Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 6/1 kr. 26-30
  • Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nguanhwɛfo Nya Akwankyerɛ
  • Nguan No Hyia Tebea Horow A Asiane Wom
  • Nguan No A Wɔbɛboaboa Wɔn Wɔ Akwan Afoforo So
  • Nguanhwɛ Adwuma Yɛ Aniberesɛm
  • Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • “Monyɛn Onyankopɔn Nguankuw A Wɔhyɛ Mo Nsa No”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yehowa Nguan a Wɔsom Bo a Wɔyɛn Wɔn Brɛbrɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wofi Mmɔborohunu Mu Yɛn Nguan Nketewa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 6/1 kr. 26-30

Mpanyimfo, Momfa Mo Nguanhwɛ Asɛyɛde Ahorow No Aniberesɛm

“Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no.”​—1 PETRO 5:2

1. Dɛn nti na ɛfata sɛ wɔde nguan yɛ nnipa a Onyankopɔn gye wɔn tom no ho sɛnkyerɛnne?

HWƐ fata ara a ɛfata sɛ wɔde nguan yɛ nnipa a wonya Yehowa Nyankopɔn dom no ho sɛnkyerɛnne! Nguan yɛ mmoa bi a wɔn ho dwo a wotie wɔn so hwɛfo nne na wodi n’akyi ntɛm ara. Saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔte sɛ nguan no ma Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, kyerɛ wɔn kwan. Wonim no, wotie ne nne, na wɔde anigye gye n’akanni tom. (Yohane 10:11-16) Ɛwom, sɛ nguan ankasa nni oguanhwɛfo pa a, ehu ka wɔn na wonhu nea wɔyɛ. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu Kristo yam hyehyee no maa nkurɔfo a na “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no.​—Mateo 9:36.

2. Yehowa buu wɔn a wɔte sɛ nguan a wohuu amane wɔ “Israel nguanhwɛfo” a wonni dɔ nsam no dɛn?

2 Yehowa Nyankopɔn ani gye nnipa koma pafo a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm mu sɛ “nguan” no honhom mu yiyedi ho kɛse. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn nam odiyifo Hesekiel so ka kyerɛɛ “Israel nguanhwɛfo,” nnipa a na asɛyɛde hyɛ wɔn nsa a wɔn ankasa ho na wɔyɛn a wobuu wɔn ani guu nguan no so no sɛ wonnue. Nanso na ɛnyɛ nea Yehowa bɛma wɔn a wɔte sɛ nguan no ahu amane a wonnya ahotɔ, efisɛ ɔkae sɛ: “Nea wayera no, mehwehwɛ no, na nea wɔapam no no, mɛkɔ makɔfa no aba, na nea wabubu no, mɛkyekyere no, na nea ɔyare no, mɛhyɛ no den.”​—Hesekiel 34:2-16.

3. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo akyerɛ sɛ nguan no ho asɛm hia no?

3 Saa ara na wɔn a wɔte sɛ nguan no ho asɛm hia Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo. Enti, ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔdaa pɛ a ɔpɛ sɛ wɔhwɛ nguan no yiye no adi. Ɔka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ, ‘Yɛn me nguammaa, hwɛ me nguan, yɛn me nguan.’ (Yohane 21:15-17) Na sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so ahwɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no wɔ ɔdɔ mu no, Yesu ama ‘ebinom ayɛ nguanhwɛfo’ na ama “Kristo nipadua” no si akɔ so.​—Efesofo 4:11, 12.

4. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ “mpanyimfo” a wɔde honhom apaw wɔn no sɛ wɔnyɛ dɛn?

4 Esiane sɛ Onyankopɔn ne Kristo nyinaa wɔ ɔdɔ kɛse ma wɔn a wɔte sɛ nguan no na wɔn ani kũ wɔn ho sɛɛ nti, sɛ́ obi bɛyɛ Onyankopɔn nguan no ɔhwɛfo kumaa no yɛ adwuma ne asɛyɛde kɛse. Enti ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ “mpanyimfo” a wɔde honhom apaw wɔn a na wɔwɔ Efeso no sɛ ‘wɔnyɛn Onyankopɔn asafo’ no, wɔmma wɔn ani nkũ ho sɛnea ɛfata. (Asomafo no Nnwuma 20:17, 28) Enti ɔkwan bɛn so na mpanyimfo a wɔapaw wɔn betumi adi asɛyɛde yi ho dwuma yiye?

Nguanhwɛfo Nya Akwankyerɛ

5. Afotu bɛn na Petro de maa mfɛfo ahwɛfo?

5 Ɔsomafo Petro a na wɔrehwɛ kwan sɛ ɔbɛhyɛnYesu nguan no ka kyerɛɛ mfɛfo ahwɛfo sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so, sɛnea Onyankopɔn pɛ; ɛnyɛ adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti; ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” (1 Petro 5:1-3) Ma yɛnhwɛ sɛnea mpanyimfo a honhom kronkron apaw wɔn no betumi de afotu yi adi dwuma yiye.

6. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo de som “Onyankopɔn nguankuw” no?

6 Petro ka kyerɛɛ ne mfɛfo mpanyimfo sɛ: “Monyɛn Onyankopɔn nguankuw a wɔwɔ mo mu no . . . ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ so.” Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔanya hokwan resom sɛ honhom mu nguanhwɛfo no yɛ saa wɔ amemenemfe mu a wɔte nka sɛ wɔrehyɛw wɔn ma wɔahwɛ nguan no. Ɛnsɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔde adwuma no repũapũa wɔn te sɛ nea ɛyɛ biribi a wɔn ani nnye ho anaasɛ obi na ɔrepiapia wɔn sɛ wɔnhwɛ nguankuw no. Mmom no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yi wɔn yam som. (Fa toto Dwom 110:3 ho.) Sɛ ɛyɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ afoforo papa a, ɔtaa fi ne koma nyinaa mu na ɛyɛ saa, ɔyere ne ho na ɔbɔ mmɔden sɛ obedi wɔn yiyedi ho dwuma. Ɔpanyin a ɔwɔ ɔpɛ de ne bere ne n’ahoɔden ma kwa a onnye ho hwee. Onim sɛ ɛtɔ bere bi a nguan no bi bɛyera, na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛboa wɔn, na osuasua sɛnea Onyankopɔn ma n’ani kũ wɔn a wɔte sɛ nguan no ho no. Ná Yehowa ani kũ Israelfo a wɔyerae no ho kɛse araa ma ɔkae sɛ: “Mekae sɛ: Mini, mini, mekyerɛɛ ɔman a wɔammɔ me din no”!​—Yesaia 65:1.

7, 8. (a) Dɛn na nguanhwɛ adwuma no a wɔremfa adifudepɛ nyɛ no kyerɛ? (b) Koma a ɛpɛ a wɔde som no kyerɛ dɛn a wɔyɛ?

7 Petro kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nguanhwɛ adwuma no esiane “adifudepɛ nti, na mmom koma a ɛpɛ nti.” Mpanyimfo a wɔapaw wɔn no rempɛ sɛ wɔbɛyɛ adesoa ama nguan no. Ná ɛno ne ɔsomafo Paulo adwene efisɛ ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no sɛ: “Na, anuanom, mokae yɛn mmɔdenbɔ adwuma ne ɔbrɛ, efisɛ yɛyɛɛ adwuma anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara, na yɛde kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.” Ɔkaee wɔn nso sɛ “Yɛanyɛ yɛn ho basabasa wɔ mo mu, nanso yɛanni obiara aduan kwa, na mmom yɛyɛɛ adwuma, mmɔdenbɔ ne ɔbrɛ mu, anadwo ne awia, na yɛanyɛ adesoa amma mo mu biara.”​—1 Tesalonikafo 2:9; 2 Tesalonikafo 3:7, 8.

8 Saa ara na nnɛ Onyankopɔn nguankuw no so ahwɛfo anokwafo mma wɔn ani mmmere nea nguan no wɔ na wɔmmmɔ mmɔden sɛ wobenya wɔn ho mfaso. (Luka 12:13-15; Asomafo no nnwuma 20:33-35) Paulo kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔfata sɛ ahwɛfo no ‘yɛ adifudepɛfo a wɔfa ɔkwammɔne so nya mfaso.’ (Tito 1:7, NW) Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde koma a ɛpɛ som, wonya wɔn adwuma no ho anigye ankasa na wɔhwehwɛ nguan a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa no yiyedi. (Filipifo 2:4) Wɔ saa kwan yi so no, nguanhwɛfo yi kyerɛ nguan no ho anigye a pɛsɛmenkominya nnim te sɛ nea Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo yɛe no.

9. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristoni guanhwɛfo ‘di Onyankopɔn asafotow no so bakoma’?

9 Petro kae nso sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ Yehowa nkurɔfo a “ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi [Onyankopɔn] asafotow no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no.” Oguanhwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ yiye sɛ ɔremfa tumi a ɔwɔ no nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so denam te a ɔbɛte nka sɛ ɔkorɔn na wadi nguan no so bakoma no so. Ahantan honhom nye, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nyinaa kwati. Mmebusɛm 21:4 se: “Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran, abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne.” Na Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Munim sɛ wiase amanaman ahene di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛse no di wɔn so tumi. Na ɛnte saa mo mu, na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.” (Mateo 20:25-27) Ampa, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kae sɛ nguankuw no yɛ Onyankopɔn nguan, na ɛnsɛ sɛ wodi wɔn ho dwuma wɔ kateeyɛ mu.

10. (a) Ná dɛn na nnipa no so ahwɛfo no bi reyɛ wɔ Hesekiel bere so. (b Ɔkwan bɛn so na nguanhwɛfo anokwafo yɛ nhwɛso pa ma nguankuw no?

10 Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel bere so nguanhwɛfo a na wɔn ankasa ho na wɔsom no sɛ: “Wɔn a wɔagurow no, monhyɛ wɔn den, na ayarefo nso, monsa wɔn yare; nea wabubu no, monkyekyere no, nea wɔapam no no, monkɔfa no mma, na nea wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimɔden na mode di wɔn so.” Onyankopɔn kɔɔ so kae sɛ na nguanhwɛfo atirimɔdenfo no ‘pempem ayarefo no nyinaa kosi sɛ wɔbɛpansam.’ (Hesekiel 34:4, 20, 21) Nanso ɛnte saa wɔ “Onyankopɔn nguankuw” no so ahwɛfo ho nnɛ. Wɔmfa tumi a wɔwɔ no nhoahoa wɔn ho na wɔhwɛ yiye sɛ wɔrento nguan no biara hintidua (Fa toto Marko 9:42 ho.) Mmom no, mpanyimfo yi de mmoa ne nkuranhyɛ a efi ɔdɔ mu ma. Bio nso, wɔde wɔn ho to Yehowa so wɔ mpaebɔ mu na wɔbɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛyɛ nhwɛso pa wɔ “ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu.” (1 Timoteo 4:12) Enti, nguan no nya akomatɔyam ne ahotɔ, na wonim sɛ nguanhwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ a wosuro Onyankopɔn na wɔrehwɛ wɔn so.

Nguan No Hyia Tebea Horow A Asiane Wom

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ Onyankopɔn nguankuw no yiye na ama nguan no ate ahotɔ nka?

11 Ɛho hia sɛ nnipa a wɔte sɛ nguan no te nka sɛ wɔwɔ ahotɔ nnɛ, na mpanyimfo ani a wɔma ekũ nguankuw no ho no ma wonya ahotoso. (Yesaia 32:1, 2) Eyi te saa titiriw efisɛ Kristofo hyia tebea horow a asiane wom wɔ “mmere a emu yɛ den” a ɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae yi mu. (2 Timoteo 3:1-5) Odwontofo Dawid nso hyiaa tebea horow a asiane wom nanso otumi kae sɛ: “[Yehowa] ne me hwɛfo . . . Nso menam esum kabii bon no mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ.” (Dwom 23:1-4) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nguankuw no so ahwɛfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ nguan no yiye araa ma, te sɛ Dawid no, wɔte nka sɛ wɔbɛn Yehowa kɛse. Sɛ́ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã no, ɛsɛ sɛ wɔte ahotɔ nka.

12. Nnɛyi adwene bɛn na ɛho hia sɛ wɔbɔ nguan no ho ban wɔ ho, na ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa wɔ eyi mu?

12 Asiane biako a ɛho hia sɛ wɔbɔ Onyankopɔn nguankuw no ho ban wɔ ho ne adwene a ɛwɔ hɔ nnɛ a ɛfa ɔbrasɛe a ahosodi biara nnim ho no. Esiane nea wɔde gye wɔn ani nnɛ a ebia ɛyɛ nea ɛnam television anaa akwan afoforo so no nti, nnipa pii afa asetra kwan bi a ɛne gyinapɛn ahorow a wɔada no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no bɔ abira koraa so. Ɛnnɛ, ɛho hia sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu a emu da hɔ a wɔde ma wɔ asafo no mu no siw wiase yi su a ɛne sɛ wotumi yɛ nea wɔpɛ biara ne ne ɔbrasɛe kɛse no ano. Enti ɛsɛ sɛ nguan no so ahwɛfo hu nea Bible no kyerɛkyerɛ wɔ nsɛm a ɛfa abrabɔ pa ho mu no yiye. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔma nguan no hu asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɛkɔ so ama wɔn ho atew ama Yehowa som no.​—Tito 2:13, 14.

13. (a) Asiane bɛn na Yuda krataa no de afotu a eye mae wɔ ho? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ mpanyimfo gyinabea wɔ wɔn a wɔawae no ho?

13 Asiane a efi wɔn a wɔawae hɔ nso wɔ hɔ. Kae sɛ afeha 19 a atwam ni no, “amumɔyɛfo” bi a wɔyɛ atoro akyerɛkyerɛfo wiawiaa wɔn ho baa asafo no mu. Ná wɔyɛ “abo a ahintaw nsu ase” a ɛyɛ hu, nguanhwɛfo atorofo a wɔyɛn wɔn ho, wɔn a wɔde mpaapaemu ba, honam akyidifo a wonni honhom. Yuda nhoma no de afotu a eye mae na ɛmaa mpanyimfo ne gyidifo no nyinaa tumi ‘peree gyidi no ho.’ (Yuda 3, 4, 12, 19, NW) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mpanyimfo gyinabea wɔ obiara a ɔbɛpɛ sɛ ɔde mpaapaemu ba ho no yɛ nea emu yɛ den efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Monkari wɔn a wɔde mpaapaemu ba na wɔto hintidua de sɛe kyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn mu.” (Romafo 16:17) Enti ɛyɛ nguanhwɛfo no asɛyɛde sɛ wɔbɛbɔ nguankuw no ho ban wɔ eyinom anaa ‘mpataku’ afoforo a ‘wɔnam nguanten nhoma mu’ ho.​—Mateo 7:15.

Nguan No A Wɔbɛboaboa Wɔn Wɔ Akwan Afoforo So

14, 15. Ɔkwan bɛn so na ebia mpanyimfo betumi aboa mfɛfo gyidifo a wɔne wɔn ho wɔn ho nni wɔ ayamye mu no?

14 Ebia “Onyankopɔn nguankuw” a wɔbɛhwɛ wɔn no bɛma ɛho ahia sɛ wɔboa nguan no wɔ ɔhaw ahorow a ebia ɛbɛsɔre wɔ asafo no mu mu. Ebia ɛtɔ bere bi a oguan bi ne ne yɔnko bedi akameakame. Ebia esiane nsɛm nketenkete bi nti, ebinom befi ase ne wɔn ho wɔn ho adi wɔ ɔkwan a ayamye nni mu so. Ebia nnipa yi bɛkasa atia wɔn ho wɔn ho na awiei koraa no wɔne wɔn a na anka wɔyɛ wɔn ayɔnkofo wɔ Yehowa som mu no agyae bɔ na eyi bɛyɛ ɔhaw kɛse wɔ honhom mu ama wɔn.​—Mmebusɛm 18:1.

15 Ɛsɛ sɛ honhom mu nguanhwɛfo ma wɔn ani da hɔ kɛse sɛ wɔbɛboa mfɛfo gyidifo a wɔte sɛɛ. Sɛ nhwɛso no, ebia ɛho behia sɛ mpanyimfo ma wohu sɛnea enye sɛ wɔbɛkasa atia wɔn ho wɔn ho ne sɛnea ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa bɔ mmɔden kora asafo no biakoyɛ no so no. (Leviticus 19:16-18; Dwom 133:1-3; 1 Korintofo 1:10) Ebia mpanyimfo betumi aboa denam Paulo kɔkɔbɔ no a wɔbɛtwe adwene asi so no so: “Na sɛ mokeka, na momemmene mo ho a, monhwɛ yiye, na moanhyehyew mo ho.”​—Galatifo 5:13-15; Yakobo 3:13-18.

16. Sɛ mpanyimfo hu nneyɛe bi a enye wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

16 Mpanyimfo, monkae sɛ ɔbonsam nenam “sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Nokware Kristofo nyinaa wɔ ɔko bi mu a ɛnyɛ nea wɔde tia honam ne mogya na mmom ahonhommɔne dɔm. (Efesofo 6:10-13) Nguanhwɛfo anokwafo mpɛ sɛ Satan nsa bɛka nguan no. Enti sɛ nguan no bi fi ase ma Kristofo nhyiam ahorow pa wɔn ti so a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobehu nea ama aba saa na wɔde honhom mu mmoa a ɛfata ma. Ɛsɛ sɛ nguanhwɛfo no hu sɛnea wɔn nguankuw no ho te na wɔma wɔn ani da hɔ wɔ nneyɛe biara a enye wɔ asafo no mu ho. (Mmebusɛm 27:23) Sɛ wohu tebea bi te sɛ ani a wobu gu asɛnka adwuma anaa kokoam adesua so, anaasɛ ho a wɔde hyɛ anigyede anaa honam fam nneɛma akyidi mu kɛse a, ɛsɛ sɛ mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi hwehwɛ tebea no ano aduru. Bere a mpanyimfo a wɔrehwɛ “Onyankopɔn nguankuw” no resuasua Yehowa ne Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, no, wɔde mmoa ma ankorankoro ma ɛfata, anaasɛ ɛtɔ bere bi a wɔde afotu a ɛho hia ma wɔ nhyiam ahorow ase. (Galatifo 6:1) Wɔ eyi mu ne akwan afoforo so no, mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ no ma ɛda adi sɛ wɔfa wɔn nguanhwɛ asɛyɛde ahorow no aniberesɛm.​—Asomafo no Nnwuma 20:28.

Nguanhwɛ Adwuma Yɛ Aniberesɛm

17. Dɛn na wɔhwehwɛ na ama obi afata sɛ ɔpanyin?

17 “Onyankopɔn nguankuw” a ɔpanyin hwɛ wɔn so yɛ adwumaden. Wɔada gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn a ɛsɛ sɛ obi du ho na ama wafata ama hokwan yi no adi pefee wɔ 1 Timoteo 3:1-7, Tito 1:5-9, ne 1 Petro 5:14. Ɛnyɛ onua biara kɛkɛ na obetumi asom wɔ saa dibea yi mu efisɛ honhom mu mmarima nkutoo na wobetumi adi asɛyɛde yi ho dwuma yiye. (1 Korintofo 2:6-16) Mmarima pii a wɔnyɛ mpanyimfo mprempren betumi afata ama hokwan yi, nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘wɔfata ma ɔhwɛfodwuma’ ansa. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔbɔ Onyankopɔn Asɛm no sua ho mmɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya emu ntease a emu dɔ. Ampa, ɛsɛ sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔkamfo wɔn kyerɛ esiane nea wɔhwehwɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu na ama wɔapaw obi sɛ ɔpanyin, “Onyankopɔn nguankuw” no so hwɛfo a ɔfata, no ho a wodu nti.

18. Paulo tee nka dɛn wɔ asafo no ho, na so afoforo nso te nka saa ara?

18 Nea ɔsom wɔ Yehowa Nyankopɔn ase nso ne Kristofo asafo no ti, Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo. (Yohane 10:11; 1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:22, 23) Na hwɛ Yesu ani ara a ebegye sɛ ɔwɔ nguankuw no so ahwɛfo nkumaa a wodi nguan no anim na wɔbɔ wɔn ho ban yiye! Honhom mu mmarima yi du Kyerɛwnsɛm mu nneɛma a ɛkorɔn a wɔhwehwɛ wɔ Kristofo mpanyimfo ho no ho. Bio nso, nguan no ho asɛm hia wɔn kɛse saa ara te sɛ ɔsomafo Paulo a ɔno na ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɛbatabata ho [ahokyere ne amanehunu] no nkamfuaw, nea ɛkyere me so daa ne asafo no nyinaa ho dadwen. Hena na ɔyɛ mmerɛw, na menyɛ mmerɛw bi? Hena na wɔto no hintidua, na me yam nhyehye me?” (2 Korintofo 11:23-29) Paulo tutuu akwan pii, na na da biara “asafo no nyinaa ho dadwen” da no so te sɛ nea ɛte wɔ ahwɛfo akwantufo fam nnɛ no. Saa ara na mpanyimfo a wɔapaw wɔn a wɔwɔ asafo ahorow no mu da dwen nguan a wɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa sɛ honhom mu nguanhwɛfo no ho.

19. Bere a wɔde Hebrifo 13:17 di dwuma na mpanyimfo kɔ so fa wɔn nguanhwɛ asɛyɛde ahorow aniberesɛm no, dɛn na ebefi mu aba?

19 “Onyankopɔn nguankuw” no a wɔbɛhwɛ wɔn yɛ adwumaden, nanso akatua kɛse wom. Enti, nguankuw no so ahwɛfo, monhwɛ hokwan a ɛsom bo a moanya no so yiye. Monhwɛ Onyankopɔn nguan no yiye. Na wɔn a wɔte sɛ nguan no nyinaa nso, mo ne nguanhwɛfo nkumaa a honhom kronkron apaw wɔn no nyɛ biako. Paulo kae sɛ: “Muntie mo mpanyimfo na mommrɛ mo ho ase mma wɔn, efisɛ wɔn na wɔwɛn mo kra sɛ wɔn a wobebu ho akontaa.” (Hebrifo 13:17) Bere a wɔn a wofi koma nyinaa mu de wɔn ho ama Yehowa no nyinaa bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu no, wɔbɛkɔ so ara anya honhom mu nhyira ne mfaso ahorow pii afi Kristofo mpanyimfo a wɔfa wɔn nguanhwɛ asɛyɛde ahorow aniberesɛm no nokware adwuma no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ honhom mu nguanhwɛfo de koma a ɛpɛ som?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ mpanyimfo yɛ adifudepɛfo?

◻ Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfomso sɛ mpanyimfo bedi Onyankopɔn nguankuw no so bakoma?

◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ahwɛfo yɛ nhwɛso ma nguankuw no?

◻ Asiane ahorow a ɛho hia sɛ nguanhwɛfo no bɔ “Onyankopɔn nguankuw” no ho ban wɔ ho no bi ne nea ɛwɔ he?

[Kratafa 28 mfoni]

Te sɛ tete nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn nguan yiye no, mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ fi ɔdɔ mu ‘yɛn Onyankopɔn nguankuw’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena