Bible Nhoma a Ɛto So 47—2 Korintofo
Nea Ɔkyerɛwee: Paulo
Beae a Ɔkyerɛw No: Makedonia
Bere a Ɔkyerɛw Wiei: Bɛyɛ 55 Y.B.
ƐBƐYƐ sɛ na ahohuru bere reyɛ atwam anaa otwa bere afi ase wɔ afe 55 Y.B. Saa bere no nyinaa na nneɛma nkɔ yiye wɔ Kristofo asafo a ɛwɔ Korinto no mu ma enti na ɛho asɛm haw ɔsomafo Paulo. Ná ɔkyerɛw ne nhoma a edi kan no kɔmaa Korinto asafo no nkyɛe. Ɛno akyi no, ɔsomaa Tito kɔɔ Korinto sɛ ɔnkɔboa mma wonnyigye ntoboa mma akronkronfo a wɔwɔ Yudea no, na ɔnhwɛ sɛ Korintofo no de ne nhoma a edi kan no mu nsɛm reyɛ adwuma anaa. (2 Kor. 8:1-6; 2:13) Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Hwɛ sɛnea Paulo nyaa awerɛkyekye bere a ɔtee sɛ nhoma no ama wɔn werɛ ahow na ama wɔasakra wɔn adwene no! Tito kɔkaa nsakrae pa a Korintofo ayɛ no kyerɛɛ Paulo wɔ Makedonia, na ɛmaa ɔsomafo Paulo nyaa ɔdɔ a ɛboro so maa ne nuanom gyidifo no.—7:5-7; 6:11.
2 Enti Paulo san kyerɛw nhoma a abotɔyam ne tumi wom kɔmaa Korintofo no. Ɔkyerɛw nhoma a ɛto so abien yi wɔ Makedonia, na gyama Tito na ɔde kɔmaa wɔn. (9:2, 4; 8:16-18, 22-24) Nea ɛhaw Paulo ma enti ɔkyerɛw Korintofo no biako ne sɛ na ebinom wɔ hɔ a wɔayɛ wɔn ho “asomafo a wɔn ho tew boro so.” Ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ wɔyɛ “asomafo atorofo, adwumayɛfo nkontompofo.” (11:5, 13, 14) Ná asafo a wɔtewee nkyɛe pii no som ho reyɛ aba asɛm, na na ebinom nso nnye ntom sɛ Paulo yɛ ɔsomafo. Ne nhoma a ɛto so abien a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no dii ahiasɛm yi ho dwuma.
3 Yɛnhyɛ no nsow sɛ Paulo kae sɛ: “Ne mprɛnsa so ni a masiesie me ho sɛ mereba mo nkyɛn.” (2 Kor. 12:14; 13:1) Ɔkyerɛw ne nhoma a edi kan no, na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔsra wɔn ne mprenu so. Osiesiee ne ho sɛ ɔbɛkɔ, nanso ‘anigye mprenu’ yi amma so efisɛ wantumi ankɔ. (1 Kor. 16:5; 2 Kor. 1:15) Enti ɛkyerɛ sɛ na Paulo akɔ hɔ pɛnkoro pɛ akodi afe ne fã fi afe 50-52 Y.B. Saa bere no na wɔtew Kristofo asafo no wɔ Korinto. (Aso. 18:1-18) Nanso akyiri yi Paulo tumi kɔɔ Korinto bio sɛnea ɔbɔɔ ne tirim no. Bere a okodii asram abiɛsa wɔ Hela bɛyɛ afe 56 Y.B. no, anyɛ yiye koraa no, odii nna no bi wɔ Korinto, na ɛhɔ na ɔkyerɛw nhoma kɔmaa Romafo no.—Rom. 16:1, 23; 1 Kor. 1:14.
4 Efi tete na wɔagye atom sɛ Korintofo Nhoma a Ɛto So Abien ne nea Edi Kan no, ne Paulo nhoma nkae no nyinaa ka Bible ho. Nhoma yi ma yehu nea na ɛrekɔ so wɔ Korinto asafo no mu, na yenya mfaso fi afotu a efi honhom mu a Paulo de maa wɔn ne yɛn nyinaa no mu.
NEA ENTI A MFASO WƆ SO
18 Sɛ yehu sɛnea Paulo kyerɛɛ Kristofo som adwuma no ho anisɔ kɛse wɔ Korintofo Nhoma a Ɛto So Abien no mu a, hwɛ sɛnea ɛkanyan yɛn na ɛhyɛ yɛn nkuran! Momma yennya ɛho adwene a na ɔwɔ no bi. Kristoni a Onyankopɔn ama wafata ama ɔsom adwuma no nyɛ onipa a ɔde Asɛm no adan aguadi, na mmom oyi ne yam som. Ɛnyɛ adansedi krataa bi na ɛma ɔfata, na mmom aba a ɔsow wɔ ne som adwuma no mu na ɛma ɔfata. Ɔsom adwuma no som bo, nanso ɛnkyerɛ sɛ yɛmmoma yɛn ho so. Onyankopɔn asomfo yɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ, na wɔn som adwuma no yɛ ademude a ɛwɔ anwenne a ɛyɛ mmerɛw mu, na ɛma ɛda adi koraa sɛ tumi no yɛ Onyankopɔn dea. Enti eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde ahobrɛase gye hokwan a ɛsom bo a ɛne sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo no tom. Nokwasɛm ni, ɛyɛ adom kɛse a Onyankopɔn de adom yɛn sɛ “yɛyɛ ahemmɔfo a yesi Kristo ananmu”! Enti ɛfata sɛ Paulo tuu fo sɛ, “munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa.”—2:14-17; 3:1-5; 4:7; 5:18-20; 6:1.
19 Paulo yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ fɛ a Kristofo betumi asuasua. Ade biako a ɔyɛe ne sɛ ɔmaa Hebri Kyerɛwnsɛm no hiaa no, na osuae. Ɔfaa emu nsɛm bi kae; ɔtwee adwene sii bi so, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu. (2 Kor. 6:2, 16-18; 7:1; 8:15; 9:9; 13:1; Yes. 49:8; Lev. 26:12; Yes. 52:11; Hes. 20:41; 2 Sam. 7:14; Hos. 1:10) Afei nso na ɔyɛ ɔhwɛfo a odwen nguankuw no ho kɛse, na ɔkae sɛ: “Me de, mifi anigye kɛse mu de me ho nneɛma bɛma na mede me ho ama mo kra.” Sɛnea kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, ɔde ne ho nyinaa maa ne nuanom. (2 Kor. 12:15; 6:3-10) Ɔyeree ne ho denneennen kyerɛkyerɛe, na otuu fo totoo nneɛma yiye wɔ Korinto asafo no mu. Ɔbɔɔ Korintofo no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne sum nya twaka biara, na ɔkae sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.” Esiane sɛ na odwen wɔn ho nti, wampɛ sɛ obi bɛsɛe wɔn adwene “sɛnea ɔwɔ no de n’anitew daadaa Hawa no,” na ofi ne komam tuu wɔn fo sɛ: “Monkɔ so ara nsɔ nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa, monkɔ so mpɛɛpɛɛ mo mu nhwɛ.” Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnya ayamye mfa nkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛ “Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma,” na ɔno ankasa nso de anisɔ kɛse daa Onyankopɔn ase wɔ n’akyɛde a enni kabea no ho. Ampa ara na Paulo dɔ ne nuanom a wɔwɔ Korinto no, na ɛte sɛnea na wakyerɛw wɔn din wɔ ne koma so. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo a ɔbɔ mmɔden na n’ani da hɔ biara suasua ahoɔden a ɔde som wɔn no. Eyi yɛ nhwɛso fɛfɛ ma yɛn nnɛ!—6:14; 11:3; 13:5; 9:7, 15; 3:2.
20 Ɔsomafo Paulo ma yɛn adwene kɔ nea ne ho hia paa no so, “ahummɔbɔ Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no, sɛ ɔno na ɔma yɛn ahoɔden wɔ sɔhwɛ bere mu. Ɔno na “ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohiahia nyinaa mu” na ama yɛatumi agyina mu akosi sɛ yebenya nkwa akɔ wiase foforo no mu. Afei nso Paulo ka anidaso a ɛsom bo bi ho asɛm sɛ “dan bi a efi Nyankopɔn hɔ, ofie a wɔamfa nsa ansi a ɛwɔ hɔ daa wɔ soro.” Ɔka sɛ: “Enti sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo; nneɛma dedaw no atwam, hwɛ! nneɛma foforo na aba.” Enti awerɛhyem nsɛm pii wɔ Korintofo Nhoma a Ɛto So Abien mu ma wɔn a wobenya ɔsoro Ahenni te sɛ Paulo no.—1:3, 4; 5:1, 17.