Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/15 kr. 26-29
  • Mpanyimfo​—Monteɛ Afoforo So Wɔ Odwo Honhom Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpanyimfo​—Monteɛ Afoforo So Wɔ Odwo Honhom Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomafo Afotu
  • Nneɛma Bi a Ɛboa
  • Nea Ɛde Anigye Ba
  • ‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Muntie Mo Mpanyimfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Mpanyimfo​—Monyɛ Onyankopɔn Nguankuw No Brɛbrɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Mumfi Ɔpɛ Mu Nyɛn Onyankopɔn Nguankuw No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/15 kr. 26-29

Mpanyimfo​—Monteɛ Afoforo So Wɔ Odwo Honhom Mu

WOBETUMI de nokware Kristoni koma atoto honhom fam turo a ɛsow aba pa ho. Ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi bɛtra mu. Na dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛtra mu? Efisɛ eyinom yɛ honhom kronkron no aba a Yehowa Nyankopɔn de ama ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so. (Galatifo 5:22, 23) Nanso, ɛsɛ sɛ Kristoni biara a ɔpɛ sɛ ɔma ne komam turo no tra hɔ sɛ baabi a ne soro Agya no ani gye ho no yere ne ho kɔ so ko tia bɔne a yenya fii awo mu nwura no.​—Romafo 5:5, 12.

Ɛtɔ mmere bi a, biribi a enye fi ase nyin wɔ obi a osuro Onyankopɔn koma a ɛnyɛ pɛ no mu. Ebia na wabu honhom fam bra a eye kyɛn so. Nanso, afei ɔhaw bi sɔre, a ebia efi fekubɔ bɔne anaa gyinaesi bi a nyansa nnim mu. Ɔkwan bɛn so na asafo mu mpanyimfo betumi aboa saa onipa yi wɔ honhom fam?

Asomafo Afotu

Bere a mpanyimfo reboa Kristoni bi a wafom no, ehia sɛ wodi ɔsomafo Paulo afotu yi akyi: “Anuanom, sɛ ɛba sɛ ɔbarima bi yɛ mfomso bi ansa na n’ani aba so mpo a, mo a mofata honhom mu no mommɔ mmɔden sɛ mobɛteɛ onipa a ɔte saa no so odwo honhom mu, bere a mo mu biara hwɛ ne ho so, na ankɔba sɛ wɔbɛsɔ mo nso ahwɛ.” (Galatifo 6:1, New World Translation) Sɛ ɔyɔnko gyidini bi ayɛ ‘mfomso bi ansa na n’ani reba so a,’ ɛyɛ mpanyimfo asɛyɛde sɛ wɔde mmoa bɛma ntɛmntɛm.

Paulo ka “ɔbarima bi” ho asɛm sɛ ɔreyɛ mfomso. Nanso, Hela asɛmfua (anʹthro·pos) a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ ɔbarima anaa ɔbea. Na obi a ‘wɔteɛ no so’ no kyerɛ dɛn? Saa Hela asɛmfua (ka·tar·tiʹzo) yi kyerɛ sɛ “wɔma biribi ba gyinabea a ɛsɛ.” Wɔde asɛnkoro no ara gyina hɔ ma asawu a wotuatua mu. (Mateo 4:21) Ɛkyerɛ obi akwaa bi a emu abu a wɔka si anim nso. Oduruyɛfo de ahwɛyiye yɛ eyi na amma ɔyarefo a ɔhwɛ no no ante ɛyaw a enhia nka. Saa ara nso na onuabarima anaa onuawa bi a wɔbɛboa no ma waba honhom fam gyinabea a ɛsɛ mu no hia ahwɛyiye, anifere, ne ayamhyehye.

