Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/98 kr. 1
  • So Wowɔ “Ɔhonam mu Nsɔe”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ “Ɔhonam mu Nsɔe”?
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔhonam Mu Nsɔe” Ano A Yebegyina
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Nnipa Mmerɛwyɛ Ma Yehowa Tumi Da Adi Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • “Ɔhonam Mu Nsɔe” a Na Ɛreteetee Paulo
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Wogyinaa Wɔn Honam Mu Nsɔe Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 5/98 kr. 1

So Wowɔ “Ɔhonam mu Nsɔe”?

1 Yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no sɛnea yebetumi biara. Nanso, yɛn nuanom adɔfo mmarima ne mmea pii ntumi nnya mu kyɛfa nkosi ase esiane honam fam nyarewa anaa dɛmdi a emu yɛ den bi a etwitware wɔn akwan mu nti, na ɛma ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ pii sɛnea wɔpɛ no. Wɔn fam no, ebetumi ayɛ asɛnnennen ama wɔn sɛ wobegyina abasamtu ano, titiriw bere a wohu sɛ afoforo a wɔbɛn wɔn yɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu no.—1 Kor. 9:16.

2 Nhwɛso a Ɛsɛ sɛ Yesuasua: Ná ɛsɛ sɛ ɔsomafo Paulo gyina “ɔhonam mu nsɔe” ano. Mprɛnsa na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ onyi akwanside a ɛma ne ho hia no a ɔkaa ho asɛm sɛ “Satan bɔfo” a ɛkɔɔ so bɔɔ no akuturuku no mfi hɔ. Nanso, ne nyinaa mu no, Paulo gyinaa mu, na omiaa ne ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Wanyɛ ne ho mmɔbɔmmɔbɔ annwiinwii daa. Ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa. Nea ɛma otumi gyinaa mu ne awerɛhyem a efi Nyankopɔn hɔ yi: “Me dom no dɔɔ wo so, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Paulo mmerɛwyɛ no bɛyɛɛ ahoɔden bere a osuae sɛ obegye ne tebea no atom na ɔde ne ho ato Yehowa ne honhom kronkron no so ma wagyina mu no.—2 Kor. 12:7-10.

3 Sɛnea Wubetumi Agyina Mu: So nnipa mmerɛwyɛ mma wuntumi nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu? Sɛ saa a, suasua sɛnea Paulo yɛɛ n’ade no. Sɛ wo yare anaa dɛmdi no nni ayaresa biara wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu mpo a, wubetumi de wo ho ato Yehowa a ɔte w’asɛm ase no so koraa, na ɔbɛma wo “tumi—a ɛboro so.” (2 Kor. 4:7) Fa mmoa a wunya wɔ asafo no mu no di dwuma, na ntew wo ho. (Mmeb. 18:1) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya afie afie adwuma no mu kyɛfa a, hwehwɛ akwampa a wobɛfa so ayɛ bɔnnɔ so anaa telefon so adansedi.

4 Ɛwom sɛ ebia ɔhonam mu nsɔe remma wuntumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu de, nanso ɛnsɛ sɛ wote nka sɛ wonnyɛ bi koraa. Te sɛ Paulo no, wo nso wubetumi ‘adi Onyankopɔn dom asɛmpa no ho adanse,’ na woayɛ nea w’ahoɔden ne wo nsɛm tebea bɛma wo kwan. (Aso. 20:24) Bere a wobɔ mmɔden sɛ wubewie wo som adwuma no, hu sɛ Yehowa ani gye ho yiye.—Heb. 6:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena