Onyankopɔn Asomfo—Nnipa a Wɔahyehyɛ Wɔn na Wɔwɔ Anigye
“Anigye ne ɔman a Yehowa ne wɔn Nyankopɔn.”—DWOM 144:15, NW.
1, 2. (a) Dɛn nti na Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ gyinapɛn ahorow ma n’asomfo? (b) Yehowa su abien bɛn na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ titiriw sɛ yebesuasua?
YEHOWA ne Amansan Hene, ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no. (Genesis 1:1; Dwom 100:3) Ne saa nti, ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ma n’asomfo, efisɛ onim nea eye sen biara ma wɔn. (Dwom 143:8) Na ɔne wɔn Nhwɛsofo Panyin a ehia sɛ wosuasua ne su ahorow. Ɔsomafo bi kyerɛwee sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.”—Efesofo 5:1.
2 Onyankopɔn su bi a ɛsɛ sɛ yesua no fa nhyehyɛe ho. ‘Ɔnyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn.’ (1 Korintofo 14:33) Sɛ yɛhwɛ nea Onyankopɔn abɔ no yiye a, ɛhyɛ yɛn ma yɛka sɛ ɔne Obi a watumi ahyehyɛ nneɛma sen obiara wɔ amansan no mu. Nanso, Onyankopɔn su foforo a ɔpɛ sɛ n’asomfo suasua ne n’anigye, efisɛ ɔne “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11, NW) Enti, otumi hyehyɛ nneɛma na bere koro mu no ɔwɔ anigye. Ommu su no bi nsen bi.
3. Ɔkwan bɛn so na ɔsoro a nsoromma ayɛ hɔ ma no da sɛnea Onyankopɔn tumi hyehyɛ nneɛma no adi?
3 Nea Yehowa ayɛ nyinaa, efi nea ɛso koraa so kosi nea esua koraa no so di adanse sɛ ɔyɛ nhyehyɛe Nyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, susuw amansan a yehu no ho. Nsoromma ɔpepepem huhaa na ɛwom. Nanso eyinom nsisi baabiara kɛkɛ. Nneɛma a ɛka bom yɛ nsoromma ho nimdefo George Greenstein ka sɛ “wɔahyehyɛ nsoromma ahorow no wɔ ɔkwan pɔtee bi so.” Wɔahyehyɛ no akuwakuw, a nsoromma ɔpepepem ɔhaha pii na ɛwɔ akuw no bi mu. Na wobu akontaa sɛ nsoromma akuwakuw ɔpepepem pii na ɛwɔ hɔ! Wɔahyehyɛ nsoromma akuwakuw no nso, wɔakeka dodow bi (kakraa bi kosi mpempem pii) abobom ayɛ no akuwakuw pii. Na wosusuw sɛ wɔakeka akuwakuw yi nso abobom ayɛ no akuwakuw akɛse mpo.—Dwom 19:1; Yesaia 40:25, 26.
4, 5. Fa nhyehyɛe a ɛwɔ asase so abɔde a nkwa wom mu ho nhwɛso horow ma.
4 Wohu Onyankopɔn abɔde ahorow a wahyehyɛ fɛfɛɛfɛ no wɔ baabiara, ɛnyɛ soro a yehu no nko na mmom asase a ɛso abɔde a nkwa wom dɔɔso no nso so. Ɛdefa eyinom nyinaa ho no, nneɛma a aniwa hu ho nimdefo, Paul Davies, kyerɛwee sɛ “sɛnea wɔahyehyɛ wiase no mu nneɛma a yehu no fɛfɛɛfɛ wɔ anwonwa kwan so no” ma wɔn a wɔhwɛ no “ho dwiriw” wɔn.—Dwom 104:24.
5 Susuw ‘nneɛma a wɔahyehyɛ wɔ anwonwa kwan so’ a wohu wɔ abɔde a nkwa wom mu no ho nhwɛso kakra ho. Amemene ho duruyɛfo Joseph Evans kaa onipa amemene ne berɛmo nnompe ho asɛm sɛ: “Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛda nhyehyɛe kɛse adi no reyɛ ayɛ ahodwiriw.” Afifide nketenkete ho nimdefo H. J. Shaughnessy kaa nkwaboaa ketewaa no ho asɛm sɛ: “Sɛnea wɔahyehyɛ nkwammoaa nwonwaso fɛfɛɛfɛ no wɔ anwonwa kwan so no ma ɛda adi sɛ ɛka biribi a wofi soro ahyehyɛ ho.” Abɔde a nkwa wom ho nimdefo Michael Denton kaa awosu ho mmara (DNA) a ɛwɔ nkwaboaa mu ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ adwuma yiye araa ma wobetumi de ɛho nsɛm no nyinaa . . . a wohia na wɔde akyerɛ sɛnea wɔhyehyɛɛ abɔde ahorow a wɔatra asase yi so pɛn nyinaa . . . agu atere so na wɔakɔ so anya baabi a wɔde nhoma biara a wɔakyerɛw pɛn mu nsɛm bɛhyɛ.”—Hwɛ Dwom 139:16.
6, 7. Nhyehyɛe bɛn na ɛda adi wɔ honhom abɔde mu, na wɔda anisɔ a wɔwɔ ma wɔn Yɛfo no adi dɛn?
6 Ɛnyɛ abɔde ahorow a yɛde yɛn aniwa hu nko na Yehowa hyehyɛ na mmom honhom abɔde a wɔwɔ soro no nso. Daniel 7:10 ka kyerɛ yɛn sɛ abɔfo a wɔn dodow yɛ ‘ɔpedu ahorow ɔpedu gyinagyina Yehowa anim.’ Ná ɔsoro abɔde ahoɔdenfo ɔpepem ɔha gyinagyina hɔ, a wɔama obiara adwuma a ɛfata no! Sɛ yesusuw ahokokwaw a ɛbɛyɛ sɛ egyei ma wɔde hyehyɛɛ saa abɔde bebree no ho a, ɛyɛ ahodwiriw. Bible no ka wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “[Yehowa] abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. [Yehowa abɔfo] asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no.”—Dwom 103:20, 21; Adiyisɛm 5:11.
7 Hwɛ sɛnea Ɔbɔadeɛ no ahyehyɛ ne nnwuma fɛfɛɛfɛ na edi mu! Ɛnyɛ nwonwa sɛ honhom abɔde ahoɔdenfo a wɔwɔ ɔsoro no de osuro ne ahobrɛase ka sɛ: “[Yehowa], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.
8. Nhwɛso horow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa hyehyɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so no?
8 Yehowa hyehyɛ n’asomfo a wɔwɔ asase so no nso. Bere a ɔde Noa bere so Nsuyiri no bae wɔ 2370 A.Y.B. mu no, Noa ne afoforo baason nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu sɛ abusua ahyehyɛde. Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu Otukɔ no mu no, Yehowa yii ne nkurɔfo ɔpepem pii fii Misraim nkoasom mu na ɔmaa wɔn mmara ahorow a emu da hɔ fann sɛ wɔmfa nhyehyɛ wɔn da biara nsɛm ne ɔsom. Na akyiri yi, wɔhyehyɛɛ wɔn mu mpem du du pii maa adwuma titiriw wɔ asɔrefi hɔ wɔ Bɔhyɛ Asase no so. (1 Beresosɛm 23:4, 5) Wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow wɔ ɔsoro akwankyerɛ ase: “Wama ebinom ayɛ asomafo, ebinom adiyifo, ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no.”—Efesofo 4:11, 12.
Wɔahyehyɛ Nnɛyi Asomfo Nso
9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo wɔ yɛn bere yi mu?
9 Saa ara nso na Yehowa ahyehyɛ ne nnɛyi asomfo na ama wɔatumi afa ɔkwan a etu mpɔn so ayɛ n’adwuma wɔ yɛn bere yi mu—n’Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka ansa na ɔde mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi aba awiei. (Mateo 24:14) Susuw nea adwuma yi a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no gye ne sɛnea nhyehyɛe pa ho hia no ho. Wɔretete mmarima, mmea ne mmofra ɔpepem pii ma wɔakyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware ahorow. Nea ɛbɛboa ma ntetee yi akɔ so no, wotintim Bible ne Bible ho nhoma bebree. Mprempren wotintim Ɔwɛn-Aban no biara a ɛba no bɛboro ɔpepem 16 wɔ kasa horow 118 mu, ne Nyan! bɛyɛ ɔpepem 13 wɔ kasa horow 73 mu. Ɛkame ayɛ sɛ wotintim nea ɛba wɔ kasa horow mu no biara wɔ bere koro mu na ama Yehowa asomfo nyinaa nsa aka asɛm koro no ara wɔ bere koro mu.
10 Bio nso, wɔahyehyɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 73,000 na wɔahyiam daa agye Bible nkyerɛkyerɛ. (Hebrifo 10:24, 25) Wɔyɛ nhyiam akɛse mpempem pii nso—amansin ne amantam nhyiam horow—afe biara. Wɔyɛ adansi adwuma kɛse wɔ wiase nyinaa de sisi anaa wosiesie Ahenni Asa, Nhyiam Asa, Betel afie, ne adan a wotintim Bible ho nhoma wom afoforo. Wɔwɔ sukuu ahorow a ɛma Bible akyerɛkyerɛfo nya ntetee a ɛkɔ anim, te sɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a wɔyɛ ma asɛmpatrɛwfo, ne Akwampaefo Ɔsom Sukuu a wɔyɛ wɔ aman horow mu wɔ wiase nyinaa no.
11. Daakye mfaso bɛn na ebefi nhyehyɛe pa a yebesua no mprempren mu aba?
11 Hwɛ sɛnea Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so no yiye na ama ‘wɔawie wɔn som adwuma koraa,’ a n’abɔfo a wɔresom boa wɔn! (2 Timoteo 4:5; Hebrifo 1:13, 14; Adiyisɛm 14:6) Onyankopɔn nam nhyehyɛe pa a ɔrekyerɛ n’asomfo mprempren no so reyɛ biribi foforo. Wɔresiesie n’asomfo yiye ma enti sɛ wonya nkwa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei a, wɔbɛyɛ wɔn a wɔahyehyɛ wɔn dedaw a wobefi asetra foforo ase wɔ wiase foforo no mu. Afei, bere a wɔnam Yehowa akwankyerɛ so ahyehyɛ wɔn no, wobefi ase ayɛ wiase nyinaa Paradise. Wobesiesie wɔn yiye nso ma wɔakyerɛkyerɛ nnipa ɔpepepem pii a wobenyan wɔn afi owu mu no Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow a ɛbɛma wɔanya nkwa.—Yesaia 11:9; 54:13; Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 20:12, 13.
Wɔahyehyɛ Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye
12, 13. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo ani gye?
12 Ɛwom sɛ Yehowa yɛ odwumayeni a ne ho yɛ nwonwa ne nneɛma hyehyɛfo a ɔkyɛn so de, nanso ɔwɔ tema, ɔnyɛ katee anaasɛ ɔnte sɛ afiri. Mmom no, ɔyɛ Obi a ɔda ɔdɔ ne anigye kɛse adi na odwen yɛn anigye ho. Wɔka wɔ 1 Petro 5:7 sɛ: “Odwen mo ho.” Yebetumi ahu n’asomfo ho a odwen ne sɛnea ɔpɛ sɛ wonya anigye no wɔ nea wayɛ ama nnipa no mu. Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ pɛ no, ɔde wɔn traa anigye paradise bi mu. (Genesis 1:26-31; 2:8, 9) Ɔde biribiara a na wohia na wɔanya anigye kɛse maa wɔn. Nanso wɔnam atuatew so hweree ne nyinaa. Wɔn bɔne nti, yenyaa sintɔ ne owu fii awo mu.—Romafo 3:23; 5:12.
13 Ɛwom sɛ yɛn nnipa nyɛ pɛ mprempren de, nanso yebetumi anya nea Onyankopɔn ayɛ no mu anigye ara. Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛma yenya anigye—mmepɔw akɛse; atare, nsubɔnten, ɛpo ne mpoano a ɛyɛ fɛ; nhwiren fɛfɛ a ɛyɛ huam ne afifide afoforo a egu ahorow pii; nnuan a ɛyɛ dɛ a abu so; owiatɔ a ɛyɛ fɛ a ne hwɛ mfono yɛn da; ɔsoro a nsoromma ayɛ hɔ ma a yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛhwɛ anadwo; mmoa ahorow bebree ne wɔn mma a wɔn ho yɛ anika ne wɔn agodie a ɛyɛ anigye; nnwom a ɛkanyan yɛn; adwuma a ɛyɛ anigye na mfaso wɔ so; nnamfo pa. Ɛda adi sɛ Onii a ɔhyehyɛɛ saa nneɛma no yɛ obi a ɔwɔ anigye a n’ani gye ho sɛ ɔbɛma afoforo ani agye.
14. Nneɛma bɛn na Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmma ɛnkari pɛ na yɛde asuasua no?
14 Enti, ɛnyɛ sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔhyehyɛ nneɛma yiye ara kwa. Ɔpɛ nso sɛ n’asomfo ani gye, sɛnea n’ani gye no. Ɔmpɛ sɛ wɔde kateeyɛ hyehyɛ nneɛma de sɛe wɔn anigye. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo ma sɛnea wotumi hyehyɛ nneɛma ne anigye kari pɛ, sɛnea ɔyɛ no, efisɛ faako a ne honhom kronkron a ɛwɔ tumi wɔ no, anigye wɔ hɔ. Nokwarem no, Galatifo 5:22 da no adi sɛ Onyankopɔn honhom kronkron a ɛyɛ ne nkurɔfo so adwuma no aba a ɛto so abien ne “anigye.”
Ɔdɔ De Anigye Ba
15. Dɛn nti na ɔdɔ ho hia kɛse saa na yɛanya anigye?
15 Ɛyɛ anigye kɛse sɛ yebehu sɛ Bible no ka sɛ: ‘Onyankopɔn ne dɔ.’ (1 Yohane 4:8, 16) Ɛnka da sɛ: “Onyankopɔn ne nhyehyɛe.” Ɔdɔ ne Onyankopɔn su titiriw, na ɛsɛ sɛ n’asomfo suasua. Ɛno nti na Onyankopɔn honhom aba a edi kan a wɔbɔ din wɔ Galatifo 5:22 ne “ɔdɔ,” na nea edi hɔ ne “anigye.” Ɔdɔ de anigye ba. Sɛ yesuasua Yehowa dɔ wɔ sɛnea yɛne afoforo di mu a, ɛde anigye ba, efisɛ nnipa a wɔwɔ ɔdɔ yɛ nnipa a wɔwɔ anigye.
16. Yesu daa hia a ɔdɔ ho hia adi dɛn?
16 Yesu nkyerɛkyerɛ si hia a ɛho hia sɛ yesuasua Onyankopɔn dɔ so dua. Ɔkae sɛ: “Sɛnea agya no kyerɛkyerɛ me no, ɛno ara na meka.” (Yohane 8:28) Dɛn titiriw na wɔkyerɛkyerɛɛ Yesu ma ɔno nso kyerɛkyerɛɛ afoforo? Ɛne sɛ, mmara nsɛm akɛse abien a ɛsen biara ne sɛ obi bɛdɔ Onyankopɔn na wadɔ ne yɔnko. (Mateo 22:36-39) Yesu yɛɛ ɔdɔ a ɛte saa ho nhwɛso. Ɔkae sɛ: “Medɔ agya no,” na ɔde ho adanse mae denam Onyankopɔn apɛde a ɔyɛ kosii owu mu no so. Ɔkyerɛɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma nnipa nso denam wu a owu maa wɔn no so. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Efeso no sɛ: ‘Kristo dɔɔ mo de ne ho mae maa mo.’ (Yohane 14:31; Efesofo 5:2) Enti, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.”—Yohane 15:12, 13.
17. Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ ɔdɔ a wobeyi adi akyerɛ afoforo no ho hia?
17 Paulo kyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn dɔ yi ho hia bere a ɔkaa eyi no: “Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa dɔn a ɛwosow. Na sɛ mewɔ adiyisɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra. Na sɛ meporow m’ade nyinaa mema ahiafo na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso. . . . Gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.”—1 Korintofo 13:1-3, 13.
18. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan afi Yehowa hɔ a ɛma yɛn anigye yɛ kɛse?
18 Sɛ yesuasua Yehowa dɔ a, yebetumi anya ahotoso sɛ obeyi ɔdɔ adi akyerɛ yɛn, sɛ yɛyɛ mfomso ahorow mpo a, efisɛ ɔyɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Sɛ yɛyɛ mfomso ahorow na yefi nokwaredi mu nu yɛn ho a, Onyankopɔn mmu eyi ho akontaa bio na mmom ofi ɔdɔ mu de firi yɛn. (Dwom 103:1-3) Yiw, “[Yehowa] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” (Yakobo 5:11) Eyi a yehu no boa ma yɛn ani gye.
Ɛnnɛ Anigye a Ekodu Baabi
19, 20. (a) Dɛn nti na yentumi nnya anigye a edi mũ nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ yebetumi anya anigye akosi baabi saa bere yi?
19 Nanso, esiane sɛ yɛte nna a edi akyiri mu nti, so yebetumi anya anigye nnɛ, bere a yɛte wiase a Satan di so a nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne ɔbrasɛe ayɛ mu ma a yɛyare wu mu no? Nokwarem no, mprempren yentumi nhwɛ kwan sɛ yebenya anigye a ɛbɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu no bi, nea n’Asɛm hyɛ ho nkɔm no: ‘Merebɔ ɔsoro foforo ne asase foforo, na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.’—Yesaia 65:17, 18.
20 Onyankopɔn asomfo betumi anya anigye kakra nnɛ, efisɛ wonim n’apɛde na wɔwɔ nhyira horow a ɛyɛ nwonwa a ɛrenkyɛ ɛbɛba wɔ ne paradise wiase foforo no mu ho nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3; Adiyisɛm 21:4) Ɛno nti na Bible no tumi ka sɛ: “Asafo [Yehowa, anigye] ne onipa a ɔde ne ho to wo so,” “[anigye] ne obiara a osuro [Yehowa], na ɔfa n’akwan so,” “[anigye] ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi” no. (Dwom 84:12; 128:1; Mateo 5:5) Enti, mprempren tebea a emu yɛ den a ɛsɛ sɛ yegyina ano no mfa ho, yebetumi anya anigye akodu baabi. Sɛ nneɛma bɔne ba yɛn so mpo a, yenni awerɛhow sɛnea wɔn a wonnim Yehowa na wonni daa nkwa anidaso yɛ no.—1 Tesalonikafo 4:13.
21. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asomfo ho a wɔde ma no ma wonya anigye?
21 Yehowa asomfo nya anigye nso efisɛ wɔde bere, ahoɔden ne nneɛma kyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware ahorow no, titiriw nnipa a ‘wosisi apini di nkɔmmɔ wɔ akyide’ a wɔyɛ wɔ Satan wiase mu ho no. (Hesekiel 9:4) Bible no ka sɛ: “[Anigye] ne nea odwen ɔbrɛfo ho, [Yehowa] begye no, da bɔne mu. [Yehowa] bɛhwɛ no so na wama no nkwa, na wɔahyira no asase so.” (Dwom 41:1, 2) Sɛnea Yesu kae no, “ɔma mu wɔ [anigye] mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
22. (a) Fa anigye a Onyankopɔn nkoa wɔ no bɔ wɔn a wɔnsom no tebea abira. (b) Ntease titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn ani begye?
22 Enti ɛwom sɛ Onyankopɔn asomfo ntumi nhwɛ anigye a ɛkyɛn so kwan mprempren de, nanso wobetumi anya anigye a wɔn a wɔnsom Onyankopɔn nni no. Yehowa ka sɛ: “Hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom, na mo de, mode koma mu yaw bɛteɛm, na mode honhom a abubu asũ yɔɔ.” (Yesaia 65:14) Afei nso, wɔn a wɔsom Onyankopɔn no wɔ ntease titiriw a enti ɛsɛ sɛ wonya anigye nnɛ—wɔwɔ ne honhom kronkron a “Onyankopɔn de ma wɔn a wotie no” no. (Asomafo no Nnwuma 5:32) Na kae sɛ faako a Onyankopɔn honhom wɔ no, ɛhɔ na anigye wɔ.—Galatifo 5:22.
23. Dɛn na yebesusuw ho wɔ yɛn adesua a edi hɔ no mu?
23 “Mpanyimfo” a wodi asafo ahorow no anim di dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn asomfo ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu, na wɔboa ma Yehowa nkurɔfo nya anigye. (Tito 1:5) Ɛsɛ sɛ eyinom bu wɔn asɛyɛde ahorow ne wɔne wɔn honhom fam nuanom mmarima ne mmea ntam abusuabɔ dɛn? Yɛn asɛm a edi hɔ no bɛka eyi ho asɛm.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na abɔde di adanse sɛ Yehowa tumi hyehyɛ nneɛma?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyehyɛ n’asomfo wɔ tete ne nnɛ?
◻ Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛma ɛkari pɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ho hia na yɛanya anigye?
◻ Anigye bɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ yɛn bere yi mu?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 10]
Atifi hɔ: ROE/Anglo-Australian Observatory na ɛmaa ho kwan, David Malin na ɔyɛɛ mfonini no