5:13) Wɔ Daniel nkwa nna tenten no nyinaa mu no, wannyae ne ho mu wɔ nsɛm nketenkete mpo mu. Sɛ́ aberantewa no, “[ɔbɔɔ] ne tirim sɛ ɔremfa ɔhene nnuan . . . ngu ne ho fĩ.” (Daniel 1:8) Akyinnye biara nni ho sɛ gyinae pintinn a Daniel ne ne mfɛfo baasa no sii yi hyɛɛ wɔn den ma wotumi gyinaa owu ne nkwa ho sɔhwɛ a akyiri yi wohyiae no ano.—Daniel, atiri 3 ne 6.
Ɔbra Pa a Wobu Nnɛ
8. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mmofra betumi akwati sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ Satan wiase no?
8 Te sɛ Daniel ne ne mfɛfo baasa no, Onyankopɔn nkurɔfo kwati sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ Satan wiase bɔne no. (1 Yohane 5:19) Sɛ woyɛ Kristoni abofra a, ebia w’atipɛnfo rehyɛ wo denneennen ma woasuasua wɔn ntadehyɛ, ahosiesie, ne nnwom a ɛtra so no. Nanso sɛ́ anka wubedi afɛfɛde anaa nea aba so foforo biara akyi no, gyina pintinn, na ‘nyɛ wo ho sɛ wiase yi.’ (Romafo 12:2) “Sɛ yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntra.” (Tito 2:11, 12) Ɛnyɛ w’atipɛnfo anim dom ne ade a ɛho hia titiriw, na mmom Yehowa de.—Mmebusɛm 12:2.
9. Nhyɛso bɛn na Kristofo aguadifo betumi ahyia, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade dɛn?
9 Kristofo mpanyimfo nso hyia nhyɛso horow, na ɛsɛ sɛ wobu bra pa. Ebia Kristofo aguadifo behyia sɔhwɛ a ebetumi ama wɔafa akwammɔne so anaa wɔabu wɔn ani agu aban ahyɛde ne towtua ho mmara horow so. Nanso, ɛmfa ho sɛnea wɔn a wɔne yɛn si akan wɔ aguadi mu anaa mfɛfo adwumayɛfo yɛ wɔn ade no, “yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:18, NW) Kyerɛwnsɛm no hwehwɛ sɛ yedi nokware, a yensisi yɛn adwumawuranom, adwumayɛfo, adetɔfo, ne wiase atumfoɔ. (Deuteronomium 25:13-16; Mateo 5:37; Romafo 13:1; 1 Timoteo 5:18; Tito 2:9, 10) Afei nso momma yɛmmɔ mmɔden nyɛ yɛn ade wɔano wɔano wɔ yɛn adwumayɛ mu. Sɛ yɛma yɛn kyerɛwtohɔ ahorow di mũ na yɛyɛ nhyehyɛe nyinaa ho nkrataa a, yebetumi akwati ntawntawdi bere nyinaa.
Hwɛ Wo Ho So Yiye!
10. Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yɛhwɛ yɛn ho so yiye’ wɔ nnwom a yɛpaw ho?
10 Dwom 119:9 si ɔbra pa a yebebu wɔ Onyankopɔn ani so ho biribi foforo so dua. Odwontofo no too dwom sɛ: “Ɛdɛn na aberante de bɛtew ne kwan ho? Ɛne sɛ ɔhwɛ ne ho so sɛnea wo nsɛm se.” Nneɛma a ano yɛ nnam paa a Satan de di dwuma no biako ne nnwom, a etumi kanyan nkate. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo binom ‘nhwɛ wɔn ho so yiye’ wɔ nnwom ho, na ɛtwetwe wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ nea ɛtra so te sɛ rap ne rock nnwom a ano yɛ den boro so mu. Ebia ebinom beyi wɔn ho ano sɛ nnwom a ɛte saa no mpira wɔn anaasɛ wɔmfa wɔn adwene nkɔ emu nsɛm no so. Afoforo nso ka sɛ nea wɔn ani gye ho ara ne nnyigyei a ano yɛ den anaa sanku a egyigye kɛse no. Nanso, wɔ Kristofo fam no, ɛnyɛ anigye a biribi yɛ no ne asɛm no. Nea ehia wɔn ne sɛ dekode no yɛ nea “ɛsɔ Awurade ani.” (Efesofo 5:10, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Rock nnwom a ano yɛ den boro so ne rap nnwom dodow no ara kamfo nnebɔne te sɛ kasafĩ, aguamammɔ, ne Abonsamsɛm mpo—nneɛma a enni gyinabea biara wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu koraa.a (Efesofo 5:3) Sɛ́ abofra anaa ɔpanyin no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara besusuw asɛmmisa yi ho, Menam nnwom a mepaw so kyerɛ sɛ merebu bra pa anaa bra bɔne?
11. Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi ahwɛ ne ho so yiye wɔ television so dwumadi, video, ne sini ahorow ho?
11 Television so dwumadi, video, ne sini pii kamfo nnebɔne. Sɛnea adwene ayaresa ho ɔbenfo bi a wagye din kyerɛ no, ‘anigyede som, ɔbarima ne ɔbea nna, basabasayɛ, adefudepɛ, ne pɛsɛmenkominya’ di akoten wɔ sini a wɔyɛ no nnɛ no fã kɛse no ara mu. Ne saa nti, yɛn ho so a yɛbɛhwɛ no yiye no hwehwɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nea yɛpaw sɛ yɛbɛhwɛ mu. Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “Ma m’ani ntwa adehunu hwɛ ho.” (Dwom 119:37) Kristoni abofra bi a wɔfrɛ no Joseph de saa nnyinasosɛm yi dii dwuma. Bere a wofii ase yii nna ho ade pefee ne basabasayɛ wɔ sini bi a na ɔrehwɛ mu no, ofii agohwɛbea hɔ. N’ani wui sɛ ɔyɛɛ saa anaa? Joseph ka sɛ: “Dabi, ɛnte saa koraa. Midii kan susuw Yehowa ho, ne sɛnea mɛsɔ n’ani.”
Dwuma a Adesua ne Nsɛm Ho a Wodwennwen Di
12. Dɛn nti na kokoam adesua ne nsɛm ho dwennwen ho hia na yɛatumi abu bra pa?
12 Ɛnnɔɔso sɛ yɛbɛkwati nnebɔne. Nea ɔbra pa a yɛbɛbɔ hwehwɛ nso ne sɛ yebesua adwennwen nneɛma pa a wɔakyerɛw wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho na yɛatumi de emu nnyinasosɛm a ɛteɛ no adi dwuma wɔ asetra mu. Odwontofo no paee mu kae sɛ: “Medɔ wo mmara dɛn ara! Ɛne m’adwene daa adesae.” (Dwom 119:97) So Bible ne Kristofo nhoma ahorow a wosua no kokoam no ka wo dapɛn dapɛn nhyehyɛe ho? Ampa, ebetumi ayɛ den sɛ wubenya bere ama Onyankopɔn Asɛm a wosua no anibere so ne mpaebɔ a wɔde susuw ho no. Nanso mpɛn pii no, wubetumi atɔ bere afi nneɛma foforo mu. (Efesofo 5:15, 16) Anɔpa paa betumi ayɛ bere pa a wode bɛbɔ mpae, asua ade, na woadwennwen ho.—Fa toto Dwom 119:147 ho.
13, 14. (a) Dɛn nti na nsɛm ho a yebedwennwen no ho hia? (b) Kyerɛw nsɛm bɛn na sɛ yedwennwen ho a, ebetumi aboa yɛn ma yɛakyi nna mu ɔbrasɛe?
13 Nsɛm ho a yebedwennwen no ho hia, efisɛ ɛboa yɛn ma nea yɛasua no ka yɛn tirim. Nea ɛho hia sen saa no, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwempa. Sɛ yɛbɛyɛ ho mfatoho a: Ɛsono sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn kyi aguamammɔ, ɛna ɛyɛ asɛm foforo koraa sɛ ‘yebekyi bɔne na yɛabata papa ho.’ (Romafo 12:9) Yebetumi ate nka sɛnea Yehowa te nka wɔ nna mu ɔbrasɛe ho no ankasa bere a yedwennwen Bible kyerɛwsɛm atitiriw te sɛ Kolosefo 3:5 a ɛhyɛ yɛn nkuran sɛnea edi so yi ho no: “Enti munkum mo akwaa a ɛwɔ asase so no: aguamammɔ, afideyɛ, akɔnnɔ nhyɛso, akɔnnɔ bɔne ne anibere a ɛyɛ abosonsom.” Bisa wo ho sɛ: ‘Akɔnnɔ nhyɛso bɛn na ɛsɛ sɛ mikum? Dɛn na ebetumi akanyan akɔnnɔ bɔne a ɛsɛ sɛ mekwati? So nsakrae bi ho hia wɔ sɛnea me ne nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu di mu?’—Fa toto 1 Timoteo 5:1, 2 ho.
14 Paulo hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wonnya ahosodi, na ‘obiara antra ankosisi ne nua asɛm bi mu.’ (1 Tesalonikafo 4:3-7) Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na aguamammɔ betumi apira? Sɛ meyɛ saa bɔne no a, ɔhaw bɛn na ɛde bɛbrɛ me anaa onipa foforo? Ɛbɛka me dɛn wɔ honhom, nkate, ne honam fam? Na nnipa a wɔwɔ asafo no mu a wɔato Onyankopɔn mmara a wɔannu wɔn ho nso ɛ? Dɛn na ato wɔn?’ Nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ abrabɔ a ɛte saa ho a yebetie no betumi ama ɔtan a yɛwɔ ma nea ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn ani so no ayɛ kɛse. (Exodus 20:14; 1 Korintofo 5:11-13; 6:9, 10; Galatifo 5:19-21; Adiyisɛm 21:8) Paulo ka sɛ oguamanfo “ntew onipa bi ahi, na mmom Onyankopɔn.” (1 Tesalonikafo 4:8) Nokware Kristoni bɛn na obebu n’ani agu ne soro Agya so?
Ɔbra Pa ne Fekubɔ
15. Dwuma bɛn na fekubɔ di wɔ bra pa a yebebu mu?
15 Ade foforo a ɛboa ma obi bu bra pa ne fekupa. Odwontofo no too dwom sɛ: “Meyɛ wɔn a wosuro wo [Yehowa] nyinaa adamfo ɛne wɔn a wodi wo nsiesiei so.” (Dwom 119:63) Yehia fekupa a yenya wɔ Kristofo nhyiam horow ase no. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yɛtew yɛn ho a, ebetumi ama yɛanya pɛsɛmenkominya nsusuwii, ma nnebɔne anya yɛn so tumi ntɛm. (Mmebusɛm 18:1) Nanso, Kristofo fekubɔ a ɛyɛ anigye betumi ama yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛkɔ so abu bra pa no mu ayɛ den. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ fekubɔne nso ho. Yebetumi ne afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo ne mfɛfo sukuufo adi wɔ ɔkwampa so. Nanso sɛ yɛrenantew nyansam ankasa a, yɛbɛhwɛ sɛ yɛremmɛn wɔn a wommu bra pa sɛ Kristofo no pii.—Fa toto Kolosefo 4:5 ho.
16. Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 15:33 a yɛde bedi dwuma no bɛboa yɛn ma yɛabu bra pa nnɛ?
16 Paulo kyerɛwee sɛ: “[Fekubɔne, NW] sɛe ɔbra pa.” Bere a ɔkaa saa asɛm yi no, na ɔrebɔ gyidifo kɔkɔ sɛ sɛ wɔne wɔn a na wose wɔyɛ Kristofo a wɔpoo Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛ a ɛfa owusɔre ho no bɔ a, wobetumi ahwere wɔn gyidi. Nnyinasosɛm a ɛwɔ Paulo kɔkɔbɔ no mu no fa fekuw a yɛne asafo no mufo ne afoforo bɔ no ho. (1 Korintofo 15:12, 33) Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yɛpo yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea esiane sɛ yɛne wɔn adwene nhyia wɔ nsɛm bi a wogyae ma ankorankoro biara ho nti. (Mateo 7:4, 5; Romafo 14:1-12) Nanso, sɛ asafo no mufo bi bu bra a asɛm wɔ ho anaa wɔda nitan anaa anwiinwii su adi a, ahwɛyiye ho hia. (2 Timoteo 2:20-22) Nyansa wom sɛ yɛbɛbɛn wɔn a yebetumi ne wɔn “anya yɛn ho yɛn ho nkuranhyɛ.” (Romafo 1:11, 12, NW) Eyi bɛboa yɛn ma yɛabu bra pa na yɛakɔ so anantew “nkwa kwan” no so.—Dwom 16:11.
Kɔ So Bu Bra Pa
17. Sɛnea Numeri ti 25 kyerɛ no, amane bɛn na ɛtoo Israelfo no, na dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn?
17 Aka bere tiaa bi na Israelfo no afa Bɔhyɛ Asase no, wɔn mu mpempem pii boapa de wɔn ho hyɛɛ nnebɔne mu—na wohuu amane. (Numeri, ti 25) Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo abɛn trenee wiase foforo no pɛɛ. Wɔn a wɔkɔ so po wiase yi mu nnebɔne no na wobenya hokwan ma wɔde emukɔ adom wɔn. Sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, yebetumi anya su a ɛnteɛ, nanso Onyankopɔn betumi aboa yɛn ma yɛadi ne honhom kronkron no akwankyerɛ pa no akyi. (Galatifo 5:16; 1 Tesalonikafo 4:3, 4) Enti momma yentie afotu a Yosua de maa Israelfo yi: “Munsuro [Yehowa, NW] na monsom no emudi ne nokware mu.” (Yosua 24:14) Osuro a efi nidi mu a yebenya a ɛremma yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi atia Yehowa no bɛboa yɛn ma yɛabu bra pa.
18. Ɛdefa nnebɔne ne ɔbra pa ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de yɛ wɔn botae?
18 Sɛ wufi komam wɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani a, fa yɛ wo botae sɛ wubetie Paulo afotu yi: “Nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na munnwen.” Sɛ woyɛ saa a, dɛn na ebefi mu aba? Paulo kae sɛ: “Ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoe Nyankopɔn bedi mo akyi.” (Filipifo 4:8, 9) Yiw, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wubetumi apo nnebɔne na woabu bra pa.
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ April 15, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-24, ne “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” nsɛm a ɛwɔ February 22 (Engiresi de) March 22 (Engiresi de) ne April 8, 1993 ne November 22, 1996, (Engiresi) Nyan! mu.
Nsɛm a Wɔde Tĩ Mu
◻ Dɛn na ehia na yɛatumi abu bra pa?
◻ Tebea horow bɛn mu na Hesekia, Daniel, ne Hebrifo baasa no kɔɔ so buu bra pa?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ sɛ Daniel na yɛako atia Satan mfiri?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ wɔn ho so yiye wɔ anigyede ho?
◻ Dwuma bɛn na adesua, nsɛm ho adwennwen, ne fekubɔ di wɔ ɔbra pa a yebebu mu?
[Kratafa 15 mfonini]
Abofra Hesekia buu bra pa ɛmfa ho mpo sɛ na Molek asomfo atwa ne ho ahyia
[Kratafa 17 mfonini]
Ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ wɔn ho so yiye wɔ anigyede ho