Mpanyimfo de wɔn ankasa honhom mu yiyedi ho adanse ma denam odwo honhom a wɔda no adi bere a wɔrebɔ mmɔden ateɛ obi so no. Nokwarem no, na Yesu a odwo no bedi nsɛm a ɛtete sɛɛ no ho dwuma wɔ odwo mu. (Mateo 11:29) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yi su yi adi kyerɛ Yehowa akoa a wafom efisɛ wɔn ankasa betumi ayɛ bɔne, bere a wɔn komam nsusuwii nte saa. Eyi betumi asi daakye, sɛ ensii dedaw a.

Ɛsɛ sɛ mmarima a wɔfata wɔ honhom mu yi de ɔdɔ ‘soa’ wɔn mfɛfo asomfo ‘nnesoa.’ Nokwarem no, mpanyimfo koma pɛ sɛ wɔboa onuabarima anaa onuawa bi ma ɔko tia Satan, sɔhwɛ ahorow, ɔhonam mmerɛwyɛ ahorow, ne bɔne ahorow a ɛto wɔn no. Ɛda adi sɛ eyi ne ɔkwan biako a Kristofo ahwɛfo bɛfa so ‘awie Kristo mmara so di.’​—Galatifo 6:2.

Mmarima a wɔfata wɔ honhom mu ampa no wɔ ahobrɛase, na wonim sɛ “sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ biribi, na ɔnyɛ hwee a, ɔdaadaa ne ho.” (Galatifo 6:3) Ɛmfa ho sɛ mpanyimfo bɛbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ na wɔde mmoa ama no, wɔrentumi nyɛ ade te sɛ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a ɔyɛ pɛ na ɔde ɔdɔ da ayamhyehye adi no. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa.

Mpanyimfo nim sɛ ɛbɛyɛ nea ɛnteɛ sɛ wɔde ahomaso ne meyɛ kronkron sen wo su bɛkasa atia wɔn yɔnko gyidini bi! Nokwarem no, Yesu renyɛ saa. Ɔde ne nkwa too hɔ maa ne nnamfo ne n’atamfo mpo! Mpanyimfo bɔ mmɔden yiye sɛ wobeyi ɔdɔ a ɛte saa ara adi bere a wɔrebɔ mmɔden aboa anuanom mmarima anaa mmea ma wɔadi wɔn nsɛnnennen ho dwuma na ama wɔabɛn wɔn soro Agya ne ne trenee gyinapɛn ahorow kɛse no. Nneɛma a ɛbɛboa mpanyimfo ma wɔateɛ wɔn mfɛfo asomfo so no bi ne nea ɛwɔ he?

Nneɛma Bi a Ɛboa

Momfa mpaebɔ so mfa mo ho nto Yehowa so bere a morekasa na moreyɛ mo ade wɔ odwo mu no. Ná Yesu dwo, ɔbɔɔ ne soro Agya no mpae a emu yɛ den de hwehwɛɛ akwankyerɛ na ɔyɛɛ nneɛma a ɛsɔ N’ani bere nyinaa. (Mateo 21:5; Yohane 8:29) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ saa ara bere a wɔrebɔ mmɔden ateɛ obi a wayɛ mfomso bi so no. Sɛ oguanhwɛfo kumaa a odwo no, ɔpanyin bi de nkuranhyɛ ne denhyɛ bɛma wɔ ne kasa mu, na ɛnyɛ ahunahuna. Bere a wɔresusuw asɛm no ho no, ɔbɛbɔ mmɔden ma ayɛ tebea a Kristoni a ohia mmoa no rensuro koraa sɛ ɔbɛkyerɛ n’adwene wom. Sɛ ɛba no saa a, mpaebɔ a efi komam a wɔde bebue ano bɛboa kɛse. Obi a ogye afotu a wɔde ma wɔ odwo mu no begye atom, sɛ onim sɛ ɔfotufo no pɛ sɛ ɔyɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani te sɛ Yesu a. Nokwarem no, mpaebɔ a wɔde bewie no bɛma onii no ahu sɛ ehia sɛ ɔde afotu a wɔde ama no wɔ ɔdɔ ne odwo mu no di dwuma.

Mpaebɔ akyi no, momfa nkamfo a efi komam mma. Ebetumi afa onii no su horow a eye, te sɛ ayamye, ho a wotumi de to no so ne nsiyɛ ho. ‘Mubetumi aka nokwaredi a ɔde asom Yehowa, ebia mfe pii no ho asɛm. Ɔkwan yi so no, yɛkyerɛ sɛ yedwen onipa no ho na yɛwɔ obu a ɛte sɛ Kristo de ma no. Yesu de nkamfo na efii ne nkrasɛm a ɔde kɔmaa Tiatira asafo no ase sɛ: “Minim wo nnwuma ne wo dɔ ne wo gyidi ne wo som ne wo boasetɔ no, ne sɛ wo nnwuma a edi akyiri sen nea edi kan no.” (Adiyisɛm 2:19) Saa nsɛm no maa asafo no mufo awerɛhyem sɛ na Yesu nim adwuma pa a wɔreyɛ no. Ɛwom sɛ na asafo no wɔ ne mfomso ahorow​—na wonya “Isebel” nkɛntɛnso ho koma​—de, nanso na ɛbɔ mmɔden wɔ nneɛma afoforo mu, na na Yesu pɛ sɛ saa anuanom mmarima ne mmea no hu sɛ ohu wɔn adwuma a wɔde nnam yɛ no. (Adiyisɛm 2:20) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo de nkamfo ma saa ara wɔ faako a ɛfata.

Mummmu mfomso aniberesɛm kɛse nsen sɛnea tebea horow no hwehwɛ. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ Onyankopɔn nguan ho ban na wɔma n’ahyehyɛde ho tew. Nanso ɔpanyin biako anaa baanu betumi adi honhom mu mfomso ahorow bi a ehia afotu a emu yɛ den ho dwuma a wɔrentew asenni boayikuw. Wɔ tebea horow pii mu no, nnipa mmerɛwyɛ na ɛma Kristoni bi di mfomso na ɛnyɛ sɛ ɔhyɛ da di nsɛmmɔne. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nguankuw no brɛbrɛ na wɔkae asɛm yi: “Mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.” (Yakobo 2:13; Asomafo no Nnwuma 20:28-30) Ɛnde, sɛ anka mpanyimfo begugu nsɛm mu dodo no, ɛsɛ sɛ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo a wɔanu wɔn ho di wɔ odwo mu te sɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔwɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu no.​—Efesofo 4:32.

Munnya nneɛma a ebia ɛma odii mfomso no mu ntease. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo wɛn wɔn aso tie asɛm yiye bere a wɔn yɔnko gyidini ka nea ɛwɔ ne komam no. Esiane sɛ ‘Onyankopɔn mpo koma a abubu na apɛtɛw’ nti, ɛnsɛ sɛ wɔn nso wɔyɛ saa. (Dwom 51:17) Ebia nkate mu mmoa a aware mu ɔhokafo bi mfa mma no na ɛde ɔhaw no aba. Ebia adwenemhaw a emu yɛ den a akyɛ na ama onipa no nkate fam ahoɔden a anka ɔwɔ no so ahuan anaa ebia ama ayɛ den yiye sɛ obesi gyinae ahorow a nyansa wom. Mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ besusuw nneɛma a ɛtete sɛɛ ho, efisɛ ɛwom sɛ Paulo tuu ne nuanom fo sɛ ‘wɔnkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa’ no de, nanso ɔhyɛe nso sɛ: ‘Monkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ, munso wɔn a wɔyɛ mmerɛw mu, na munnya abodwokyɛre mma nnipa nyinaa.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ mpanyimfo gow Onyankopɔn trenee gyinapɛn ahorow mu tumi no mu de, nanso ɛsɛ sɛ wosusuw nneɛma a ɛgow mu no ho sɛnea Onyankopɔn mpo yɛ no.​—Dwom 103:10-14; 130:3.

Munkwati sɛe a mobɛsɛe mo yɔnko Kristoni obu a ɔwɔ ma ne ho no. Yɛmpɛ da sɛ yɛbɛma nidi a onuabarima anaa onuawa bi wɔ no afi ne nsa, anaa yɛbɛma wasusuw sɛ ne so nni mfaso. Mmom no, awerɛhyem ahorow a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ onipa no Kristofo su horow ne ne dɔ ma Onyankopɔn no mu ahotoso no bɛhyɛ no nkuran ma wasiesie mfomso no. Ɛda adi sɛ wɔhyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ wonyi ayamye adi bere a Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔde wɔn ‘adwenem ahosiesie’ ne wɔn “mmɔdenbɔ” wɔ eyi mu hoahoaa ne ho kyerɛɛ afoforo no.​—2 Korintofo 9:1-3.

Momma onhu sɛ ɔnam ne ho a ɔde bɛto Yehowa so betumi odi ɔhaw no ho dwuma. Yiw, mommɔ mmɔden sɛ mobɛboa onii no ma wahu sɛ ne ho a ɔde bɛto Onyankopɔn so na ɔde afotu a ɛwɔ N’Asɛm mu adi dwuma no bɛboa no ma wayɛ nsakrae a ehia. Enti, ɛsɛ sɛ yɛde nsɛm a yɛka no gyina Kyerɛwnsɛm no ne Bible ho nhoma ahorow so. Yɛn botae yɛ ahorow abien: (1) sɛ yɛbɛboa nea ohia mmoa no ma wahu Yehowa adwene na wate ase na (2) yɛama onipa no ahu sɛnea ɔkwan bi so no, wabu n’ani agu ɔsoro akwankyerɛ ahorow yi so anaa wanni so no.

Momfa Kyerɛwnsɛm mu afotu ne nsemmisa a efi ayamye mu nanso ehia nni dwuma. Eyi betumi ma moadu komam no mu yiye. Yehowa nam ne diyifo Malaki so de asemmisa dii dwuma maa Ne nkurɔfo tee sɛnea wɔafom no ase. Obisae sɛ: “So onipa bɛfow Onyankopɔn?”, na ɔkae kaa ho sɛ: ‘Nanso morefow me.’ (Malaki 3:8) Israel nnɔbae mu ntotoso du a wɔannyi sɛ ntoboa sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ no kyerɛe sɛ na wɔrebɔ Yehowa korɔn. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi tebea yi ho dwuma no, na ehia sɛ Israelfo no di ɔsom kronn mu asɛyɛde ahorow a wɔwɔ no ho dwuma na wonya gyidi sɛ Onyankopɔn behyira wɔn pii. Mpanyimfo nam nsemmisa a ɛkanyan adwene ne nea ɛkyerɛ sɛ wodwen onipa no ho so betumi asi so dua nso sɛ nea ɛteɛ a yɛbɛyɛ nnɛ no hwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn soro Agya no so na yɛyɛ osetie ma no. (Malaki 3:10) Saa adwene no a mode bɛhyɛ koma no mu no bɛboa yɛn nua no yiye ma wabɔ ‘ɔkwantrenee ama n’anan.’​—Hebrifo 12:13.

Munsi afotu no a obegye atom no so mfaso horow so dua. Nea ɛka afotu a etu mpɔn ho ne sɛ mode nea efi ɔkwammɔne a obi fa so mu ba ho afotu ne mfaso horow a sɛ osiesie n’akwan a obenya bɛma no. Yesu de kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de mae akyi no, ɔmaa Laodikea asafo a na wɔyɛ anibiannaso wɔ honhom fam no mufo awerɛhyem sɛ sɛ wonu wɔn ho na wɔdan asuafo a wɔyɛ nnam a, wobenya hokwan atitiriw, a anidaso a ɛne sɛ wɔne no bedi ahene wɔ soro ka ho.​—Adiyisɛm 3:14-21.

Momma sɛ ebia ɔde afotu no redi dwuma anaa ɔmfa nni dwuma ho asɛm nhia mo. Sɛnea oduruyɛfo pa hwɛ bere ne bere mu sɛ ebia dompe bi a watoa no da so ara te saa pɛpɛɛpɛ no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wobehu sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu redi dwuma. Wobetumi abisa wɔn ho sɛ: So mmoa foforo ho hia? So ɛsɛ sɛ wɔsan tĩ afotu no mu, ebia wɔ ɔkwan foforo so? Ná ɛsɛ sɛ Yesu tu n’asuafo no fo mpɛn pii wɔ hia a ahobrɛase ho hia ho. Ɔde bere tenten de boasetɔ hwehwɛe sɛ ɔsakra wɔn nsusuwii denam afotu, mfatoho ne asuade ahorow a mfaso wɔ so so. (Mateo 20:20-28; Marko 9:33-37; Luka 22:24-27; Yohane 13:5-17) Sɛ wɔde toto ho a, mpanyimfo betumi aboa ma onuabarima anaa onuawa bi anya nteɛso a edi mu denam nhyehyɛe a wɔbɛyɛ asan akɔ ne no akɔbɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ a ɛbɛma onipa no anya honhom mu akwahosan a edi mu koraa no so.

Monkamfo no wɔ nkɔso biara a wanya ho. Sɛ nea wadi mfomso bi no fi koma pa mu rebɔ mmɔden de Kyerɛwnsɛm mu afotu adi dwuma a, momfa anigye nkamfo no. Eyi bɛhyɛ afotu a edi kan no mu den, na ɛda adi sɛ ɛbɛhyɛ no nkuran ma wanya nkɔso pii. Ná ɛsɛ sɛ Paulo de nneɛma pii ho afotu a emu yɛ den kɔma Korintofo no wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa wɔn no mu. Bere a Tito de adepa a wɔyɛe wɔ Paulo krataa no ho amanneɛbɔ kɔmaa no no akyi bere tiaa bi no, ɔkyerɛw wɔn kamfoo wɔn. Ɔkae sɛ: “Afei m’ani gye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ howee nti, na mmom mo werɛ how kɔɔ adwensakra mu; efisɛ mo werɛ howee Onyankopɔn kwan so.”​—2 Korintofo 7:9.

Nea Ɛde Anigye Ba

Yiw, Paulo ani gyei bere a ɔtee sɛ n’afotu no aboa Korintofo no. Saa ara nso na nnɛ mpanyimfo ani gye kɛse bere a wɔn yɔnko ɔsomfo bi gyae ne mfomso esiane sɛ odii afotu a wɔnam ɔdɔ so de maa no ho dwuma pa nti. Nokwarem no, wobetumi de anigye aboa Kristoni a wanu ne ho ma watutu bɔne nwura a ɛyɛ nsɔe afi ne komam na ama aba pa abu so wɔ hɔ.

Sɛ mpanyimfo tumi teɛ obi a wadi mfomso bi so a, ebia wɔbɛdan no afi ɔkammɔne bi a ɛbɛma watɔ honhom mu asiane mu koraa no so. (Fa toto Yakobo 5:19, 20 ho.) Ɛsɛ sɛ nea wɔde mmoa maa no no da Yehowa Nyankopɔn ase wɔ mmoa a ɛte sɛɛ ho. Ɛbɛfata nso sɛ ɔbɛka nsɛm a ɛkyerɛ nokware anisɔ wɔ mpanyimfo no mmoa, ayamhyehye, ne ntease a ɔdɔ wom no ho. Na sɛ osiesie n’akwan koraa wɔ honhom mu a, wɔn a ɛfa wɔn ho nyinaa betumi anya anigye sɛ wɔde nteɛso ama wɔ odwo honhom mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena