Nya Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ mu Mfaso
“Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene Nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo.”—YESAIA 48:17.
1. Sɛ yɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ di dwuma wɔ yɛn asetra mu a, ebesi yɛn dɛn?
YEHOWA NYANKOPƆN wɔ nimdeɛ sen obiara. Obiara nsen no wɔ nsusuwii, kasa ne nneyɛe mu. Sɛ́ yɛn Bɔfo no, onim yɛn ahiade ahorow na odi ho dwuma ma ebu so. Akyinnye biara nni ho sɛ onim sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn. Na sɛ yɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ di dwuma a, yenya so mfaso ma ɛde nokware anigye brɛ yɛn.
2, 3. (a) Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete bere mu no dii ne mmara so a, anka mfaso bɛn na wobenya? (b) Sɛ yɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ di dwuma wɔ yɛn asetra mu a, dɛn na ɛbɛba?
2 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ da ɔpɛ a emu yɛ den a Onyankopɔn wɔ sɛ n’asomfo di ne mmara ne nnyinasosɛm ahorow so na ama wɔakwati ɔhaw anya asetra mu anigye no adi. Sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔtraa ase tete bere mu no tiee no a, anka wobenya nhyira pii, efisɛ na waka akyerɛ wɔn sɛ: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene Nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17, 18.
3 Sɛ Onyankopɔn tete nkurɔfo yɛɛ osetie maa n’ahyɛde ne n’afotu ahorow a, anka wobenya mfaso. Sɛ́ anka wobehu amane wɔ Babilonfo nsam no, anka wobenya asomdwoe ne yiyedi a emu dɔ na ɛnsa da te sɛ asubɔnten. Bio nso, anka wɔn trenee nnwuma bebu so te sɛ ɛpo asorɔkye. Saa ara na sɛ yɛde ɔsoro nkyerɛkyerɛ di dwuma wɔ yɛn asetram a, yebetumi anya emu mfaso pii. Dɛn ne eyinom mu bi?
Ɛsakra Nkurɔfo Asetra
4. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ aka nnipa pii asetra?
4 Nkurɔfo pii nya ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso denam wɔn asetra a ɛsakra ma ɛyɛ yiye no so. Wɔn a wɔde Yehowa nkyerɛkyerɛ di dwuma no twe wɔn ho fi “ɔhonam nnwuma” te sɛ ahohwibra, abosonsom, ahonhonsɛmdi, kunsunkunsun ne ahoɔyaw ho. Mmom no wɔda honhom aba a ɛne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahosodi adi. (Galatifo 5:19-23) Wodi afotu a ɛwɔ Efesofo 4:17-24 no nso so, faako a Paulo hyɛ mfɛfo gyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔnnantew sɛ amanaman no wɔ wɔn adwene hunuyɛ a aduru sum na ɛma wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo no mu. Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ Kristo su no koma mpirimii nti, ‘woyi onipa dedaw a ɛne wɔn kan abrabɔ no kyene na wɔyɛ wɔn foforo wɔn adwene honhom mu.’ ‘Wɔhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn pɛ so no wɔ nokware trenee ne ahotew mu.’
5. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro nkyerɛkyerɛ ka sɛnea nkurɔfo bɔ wɔn bra?
5 Mfaso kɛse a efi ɔsoro nkyerɛkyerɛ a yɛde di dwuma mu ba ne sɛ ɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛne Onyankopɔn bɛnantew. Sɛ yɛne Yehowa nantew sɛnea Noa yɛe no a, yedi asetra kwan a yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no akyerɛ yɛn no so. (Genesis 6:9; Yesaia 30:20, 21) Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, amanaman mufo “nantew wɔn adwene hunuyɛ mu.” Na hwɛ sɛnea wɔn a wɔwɔ adwene a ɛte sɛɛ binom nsɛm a wɔkyerɛw no yɛ hunu fa! Bere a obi rehwɛ nea afoforo akyerɛw agu ɔfasu bi ho wɔ Pompeii no, n’ankasa kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ nwonwa, O ɔfasu, sɛ nsɛnhunu pii a wɔakyerɛw agu wo ho no mmaa wunnwiriw nguu fam.” Nanso nsɛnhunu biara nni ‘Yehowa nkyerɛkyerɛ’ ne Ahenni asɛnka adwuma a ɛma ɛkɔ so no mu. (Asomafo no Nnwuma 13:12) Wɔnam saa adwuma no so ma nnipa a wɔdɔ nokware hu nyansa. Wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wobegyae bɔne kwan a wɔnam so a ɛma wɔyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ho ananafo no. Wonni adwene mu sum mu bio, na saa ara na koma a apirim nkanyan wɔn mma wonni botae horow a mfaso nni so akyi.
6. Abusuabɔ bɛn na osetie a yɛbɛyɛ ama Yehowa nkyerɛkyerɛ ne anigye a yebenya no wɔ?
6 Mfaso a yenya fi ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu bio ne sɛ ɛma yenya Yehowa ne ne nsennii ho nimdeɛ. Nimdeɛ a ɛte saa twe yɛn bɛn Onyankopɔn, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebetie no no yɛ kɛse. Sɛnea 1 Yohane 5:3 ka ni: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” Yedi Yesu ahyɛde ahorow no nso so efisɛ yenim sɛ ne nkyerɛkyerɛ fi Nyankopɔn. (Yohane 7:16-18) Osetie a ɛte saa a yɛbɛyɛ no bɔ yɛn ho ban fi honhom mu asiane ho, na ɛma yenya anigye.
Asetra mu Atirimpɔw Ankasa
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛte Dwom 90:12 ase? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya nyansa koma?
7 Yehowa nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yenya asetra a atirimpɔw wom. Nokwarem no, ɔsoro nkyerɛkyerɛ kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛkan yɛn nna wɔ ɔkwan titiriw bi so. Nkwa nna a ɛyɛ mfirihyia 70 no kura nnafua bɛyɛ 25,550. Obi a wanya mfirihyia 50 adi emu 18,250 dedaw, na 7,300 a aka a n’ani da so no sua ampa. Saa bere yi titiriw na ebia ɔbɛte nea enti a Mose bɔɔ Onyankopɔn mpae wɔ Dwom 90:12 no ase yiye: “Ma yenhu yɛn nna kan sɛ ɛte, na yɛanya nyansa koma.” Nanso na Mose nsɛm no kyerɛ dɛn?
8 Ná ɛnyɛ nea Mose kyerɛ ne sɛ Onyankopɔn bɛma wɔahu nna dodow pɔtee a Israelni biara bedi wɔ asetra mu. Sɛnea Dwom 90, nkyekyem 9 ne 10 kyerɛ no, saa Hebrini odiyifo no hui sɛ ebia nkwa nna bɛyɛ mfirihyia 70 anaa 80 bi—ɛyɛ tiaa ampa. Enti ɛda adi sɛ nsɛm a ɛwɔ Dwom 90 nkyekyem 12 no kyerɛɛ sɛnea Mose fi mpaebɔ mu pɛe sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ ɔne Ne nkurɔfo ma wɔde nyansa abu ‘wɔn mfirihyia mu nna’ sɛ ɛsom bo na wɔde adi dwuma wɔ ɔkwan a Onyankopɔn pene so so. Ɛnde yɛn nso ɛ? So yehu sɛnea da biara som bo no? So yɛrenya nyansa koma denam pɛ a yɛbɛpɛ sɛ yɛde da biara bedi dwuma ɔkwan a ɛfata so de ahyɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa Nyankopɔn anuonyam no so anaa? Ɔsoro nkyerɛkyerɛ bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.
9. Sɛ yehu yɛn nna kan de hyɛ Yehowa anuonyam a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
9 Sɛ yesua yɛn nna kan de hyɛ Yehowa anuonayam a, ebia yebetumi akɔ so akan a yennyae da, efisɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ de nimdeɛ a ɛma daa nkwa ma. Yesu kae sɛ: “Eyi kyerɛ daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no bae, Yesu Kristo ho nimdeɛ” (Yohane 17:3, New World Translation.) Nokwarem no, sɛ yenya wiase nimdeɛ a ɛwɔ hɔ nyinaa bi mpo a, ɛmma yɛn daa nkwa. Nanso sɛ yenya nnipa baanu a wɔn ho hia sen biara wɔ amansan yi mu no ho nokware nimdeɛ na yenya gyidi ankasa a, yebetumi anya daa nkwa.
10. Dɛn na encyclopedia bi ka wɔ nhomasua ho, na ɔkwan bɛn so na eyi ne ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso horow hyia?
10 Ɛmfa ho bere tenten a yɛde atra ase no, momma yɛnkae ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso kɛse yi: Ɛma wɔn a wɔde di dwuma no asetra a atirimpɔw wom ankasa. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ nhomasua boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ wɔn a wɔn ho wɔ mfaso wɔ ɔman mu. Ɛsɛ sɛ ɛboa wɔn nso ma wonya wɔn man no apɛgyade ho anisɔ na wonya asetra mu akomatɔyam kɛse.” Ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yenya asetra mu akomatɔyam. Ɛma yenya honhom mu apɛgyade a yɛwɔ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo no ho anisɔ kɛse. Na nokwarem no, ɛma yɛn ho ba mfaso wɔ ɔman mu, efisɛ ɛma yedi akoten wɔ nkurɔfo ahiade ho dwuma a yedi wɔ wiase nyinaa no mu. Dɛn nti na yebetumi aka saa?
Wiase Nyinaa Ɔkyerɛkyerɛ Nhyehyɛe
11. Ɔkwan bɛn so na Thomas Jefferson sii hia a nhomasua a ɛfata ho hia so dua?
11 Ɔkyerɛkyerɛ nhyehyɛe foforo biara nni hɔ a ɛne ɔsoro nkyerɛkyerɛ sɛ wɔ ntetee a etu mpɔn a ɛde ma nkurɔfo no mu. Thomas Jefferson a ɔbɛyɛɛ United States ɔmampanyin a ɔto so abiɛsa no huu hia a ɛho hia sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo ade. Jefferson kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw no August 13, 1786 kɔmaa George Wythe a na ɔyɛ n’adamfo, a ɔka wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛɛ Ɔman Ahofadi Mpaemuka no ase ho mu sɛ: “Misusuw sɛ mmara a ɛho hia sen biara wɔ yɛn mmara no mu ne nea ɛfa nimdeɛ a yɛbɛtrɛw mu wɔ nnipa no mu no ho. Yɛrennya nhyɛase foforo biara a ɛsen eyi a yɛde bɛkora ahofadi ne anigye so. . . . Me wura dɔfo, tu tiwui so sa; fa mpapahwekwa a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn no ho mmara no si hɔ na yɛ no yiye. Ma yɛn man mufo nhu . . . sɛ tow a wobetua wɔ [nhomasua] ho no nnɔɔso nsen nea wobetua ama ahene, asɔfo, ne adehye, a sɛ yegyaw nnipa no a wonnim hwee a, wɔbɛsɔre adi yɛn so no apem biara mu nkyem biako.”
12. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ yɛ wiase nyinaa ntetee nhyehyɛe a adi nkonim na mfaso wɔ so sen biara?
12 Sɛ́ anka Yehowa nkyerɛkyerɛ begyaw nnipa a wɔdɔ trenee tiwui no, ɛde wiase nyinaa mu ntetee ho nhyehyɛe a eye sen biara ma. Bere a Wiase Ko II rekɔ so mfirihyia 50 a atwam mu no, United States boayikuw bi a na ɛhwɛ nhomasua ho nhyehyɛe so no huu hia a “wiase nyinaa ntetee” ho hia ntɛm ara. Ɛno ho da so ara hia, nanso ɔsoro nkyerɛkyerɛ ne wiase nyinaa ntetee ho nhyehyɛe koro pɛ a adi nkonim. Afei nso ɛyɛ nea mfaso wɔ so sen biara efisɛ egye nkurɔfo fi abasamtu mu, ɛma wonya abrabɔ ne honhom fam nkɔso, egye wɔn fi wiase no ahantan ne adwemmɔne mu, na ɛma wɔn nimdeɛ a ɛbɛma wɔanya daa nkwa. Eyinom nyinaa akyi no, nkurɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa renya nhyehyɛe yi so mfaso denam kyerɛ a ɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔsom Yehowa Nyankopɔn no so.
13. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 2:2-4 renya mmamu nnɛ?
13 Nnipa pii a wɔbɛyɛ Onyankopɔn asomfo no nya ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso horow. Wɔma wɔn ani kũ wɔn honhom mu ahiade ho, na wonim yiye sɛ Yehowa da no abɛn. (Mateo 5:3; 1 Tesalonikafo 5:1-6) Mprempren, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, nnipa a wofi amanaman nyinaa mu yi resen yuu ba Yehowa bepɔw, ne som kronn, no mu. Wɔde atim hɔ pintinn na wɔama so asen ɔsom a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia nyinaa. (Yesaia 2:2-4) Sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a woahyira wo ho so a, so w’ani nnye sɛ woka nnipa a wɔn dodow kɔ anim bere nyinaa a wɔsom Yehowa na wonya ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso no ho anaa? Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wobɛka wɔn a wɔteɛm ka eyi no ho: ‘Munyi Yah ayɛ.’—Dwom 150:6.
Nkɛntɛnso Pa a Enya wɔ Yɛn Honhom So
14. Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛde Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 14:20 no bedi dwuma?
14 Mfaso pii a ɛwɔ ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu no biako ne nkɛntɛnso pa a ebetumi anya wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn honhom so. Ɛkanyan yɛn ma yesusuw nea ɛteɛ, nea ɛho tew, ɔbrapa ne ayeyi ho. (Filipifo 4:8) Yehowa nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yedi Paulo afotu yi so: “Bɔne mu na monyɛ mmofraa, na asɛm ho dwen mu de, monyɛ pɛ.” (1 Korintofo 14:20) Sɛ yɛde saa afotu yi di dwuma a, yɛrenhwehwɛ amumɔyɛ ho nimdeɛ. Paulo kyerɛwee nso sɛ: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” (Efesofo 4:31) Afotu a ɛte saa a yebetie no bɛboa yɛn ma yɛakwati ɔbrasɛe ne bɔne afoforo a anibere wom. Bere a eyi betumi de honam fam ne adwene mu mfaso abrɛ yɛn no, ɛbɛma yɛanya anigye afi nim a yenim sɛ yɛresɔ Onyakopɔn ani no mu titiriw.
15. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so anya nsusuwii pa?
15 Ade biako a ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so abɔ ɔbra pa ne sɛ yɛbɛkwati ‘fekubɔne a ɛsɛe ɔbra pa.’ (1 Korintofo 15:33) Sɛ́ Kristofo no, yɛne nguaman, awaresɛefo, ne abɔnefo afoforo remmɔ. Ɛnde sɛnea ɛfata no, ɛnsɛ sɛ yɛne nnipa a wɔte saa bɔ denam wɔn nsɛm a yɛbɛkenkan de ahwehwɛ anigye anaa yɛbɛhwɛ wɔ television so anaa sini ahorow mu no so. Koma yɛ ɔdaadaafo, ne kɔn betumi adɔ bɔne ntɛm, na wobetumi adaadaa no ma ayɛ bɔne no. (Yeremia 17:9) Enti momma yɛnkwati sɔhwɛ a ɛtete saa denam ɔsoro nkyerɛkyerɛ a yɛbɛbata ho no so. Ebetumi anya ‘wɔn a wɔdɔ Yehowa’ so nkɛntɛnso pa araa ma ‘wɔakyi bɔne.’—Dwom 97:10.
16. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ betumi aka honhom a yɛda no adi no?
16 Paulo ka kyerɛɛ ne yɔnko dwumayɛni Timoteo sɛ: “Awurade ne wo honhom ntra. [Ne dom] nka mo.” (2 Timoteo 4:22) Ná ɔsomafo no pɛ sɛ Onyankopɔn fa Awurade Yesu Kristo so pene tumi a ɛkanyan Timoteo ne Kristofo afoforo nneyɛe no so. Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yɛda ɔdɔ, ayamye, ne odwo honhom adi. (Kolosefo 3:9-14) Na hwɛ sɛnea ɛyɛ soronko wɔ honhom a nnipa a wɔwɔ nna a edi akyiri yi mu pii da no adi no ho! Wɔyɛ ahohoahoafo, bonniayɛfo, wonni dɔ, wodi wɔn bo so asɛm, wɔhoman, wɔdɔ anigyede, na wonni onyamesom pa a edi mũ. (2 Timoteo 3:1-5) Nanso, bere a yɛkɔ so de ɔsoro nkyerɛkyerɛ mu mfaso horow di dwuma wɔ yɛn asetra mu no, yɛda honhom a ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa adi.
Ɛho Hia wɔ Nnipa Nkitahodi Mu
17. Dɛn nti na biakoyɛ a yebefi ahobrɛase mu anya no ho hia kɛse?
17 Yehowa nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yehu mfaso a ɛwɔ so sɛ yebefi ahobrɛase mu ne mfɛfo asomfo ayɛ biako. (Dwom 138:6) Esiane sɛ yɛnte sɛ nnipa pii nnɛ nti, yemmu trenee nnyinasosɛm ahorow so, nanso yetumi ne afoforo siesie nsɛm. Sɛ́ nhwɛso no, mfaso pii ba esiane sɛ ahwɛfo a wɔapaw wɔn yɛ biako wɔ mpanyimfo nhyiam horow ase nti. Saa mmarima yi betumi aka nokwasɛm bi wɔ odwo mu, bere a wɔmma nkate mmunkam ntease so anaa ɛmfa mpaapaemu mma. Sɛ yɛn nyinaa kɔ so de ɔsoro nkyerɛkyerɛ di dwuma a, asafo no mufo nyinaa benya biakoyɛ honhom no so mfaso.—Dwom 133:1-3.
18. Ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn ma yenya mfɛfo gyidifo ho adwene bɛn?
18 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ boa yɛn nso ma yenya mfɛfo gyidifo ho adwempa. Yesu kae sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Efi 1919 mu titiriw na Yehowa ama n’asomfo apae mu aka n’atemmusɛm, na saa wiase nyinaa kɔkɔbɔ yi awosow Satan wiase nhyehyɛe yi. Wɔ bere koro no ara mu no, Onyankopɔn atwe nnipa a wosuro no—“ade a wɔpɛ”—no ma wɔatew wɔn ho afi amanaman no ho, na wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no abom de anuonyam ahyɛ Yehowa fie ma. (Hagai 2:7) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔfata a Onyankopɔn twe wɔn yi sɛ yɛn mfɛfo adɔfo.
19. Dɛn na Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ da no adi wɔ mfɛfo Kristofo ntam akasakasa a wosiesie ho?
19 Nokwarem no, esiane sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ nti, nneɛma renkɔ so yiye bere nyinaa. Bere a Paulo rebefi n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien ase no, na Barnaba asi ne bo sɛ ɔde Marko bɛka wɔn ho. Paulo ne no anyɛ adwene efisɛ Marko ‘twee ne ho fii wɔn ho wɔ Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no.’ Afei, “akasakasa a emu yɛ den” bae. Barnaba faa Marko kaa ne ho ne no kɔɔ Kipro, na Paulo ne Silas kɔɔ Siria ne Kilikia. (Asomafo no Nnwuma 15:36-41) Akyiri yi, ɛda adi sɛ wosiesiee saa akasakasa yi, efisɛ na Marko ka Paulo ho wɔ Roma, na ɔsomafo no kaa ne ho asɛmpa. (Kolosefo 4:10) Ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso biako ne sɛ ɛkyerɛ yɛn sɛnea yebesiesie Kristofo ntam akasakasa denam tie a yebetie afotu te sɛ Yesu de a ɛwɔ Mateo 5:23, 24 ne Mateo 18:15-17 no so.
Ɛso wɔ Mfaso na Edi Nkonim Daa
20, 21. Ɛsɛ sɛ ɔsoro nkyerɛkyerɛ a yɛasusuw ho no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?
20 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso ne nkonimdi ahorow binom a yɛasusuw ho tiawa yi mpo mu no, akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa tumi hu hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so de di dwuma wɔ yɛn asetra mu. Ɛnde momma yɛmfa mpaebɔ nkɔ so nsua ade mfi yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no hɔ. Ɛnkyɛ, ɔsoro nkyerɛkyerɛ bedi nkonim a ɛsen biara. Ebedi nkonim bere a wiase yi anyansafo nni hɔ bio no. (Fa toto 1 Korintofo 1:19 ho.) Afei nso bere a nnipa ɔpepem pii sua Onyankopɔn apɛde na wɔyɛ no, Yehowa ho nimdeɛ bɛkata asase so sɛnea nsu kata po so no. (Yesaia 11:9) Hwɛ sɛnea eyi so bɛba adesamma asoɔmmerɛwfo mfaso kɛse na abu Yehowa bem sɛ Amansan Hene!
21 Ɔsoro nkyerɛkyerɛ so bɛba mfaso na adi nkonim daa. So wobɛkɔ so anya mu mfaso sɛ obi a osua Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ Nhoma kɛse no daa? So wotra ase ma ɛne Bible no hyia, na woka ne nokware no kyerɛ afoforo? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wubetumi ahwɛ nkonim koraa a ɔsoro nkyerɛkyerɛ bedi de ahyɛ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Amansan Hene Yehowa, anuonyam no kwan.
Dɛn na Woasua?
◻ Ɔsoro nkyerɛkyerɛ betumi aka yɛn asetra dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa nkyerɛkyerɛ de ntetee a ehia rema?
◻ Nkɛntɛnso pa bɛn na ɔsoro nkyerɛkyerɛ betumi anya wɔ yɛn nsusuwii ne nneyɛe so?
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ so ba mfaso wɔ nnipa nkitahodi mu?
[Kratafa 15 mfonini]
Ɔsoro nkyerɛkyerɛ kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so ne Onyankopɔn anantew sɛnea Noa yɛe no
[Kratafa 17 mfonini]
Nnipa a wofi aman nyinaa mu resen yuu ba Yehowa bepɔw so